Momma Anigye Nhyɛ Mo Ma
“Na asuafo no de, anigye ne honhom kronkron hyɛɛ wɔn ma.”—Asomafo no Nnwuma 13:52.
1. (a) Anigye yɛ aba bɛn? (b) Nsiesiei a ɛyɛ anigye bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam?
ANIGYE! Wɔbɔ saa Kristofo su yi din sɛ nea edi ɔdɔ nkutoo akyi wɔ Paulo nkyerɛkyerɛmu a ɔde mae wɔ honhom aba ho no mu. (Galatifo 5:22-25) Na dɛn na ɛma saa anigye no ba? Ɛyɛ asɛmpa a Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ nguanhwɛfo ahobrɛasefo bɛboro mfe 1,900 a atwam ni no: “Hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo wɔ Dawid kurom.” Afei abɔfo asafo pue bɛkaa ɔbɔfo no ho de anigye yii Onyankopɔn ayɛ kae sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”—Luka 2:10-14.
2, 3. (a) Dɛn nti na na ɛfata sɛ Onyankopɔn soma n’Abakan ma ɔbɛyɛ adesamma Agyenkwa? (b) Akwan afoforo bɛn so na Yesu dii Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma bere a ɔwɔ asase so no?
2 Yehowa da n’anisɔ ma nnipa no adi wɔ nkwagye a ɔnam Awurade Kristo so de mae no mu. Onyankopɔn Abakan yi ne nokware nyansa nhwɛso, na wɔkyerɛ sɛ ɔkaa n’Agya ho asɛm wɔ adebɔ bere mu sɛ: “Na mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛfo pa, m’ani ka daa daa, na m’ani gye n’anim bere nyinaa; m’ani gye ne wiase asase frɔmm no ho, yiw na nea m’ani ka ho kosi ase ne nnipa mma.”—Mmebusɛm 8:30, 31, Rotherham.
3 Enti na ɛfata sɛ Yehowa soma saa Ɔba a n’ani ka nnipa mma ho yi, sɛ ɔmmɛyɛ adesamma Agyenkwa. Na ɔkwan bɛn so na eyi bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam? Ebebue kwan ama no ma wadi n’atirimpɔw kɛse a ɛne asase no a ɔde nnipa treneefo a wɔpɛ asomdwoe bɛhyɛ so ma no ho dwuma. (Genesis 1:28) Bio nso, bere a ɔwɔ asase so no, na saa Ɔba yi, Yesu, bɛkyerɛ sɛ onipa a odi mu betumi de nokwaredi ayɛ osetie ama Yehowa sɛ Amansan Hene wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den kyɛn biara mu, na ɔnam saayɛ so asan teɛ a n’Agya tumidi wɔ N’abɔde so teɛ no ho. (Hebrifo 4:15; 5:8, 9) Yesu mudi mu kura no yɛɛ nhwɛso maa nokware Kristofo nyinaa sɛ wonni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ.—1 Petro 2:21.
4. Yesu boasetɔ no kowie anigye kɛse bɛn mu, na ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran dɛn?
4 Yesu nyaa anigye a ɛkyɛn so wɔ n’Agya apɛde a ɔyɛe saa kwan yi so no mu, a na ɔrehwɛ anigye a ɛso kyɛn saa kwan, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ wɔ Hebrifo 12:1, 2 no: “Yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” Eyi yɛ anigye bɛn? Ɛyɛ anigye a Yesu wɔ, ɛnyɛ n’Agya din a ɔtew ho, na ogyee adesamma fii owu mu no nkutoo mu, na mmom wɔ ne nniso sɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin bere a ɔde adesamma asoɔmmerɛfo san kɔ asetra a enni awiei mu wɔ asase so paradise mu no nso mu.—Mateo 6:9; 20:28; Hebrifo 7:23-26.
5. Henanom ne Yesu “nuanom” no, na anigye soronko bɛn na wonya mu kyɛfa?
5 Yiw, Onyankopɔn Ba no anya anigye wɔ adesamma a ɔsom wɔn no mu bere nyinaa. Na eye no anigye sɛ ɔne n’Agya bɛbom ayɛ adwuma de apaw nnipa mudi mu kurafo kuw bi a ɔfrɛ wɔn ne “nuanom,” a sɛ wowu a, wobenyan wɔn akɔ soro. Eyinom ne Yesu nya anigye soronko bi. Wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔwɔ ‘anigye’ na wɔyɛ “kronkron” na “wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.”—Hebrifo 2:11; Adiyisɛm 14:1, 4; 20:6.
