Bere a Wofi Ase Nya Su Horow—Bere a Wohia Mo Mmoa a Ɛsen Biara no Titiriw
WƆKA sɛ mmofra yɛ “[Yehowa] agyapade.” Wɔka sɛ wɔte “sɛ ngodua a wɔatetɛw atwa wo pon ho ahyia.” (Dwom 127:3; 128:3) Wɔhyɛ awofo sɛ ‘wɔnyɛn wɔn Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’—Efesofo 6:4.
Sɛ mubesiesie ngodua ma asow aba pa a, bere a ɛsɛ sɛ moyɛ ne bere a ‘moatetɛw atwa mo pon ho ahyia no.’ Sɛnea wosiesie dubaa no, saa ara na dua no nyin. Sɛ mobɛtete mo mma ma wɔafa Onyankopɔn akwan so a, bere a eye sen biara a ɛsɛ sɛ moyɛ saa ne wɔn mmofraase. “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6; 2 Timoteo 3:15) Wɔn adwene kyere nsɛm ntɛmntɛm yiye wɔ wɔn mmofraase sen sɛnea ebetumi ayɛ wɔ bere foforo biara mu. Ɛne bere a ɛfata sɛ moyɛ nea eye sen biara ma mo mma.
Masaru Ibuka a ɔno na ɔtew Sony Corporation no kyerɛw nhoma bi a wato din sɛ Kindergarten Is Too Late! Nhoma no nnuraho so na wɔakyerɛw nsɛm yi: Tumi a mo ba tumi sua ade no yɛ kɛse sen biara wɔ n’asetra mu mfe abien anaa abiɛsa a edi kan no mu. Enti, ntwɛn . . .Mmotafowa Sukuu Aka Akyi Dodo!”
The lnstitute for the Achievement of Human Potential kwankyerɛfo Glenn Dorman ka nea edi so yi wɔ nnianim asɛm bi mu sɛ: “Owura lbuka nhoma a emu yɛ dɛ yi nka nsɛntitiriw soronko biara. Nea ɔka ara ne sɛ mmofra nkumaa wɔ tumi kɛse wɔ wɔn mu a ɛkame ayɛ sɛ ɛma wotumi sua biribiara bere a wɔda so ara susuae no. Ɔka sɛ ebetumi agye mmɔdenbɔ kɛse na wɔasua nea wosua a ennye mmɔdenbɔ biara bere a wɔadi mfe abien, abiɛsa anaa anan no, anaasɛ ebia wɔrensua koraa wɔ asetram akyiri yi. Osusuw sɛ biribi a mpanyimfo de ɛyaw na esua no, mmofra sua no anigye so. Ɔka sɛ nea mpanyimfo sua no brɛoo no, ɛkame ayɛ sɛ mmofra nkumaa sua no ntɛmntɛm. Ɔka sɛ ɛtɔ mmere bi a, mpanyimfo kwati adesua, bere a mmofra bɛpɛ sɛ wosua sen sɛ wobedidi.”
Nea enti a Ibuka ka sɛ mmotafowa sukuu aka akyi dodo ne sɛ ebedu saa bere no na bere a eye sen biara sɛ abofra no sua ade no atwam. Nanso ntease foforo bi wɔ hɔ. Wɔ yɛn nna yi mu no, ɔbrasɛe adu mmotafowa sukuu mu, na ansa na abofra no bedu hɔ no, ɛsɛ sɛ awofo de abrabɔ pa ho mmara a emu yɛ den dua no mu na abɔ ne ho ban afi efĩ ho.
Amanneɛbɔ a efi abarimaa bi a wadi mfe asia a afei na wɔde no akɔ mmotafowa sukuu awofo hɔ no kyerɛ sɛnea eyi ho hia. “Wɔ dapɛn a edi kan wɔ mmotafowa sukuu no mu no, abarimaa foforo pɛe sɛ ɔne yɛn babarima no da ɔbarima ne ɔbarima nna wɔ simma dunnum a wɔde tra bɔs mu kɔ sukuu no mu. Eyi kɔɔ so nna pii. Na ɛnyɛ mmofra agodi anaa ne ho a ɔyɛ sɛ oduruyɛfo bi kɛkɛ, na mmom ɛyɛ ɔbra bɔne ankasa.
“Mmofra a wɔne yɛn babarima no gyina gyinabea koro wɔ sukuu no mu pii ne wɔn awofonom kɔhwɛ sini a ɔbarima ne ɔbea nna anaa basabasayɛ wom. Ebia na awofo no susuw sɛ eye sɛ wɔde wɔn bɛkɔ sen sɛ wobegyaa wɔn ama ɔbagyigyefo a ɛno nso asɛm wɔ ho. Mmofra no mu binom hwɛ sini ahorow a basabasayɛ anaa ɔbrasɛe wom wɔ TV a wɔn awofo wɔ wɔ fie no so.
“Anwonwasɛm bi a esii wɔ yɛn ankasa fie mayehuu mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow dua yɛn babarima no mu bere a ɔrenya su horow, fi ne mmofraase no. Ná abeawa bi a wadi mfe anan ka mpanyimfo bi a wɔabɛsra yɛn no ho. Ɔne yɛn babarima a na yɛakyerɛkyerɛ no yiye sɛ mpanyimfo a wɔaware nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho da no redi agoru wɔ n’agodidan mu. Ɔpɛe sɛ wodi agoru te sɛ nea wɔayɛ nhyehyɛe afi adi, na abeawa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛn babarima no nna hɔ. Bere a ɔde adwempa daa hɔ no, abeawa no daa no so. Ehu kaa yɛn babarima no na ɔteɛɛm sɛ: ‘Awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa!’ Bere a ogyee ne ho guan fii agodidan no mu no, abeawa no teɛɛm sɛ: ‘Nka nkyerɛ obiara!’”—Fa toto Genesis 39:12 ho.
Nea edidi so yi ne nsɛm a ɛresisi wɔ nkurɔpɔn afã a nnipa pii tete hɔ ne nkurow a ɛbemmɛn mu no mu binom—nneɛma a ɛsɛ sɛ mobɔ mo mma ho ban wɔ ho fi wɔn mmofraase.
Wɔbɔɔ mmarimaa baanu a wɔadi mfe ason sobo sɛ wɔato abeawa bi a wadi mfe asia mmonnaa wɔ aban sukuu tiafi so. Mmarimaa baasa a wɔadi mfe asia, ason, ne akron too abeawa bi a wadi mfe asia mmonnaa. Abarimaa bi a wadi mfe awotwe ne abarimaa bi a ɔkɔ mmotafowa sukuu dae. Wɔbɔɔ abarimaa bi a wadi mfe 11 sobo sɛ wato abeawa bi a wadi mfe abien mmonnaa. Ayaresafo binom kyerɛ sɛ nsɛmmɔnedifo a wɔtete saa no taa yɛ nkurɔfo a wɔtoo wɔn mmonnaa bere a na wosusuae yiye no.
Abarimaa bi asɛm si eyi so dua. Bere a na ɔyɛ akokoaa no, na ne maame nua bi a wadi mfe 20 few n’awode ho. Ɔne no yɛɛ saa fi bere a na wadi asram 18 kosi 30. Mfe abien anaa abiɛsa akyi no na ɔto mmeawa mmonnaa. Ofii sukuu ase no, ɔtoaa nneyɛe yi so na woyii no adi fii sukuu mu wɔ n’afe a edi kan ne afei nea ɛto so abien no mu.
Hia A Ntetee A Wofi Ase Ntɛm Ho Hia
Sɛ awofo amfa ntetee pa amma wɔ bere a wɔrenya su horow no mu a, ɛma wodi mmofrabɔnesɛm, na ebetumi abue kwan ma wɔadi nsɛmmɔne a anibere wom kɛse: adesɛe, korɔnbɔ, ne awudi. Saa nneɛma yi ho nhwɛso kakraa bi na edidi so no.
Mmarimaa baasa a wɔadi mfe asia wiaa wɔn yɔnko a wɔne no di agoru fie nneɛma, na wɔsɛee ofie hɔ dan biara mu nneɛma pasaa. Wɔbɔɔ abarimaa ɔdesɛefo bi a wadi mfe akron sobo sɛ wasɛe nneɛma, a korɔnbɔ, sekan a ɔde hunahunaa abofra foforo ne abeawa bi ti nhwi a ɔhyewee ka ho. Mmarimaa baanu a wɔadi mfe dubiako de tuo bi hyɛɛ abarimaa bi a wadi mfe du anom na wowiaa ne wɔkye. Abarimaa bi a wadi mfe du tow abeawa bi a wadi mfe ason tuo kum no wɔ video agodi ho. Abarimaa foforo bi a wadi mfe du tow n’adamfo a ɔne no di agoru tuo kum no na ɔde ne funu siee ofie no ase. Abarimaa bi a wadi mfe anum sum akokoaa bi fii abansoro dan a ɛto so anum atrapoe so ma ɔhwee ase wui. Abarimaa bi a wadi mfe 13 de ne ho kɔbɔɔ mmarimaa baanu ho kyeree abofra bi a wadi mfe ason siei na wɔde agye sika afi n’abusuafo hɔ, nanso ansa na wɔrefrɛ abusua no wɔ telefon so de agyede no ato wɔn anim no, na wɔasie abarimaa no animono.
