Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 22 kr. 153-kr. 156 nky. 4
  • Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm Mu Ma Emu Nna Hɔ
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Kyerɛwnsɛm a Wɔda no Adi Ɔkwampa So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Ntɔ Asom
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 22 kr. 153-kr. 156 nky. 4

ADESUA 22

Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Hwɛ hu sɛ kyerɛwsɛm biara a wode bedi dwuma no ne nsɛm a ɛfa ho ne Bible mũ no nyinaa hyia. Ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm a wode bedi dwuma no ne nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no atintim no nso hyia.

Dɛn nti na ɛho hia?

Onyankopɔn Asɛm a wobɛkyerɛkyerɛ afoforo no yɛ aniberesɛm. Ne pɛ ne sɛ nnipa benya ‘nokware nimdeɛ.’ (1 Tim. 2:3, 4) Ɛno de asɛyɛde to yɛn so sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm yiye.

SƐ YƐREKYERƐKYERƐ afoforo a, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛbɛkenkan nsɛm bi afi Bible mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne yɔnko Timoteo sɛ: ‘Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 2:15.

Eyi a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ kyerɛw nsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a yɛde ma no ne nea Bible no ankasa kyerɛkyerɛ no hyia. Eyi hwehwɛ sɛ yesusuw nsɛm a atwa ho ahyia no ho sen sɛ yɛbɛpaw nsɛm bi a yɛn ani gye ho ara kwa, na yɛde yɛn nsusuwii akeka ho. Yehowa nam odiyifo Yeremia so bɔɔ adiyifo a na wɔkyerɛ sɛ wɔnam Yehowa so na ɛkasa nanso “wɔn komam adehu na wɔka” no kɔkɔ. (Yer. 23:16) Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔde nnipa nyansapɛ bɛfra mu no ho bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛapa aniwude a wohintaw so, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu.” Saa mmere no, na aguadifo adifudepɛfo fra wɔn bobesa mu ma ɛdɔɔso sɛnea ɛbɛma wɔanya sika pii. Yɛmfra Onyankopɔn Asɛm mu denam nnipa nyansapɛ a yɛde bɛfra mu so. Paulo kae sɛ: “Yɛnte sɛ pii no a wɔde Onyankopɔn asɛm yɛ aguade, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam [kasa], Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.”—2 Kor. 2:17; 4:2.

Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi afa kyerɛwsɛm bi mu asɛm aka de asi nnyinasosɛm bi so dua. Nnyinasosɛm a ɛma yɛn akwankyerɛ pa a yɛde bedi tebea horow pii ho dwuma wɔ Bible no mu bebree. (2 Tim. 3:16, 17) Nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wo nkyerɛkyerɛmu no yɛ nokware, ne sɛ womfa kyerɛwsɛm bi nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so mma ɛnyɛ sɛ, ɛreka nea wopɛ sɛ ɛka. (Dw. 91:11, 12; Mat. 4:5, 6) Ɛsɛ sɛ nkyerɛkyerɛmu no ne Yehowa atirimpɔw ne Onyankopɔn Asɛm no nyinaa hyia.

Nea ‘nokwasɛm no a wubekura mu pɛpɛɛpɛ’ kyerɛ nso ne sɛ wobɛte nea Bible no ka ankasa ase yiye. Ɛnyɛ ‘abaa’ a wode bɛhwe afoforo. Nyamesom akannifo a wɔsɔre tiaa Yesu Kristo no faa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm kae, nanso na wɔrebu wɔn ani agu mmara no mu nea ɛsom bo—nea ɛfa atɛntrenee ne mmɔborohunu ne nokwaredi ho a Onyankopɔn hwehwɛ—no so. (Mat. 22:23, 24; 23:23, 24) Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no, ɔdaa N’agya nipasu adi. Ná ɔdɔ a Yesu wɔ ma nkurɔfo a ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no ka nsi a na ɔyɛ wɔ nokware no ho no ho. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi ne nhwɛso akyi.—Mat. 11:28.

Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛrekyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm bi mu yiye? Bible akenkan a yɛbɛyɛ no daa no bɛboa yɛn. Afei nso ehia sɛ yɛkyerɛ nsiesiei a Yehowa nam Kristofo kuw a wɔasra wɔn “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so yɛ de honhom fam aduan ma gyidi fifo no ho anisɔ. (Mat. 24:45)Kokoam adesua ne asafo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ anya mu kyɛfa daa no bɛboa yɛn ma yɛanya akwankyerɛ a wɔnam saa akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so de ma yɛn no mu mfaso.