6. (a) Ɔfrɛ a ɛyɛ anigye bɛn na Ɔhene no de ma ne “nguan foforo” no? (b) Hokwan ahorow bɛn na nguan yi mu pii nya nnɛ?
6 Bio nso, nnipakuw kɛse a wɔyɛ “nguan foforo,” a Ɔhene a ɔredi tumi no paw wɔn kɔ ne nsa nifa a ɛkyerɛ sɛ wɔsɔ n’ani so no, gye nsa a ɔto frɛ wɔn yi so: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni.” (Yohane 10:16; Mateo 25:34) Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Mprempren mpo, wɔn a wobenya Ahenni no adi wɔ asase so no mu pii ne wɔn a wɔasra wɔn no agye dwumadi ahorow ho asɛyɛde ato wɔn ho so, sɛnea Yehowa ka siei no pɛpɛɛpɛ: “Na ahɔho begyina ahwɛ mo nguan, na ananafo mma ayeyɛ mo akuafo ne mo turoyɛfo. Na mo de, wɔbɛfrɛ mo [Yehowa] asɔfo, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo.” Eyinom nyinaa ne Onyankopɔn diyifo no bom ka sɛ: “[Yehowa] mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me.”—Yesaia 61:5, 6, 10.
7. Dɛn nti efi 1914 no, “ɛda” yi yɛ titiriw?
7 Mprempren yɛte ɛda titiriw bi mu. Efi 1914 no, ayɛ ɛda a Kristo di tumi wom sɛ ɔsoro Hene, a wɔkaa ho asɛm wɔ Dwom 118: 24, 25 no: “Eyi ne da a [Yehowa] ayɛ, momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye wɔ mu. O [Yehowa], gye nkwa ɛ, o [Yehowa] ma ensi yiye!” Ɛno ne ɛda a ɛbɛkɔ akowie sɛe a Yehowa bɛsɛe Babilon som mu, na waka Kristo ayeforo a wɔyɛ anuanom 144,000 ne wɔn ɔsoro Hene no abom. Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ‘bedi ahurusi na wɔn ani agye aboro so’ wɔ eyi ho. Wobedi ahurusi nso bere a wɔn Mesia Ɔhene no ko wɔ Harmagedon de gye ne man a wodi nokware no nkwa kɔ trenee wiase foforo mu no. (Adiyisɛm 19:1-7, 11-16) So bere a Yehowa nkurɔfo pae mu ka saa anidaso a ɛyɛ anigye yi kyerɛ no, ɔma ɛsow aba? Akontaabu a edi hɔ yi bɛkyerɛkyerɛ mu.
Ntrɛwmu wɔ Asase So Nyinaa
8. (a) Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron anigye da adi wɔ akontaabu a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi nkratafa 18 kosi 21 mu? (b) Dɛn ne akontaabu no mu nneɛma atitiriw no bi?
8 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ‘aboro so anidaso mu, honhom kronkron ahoɔden mu.’ (Romafo 15:13) Yehu eyi wɔ akontaabu pon a ɛwɔ nkratafa 18 kosi 21 wɔ nsɛmma nhoma yi mu no mu, nea wɔde 1990 asase nyinaa so Ahenni som dwumadi ho akontaabu nyinaa ama wom no. Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ yebehu asomfo a wɔyɛ nnam dodow nkɔanim foforo 4,017,213 wɔ ɔsom dwumadi mu! Eyi yɛ nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 77 wɔ mfe du a atwam no mu, bere a nguan no anoboaboa kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ nsase 212 so wɔ wiase nyinaa no. Mfe 15 akyi no, asubɔ duu dodow nkɔanim a ɛsen biara—301,518! Wɔ nhyiam pii ase no, na asubɔfo no dɔɔso yiye, titiriw no nhyiam a Europa Apuei Fam Adansefo kɔɔ ase no. Ná mmofra pii ka eyinom ho, na ɛmaa asɛm a sohyialismfo ka sɛ nyamesom begu wɔ wɔn a wɔanyinyin no wu akyi no yɛɛ atoro.
9. (a) Awofo ntetee a wɔde ma ntɛm de anigyesɛm bɛn na ɛba? (b) Mo hɔ osuahu anaa osuahu afoforo bɛn na edi eyi ho adanse?
9 Mmofra pii regye ɔfrɛ a ɛwɔ Dwom 32:11 no so: “Treneefo, momma mo ani nnye [Yehowa] ho, na munni ahurusi! Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro!” Ɛte sɛ nea awofo pii de afotu sɛ wɔntete wɔn mma nkumaa ‘mfi wɔn mmofraase’ no redi dwuma. (2 Timoteo 3:15) Wɔde nhoma ne kasɛt ahorow a wɔasiesie ama wɔn a wɔn mfe sua no redi dwuma yiye. Bere a mmofra yi fi sukuu ase no, ɛnkyɛ na wodi adanse fɛfɛ, sɛ nhwɛso no, te sɛ Japanni abeawa a wadi mfe awotwe a ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Yefi ahohuru bere mu akwamma baa sukuu no, mekɔɔ me kyerɛkyerɛfo nkyɛn kobisaa no sɛ: ‘So wokɔsraa wo papa ɔdamoa wɔ akwamma mmere no mu?’ Obuae sɛ: ‘Yiw, na me papa dɔ nnipa, na mekɔsra n’adamoa afe biara.’ Mekae sɛ: ‘Sɛ wusua Bible no na wudi Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ akyi a, wubetumi ahu w’agya a ɔwɔ ɔdɔ no wɔ asase so paradise bi mu.’ Afei memaa no Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm. Mprempren yɛn kyerɛkyerɛfo no kenkan nhoma yi mu ti biako kyerɛ sukuufo no nyinaa dapɛn biara wɔ awia adidi bere mu.”
10. Atirimpɔw pa bɛn na Young People Ask nhoma no adi ho dwuma, na ɛho nhwɛso bi ne nea ɛwɔ he?
10 Mmofra a wonnya nnii mfe aduonu de nhoma Questions Young People Ask —Answers That Work adi dwuma ɔkwan pa so wɔ wɔn ankasa adesua ne afoforo a wodi wɔn adanse nyinaa mu. Awofo nso ani asɔ nhoma yi. Onuawa bi a ɔwɔ Switzerland a ɔyɛ akwampaefo ɔboafo, sii gyinae sɛ ɔbɛkɔ akɔsra ne ba mfɛfo sukuufo no awofo. Eyi buee kwan ma ɔne awofo pii bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye, na ɔmaa wɔn nhoma 20 (pii yɛ Young People Ask) ne nsɛmma nhoma 27. Bere a sukuuni abeawa bi a ɔwɔ Trinidad de nhoma yi bi maa ne kyerɛkyerɛfo wɔ sukuu no, ne maame san kɔsraa ɔkyerɛkyerɛfo no, na otumi de nhoma no 25 memaa akyerɛkyerɛfo a wɔn dodow yɛ 36 no. Ɔtoaa so ɔsram a edi hɔ no mu, na ɔhyɛɛ da kɔɔ awofo a ɔno ankasa nim wɔn nkyɛn, de nhoma 92 foforo memae, na ofii Bible adesua afoforo ase. Wɔ Korea no, ntam-sukuu ɔkyerɛkyerɛfo bi de nhoma Young People Ask dii dwuma de dii adanse tiawa a ɛfa nsɛmti te sɛ “Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Mmɔden wɔ Sɔhwɛ Mu?” ne “Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Abusuabɔ Pa Aba Me ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam?” ho, na ɔde nhoma no mae. Sukuufo no gyee nhoma no 39 akyi no, awofo bi fii ase kasaa ho. Nanso ɔkyerɛkyerɛfo panyin no hwehwɛɛ biako mu, ɔkae sɛ “eye paa,” na ogyee biako maa ɔno ankasa babea.
Ɔkyerɛkyerɛ a Eye Sen Biara
11, 12. Adanse a ɛkyerɛ sɛ nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no tintim no de ɔkyerɛkyerɛ a ɛsen biara ma no bi ne nea ɛwɔ he?