Afei, nea edi akyi a yɛbɛka ho asɛm ne mmofra akuw horow a woyi hu a wɔde atuo kyinkyin mmorɔn so, totow wɔn ho na atuo aboba di ahim wɔ wim, a ɛnyɛ wɔn ho wɔn ho nkutoona wokunkum na mmom mmofra ne mpanyin a wɔn ho nnim bi nso. Wɔreyi nnipa bebree hu wɔ nkuropɔn akɛse mu—wɔ Los Angeles mpɔtam hɔ nkutoo no, “nnipa bɛyɛ 100,000 ne akyi na wɔwɔ nsɛmmɔnedifo akuw a wonim bɛboro 800 mu.” (Seventeen, August 1991) Wɔn mu dodow no ara fi afie a emu apaapae mu. Nsɛmmɔnedi akuw no dan wɔn abusua. Ɛma wɔn mu pii kɔda afiase. Ɛma wɔn mu pii wuwu. Nkrataa abiɛsa a wɔkyerɛw fi afiase mu nsɛm yi di eyi ho adanse.
Nea edi kan: ‘Korɔn a anka merebɔ nti na meda mmofra afiase no. Ná yɛyɛ mmarimaa baanan. Afei polisifo bae. Me nnamfo [kuw] a wɔbɛn me yiye no mu baanu guan faa ɔkwan biako so na me ne obiako guan faa ɔkwan foforo so, nanso yɛn ho anyɛ hare ankyɛn polisifo akraman a wɔkyeree yɛn no. Sɛ mifi afiase a, mewɔ anidaso sɛ da bi mɛyɛ onipa titiriw bi. Ná sukuukɔ ne adesua mu abodin pa a menya no yɛ den kɛse ma me bere nyinaa. Nanso, m’adamfo, wunhuu biribi a ɛyɛ den sen afiasenna da!’
Nea ɛto so abien: ‘Bere a mifi Mexico bae nea edi kan no, na madi mfe awotwe pɛ. Bere a midii mfe 12 no, na meyɛ nsɛmmɔnedifo kuw bi muni. Bere a midii mfe 15 no, na mede me ho hyem kɛse. Na metaa tow nkurɔfo tuo fi kar mu. Na me tuo no hyɛ me ho bere nyinaa. Bere a midii mfe 16 no, wɔtow me tuo na ɛkaa kumaa bi na anka merewu. Na meda Awurade ase sɛ na onhia me saa bere no efisɛ na minsiesie me ho sɛ me ne no bɛkɔ. Mprempren yi ara atuo aboba ntokuro deda m’anan ho. Enti afotu a mede ma ne sɛ nyɛ nsɛmmɔnedifo kuw muni!!! anyɛ saa wobɛyɛ ankonam na woabubu agu afiase te sɛ me!’
Nea ɛto so abiɛsa: ‘Mayɛ nsɛmmɔnedifo kuw muni fi bere a midii mfe 11 no. Wɔawɔ me sekan mpɛn anan, wɔatow me tuo mprɛnsa, mada afiase na wɔaboro me mpɛn pii araa ma mintumi nkan ne dodow. Nea aka ara ne sɛ mewu, nanso masiesie me ho ama ɛno da biara da ti bere a midii mfe 13 no, na mprempren madi mfe 16. Mprempren medi asram awotwe wɔ afiase, na mewu wɔ mfe kakraa bi akyi, nanso sɛ woamfa wo ho anhyɛ nsɛmmɔnedifo kuw mu a, wubetumi akwati eyi nyinaa.’
Fa Bere a Ɛfata no Di Dwuma
Afei, nea yɛka yi nyinaa nkyerɛ sɛ sɛ moantumi antete mo mma wɔ bere a wɔrenya su horow no mu a, ɛbɛma wɔadi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu yi ankasa. Nanso moanyɛ saa a, ebetumi ama wɔn abrabɔ asɛe, na ɛno nso betumi ama wɔadi mmofrabɔnesɛm, na sɛ moansiw ano a, mmofrabɔnesɛm no betumi adan amumɔyɛ, afiasenna ne owu.
Na ɛnyɛ den kɛse sɛ mubesiw su a ɛte saa biara a ɛwɔ mo mma mu no ano wɔ bere a wonnii mfe dumiɛnsa no mu sen sɛ mobɛtwɛn ma wɔadi aboro mfe dumiɛnsa. Nokwarem no, bere a wonnya nkɔɔ mmotafowa sukuu no na ɛsɛ sɛ mufi ase, bere a wɔde bere pii tra mo nkyɛn wɔ bere a wofi ase nya su horow no, ansa na abɔnten nkɛntɛnso afi ase agye wɔn adwene. Sɛ moammɛn wɔn wɔ wɔn mmofraase a, ebia wɔremma mommɛn wɔn bere a wɔadi boro mfe dumiɛnsa no. Ebia mubehu sɛ wɔn atipɛnfo asi mo ananmu. Enti afotu a wɔde ma awofo ne sɛ, Mommmu mo ani nngu mo mma so wɔ bere a wofi ase nya su horow mu, bere a nea ɛsen biara a moyɛ ma wɔn no bɛsow aba pa a ɛsen biara ma ɛde nhyira abrɛ mo ne wɔn no.—Fa toto Mateo 7:16-20 ho.