Sɛ Reasoning From the Scriptures nhoma no bi wɔ mo kasa mu na sɛ wusua sɛnea wode bedi dwuma yiye a, ɛrenyɛ den mma wo sɛ wubenya kyerɛw nsɛm pii mu nkyerɛkyerɛmu a wɔtaa de di dwuma wɔ asɛnka mu no. Sɛ woreyɛ nhyehyɛe de kyerɛwsɛm bi a wunnim adi dwuma a, ahobrɛase bɛka wo ma woayɛ nhwehwɛmu a ehia na sɛ worekasa a, woaso nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.—Mmeb. 11:2.

Ma Nkyerɛkyerɛmu no Mu Nna Hɔ. Sɛ worekyerɛkyerɛ afoforo a, hwɛ hu sɛ wɔte asɛm a morebɔ ho nkɔmmɔ no ne kyerɛw nsɛm a wode redi dwuma no ase. Sɛ wode asɛmmisa bi di kyerɛwsɛm no anim a, ɛsɛ sɛ w’atiefo no hu sɛnea kyerɛwsɛm no bua asɛm no. Sɛ wode kyerɛwsɛm no regyina asɛm bi akyi a, hwɛ hu sɛ osuani no ahu sɛnea kyerɛwsɛm no si asɛm no so dua no pefee.

Kyerɛwsɛm no a wobɛkenkan ara kwa—na woasi so dua mpo no—ntaa nnɔɔso. Kae sɛ nnipa pii nte Bible no ase ma enti sɛ wokenkan no pɛnkoro pɛ a, wɔrente nea worepɛ akyerɛ no ase. Twe adwene si kyerɛwsɛm no fã a ɛkyerɛkyerɛ asɛm a woreka no mu tẽẽ no so.

Mpɛn pii no eyi hwehwɛ sɛ woma nsɛntitiriw a ɛwom a ɛfa asɛm a moreka ho asɛm tẽẽ no ho no da adi. Ɔkwan a ɛyɛ tiaa koraa ne sɛ wubetĩ nsɛmfua a adwene a ɛwom no gyina so no mu. Sɛ wo ne onipa biako na ɛrekasa a, wubetumi abisa nsɛm a ɛbɛboa no ma wahu nsɛntitiriw a ɛwom no. Sɛ akasafo binom rekasa kyerɛ nnipakuw a, wɔpɛ sɛ wɔde nsɛm a ekura nkyerɛase koro na edi botae no ho dwuma anaasɛ wobetĩ adwene a ɛwom no mu. Nanso sɛ wopaw sɛ wobɛyɛ eyi a, hwɛ yiye na atiefo no adwene amfi nea wode rekyerɛkyerɛ nsɛm mu no ne sɛnea wɔaka asɛm no wɔ kyerɛwsɛm mu no so.

Sɛ woma nsɛntitiriw a ɛwom no da adi a, na woato fapem pa. Afei di akyi. Bere a worefrɛ kyerɛwsɛm no, so wokyerɛ nea enti a wode kyerɛwsɛm no redi dwuma no? Sɛ saa a, kyerɛ sɛnea nsɛm a woasi so dua no ne nea wopɛ sɛ w’atiefo no hwɛ kwan no bɔ abusua. Ma wonhu saa nkyerɛkyerɛmu no pefee. Sɛ mpo woamfa nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa amfi kyerɛwsɛm no ase a, ɛsɛ sɛ wode biribi di akyi.

Farisifo no bisaa Yesu asɛm bi a na wosusuw sɛ ɛyɛ den, a ɛne sɛ: “Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?” Yesu de ne mmuae no gyinaa Genesis 2:24 so. Hyɛ no nsow sɛnea ɔtwee adwene sii ne fã biako pɛ so, na afei ɔde nkyerɛkyerɛmu a ehia mae. Bere a Yesu kae sɛ ɔbarima ne ne yere no bɛyɛɛ “ɔhonam koro” no, ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”—Mat. 19:3-6.

Nkyerɛkyerɛmu ahe na ɛsɛ sɛ wode ma na ama sɛnea wode kyerɛwsɛm bi di dwuma no mu ada hɔ? Nnipa ahorow a wɔretie wo no ne hia a asɛm a woreka no ho hia no na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ. Ma ɛnyɛ wo botae sɛ wobɛka nsɛm a ɛyɛ tẽẽ na asete nyɛ den.