11 Nnipa pii nso ani sɔ sɛnea yɛn nsɛmma nhoma no tumi kyerɛkyerɛ no, te sɛ U.S. sukuu bi a ɛkraa July 22, 1990, Awake! (a ɛka koken bi a wɔfrɛ no crack a ne nom ka obi hɔ ho asɛm) no mfuamfua 1,200 na wɔde akyerɛ ade wɔ sukuu no mu. Afei nso, afoforo kɔ so kyerɛ Yehowa Adansefo mma a wɔkɔ sukuu abrabɔ pa nhwɛso ho anigye yiye. Wɔ Thailand sukuudan bi a wɔyɛ dede wom mu no, ɔkyerɛkyerɛfo no frɛɛ Racha a wadi mfe 11 no begyinaa sukuufo no anim, na ɔkamfoo no wɔ ne suban ho sɛ: “Dɛn nti na mo nyinaa mfa no sɛ nhwɛso? Ɔyɛ nsi wɔ n’adesua mu na obu ade.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Misusuw sɛ ebia ɛsɛ sɛ moyɛ Yehowa Adansefo te sɛ Racha na ama mo suban ayɛ papa.”—Fa toto Mmebusɛm 1:8; 23:22, 23 ho.
12 Onuawa kumaa bi a ofi Dominican Republic kyerɛw sɛ: “Bere a na madi mfe anan pɛ no, na merebewie nyamesom sukuu bi a mikosuaa akenkan ne akyerɛw wɔ hɔ. Mede nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So maa ɔbea kokorani a ɔkyerɛɛ me ade no sɛ akyɛde, a nkrasɛm yi ka ho: ‘Meda wo ase yiye sɛ woakyerɛ me akenkan ne akyerɛw. Minyae a, anka wo nso wobɛte me gyidi ase na woabenya m’anidaso a ɛne daa nkwa wɔ asase yi so bere a wɔayɛ no paradise no bi.’ Eyi nti, wɔpam me fii sukuu no mu. Mfe awotwe akyi no, mihyiaa ɔkyerɛkyerɛfo yi bio. Ɔkaa sɛnea ɔsɔfo no ɔsɔretia bebrebe nyinaa akyi no, otumi kenkan nhoma no ho asɛm. Otu kɔtraa ahenkurow no mu, faako a otumi ne Ɔdansefo bi suaa Bible no. Ná wɔrebɔ me ne no nyinaa asu wɔ ‘Kasa Kronn’ Ɔmantam Nhyiam no ase.” Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, nyansa betumi afi “nkokoaa anom” mpo!—Mateo 21:16; Dwom 8:1, 2.
13. Mmofra a wonnya nnii mfe aduonu no pii reyɛ wɔn ade dɛn wɔ Salomo afotu no ho, na ɔkwan bɛn so na eyi da adi wɔ wiase nyinaa akontaabu no mu?
13 Salomo de afotu a ɛhyɛ nkuran yi mae sɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so.” (Ɔsɛnkafo 11:9) Ɛyɛ anigye nnɛ sɛ yehu Yehowa Adansefo mmofra pii sɛ wɔde saa nsɛm yi di dwuma, de wɔn mmofrabere siesie wɔn ho ma asetra a wɔde wɔn bere nyinaa bɛsom Yehowa wom na wɔde wɔn ho hyɛ adwuma a ɛso sen biara yi mu bere a wowie sukuu no. Akwampaefo dodow rekɔ soro ntɛmntɛm, na 821,108 buu akontaa wɔ afe no mu. Sɛ wɔde anuanom mmarima ne mmea 11,092 a wɔsom wɔ Betel no ka eyinom ho a, ɛno yɛ adawurubɔfo dodow nkabom ɔha biara mu nkyem 21!
14. Mmoa bɛn na yɛn nuanom mmea no de rema, na nkamfo bɛn na ɛfata wɔn?
14 Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ nsase pii so, te sɛ United States no, akwampaefo nyinaa bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 75 yɛ mmea, na ɛma nsɛm a ɛwɔ Dwom 68:11 no yɛ nokware: ‘Yehowa ankasa na ɔka sɛ; mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafo a ɛso.’ Ɛsɛ sɛ yɛkamfo yɛn nuanom mmea no efisɛ wɔn na wɔyɛ asɛnka adwuma no fã kɛse. Sɛnea wɔde ahokokwaw kyerɛkyerɛ wɔ ofie Bible adesua ahorow mu no rema pii ahu nokware no, na ɛsɛ sɛ yɛkamfo anuanom mmea awarefo a wɔboa wɔn kununom a asafo mu dwumadi ahorow pii da wɔn so no yiye.—Mmebusɛm 31:10-12; Efesofo 5:21-25, 33.
Bible Ɔkyerɛkyerɛ Nya Nkɔso
15. (a) Ɔkwan bɛn so na aman bi a wɔn din pue wɔ wiase nyinaa akontaabu no mu no abɔ mmɔden yiye wɔ ofie Bible adesuayɛ mu? (b) Osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea Bible adesua betumi asow aba bɛn na wubetumi aka ho asɛm?
15 Bible ɔkyerɛkyerɛ dwumadi no renya nkɔso, na sɛ wɔkyekyem a, wɔne afoforo sua ade wɔ mmeae 3,624,091 ɔsram biara. Bible mu nokware tumi sakra nipasu ahorow, sɛnea amanneɛbɔ bi a efi Australia kyerɛ no. January 1987 mfiase no, wotwaa ɔbarima bi asu fii Australia kɔɔ New Zealand bere a korɔnbɔ ne atorodi ma ɔkɔdaa afiase asram 25 akyi no. Ná ɔde nnubɔne adi dwuma ma aka ne hɔ na watɔn bi bɛboro mfe 17. Afe a edi hɔ no, ne yere fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na bere a ne nimdeɛ redɔɔso no, ofii ase huu nsakrae a ɛda nsow wɔ ne suban mu. Ɔbɛyɛɛ ɔyere ne ɛna pa sen kan no. Ɛdenam ne yere nkuranhyɛ so no ɔkɔɔ ɔmansin nhyiam bi wɔ June 1989 mu. Afei de ɔpenee ofie Bible adesua so, na wofii ase huu nsakrae akɛse wɔ n’ahosiesie ne n’abrabɔ mu. Abusua no mufo baason no nyinaa fii ase kɔɔ nhyiam. Wɔbɔɔ no asu wɔ January 1990 mu sɛ obi a wadi Paulo afotu fɛfɛ a ɛwɔ Efesofo 4:17-24 no akyi.
16. (a) Ɔkwan bɛn so na 1990 Nkaedi nkontaabu no ma anigye? (b) Dɛn na yehu sɛ ne yɛ ho hia ntɛm, na mmɔden bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ dɛ boa?
16 Afe akontaabu no fã bi a ɛda nsow kɛse ne nnipa 9,950,058 a wɔbaa Nkaedi a wɔyɛɛ no Benada, April 10, 1990 no. Aman 212 no mu bɛboro 70 buu akontaa sɛ wɔn a wɔbae no dɔɔso sen ɛhɔnom dawurubɔfo nyinaa bɛboro mpɛn abiɛsa. Sɛ nhwɛso no, anohyeto ahorow a wɔde ato wɔn dwumadi so nyinaa akyi no, Afrika aman ason a wɔn adawurubɔfo dodow nkabom yɛ 62,712 buu akontaa sɛ wɔn a wɔbaa Nkaedi no ano si 204,356. Liberia a ɔko asi hɔ no adawurubɔfo 1,914 no dii ahurusi sɛ 7,811 baa Nkaedi no. Haiti, a wɔn adawurubɔfo ano si 6,427 no buu wɔn a wɔbae 36,551 ho akontaa. Micronesia nsupɔw a abɔ apete a ɛhɔ adawurubɔfo dodow yɛ 886 no buu akontaa sɛ wɔn a wɔbae no dodow yɛ 3,958. Sri Lanka adawurubɔfo 1,298 no buu akontaa sɛ 4,521 na wɔbae, na Zambia a ɛhɔ adawurubɔfo dodow yɛ 73,729 no nyaa nnipa 326,991 ma wɔbaa Nkaedi no, kyerɛ sɛ Zambiafo 25 biara mu biako bae. Akontaabu a efi asase so nyinaa no ma ɛda adi bio sɛ nnipa komapafo ɔpepem pii na wɔretwɛn sɛ wɔbɛboaboa wɔn ano abɛka nguankuw no ho. Nanso mmɔdenbɔ nkutoo nnɔɔso. So yebetumi ayɛ ofie Bible adesua adwuma no pii na yɛama atu mpɔn asen sɛnea ɛte no, na yɛaboa wɔn a wɔbaa Nkaedi no pii ma wɔanya gyidi a emu yɛ den anaa? Yɛpɛ sɛ wɔbɛyɛ yɛn ayɔnkofo a wɔyɛ hyew, na woyi Yehowa ayɛ. Ɛno bɛkyerɛ nkwagye ankasa ama wɔn!—Dwom 148:12, 13; Yohane 17:3; 1 Yohane 2:15-17.
Anigye Adi Mu
17. Afeha a edi kan nhwɛso horow bɛn na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebekura yɛn anigye mu no mu den?
17 Ɛmfa ho sɛ sɔhwɛ bɛn ara na yehyia no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so akura yɛn anigye mu denneennen. Ebetumi aba sɛ yɛrennya osuahu a emu yɛ den te sɛ Stefano de no bi de, nanso ne nhwɛso no betumi ahyɛ yɛn den. Bere a wɔbɔɔ no sobo no, otumi kuraa anigye a na ɔwɔ no mu. N’atamfo no “hui sɛ n’anim te sɛ ɔbɔfo anim.” Onyankopɔn gyinaa n’akyi wɔ n’amanehunu mu. Odii adanse akokoduru so, a na “honhom kronkron ayɛ no ma” kosi sɛ owui sɛ mogya dansefo. Bere a Paulo ne Barnaba dan kɔɔ amanaman mufo no nkyɛn wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu no, eyinom nso “ani gyei, na wɔhyɛɛ [Yehowa] asɛm no anuonyam.” Ɔtaa sɔree bio. Nanso amma wɔn a wogye dii no ammɔ hu. “Asuafo no de, anigye ne honhom kronkron hyɛɛ wɔn ma.” (Asomafo no Nnwuma 6:15; 7:55; 13:48-52) Ɛmfa ho sɛ dɛn ara na yɛn atamfo bɛyɛ yɛn, sɛ yɛn daa asetra mu sɔhwɛ ahorow te dɛn ara a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn honhom kronkron anigye no ano brɛ ase da. Paulo tu fo sɛ: “Momma mo ani nnye anidaso mu, ahohia mu montɔ mo bo ase, munkura mpaebɔ mu ara.”—Romafo 12:12.
18. (a) Dɛn ne Yerusalem Foforo no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne no di ahurusi? (b) Ɔkwan bɛn so na “ɔsoro foforo ne asase foforo” behyira adesamma?
18 Hwɛ sɛnea saa anidaso no yɛ anigye! Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo nyinaa sɛ: “Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo, na wɔrenkae kan de na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti.” Awurade Kristo ne “Yerusalem Foforo” (a mprempren ɛne Onyankopɔn ɔsoro ahyehyɛde, “ɔsoro Yerusalem” no ahenkurow), ne wiase foforo a ɛwɔ asase so no de anigye pii bɛbrɛ adesamma. (Galatifo 4:26) Nnipa a wɔawuwu a wobenyan wɔn, asoɔmmerɛfo nyinaa a wɔde wɔn bɛkɔ daa nkwa mu wɔ pɛyɛ mu, daa asetra a wɔyɛ nneɛma a mfaso wɔ so wom wɔ paradise asase so—anidaso kɛse a ɛde ahosɛpɛw ba bɛn ara na eyi yɛ sɛɛ yi! Sɛnea Yehowa ankasa ‘di Yerusalem ho ahurusi na ne ho sɛpɛw no ne man ho no,’ saa ara na ne diyifo no to nsa frɛ Onyankopɔn nkurɔfo bio sɛ: “Mo ne Yerusalem ani nnye, na munni ne ho ahurusi, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no ho nsɛpɛw mo.” (Yesaia 65:17-19; 66:10; Adiyisɛm 14:1; 20:12, 13; 21:2-4) Ɛmmra sɛ anigye ne honhom kronkron bɛhyɛ yɛn ma daa daa bere a yetie ɔsomafo Paulo afotu yi: “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!”—Filipifo 4:4.
Yɛn Anigye ho Asɛm a Yɛka Tiawa:
◻ Boasetɔ wɔ anigye mu ho nhwɛso bɛn na Yesu de agyaw yɛn?
◻ Nneɛma bɛn nti na akuw abien bi a wɔahyira wɔn ho so ani betumi agye?
◻ Ɔkwan bɛn so na mmofra ne mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho resɛpɛw wɔn wɔ nokware no mu?
◻ Sɛ wɔhwɛ 1990 akontaabu no mu a, mmuae bɛn na wɔde rema wɔ mpaebɔ a ɛne sɛ’Yehowa, yɛsrɛ sɛ ma yiyedi mmra!’ no ho?
◻ Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na yebenya anigye a edi mu?
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 18-21]
YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1990 ƆSOM AFE AKONTAABU
(Hwɛ bound volume)
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Yehowa bɔfo kaa Awurade Kristo awo ho asɛm sɛ “asɛmpa a ɛyɛ anigye pii”