Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 11/1 kr. 12-17
  • Ahonu A Ɛde Obi San Ba Onyankopɔn Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahonu A Ɛde Obi San Ba Onyankopɔn Nkyɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ONYANKOPƆN NKYƐN A OBI BƐSAN ABA
  • ONYANKOPƆN ASƐM NO A WƆDE YI NTƐN
  • “YI WƆN NTƐN WƆN NYINAA ANIM”
  • SO WANU NE HO?
  • “NNWUMA A ƐSƐ ADWENSAKRA”
  • MMOA A WƆDE BƐMA ASAFO NO
  • Sɛnea Mpanyimfo Da Ɔdɔ Ne Mmɔborɔhunu Adi Kyerɛ Wɔn a Wɔayɛ Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Sɛnea Yɛbɛma Asomdwoe Atena Asafo No Mu Na Ɛho Atew
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Mpo Yehowa Nteɛso Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔayi Wɔn Afi Asafo No Mu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 11/1 kr. 12-17

Ahonu A Ɛde Obi San Ba Onyankopɔn Nkyɛn

“Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu.”​—Rom. 2:4.

1, 2. Ɛsɛ sɛ yebu dɛn wɔ bɔne ne adwene a Onyankopɔn kura ho?

ODWONTOFO Dawid nsɛm no betumi ahyɛ yɛn mu biara nkuran:

“Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne Yehowa,

Ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso.

Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni.

Na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn anan mu.

Sɛ agya yam hyehyɛ no mma ho no,

Sɛ Yehowa yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no.

Na onim yɛn su,

Ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”​—Dw. 103:8, 10, 13, 14.

2 Ɛwom sɛ Onyankopɔn nim sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo, ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde befiri. (Dw. 32:1, 2) Adwene a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn ho no renni mu, sɛ yennye n’adwene wɔ bɔne ho no nyinaa ntom a. Bere a Dwom 103 si so dua kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ‘de yɛn bɔne nyinaa befiri’ no, ɛda asɛyɛde ahorow a yɛwɔ no nso adi, sɛ: “Yehowa adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, . . . wɔn a wɔkae n’ahyɛde sɛ wɔbɛyɛ.”​—Dw. 103:3, 17, 18.

3. Dɛn nti na ahonu ho hia?

3 Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na onnu ne ho nhwehwɛ Onyankopɔn mmɔborohunu a ɛte sɛ agya de no, na mmom ɔkɔ so di bɔne akyi nso ɛ? Exodus 34:6, 7 de Yehowa ho nkyerɛkyerɛmu bi ma yɛn. Bere a asi ne mmɔborohunu, ne bo a ɛkyɛ fuw ne mfomso a ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde befiri so dua akyi no, ɛde ka ho sɛ: “Na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.” (Fa toto Numeri 25:1-5; Hesekiel 33:12, 13 ho.) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ obebu yɛn mmɔbɔ ɔkwan biara so. Ɛnde, sɛ nokware somfo bi yɛ bɔne a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

ONYANKOPƆN NKYƐN A OBI BƐSAN ABA

4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya bɔne fafiri? (2 Be. 7:13, 14)

4 Kristoni a wayɛ bɔne atia Onyankopɔn mmara no hia fafiri. Hena na obetumi de afiri no? Nokwarem no, Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ [Onyankopɔn] a, ɔyɛ ɔnokwafo ne treneeni, sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.”​—1 Yoh. 1:9; 2:1.

5, 6. Afotu bɛn na Yakobo 5:14-16 de ma, na dɛn nti na nyansa wom sɛ ɔdebɔneyɛfo di saa afotu yi akyi?

5 Bɔne a emu yɛ duru mu no, Onyankopɔn tu fo nyansa mu sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni a ‘ɔreka ne bɔne akyerɛ no’ yɛ biribi foforo ka ho. Wɔ asɛm bi a ɛda adi sɛ ɛfa honhom mu yam a “bɔne” de ba ho mu no, osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare a, ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, . . na gyidi mpaebɔ no begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no.”​—Yak. 5:14-16.

6 Eyi yɛ nea ntease wom, efisɛ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru no da no adi sɛ ɔwɔ honhom mu mmerɛwyɛ bi na ohia mmoa. Gyidi mpae a “asafo no mu mpanyimfo” bɛbɔ no ho betumi aba no mfaso. Afei nso, wobetumi de Bible mu afotu ama no na wɔaboa no ma wasan anya honhom mu ahoɔden. Afei nso, bɔne ahorow no bi wɔ hɔ a etia Kristofo asafo no, efisɛ ɛde ahohorabɔ ne awerɛhow ba Onyankopɔn nkurɔfo so. Eyi ma ɛbɛyɛ nea ɛfata mpo sɛ ɔbɔnefo a ɔte saa no hwehwɛ mpanyimfo no mmoa.​—2 Kor. 2:10.

7. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo no te bɔne a obi ayɛ ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi aboa? (Mmeb. 28:23; 29:24)

7 Ɛda nyansa ne ahobrɛase adi wɔ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru no fam sɛ ɔno ankasa bɛkɔ mpanyimfo no nkyɛn. “Nea ɔkata ne mmarato so [“ɔde sie,” Lamsa] no, ɔrenkye ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.” (Mmeb. 28:13) Ɛtɔ da bi a, esiane aniwu, afobu nka a onii te anaasɛ awerɛhow a onii wɔ wɔ ne komam nti, ɔbɔnefo no nkɔ mpanyimfo no nkyɛn, sɛnea Yakobo tu fo no. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara a onim bɔne a onii ayɛ no hyɛ ɔdebɔneyɛfo no nkuran ma ɔtwe ne ho fi ne bɔne no ho na ɔhwehwɛ honhom fam mmoa a ohia no. Sɛ eyi akyi no ɔdebɔneyɛfo no nkɔ mpanyimfo no nkyɛn a, ɛsɛ sɛ Kristoni foforo no bɔ wɔn amanneɛ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde mmoa a ɛho hia no ama. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa nya ɔpɛ sɛ ‘wɔbɛma ɔbɔnefo asan afi ne kwammɔne ho’ na wɔnam saa yɛ so ‘agye ne kra afi owu mu.’​—Yak. 5:19, 20.

ONYANKOPƆN ASƐM NO A WƆDE YI NTƐN

8. Mpanyimfo no yɛ boayifo nhyiam dɛn?

8 Sɛ asenni boayifo hyiam wɔ bɔne a obi ayɛ ho a, wɔhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ wɔ mpaebɔ mu. Wɔ ɔkwan a ɛfata ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ so no, mpanyimfo no de boasetɔ ne onii no ka dekode no anaasɛ bɔne no ho asɛm. (Efe. 5:1, 2; 1 Pet. 5:2, 3) Baabi a adansefo wɔ hɔ a wodi adanse sɛ onii ayɛ bɔne a ɛte saa mpo no, atemmu boayifo no hyɛ onii nkuran ma ɔno ankasa ka ne bɔne no, nea ɛma ɛbae saa ne sɛnea ɔte nka wɔ ho no ho asɛm. (Deut. 19:15; Yoh. 8:17) Dɛn nti na eyi ho hia?

9, 10. Wɔ boayifo nhyiam a ɛfa bɔne a obi ayɛ ho no, dɛn na mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ? (Dw. 51:13)

9 Ɛwom sɛ mpanyimfo a wɔredi asɛm no hu sɛ onii di fɔ anaasɛ wɔma ohu sɛ wayɛ bɔne de, wɔn botae titiriw ne sɛ wɔbɛboa wɔn nua Kristoni a wafom kwan no. Wɔpɛ sɛ wɔma onya adwensakra na ‘ahodwo afi Yehowa ankasa nkyɛn aba.’ (Aso. 3:19) Sɛ onii no annye mfomso no antom, anhu aniberesɛm a ɛyɛ anaasɛ hia a ehia sɛ onya adwensakra a, ebehia sɛ ‘wɔda ne bɔne no ne trenee ho adanse a edi mu adi.’ (Fa toto Yohane 16:8 ho.) Nanso Onyankopɔn kwan so ntɛnyi a ɛte sɛɛ a wɔde ma mu no, ɛnsɛ sɛ wɔteɛteɛ no anaasɛ wɔyɛ no abufuw so. Bible hyɛ nkuran sɛ: “Yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ nyinaa mu.” (2 Tim. 4:1, 2) ‘Ɛdenam pintinnyɛ, ayamye ne boasetɔ a wɔde beyi ntɛn so no, ebia wobetumi akanyan ɔbɔnefo no koma, aboa no ma wakyi bɔne no na wasan aba Onyankopɔn nkyɛn.​—Yer. 3:12, 13.

10 Yebetumi asua biribi afi nhwɛso a Esra yɛe no mu. Ɔdaa Yudafo no mfomso adi kyerɛɛ wɔn pefee. Ná ɛnyɛ eyi atirimpɔw titiriw ne sɛ ɔbɛhyɛ wɔn aniwu, na mmom sɛ ɛbɛma wɔagyae, sɛ ɛbɛkanyan wɔn koma na aka wɔn ma wɔakyi bɔne na wɔasakra wɔn adwene na ɛho hia sɛ wɔka wɔn bɔne kyerɛ Yehowa na wodi ho dwuma denam nea wobetumi ayɛ de asiesie wɔn bɔne no a wɔbɛyɛ so. (Esra 10:7-14) Saa nso na ɛsɛ sɛ boayifo a wɔredi asɛm a ɛfa bɔne a anibere wom ho dwuma pɛ sɛ wɔboa ɔdebɔneyɛfo no ma ohu aniberesɛm a bɔne no yɛ na ɔte hia a ehia sɛ onya adwensakra no nka wɔ ne koma mu.​—Yes. 1:18.

“YI WƆN NTƐN WƆN NYINAA ANIM”

11. Henanom na wohia ntɛnyi a egyina Kyerɛwnsɛm so?

11 Wɔ asenni nhyiam horow a wɔne nnebɔneyɛfo yɛ mu no, mpanyimfo no de ɔsomafo Paulo asɛm a ɔka kyerɛɛ Timoteo no di dwuma: “Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn ntɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.” (1 Tim. 5:20) Nnebɔneyɛfo yi yɛ wɔn a ‘wɔakɔ so ayɛ bɔne’ (Revised Standard Version) anaasɛ “wɔkɔ so yɛ bɔne” (New American Standard Bible) kosi bere a woyi wɔn ntɛn ankasa no.

12. Asɛnni boayifo no de afotu a ɛwɔ 1 Timoteo 5:20 no di dwuma wɔ ɔkwan bɛn so?

12 Afeha a edi ban no mu no, Timoteo, sɛ obi a ɔsomafo Paulo ahyɛ da asoma no no, na ɔno ankasa betumi adi akwankyerɛ a wɔkyerɛw maa no no ho dwuma wɔ wɔn a asɛm no fa wɔn ho ‘no nyinaa anim,’ bere a ɔbɔnefo no wɔ hɔ. Ɛnnɛ, mpanyimfo boayifo a wɔpaw wɔn na wɔtaa di ntɛnyi a ɛte saa ho dwuma, a ɛnyɛ obiakofo. Ebia ɛho renhia sɛ asafo no nyinaa ba mu. Ɛde rekɔ asenni boayifo no nhyiam no awiei, bere a wɔama bɔne a onii yɛe no ada adi pefee no, mpanyimfo no de Kyerɛwsɛm mu afotu a ɛfa bɔne no ho ma. Nnipa a wodii bɔne no ho adanse no wɔ hɔ, na wɔto nsa frɛ nnipa a wɔte saa a wonim asɛm no ho bi no ma wobetie Bible mu afotu no. Enti wɔde ma wɔ “wɔn nyinaa anim.” Ebia eyi bɛboa eyinom a wɔne “wɔn a aka” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ 1 Timoteo 5:20 no ma wɔanya bɔne ho suro a ɛfata, ma wɔahu hia a ehia sɛ wokwati bɔne ne tebea horow a etumi de kɔ bɔne mu no.

SO WANU NE HO?

13 Asɛm a emu yɛ den bɛn na mpanyimfo no hyia wɔ bɔne a emu yɛ duru ho dwumadi mu?

13 Ade biako a emu yɛ den ma mpanyimfo a wodi nsɛm a ɛfa bɔneyɛ ho no ne gyinae a wobesi sɛ ebia ɔbɔnefo no kyerɛ ahonu ankasa no. Ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ aniani de bu ntɛn. Enti, esiane sɛ wontumi nhu koma mu nti, ɛho hia sɛ wɔde nhumu, ahwɛyiye ne nyansa kɛse di dwuma wɔ bɔne no ho, sɛnea ɛfa Onyankopɔn mmara ho ne nea ɔbɔnefo ne ka na ɔyɛ no ho a wosusuw no mu.

14, 15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ yiye bere a wɔresi gyinae sɛ ebia obi anu ne ho no?

14 Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no pere wɔn ho ka sɛ onii anu ne ho. Dɛn ntia? Yiw, sɛ wodi mfomso bu atɛn sɛ ɔdebɔnefo no anu ne ho a, ebetumi apira nguankuw no nyinaa. Nanso yɛsrɛ wo, hyɛ Bible mu nhwɛso a ɛbɔ eyi abira a ɛfa obi a ɔyɛɛ bɔne wɔ Korintofo asafo no mu no nsow. Wotuu no fii asafo no mu bere bi akyi no, wɔsan gyee no esiane sɛ na wanu ne ho ankasa nti. Afei na anuanom no ne no bedi wɔ ɔkwan bɛn so? Korintofo no, esiane sɛ na wɔwɔ atemmu a ɛne sɛ wanu ne ho no mu ahotoso nti, ɛhyɛɛ wɔn nkuran ma wofii ayamye mu ‘de firii no na wɔkyekyee ne werɛ,’ ‘daa wɔn dɔ adi kyerɛɛ no.’ (2 Kor. 2:6-8) Ɛte saa nnɛ, bere a boayifo ka sɛ ɔdebɔneyɛfo bi anu ne ho no. Nanso sɛ wɔadi mfomso wɔ asɛm no mu na wɔama kwan ma ɔdebɔneyɛfo a onnuu ne ho ankasa atra asafo no mu a, wɔde nguankuw no nyinaa abrabɔ fam ne honhom fam ahotew to asiane mu.​—1 Kor. 5:6.

15 Dɛn na boayifo no betumi ahwɛ na wɔahu sɛ ebia ɔdebɔneyɛfo no anu ne ho ankasa? Onipa a wanu ne ho no mmɔ mmɔden sɛ obebu ɔkwammɔne a ɔfaa so no bem anaasɛ ɔbɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ aniberesɛm kɛse biara. Ohu bɔne a ade a ɔyɛe no yɛ na ɛyɛ ne yaw kɛse wɔ ne komam sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn. (Yer. 3:25; Aso. 3:19) Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔredi asɛm no hu no yiye sɛ ahonu anaasɛ awerɛhodi a ɛte saa wɔ hɔ.

16, 17. (a) Dɛn ne nsonoe a ɛda “wiase awerɛhow” ne “Onyankopɔn kwan so awerɛhow” ntam? (Heb. 12:16, 17) (b) Sũ a obi su anaasɛ biribi a ɛte saa a ɔyɛ no bɛka mpanyimfo no atemmu dɛn?

16 Ɛho behia sɛ mpanyimfo no hu nsonoe a ɛda “wiase awerɛhow” ne ‘Onyankopɔn kwan so awerɛhow a ɛde adwensakra a ɛde kɔ nkwagye mu ba’ no ntam. (2 Kor. 7:10) Ebia obi a wadi bɔneyɛ ho fɔ no werɛ bɛhow sɛ wadi mfomso, ebia n’ani bewu sɛ ne ho ada hɔ anaasɛ ne werɛ bɛhow wɔ nteɛso a obehyia no ho. Nanso “wiase awerɛhow” a ɛte saa nkyerɛ sɛ ne werɛ ahow sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn anaasɛ ɔde ahohorabɔ aba Onyankopɔn ne ne nkurɔfo so, a ɛno ne ‘Onyankopɔn kwan so awerɛhow.’ Ɛwom sɛ Esau sui wɔ ne hokwan sɛ abakan a efii ne nsa no ho de, nanso na Yehowa nim sɛ Esau nnuu ne ho nokwarem wɔ ne komam. Enti, sɛ obi a odi bɔne a emu yɛ duru ho fɔ su a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wobehu sɛ ebia efi “Onyankopɔn kwan so” awerɛhow a odi nti. Ebetumi aba saa. Wɔ Esra nna no mu no nkurɔfo no “sũu osu kɛse” bere a wɔtee ne mpaebɔ a emu yɛ den a ɛfa wɔn bɔne ho no, na Petro sui pii wɔ pa a ɔpaa Yesu no ho.​—Gen. 25:29-34; 27:34; Esra 10:1; Luka 22:59-62.

17 Saa Kyerɛwsɛm mu nhwɛso ahorow yi si nea enti a mpanyimfo rentumi nnyina nkate a obi da no adi ara kwa no so mmu ntɛn no so dua. Ɛsono sɛnea nnipa ahorow ahorow te. Enti sɛ onii sũ o, wansu o, ade a ɛho hia ne sɛ asɛm no bɛka ɔdebɔneyɛfo no koma ma wadi awerɛhow anaasɛ wanu ne ho sɛ wafom Yehowa na wasɛe abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no. (Dw. 51:1-4) Enti, mpanyimfo no bebisa sɛ ebia ɔdebɔneyɛfo no aka ho asɛm akyerɛ Yehowa mpaebɔ mu, ahwehwɛ Onyankopɔn fafiri, sɛnea Dawid yɛe no anaa.​—Dw. 32:3-5; 41:4; Yer. 31:19.

18. Ɔkwan bɛn so na bɔneka ba asɛm no mu?

18 Sɛ ɔdebɔneyɛfo no fi ne pɛ mu ka ne bɔne no kyerɛ “asafo no mu mpanyimfo no” a, ebia ɛno bɛkyerɛ sɛnea ne koma te. (Yak. 5:14, 16) Nanso, sɛ wamfi ne pɛ mu anka ankyerɛ na ɛbae sɛ ɛsɛ sɛ wɔnam adansefo ahorow so de asɛm no si n’anim nso ɛ? Ebia ɛhɔ ara (wɔ nhyiam no ase) no, ɛbɛkanyan no ma wagye ne bɔne no atom. (Hyɛ Dawid ahonu wɔ bɔne a ɔne Batseba yɛe no ho nhwɛso no mu no nsow, wɔ 2 Samuel 12:1-13.) Nanso, titiriw baabi a ɛho hia sɛ wɔkasa tenteenten ansa na ɔdebɔneyɛfo no afi ase ada ahonu bi adi no, ɛsɛ sɛ boayifo no hwɛ yie. Ɛsɛ sɛ wohu no yiye sɛ ɔdebɔneyɛfo no asakra ne koma na ɛyɛ ne pɛ sɛ obesiesie bɔne a ɔyɛe no na wabɔ ne tirim sɛ obekwati eyi daakye.​—2 Kor. 7:10, 11; Adi. 3:19.

19. Ɛsɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo a wanya ahonu te nka dɛn wɔ asafo no ho?

19 Ɛsɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo di awerɛhow wɔ ahohorabɔ a ɔde ba Onyankopɔn asafo no so no ho. Bere a Dawid yɛɛ bɔne denam ɔman no mufo dodow a ɔkanee no so na ohuu nea wayɛ no, ogyee n’adeyɛ a nyansa nni mu no toom. Afei bere a ohuu ade a ɛyɛ hu a na ɛreba ɔman no nyinaa so no, ɛkaa no ma ɔkae sɛ: “Me na mayɛ bɔne, na me na mafom; na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ?” (2 Sam. 24:10, 17) Enti, so ɔdebɔneyɛfo no di awerɛhow ankasa wɔ ahohorabɔ, ɔhaw ne awerɛhodi a ɔde aba asafo no so no ho anaa?

“NNWUMA A ƐSƐ ADWENSAKRA”

20-22. (a) “Nnwuma” anaasɛ “aba” bɛn na mpanyimfo no bɛhwehwɛ mu? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea ebia obi a wanu ne ho bɛsow “aba” a ɛte saa no mu?

20 Ɔsomafo Paulo tuu nkurɔfo fo sɛ “wɔnsakra wɔn adwene na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.” (Aso. 26:20) Bere a Yudafo a wɔwɔ Nehemia bere so no nuu wɔn ho wɔ ananafo yerenom a na wɔwɔ no ho no, wɔhyɛɛ da yɛɛ biribi a ɛdaa ahonu adi. (Neh. 9:1, 2; fa toto Yona 3:5-10 ho.) Enti, wɔ asɛm a ɛfa bɔne a emu yɛ duru ho dwumadi mu no, mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wohu sɛ ebia ɔdebɔneyɛfo no ‘ayɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.’​—Mat. 3:8.

21 Sɛ ɔyɛɛ bɔne tiaa obi a, so waka ne bɔne akyerɛ saa nipa no asrɛ ne fafiri? Sɛ nhwɛso no, wɔ asɛm a ɛfa awaresɛe ho mu no, so waka bɔne a ɔyɛe no akyerɛ ne hokafo a ɔnyɛɛ hwee no na wasrɛ bɔne fafiri? Anaa, sɛ ɔdebɔneyɛfo no di odwowtwa ho fɔ a, so wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ onii no ananmu. Wɔ tebea horow bi mu no ebia ɔrentumi nsiesie nea wasɛe no no nyinaa, nanso so ɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛnea obetumi de asiesie biribiara anaa? (Luka 19:8) Asɛm no ne sɛ, onii a wayɛ bɔne no asow ‘aba a ɛsɛ adwensakra’ no akodu he?

22 Ebia na bɔne no fi Kyerɛwsɛm mu afotu animtiaa a obui mu na ɛbae. Sɛ nhwɛso no, ebia na ɔne wiasefo a ɔne wɔn yɛ adwuma bom di agoru bere nyinaa, na saa fekubɔ a ɛmfata yi kowiee abrabɔ bɔne mu. Enti, so onii a ɔfomee no agyae fekubɔ a ɛte saa? (Mmeb. 13:20; 1 Pet. 4:3, 4) Afei nso, so wabɔ mmɔden sɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo behyia daa, na so wada ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obeyi Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔsomafo a ne ho tew adi anaa? ‘Aba ahorow’ no mu biara nni hɔ a ɛno nkutoo so na wogyina ka sɛ ɔdebɔneyɛfo anu ne ho. Ɛbɛyɛ mpanyimfo no ahiasɛm sɛ wobehu sɛ onii no wɔ fekubɔ pa, ɔba Kristofo nhyiam horow na ɔbɔ mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu, efisɛ wogye adwene a Onyankopɔn kura no tom sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔyɛ nnwuma a ɛsɛ sɛ adwensakra.’

23. Dɛn na ɛho hia sɛ boayifo no susuw ho wɔ baabi a onii ayɛ bɔne mpɛn pii no ho?

23 Ɛsɛ sɛ ɛyɛ asenni boayifo no asɛnhia sɛ wɔbɛma asafo no ho atew na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye, sɛ ɔdebɔneyɛfo no akɔ so ayɛ bɔne a emu yɛ duru kokoam bere tenten a. Na saa ara nso na ɛsɛ sɛ ɛba bere a wɔne obi a wonim no sɛ ɔtaa yɛ bɔne na ɔyɛ sɛ nea wanu ne ho redi asɛm no. Ebia mpɛn pii no wayɛ bɔne, nanso esiane sɛ na ɔyɛ sɛ nea wanu ne ho nti, bere biara no wɔyii no ntɛn na wɔma ɔtraa asafo no mu. Afei wasan ayɛ bɔne bio. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, bere a nguankuw no nyinaa yiyedi ho asɛm wɔ wɔn adwene mu no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ sɛ ebia n’asetra ma ɛda adi sɛ ɔresow “aba a ɛsɛ adwensakra.” So ɔnyɛ obi a ɔnam n’abrabɔ so akyerɛ sɛ ebia ɔnyɛ Onyankopɔn asafo no muni ankasa anaa?​—Dw. 119:104; Rom. 12:9.

24. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia wɔne ɔdebɔneyɛfo no bɛyɛ nhyiam ahorow? (Hos. 5:4: Mat. 21:30)

24 Ɛtɔ da bi a ɔbɔnefo pirim ne koma anaasɛ ɔsen ne kɔn, a ɔnna nokware ahonu biara adi, mmɔden a mpanyimfo no de nokwaredi ne boasetɔ bɔ sɛ wɔbɛboa no nyinaa akyi no. (Ɔsɛnk. 8:11) Asɛyɛde biara nna wɔn so sɛ ɛsɛ wɔkɔ so ne ɔdebɔneyɛfo a ɔte saa hyia mpɛn pii te sɛ nea wɔrepa no kyɛw ma wakyerɛ ahonu. Nanso ɛtɔ da bi a ebia wɔbɛte nka sɛ ɛho hia sɛ wɔne ɔdebɔneyɛfo no hyia bio, sɛ adanse a ɛfa ne nkate ahorow, n’adwenhorow ne n’ahonu ho no mu nna hɔ yiye a. Bere a wanya bere abɔ mpae na wasusuw Kyerɛwsɛm mu nkɔmmɔbɔ a atwam no ho no, ebia nsɛm a ɛfa n’ahonu ho no mu bɛda hɔ yiye.

25. Dɛn nti na mpanyimfo no wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ bɔneyɛ ho?

25 Asɛyɛde a mpanyimfo no wɔ sɛ wɔbɛhwɛ sɛ onii anya nokware ahonu no yɛ nea emu yɛ duru. Ɛsɛ sɛ woyi mmɔborohunu adi kyerɛ na wɔboa obi a wafom na wanu ne ho nokware mu no. Nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ wɔrenyi mmɔborohunu a ɛmfata a ebetumi ama “mmɔkaw” a enye atra asafo no mu adi.​—Gal. 5:9.

MMOA A WƆDE BƐMA ASAFO NO

26. Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi nsɛm bi ho dwuma sɛ nnipa kakraa bi na wonim bɔne a onii ayɛ no a?

26 Nsɛm bi mu no ebia na bɔne a emu yɛ duru no mmɛyɛɛ nea obiara nim, na ɛda adi sɛ ɛremmɛyɛ saa. Ebia nnipa kakraa bi, sɛ ebia onii no abusuafo anaasɛ mpanyimfo kakraa no, na wonim bɔne no. (Eyinom, ɛwom sɛ ‘wonim’ de, nanso ɛsɛ sɛ wɔma wohu sɛ ɛbɛyɛ adeyɛ a ɔdɔ nni mu sɛ wobedi ho nseku.) Enti, sɛ asenni boayifo no ahu sɛ ɔdebɔneyɛfo no anu ne ho a, ɛho nhia sɛ wɔbɔ nnipa pii amanneɛ, efisɛ ‘wɔn a wonim asɛm no ho bi’ no nyinaa ate Kyerɛwsɛm mu afotu a ɛfa asɛm no ho no na ɔdebɔneyɛfo no anu ne ho.

27, 28. Bere bɛn na ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ sɛ wɔaka obi anim?

27 Nsɛm afoforo mu no ebia na asafo no mufo anaasɛ mpɔtam hɔfo pii ate bɔne a obi ayɛ no ho asɛm. Anaasɛ ebia na bɔne no yɛ nea ɔkwan biara so no ɛbɛba abɛda adi akyiri yi. Ɛsɛ sɛ wodi asɛm a ɛte saa ho dwuma soronko. Ɛsɛ sɛ wɔma asafo no nyinaa hu sɛ wɔadi asɛm no ho dwuma yiye. Afei nso, wobetumi anya Kyerɛwsɛm mu afotu a ebia ɛbɛboa wɔn ma wɔanya bɔne ho suro a ɛfata no ho mfaso.

28 Anaasɛ nsɛm no bi wɔ hɔ a ebia mpanyimfo no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, ebia na onii no anu ne ho ankasa mprempren, nanso ebia na bere bi a atwam no ɔdebɔneyɛfo no daa mmerɛwyɛ bi adi wɔ ne tirim a ɔbɔ sɛ obekwati ɔkwan a ɛde kɔ bɔne mu no ho. Enti, esiane asafo no ho a wosusuw a wɔmpɛ sɛ obi a ɔwɔ mu bɛyɛ nkɛntɛnso bɔne ma ɛde asiane ba asafo no so nti, ebia mpanyimfo a wɔyɛ boayifo no besi gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwsɛm mu ɔkasa bi a ɛho wɔ mfaso ma.

29, 30. (a) Ɔkwan bɛn na mpanyimfo no bɛfa so abɔ asafo no amanneɛ? (b) Dɛn ne mfaso a ebetumi afi mu aba sɛ wobedi nsɛm bi ho dwuma wɔ saa kwan yi so?

29 Wɔ tebea horow yi biara mu no, asafo no mu mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe adi asɛm no ho dwuma wɔ ɔsom nhyiam a yɛyɛ no dapɛn biara no ase, ɛnyɛ nhyiam foforo biara ase. Wɔ ɔsom nhyiam no ase no wobetumi abɔ amanneɛ sɛ asenni boayifo no yii onii a ɔyɛɛ bɔne no ntɛn na wada ahonu adi. Afei nso, ebia asenni boayifo no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde anohyeto ahorow bi ma. Eyinom betumi ayɛ kyɛfa a onii rennya wɔ nhyiam afa horow mu, asafo no ananmu a ɔrennyina mmɔ mpae, anaasɛ ebia kyerɛw nsɛm ahorow a ɔrenkenkan anaasɛ mmuae a ɔremma wɔ nhyiam horow ase. Sɛ boayifo no de anohyeto ahorow bi ama a, wobetumi aka akyerɛ mpanyimfo no sɛ ebia wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔka eyi kyerɛ asafo no. Na wobetumi ayi anohyeto ahorow yi afi hɔ nkakrankakra daakye.

30 Saa anwummere no ara, nanso ebia bere bi akyi wɔ dwumadi nhyehyɛe no mu no, ɔpanyin a wɔde dwumadi ahyɛ no nsa no betumi ama Kyerɛwsɛm mu ɔkasa a emu yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ ɔdebɔneyɛfo no din anaasɛ ɔkeka nsɛm ahorow bi a ɛyɛ kokoam nsɛm a ɛdaa adi wɔ asenni boayifo no nhyiam no ase no. Na mmom obetumi akyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ saa bɔne no ho, asiane a ɛwɔ mu ne ɔkwan a obi betumi afa so akwati ho no mu. Asafo no nyinaa betumi anya Kyerɛwsɛm mu afotu a ɛte saa ho mfaso.​—2 Tim. 4:1, 2.

31. Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ sɛnea Onyankopɔn bu ahonu no ho?

31 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ɔpɛ a Yehowa wɔ sɛ obegye nokware ahonu atom no ho anisɔ kɛse. Nokwarem no ɛnsɛ sɛ ‘yegye Onyankopɔn dom no kwa.’ (2 Kor. 6:1) Sɛ obi yɛ saa, na ɔyɛ bɔne a ɔnkyerɛ ahonu a, Onyankopɔn ma asafo no yɛ biribi a ano yɛ den. Yɛbɛka eyi ho asɛm wɔ yɛn nsɛmma nhoma a edi so no mu.

[Kratafa 16 adaka]

DƐN NA YESUAE WƆ AHONU HO?

Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛho hia sɛ yɛka kyerɛ Onyankopɔn na yɛde afotu a ɛwɔ n’Asɛm mu sɛ yɛnhwehwɛ “mpanyimfo” no mmoa no di dwuma.

Wɔ asenni boayifo nhyiam ase no, mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma bɔne a onii ayɛ no mu ada hɔ na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ɔdebɔneyɛfo no ma wanya adwensakra.

Saa nhyiam yi ase no, ‘ntɛn a woyi wɔ wɔn nyinaa anim’ no fa wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ adansefo anaasɛ wonim bɔne a onii ayɛ no ho.

Obi a wanu ne ho ankasa no yɛ nea odi yaw wɔ ne komam sɛ wayɛ bɔne atia Nyankopɔn ne ne nkurɔfo na ɔde ahohorabɔ aba wɔn so.

Mpanyimfo no bɛhwehwɛ “nnwuma a ɛsɛ adwensakra” ho adanse.

Bere a wɔn ani gye sɛ wɔbɛboa ɔdebɔneyɛfo no, ɛyɛ mpanyimfo no ahiasɛm nso sɛ wɔbɛbɔ asafo no ho ban afi nkɛntɛnso bɔne ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena