So Ebetumi Aba sɛ na Yesu Wɔ Onyankopɔn mu Gyidi?
Baasakorofo Asɛnnennen
“ƐBƐYƐ dɛn na atumi aba sɛ na Yesu wɔ gyidi? Ɔyɛ Onyankopɔn; onim na ohu biribiara a ɛnsɛ sɛ ɔdan obi foforo biara. Nea gyidi kyerɛ ankasa ne sɛ obi dan ɔfoforo na ogye nea wonhu tom; ma enti entumi mma sɛ na Yesu-Nyankopɔn wɔ gyidi.”
Sɛnea Franseni nyamekyerɛfo Jacques Guillet kyerɛ no, ɛno ne Katoleksom mu adwene titiriw. So nkyerɛkyerɛmu yi yɛ wo nwonwa? Ebia woasusuw sɛ esiane sɛ Yesu yɛ nhwɛso ma Kristofo wɔ biribiara mu nti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ gyidi ho nhwɛso nso. Sɛ wususuw saa de a, ɛnde na woannwen Kristoman Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho.
Yesu gyidi ho asɛm no yɛ ahintasɛm ankasa ma Katolekfo, Protestantfo, ne Ortodoks nyamekyerɛfo a wogye Baasakoro no di sɛ “Kristofo gyidi ne wɔn asetra mu ahintasɛm titiriw” no.a Nanso ɛnyɛ obiara na ɔka sɛ Yesu nni gyidi. Jacques Guillet si so dua sɛ “ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wonnye ntom sɛ na Yesu wɔ gyidi,” ɛwom sɛ Guillet gye tom sɛ ɛyɛ “ahintasɛm” wɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ mu de.
Franseni Jesuitni Jean Galot ne nyamekyerɛfo dodow no ara a wɔte sɛ ɔno no ka no pefee sɛ esiane sɛ “Kristo yɛ nokware Nyankopɔn na ɔyɛ onipa ankasa nti, . . . ontumi nnya n’ankasa mu gyidi.” La Civiltà Cattolica nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Gyidi kyerɛ sɛ obi gye obi foforo di, na ɛnyɛ n’ankasa ne ho.” Ɛnde, Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ne akwanside a ɛmma wonhu Yesu gyidi, efisɛ nsusuwii abien no bɔ abira pefee.
Nyamekyerɛfo ka sɛ: “Nsɛmpa no nka Yesu gyidi ho asɛm koraa.” Nokwarem no, nsɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a ɛne pi·steuʹo (gye di, nya gyidi) ne piʹstis (gyidi) no taa kyerɛ gyidi a na asuafo no wɔ wɔ Onyankopɔn anaa Kristo mu sen gyidi a na Yesu wɔ wɔ ne soro Agya no mu. Enti so ɛsɛ sɛ yɛka sɛ na Onyankopɔn Ba no nni gyidi? Dɛn na yebetumi ahu afi nea ɔyɛe ne nea ɔkae no mu? Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka?
Mpaebɔ a Gyidi Nnim?
Ná Yesu yɛ obi a ɔpɛ mpaebɔ. Ɔbɔɔ mpae bere nyinaa—bere a wɔbɔɔ no asu (Luka 3:21); anadwo mu no nyinaa ansa na ɔrepaw n’asomafo 12 no (Luka 6:12, 13); ne ansa na ɔsakraa anwonwakwan so wɔ bepɔw no so bere a na asomafo Petro, Yohane, ne Yakobo ka ne ho no. (Luka 9:28, 29) Ná ɔrebɔ mpae bere a asuafo no biako ka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛ yɛn mpaebɔ” no, enti ɔkyerɛɛ wɔn Awurade Mpaebɔ no (“Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro” no). (Luka 11:1-4; Mateo 6:9-13) Ne nkutoo bɔɔ mpae kyɛe ahemadakye (Marko 1:35-39); ɛrekɔ anwummere, wɔ bepɔw so, bere a wama n’asuafo afi ne nkyɛn kɔ (Marko 6:45, 46); ɔne n’asuafo boom bɔe na ɔbɔɔ maa n’asuafo. (Luka 22:32; Yohane 17:1-26) Yiw, na mpaebɔ yɛ Yesu asetra fã titiriw.
Ná ɔbɔ mpae ansa na wayɛ anwonwade ahorow, sɛ nhwɛso no, ansa na ɔrenyan n’adamfo Lasaro: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.” (Yohane 11:41, 42) Da a ɔdaa no adi sɛ n’Agya bebua saa mpaebɔ no kyerɛ sɛnea na ne gyidi yɛ den fa. Abusuabɔ yi a mpae a wɔbɔ Onyankopɔn ne Ne mu gyidi wɔ no da adi wɔ nea Kristo ka kyerɛɛ asuafo no mu: “Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya.”—Marko 11:24.
Sɛ na Yesu nni gyidi a, dɛn nti na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae? Kristoman Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm so a ɛkyerɛ sɛ na Yesu yɛ onipa ne Onyankopɔn wɔ bere koro mu no mma wonhu Bible nkrasɛm no. Ɛmma nkurɔfo nte Bible mu asɛm a asete nyɛ den ne ne tumi no ase. Hena na onipa Yesu bisaa no mmoa no? N’ankasa ne ho? So na onim sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Na sɛ na onim sɛ ɔne Nyankopɔn a, dɛn nti na ɔbɔɔ mpae?
Mpae a Yesu bɔɔ da a etwa to wɔ n’asase so asetra mu no ma yenya ne gyidi pintinn a na ɔwɔ wɔ ne soro Agya no mu no mu ntease a emu dɔ mpo. Bere a na ɔde anidaso ne ahotoso rehwɛ kwan no, obisae sɛ: “Na afei, agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!”—Yohane 17:5.
Esiane sɛ na onim sɛ ne sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara ne ne wu abɛn nti, “ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no” anadwo a na ɔwɔ Getsemane turom wɔ Ngo Bepɔw no so no, na ɔkae sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu.” (Mateo 26:36-38) Afei ɔkotow bɔɔ mpae sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.” Afei “ɔbɔfo fii soro beyii he ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.” Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ. Esiane n’ahoyeraw ne ne sɔhwɛ no mu den nti, “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.”—Luka 22:42-44.
Dɛn na Yesu amanehunu, hia a na ɛho hia sɛ wɔhyɛ no den ne ne nkotɔsrɛ no kyerɛ? Jacques Guillet kyerɛw sɛ: “Ade biako da adi, Yesu bɔɔ mpae, na na mpaebɔ yɛ n’asetra ne ne nneyɛe fã a ɛho hia. Ɔbɔɔ mpae sɛnea nnipa bɔ mpae, na ɔbɔɔ mpae maa nnipa. Nnipa ntumi mmɔ mpae a gyidi nnim. So Yesu betumi abɔ mpae a gyidi nnim?”
Bere a Yesu sɛn asɛndua so a aka bere tiaa ma wawu no, ɔde ɛnne kɛse teɛɛm, na ɔfaa Dawid dwom mu nsɛm kae. Afei ɔde gyidi ne ɛnne kɛse bɔɔ mpae a etwa to sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ.” (Luka 23:46; Mateo 27:46) Italia asɔre ahorow nkyerɛase bi, Parola del Signore, ka sɛ Yesu ‘de ne nkwa hyɛɛ’ Agya no nsa.
Jacques Guillet ka sɛ: “Asɛmpa no akyerɛwfo reka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnduam, a ɔde Israel nnwom mu nsɛm teɛɛm frɛɛ n’Agya ho asɛm akyerɛ yɛn no, wɔma yegye di sɛ na nteɛm no, Ɔba a wɔwoo no koro no nteɛm no, ɛyawdi koraa nteɛm, ahotoso a edi mu nteɛm no yɛ gyidi nteɛm, owu nteɛm wɔ gyidi mu.”
Esiane sɛ wonim saa gyidi ho adanse a ɛyɛ nwonwa a ɛda adi pefee no nti, nyamekyerɛfo bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ nsonsonoe da gyidi ne “ahotoso” ntam. Nanso, nsonsonoe a ɛte saa no nnyina Kyerɛwnsɛm no so.
Nanso ade pɔtee bɛn na sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den a Yesu gyinaa ano no da no adi wɔ ne gyidi ho?
Wɔma ‘Yɛn Gyidi Wiefo No’ Yɛ Pɛ
Ɔsomafo Paulo ka mmarima ne mmea anokwafo adansefo mununkum kɛse a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no ti 11. Ɔtwe adwene si gyidi ho nhwɛso a ɛsen biara na ɛyɛ pɛ no so de wie sɛ: ‘Yɛhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo, Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu. Munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.’—Hebrifo 12:1-3.
Nyamekyerɛfo dodow no ara ka sɛ nkyekyem yi nka “Yesu ankasa gyidi ho asɛm,” na mmom ne dwumadi sɛ “gyidi dikanfo anaa ne farebae.” Hela asɛmfua te·lei·o·teś a epue wɔ asɛm yi mu no kyerɛ obi a ɔma biribi di mũ, ɔma ɛbam anaasɛ ɔyɛ wie. Sɛ́ “Wiefo” no, Yesu wiee gyidi, a ɛkyerɛ sɛ asase so a ɔbae no maa Bible nkɔmhyɛ ahorow baam, ma enti ɛtoo nhyɛase a ɛyɛ den kɛse maa gyidi. Nanso so eyi kyerɛ sɛ na onni gyidi?
Krataa a wɔde kɔmaa Hebrifo no mu nsɛm a wubetumi ahu wɔ adaka a ɛwɔ krataa 15 no mu no kyerɛ pefee sɛ na ɔwɔ gyidi. Yesu amanehunu ne osetie a ɔyɛe ma ɔyɛɛ pɛ. Ɛwom sɛ na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ dedaw de, nanso ne suahu ahorow maa ɔyɛɛ pɛ dii mu wɔ nneɛma nyinaa mu, wɔ gyidi mpo mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wafata koraa sɛ nokware Kristofo nkwagye ho Sɔfo Panyin. ‘Ɔde nteɛm a emu yɛ den ne nusu’ bɔɔ n’Agya mpae, na ‘odii Onyankopɔn nokware,’ na na ɔwɔ “Onyankopɔn suro.” (Hebrifo 3:1, 2; 5:7-9, NW) Hebrifo 4:15 ka sɛ: ‘Wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara,’ kyerɛ sɛ, te sɛ Kristoni nokwafo biara a ohyia ne gyidi ho “sɔhwɛ.” (Yakobo 1:2, 3) So ntease wom sɛ yebegye adi sɛ na wobetumi asɔ Yesu ahwɛ ‘sɛ’ n’akyidifo bere a wɔnsɔ ne gyidi nhwɛ sɛnea wɔsɔ wɔn de hwɛ no?
Nkotɔsrɛ ahorow, osetie, amanehunu, sɔhwɛ ahorow, nokwaredi, ne osuro pa di adanse sɛ na Yesu wɔ gyidi a edi mu. Ɛkyerɛ sɛ ɔbɛyɛɛ “yɛn gyidi wiefo” bere a wɔyɛɛ no pɛ wɔ n’ankasa gyidi mu no akyi nkutoo. Ɛda adi pefee sɛ na ɔnyɛ Ɔba Nyankopɔn sɛnea Baasakoro nkyerɛkyerɛ ka no.—1 Yohane 5:5.
So Wannye Onyankopɔn Asɛm Anni?
Baasakoro nkyerɛkyerɛ no agye nyamekyerɛfo adwene araa ma wodwen tra so sɛ Yesu “ntumi nnye Onyankopɔn Asɛm ne emu nsɛm nni” efisɛ “sɛ́ Onyankopɔn Asɛm ankasa no, obetumi abɔ asɛm no dawuru nkutoo.”—Angelo Amato, Gesù il Signore, nhoma a asɔre no gye tom.
Nanso, Kyerɛwnsɛm no a Yesu kɔɔ so twee adwene sii so no kyerɛ dɛn ankasa? Bere a wɔsɔɔ no hwɛe no, ɔfaa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm kae mprɛnsa. Ne mmuae a ɛto so abiɛsa no ka kyerɛɛ Satan sɛ Yesu som Onyankopɔn nkutoo. (Mateo 4:4, 7, 10) Yesu kaa nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa n’ankasa ho no ho asɛm mpɛn pii, na ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ ne mmamu mu gyidi. (Marko 14:21, 27; Luka 18:31-33; 22:37; fa toto Luka 9:22; 24:44-46 ho.) Ɛsɛ sɛ nhwehwɛmu yi ma yɛde ba awiei sɛ na Yesu nim Kyerɛwnsɛm a n’Agya ma wɔkyerɛwee no, odii emu nsɛm so wɔ gyidi mu, na na ɔwɔ ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa ne sɔhwɛ ahorow, n’amanehunu, ne wu, ne ne wusɔre ho asɛm siei no mmamu mu ahotoso a edi mu.
Yesu, Gyidi ho Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yesuasua No
Ná ɛsɛ sɛ Yesu ko gyidi ko pa no kodu awiei na ama wakɔ so adi n’Agya nokware na ‘wadi wiase no so nkonim.’ (Yohane 16:33) Sɛ na onni gyidi a, anka ontumi nni nkonim a ɛte saa. (Hebrifo 11:6; 1 Yohane 5:4) Saa gyidi a edii nkonim no nti, ɔyɛɛ nhwɛso maa n’akyidifo anokwafo no. Ɛda adi sɛ na ɔwɔ nokware Nyankopɔn no mu gyidi.
[Ase hɔ asɛm]
a Wubetumi ahu nnyinaso a Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nni ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? nhomawa, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu.
[Kratafa 15 adaka]
Wɔma Yesu, ‘Owiefo’ no Yɛ Pɛ
Hebrifo 2:10: ‘Ná ɛfata nea ne nti nneɛma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, nea ɔde mma bebree baa anuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagye safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ a ewie du mu.’
Hebrifo 2:17, 18: ‘Enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. Na sɛ n’ankasa huu ɔsɔ a wɔsɔɔ no hwɛe mu amane nti, otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.’
Hebrifo 3:2: ‘Odii Nea ɔde no sii hɔ no nokware sɛ Mose nso dii Onii no fie nyinaa mu nokware no.’
Hebrifo 4:15: ‘Yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.’
Hebrifo 5:7-9: ‘Kristo honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ Nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ne fɛre nti wotiee no. Ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya yɛɛ pɛ no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae.’