Fi Kyerɛwnsɛm Mu Susuw Nsɛm Ho. Ɛdefa ɔsomafo Paulo som adwuma a ɔyɛe wɔ Tesalonika ho no, Asomafo no Nnwuma 17:2, 3 ka kyerɛ yɛn sɛ ‘ofi Kyerɛwnsɛm mu ne wɔn susuw nsɛm ho.’ Eyi yɛ su a ɛsɛ sɛ Yehowa somfo biara bɔ mmɔden sɛ obenya. Sɛ nhwɛso no, Paulo kaa Yesu asetra ne ne som adwuma ho nokwasɛm, na ɔkyerɛe sɛ na wɔaka eyi ho asɛm asie wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na afei ɔde n’asɛm no baa awiei pen sɛ: “Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.”

Bere a na Paulo rekyerɛw krataa akɔma Hebrifo no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kae mpɛn pii. Sɛ ɔresi asɛm bi so dua anaasɛ ɔrekyerɛkyerɛ mu a, na ɔtaa twe adwene si asɛmfua biako anaa kasasin bi so na afei ɔkyerɛ sɛnea ɛho hia. (Heb. 12:26, 27) Paulo faa Dwom 95:7-11 de kaa asɛm a ɛwɔ Hebrifo ti 3 no. Hyɛ no nsow sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ n’afã abiɛsa mu: (1) nea ɛfa koma no ho (Heb. 3:8-12), (2) nea asɛmfua “ɛnnɛ” kyerɛ (Heb. 3:7, 13-15; 4:6-11), ne (3) nea asɛm: “Wɔrenhyɛn me home mu” no kyerɛ (Heb. 3:11, 18, 19; 4:1-11). Bɔ mmɔden sɛ wubesuasua saa nhwɛso no bere a wokyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm no mu biara mu no.

Hyɛ ɔkwan a etu mpɔn a Yesu de Kyerɛwnsɛm no susuw nsɛm ho wɔ Luka 10:25-37 no nsow. Mmarakyerɛfo bi bisaa no sɛ: “Kyerɛkyerɛfo menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Yesu de mmuae rema no, odii kan too nsa frɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnkyerɛ n’adwene wɔ asɛm no ho, na afei osii hia a ehia sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka so dua. Bere a ɛbɛdaa adi sɛ ɔbarima no nte asɛm no ase no, Yesu faa asɛmfua biako pɛ—“yɔnko”—fii kyerɛwsɛm no mu kyerɛkyerɛɛ mu yiye. Sɛ́ anka ɔbɛkyerɛkyerɛ mu ara kwa no, ɔde mfatoho dii dwuma de boaa ɔbarima no ma ɔtee ase yiye.

Ɛda adi sɛ, sɛ Yesu rebua nsɛm a, na ɔmfa kyerɛw nsɛm a ebua asɛm no tẽẽ mma mmuae kɛkɛ. Ná osusuw nea ɛka no ho, na wagyina so de akyerɛkyerɛ asɛmmisa no mu.

Bere a na Sadukifo no regye owusɔre anidaso no ho kyim no, Yesu twee adwene sii Exodus 3:6 fã pɔtẽẽ bi so. Nanso bere a ɔfaa kyerɛwsɛm no mu asɛm ka wiei no, wamma anso hɔ ara. Osusuw ho de kyerɛe pefee sɛ owusɔre no ka Onyankopɔn atirimpɔw ho.—Marko 12:24-27.

Wo ho a wobɛma akokwaw wɔ nsɛm a wosusuw ho yiye fi Kyerɛwnsɛm mu no bɛboa wo ma woayɛ ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn.

SƐNEA WUBETUMI ADA SAA SU NO ADI

  • Kenkan Bible no daa. Sua Ɔwɛn-Aban no yiye, na siesie wo ho yiye ma asafo nhyiam ahorow.

  • Hwɛ hu sɛ wunim nea kyerɛwsɛm a wopɛ sɛ wode di dwuma no mu asɛmfua biara kyerɛ. Fa ahwɛyiye kenkan kyerɛwsɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte nea ɛka no ase yiye.

  • Ma ɛnyɛ wo su sɛ wobɛyɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn Kristofo nhoma horow mu.

DWUMADI: Susuw nea 2 Petro 3:7 kyerɛ ho. So ɛkyerɛ sɛ wɔde ogya na ɛbɛsɛe asase? (Sɛ worekyerɛkyerɛ nea “asase” kyerɛ mu a, susuw nea “ɔsoro” kyerɛ nso ho. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ wobetumi de “asase” adi dwuma sɛnkyerɛnne kwan so? Hena anaa dɛn ankasa na wɔbɛsɛe no sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 7 no? Ɔkwan bɛn so na ɛne nea esii wɔ Noa bere so a wɔatwe adwene asi so wɔ nkyekyem 5 ne 6 no hyia?)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena