Wɔasi Wɔn Bo sɛ Wɔbɛsom Yehowa!
“MFI ADI sɛ worekɔka asɛmpa no!” “Mma wo nkurɔfo no mma fie ha!” Kristofo mmea pii ate nsɛm a ɛtete sɛɛ afi wɔn kununom a wɔsɔre tia wɔn hɔ. Nanso sɛ saa mmarima yi wɔ sraadi adwumam a, ɛnde wɔn yerenom no hyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ ahorow a ɛyɛ soronko. (Yesaia 2:4; Yohane 17:16) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ɔyerenom Kristofo a wɔte saa no tumi nya honhom mu ahoɔden na wɔde wɔn ho hyɛ Ahenni adwuma no mu?
Wɔn nokwaredi ma Yehowa ne wɔn ankasa bo a wosi boa wɔn ma wogyina mu. Yvonne a ne kunu yɛ ɔsraani kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Misusuw sɛ efi me bo a misii no. Ná minim sɛ menya ɔkwan bi a mɛfa so atumi agyina me kunu sɔretia no ano.” Nokwarem, na ebi wɔ hɔ.
Ɔbea foforo bi a ɔware ɔsraani panyin bi ka sɛnea pintinn a ogyinae no boa maa asetra yɛɛ mmerɛw maa ne kunu. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onim me nhyehyɛe ne ɔno ara ne de nso, na asraafo ani gye eyi ho.” Nanso, Yehowa a ɔkɔ so som no no nyɛ mmerɛw mma no.
Ankonamyɛ a Wobedi So
Asraafo yerenom taa hyia atutradi a wɔmmɔ wɔn nkae ntɛm, sɛ ɛba sɛ wɔbɛka wɔn kununom ho atu akɔtra beae bi a ɔkwan ware a wɔayi wɔn kɔ hɔ a. Afei, bere a wɔakɔtra beae foforo no, ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte nka sɛ wɔayɛ ankonam. Nanso enhia sɛ ɛba saa. Wɔn a wɔsom Yehowa wɔ hokwan bi. Ɛno ne dɛn? Sɛnea Kristoni ɔsomafo Petro kyerɛ no, ɛne ‘anuanom kuw no.’ Yehowa Adansefo a wɔn dodow yɛ mpempem mprempren a wɔwɔ aman 231 so no yɛ wɔn ade sɛ Kristofo abusua kɛse, “onuadɔ kuw” bi. Wubetumi ahu wɔn wɔ baabiara.—1 Petro 2:17, New World Translation Reference Bible no ase hɔ asɛm.
Wotuu Susan mpofirim fii beae a na ɔte kɔtraa wim asraafo adwumayɛbea a wɔmaa ne kunu kɔyɛɛ adwuma no. Bere a ɔyɛ foforo wɔ gyidi no mu na ne kunu a onnye nni no hyɛ no sɛ onnyae Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a onya no, ɔka sɛ: “Mekɔɔ ɛhɔ asafo nhyiam ntɛm ara, na mitumi ne anuanom mmea afoforo traa ase bɔɔ nkɔmmɔ. Metumi aka no nokwarem sɛ saa fekubɔ yi na ɛboaa me.”
Ɛtɔ da bi a ankonamyɛ de adwenemhaw ba. Ɛno ho mpo no, asɛmpa no de ahosan ba. Glenys, onuawa bi a ɔyɛ Engiresini a ɔkaa ne kunu ho tuu kwan kɔɔ amannɔne bere a n’adwuma de no kɔe no, ka sɛ: “Bere a mehaw yiye no, me nsa kaa krataa fii obi a na minim no mfe pii a atwam, bere a na m’ankasa mewɔ sraadi mu no hɔ mpofirim a ɛkae sɛ wɔabɔ ɔno nso asu nnansa yi sɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɛno hyɛɛ me nkuran wɔ bere a ɛfata mu.”
Jane a ɔne ne kunu tuu kwan kɔɔ Kenya behui sɛ Kristofo nhyiam yɛ ade titiriw a ehia wɔ asetram, ɛwom mpo sɛ na wɔyɛ nhyiam horow no wɔ kasa ahorow a na ɔnte mu de. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná minim sɛ ɛhɔ ne beae a Yehowa pɛ sɛ mekɔ. Ná me ne me honhom mu nuanom na ɛwɔ hɔ, ná wɔhyɛ me nkuran yiye. Wogyee me fɛw so, na metee nka sɛ yɛyɛ abusua biako.”
Jane yɛ nnipa pii a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu a wohuu honhom mu abusuafo a na wonnim wɔn da no mu biako pɛ!—Marko 10:29, 30.
Wogyina Pintinn Bere a Wohyia Ɔsɔretia
Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante.” (Mateo 10:34) Ná ɔkyerɛ dɛn? Wɔ abusua a wɔhwɛ kwan sɛ asomdwoe bɛtra mu ho mpo no, A. T. Robertson ka wɔ Word Pictures in the New Testament mu sɛ, “ebetumi aba sɛ wobetwitwa wɔn ho nkrante.” Yesu kae sɛ: “Onipa fifo bɛyɛ n’atamfo.” (Mateo 10:36) Hwɛ sɛnea nsɛm yi yɛ nokware bere a aware mu ɔhokafo bi ko tia nokware no!
Bere a Diane fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ne kunu a ɔyɛ wim asraafo panyin no ani annye ho. Eyi kaa wɔn aware no dɛn? Diane kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛbɛyɛɛ sɛ osukyenee wɔ yɛn ntam. Ná yɛwɔ anigye wɔ yɛn aware mu. Mpofirim ɛkɔbae sɛ yɛte ofi koro mu ara kɛkɛ.” Afei, ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa ano? “Nea ehia ankasa ne nim a obi nim nea ɔreyɛ ne ne bo a obesi ayɛ saa ne afei nso Yehowa honhom ne ne mmoa.” Diane de odiyifo Daniel nhwɛso no too ne koma so.
Bere a na ɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon, na wɔmaa no aduan a ɛnyɛ mma Onyankopɔn somfo no, Daniel “bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan . . . ngu ne ho fĩ.” Yiw, Daniel sii gyinae pintinn. Ɔkaa no ne komam sɛ ɔmfa saa aduan no a obedi no ngu ne ho fĩ da. Afei akokoduru bɛn na ɔdaa no adi sɛɛ yi bere a ‘ɔkɔɔ so srɛɛ apiafohene no na wangu ne ho fĩ no’! Dɛn na efii mu bae? Yehowa hyiraa ne bo a osii no so.—Daniel 1:8, 9, 17.
Saa pɛpɛɛpɛ na ɛnnɛ ebia okunu bi a ɔsɔre tia ne yere bɛhyɛ sɛ ne yere nnyae asafo nhyiam kɔ. Ɔbɛyɛ n’ade wɔ ɔkwan bɛn so? Jane hyiaa saa tebea yi bi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná minnyae nneɛma mu nsiesie wɔ ɔhyɛ ase da. Ná minim sɛ mintumi nnyae me gyidi mu. Ná ɛsɛ sɛ mema ohu sɛnea Kristofo nhyiamkɔ som bo ma me fã no.” Yehowa hyiraa ne tirim a ɔbɔe no so bere a wannyae Kristofo nhyiam kɔ no.
Glenys ka sɛ: “Me kunu bɔɔ mmɔden sɛ obesiw me nhyiamkɔ ho kwan, nanso ankɔ so ankyɛ. Ná mekɔ. Ɛtɔ da bi na meba fie a, na ɔhwe me, na mmere foforo nso sɛ mikyia no a na onnye so.” Nanso, ogyinaa mu, na ɔkɔɔ so bɔɔ mpae. Afei nso asafo no mu mpanyimfo baanu ne no bɔɔ mpae daa, na ɛno hyɛɛ no nkuran kɛse ma ɔkɔɔ nhyiam bere nyinaa.—Yakobo 5:13-15; 1 Petro 2:23.
Ɛtɔ da bi a asraafo mpanyimfo tumi hyɛ okunu bi a ɔyɛ ɔsraani sɛ ɔmma ne yere nnyae asɛmpa no ka. Diane hui sɛ na ɛsɛ sɛ ɔma ne kunu hu nea ehia no kɛse. Ɔkae sɛ: “Ná masiesie me ho sɛ megyina nea ebefi asɛm no a mɛkɔ so aka no mu aba biara ano.” Hwɛ sɛnea ogyinaa pintinn te sɛ asomafo no! (Asomafo no Nnwuma 4:29, 31) Nanso, na ɔyɛ anifere wɔ n’asɛnka no ho. Ɔka sɛ: “Ná metaa yɛ kɔfe de to pon, na mema obiara a ɔba ase Nokware nhoma no bi.”—Mateo 10:16; 24:14.
Wɔbrɛ Wɔn ho Ase a Wonnyae Wɔn Gyidi Mu
Ɛwom sɛ aware mu nsɛnnennen ma ɔyerenom Kristofo werɛ how de, nanso wonya daakye mu anidaso na wɔde wɔn ho to Yehowa so. Eyi boa wɔn ma wonya adwene a ɛkari pɛ. Wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de boa wɔn kununom a wonnyae wɔn gyidi mu. Bere a wɔyɛ saa no, wodi Petro afotu a efi honhom mu yi akyi: “Mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom. (1 Petro 3:1) Wɔ The Amplified New Testament mu no, ɔsomafo no nkyerɛkyerɛ yi kenkan sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ wɔn ase sɛ wɔn a modan wɔn, na muntie wɔn.” Hyɛ sɛnea Jane dii saa afotu yi akyi no nsow. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me kunu ka kyerɛɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mema nea mepɛ sɛ meyɛ sɛe n’adwuma. Enti mebɔɔ mmɔden hwehwɛɛ akwan a metumi afa so aboa no.”
Ɔyerenom Kristofo binom pene so ne wɔn kununom kɔ wiasefo apontow horow a wɔto nsa frɛ wɔn kununom ase. Nanso wɔkɔ so si wɔn bo sɛ wonnyae wɔn gyidi mu da. Jane gyee bere ne ne kunu kaa eyi ho asɛm. Ofii ayamye mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ anka ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔne no bɛkɔ nanso ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ hɔ akogu ne kunu no anim ase. “Minim sɛ ɛtɔ da bi a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔwɔ apontow no ase nyinaa bɛsɔre agyina na wɔde wɔn ho ahyɛ nsanom mu adeyɛ a wɔfrɛ no toasting (gyirase a nsa wom a wɔde bom kakraa) no mu. Masua sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no, na toasting sen adeyɛ a wɔyɛ de kyerɛ obu ara kɛkɛ. Me kunu hui sɛnea tebea no bɛyɛ aniwu afa, enti ɔkae sɛ: ‘Mma!’ Mitiee no.”
Glenys de, ɔkaa ne kunu ho kɔɔ apontow a ɛte saa ase, nanso ɔkɔɔ so hwɛɛ asraafo mpanyimfo a na wɔtete ɔpon ti no. Bere a ohui sɛ wɔresiesie wɔn ho abɛyɛ toasting no, ɔyɛɛ anifere fii adi yɛɛ sɛ nea ɔrekogu nsu! Yiw, saa mmea yi yɛɛ fakaa nanso wɔannyae wɔn gyidi mu ansiesie.
‘Nya a Wobenya Wɔn a Ɔkasa Nnim’
Yvonne nyaa adwene sɛ: “Sɛ mitumi yɛ m’ade pɛpɛɛpɛ sɛ ɔyere a, me kunu behu sɛ nokware no resakra me.” Enti ɔkenkanee Abusua Asetra nhoma no ti a ɛse “Ɔyere a Wɔdɔ no Yiye” no na ɔsan tii mu kenkanee mpɛn pii.a “Mede m’adwene sii nsɛm a ɛwɔ asɛmti ketewaa ‘Wɔn a Wɔpɛ Sũ ne Anwiinwii’ ase no so titiriw! Nanso mibehui sɛ dodow a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkasa akyerɛ me kunu no, dodow no ara na nneɛma sɛee.” Nanso awiei koraa no odii nkonim boaa ne kunu ma ɔbɛsom Yehowa. Ɔkwan bɛn so na ɔnam yɛɛ saa? Ɔnam nnyinasosɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ 1 Petro 3:1 a ɛse wobetumi ‘anya okununom a ɔkasa nnim’ no a ɔde dii dwuma no so.
Ɔkwan a Kristofo mmea nam so hwɛ wɔn mmusua yɛ pii ma afoforo kɔn bɛdɔ Kristosom. Diane ka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛnea metumi biara maa nokware no ho baa nyam. Sɛ na mekɔ Kristofo nhyiam horow no a, na me kunu te nka sɛ wayɛ ankonam, enti mema ɛyɛɛ me ahiasɛm sɛ mɛkyerɛkyerɛ mmofra no ma wɔayi suban pa adi titiriw bere a yɛafi nhyiam aba fie no.” Ne kunu suban sakrae nkakrankakra bere a ɔkyerɛɛ n’abusua no ayamye su a woyii no adi kyerɛɛ no no ho anigye no.
Mfɛfo Yehowa asomfo nso betumi aboa. Jane ka sɛ ne kunu ani gyee Adansefo asɛmpatrɛwfo a ohyiaa wɔn wɔ Kenya no fekubɔ ho. “Wɔne no faa adamfo na wodii bɔɔlbɔ ho nkɔmmɔ, na na wɔpɛ ahɔhoyɛ yiye. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn mpɛn pii kɔɔ asɛmpatrɛwfo afie ahorow mu kodidii.” Jane kunu kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi sɛ: “Mifii ase behuu Jane gyidi no wɔ ɔkwan soronko so koraa. Ná ne nnamfo no yɛ nkurɔfo a wonim nyansa a wotumi ka nneɛma ahorow ahorow ho nsɛm.” Diane kunu no nso sesaa n’adwene a na ɔwɔ wɔ nokware no ho. Bere a ne kar a na ɔreka sɛee no, Ɔdansefo kumaa bi kɔboaa no. Ɔka sɛ: “Ɛno hyɛɛ me nkuran yiye.”
Nanso, ɛnyɛ aware mu ahokafo nyinaa na wɔanya wɔn ma wɔaba nokware no mu. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a dɛn na wobɛyɛ? Yehowa ma agyidifo no ahoɔden a ɛbɛma wɔatumi agyina. (1 Korintofo 10:13) Susuw Glenys nkuranhyɛnsɛm a ɔka kyerɛ wɔn a wɔn nsɛm tebea te saa ara no ho: “Nnye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa ne Nea ɔhyehyɛɛ aware na ɔpɛ sɛ awarefo bom tra no ho kyim da. Enti ɛmfa ho nea wo kunu bɛyɛ anaa ɔsɔretia biara a wɔn a wɔatwa wo ho ahyia de bɛba wo so no, Yehowa remma wonhinhim da.” Ɛwom sɛ ne kunu nyɛ Yehowa somfo mprempren de, nanso sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ ɔno ne nokware no ho no ano abrɛ ase.
‘Gu W’aba Nusu Mu; Wode Anigye Betwa’
Nokwarem no, saa Kristofo mmea yi asi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa. Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa ara mu a, wo nso bɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ saa. Kae afotu yi: “[Yehowa] wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata.”—Deuteronomium 10:20.
Odwontofo no ka sɛ: ‘Nea ɔde nusu nennam kura aba a wogu no de ahurusi kura n’afiafi bɛba.’ (Dwom 126:6) Ɔdansefo bi ka sɛ: “Wotew nusu bebree bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛma wo hokafo ahu nokware no, sɛ́ wubesu agu wo yam anaasɛ wubesu ma apue. Nanso awiei koraa no wunya anigye efisɛ sɛ wannye nokware no koraa a, Yehowa hyira mmɔden a wobɔ no so.”
Wɔn a wɔde nokwaredi som Yehowa ɛmfa ho ɔsɔretia a wohyia wɔ fie no nyinaa nya nkamfo ankasa. Wɔfata sɛ wɔboa wɔn na woyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn. Ɛmmra sɛ wɔbɛkɔ so agyina wɔn gyidi mu pintinn, a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa!
[Ase hɔ asɛm]
a Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye, nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no. (1978).
[Kratafa 28 mfonini]
Mpaebɔ a wɔde sua ade hyɛ Kristoni bo a wasi mu den