Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/1 kr. 20-24
  • Munni Nnipa Nyinaa Ni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munni Nnipa Nyinaa Ni
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munni Amammui Sodifo Ni
  • Di Adwumawuranom Ni
  • Nidi Wɔ Abusua Kɔntɔnkrɔn no Mu
  • Asafo no Mu
  • Mommɔ Mmɔden Nni Mo ho Mo ho Ni
  • Momfa Nidi Mma Nea Nidi Sɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Di Afoforo Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Wudi Kan Di Wo Mfɛfo Gyidifo Ni?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/1 kr. 20-24

Munni Nnipa Nyinaa Ni

“Munni nnipa nyinaa ni, . . . Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!”​—1 PETRO 2:17.

1. (a) Onyankopɔn ne Kristo akyi no, henanom na nidi sɛ wɔn? (b) Tebea horow bɛn mu na ɛsɛ sɛ wodi nnipa ni?

YƐAHU sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yedi Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ni. Ɛno ne ade a ɛteɛ, nyansa wom, na ɔdɔ wom sɛ yɛyɛ. Nanso Onyankopɔn Asɛm kyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ yedi yɛn mfɛfo nnipa ni. Wɔkyerɛ yɛn sɛ: “Munni nnipa nyinaa ni.” (1 Petro 2:17) Esiane sɛ ahyɛde a ɛne sɛ “munni ɔhene ni” na wɔde wie saa nkyekyem yi nti, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nidi ma wɔn a ɛfata wɔn esiane wɔn dibea nti. Ɛnde, hefo na wɔfata sɛ yedi wɔn ni? Ebia wɔn a nidi fata wɔn no dɔɔso sen sɛnea ebinom besusuw. Yebetumi aka sɛ tebea horow anan mu na ɛsɛ sɛ yedi nnipa afoforo ni.

Munni Amammui Sodifo Ni

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ “ɔhene” a wɔabɔ ne din wɔ 1 Petro 2:17 no kyerɛ ɔdesani ɔhene anaa amammui sodifo bi?

2 Tebea horow yi mu nea edi kan no fa wiase nniso ho. Ɛho hia sɛ yedi amammui sodifo ni. Dɛn nti na yɛka sɛ bere a Petro tuu fo sɛ: “Munni ɔhene ni” no, na amammui sodifo ho asɛm na ɛwɔ n’adwenem? Efisɛ ɔreka Kristofo asafo no akyi tebea ho asɛm. Na waka awie dedaw sɛ: “Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nsiesiei nyinaa: ɔhene a ɔyɛ opumpuni oo, amradofo a ɔsoma wɔn . . . oo.” Hyɛ no nsow nso sɛ Petro de nsonsonoe bi to Onyankopɔn ne “ɔhene” ntam bere a ɔka sɛ: “Munsuro Onyankopɔn, munni ɔhene ni” no. (1 Petro 2:13, 14) Enti “ɔhene” a Petro hyɛ yɛn sɛ yenni no ni no yɛ ahene a wɔyɛ nnipa anaa amammui sodifo biara.

3. Hefo ne ‘atumfo a wɔkorɔn’ no, na dɛn na ɛsɛ wɔn?

3 Ɔsomafo Paulo de ahyɛde ma saa ara sɛ: ‘Mommrɛ mo ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.’ ‘Atumfo a wɔkorɔn’ yi nyɛ Yehowa Nyankopɔn anaa Yesu Kristo, na mmom wɔyɛ amammui sodifo, aban mpanyimfo. Bere a eyinom ho asɛm wɔ n’adwenem no, Paulo kɔ so ka sɛ: “Muntua obiara nea ɛsɛ no, . . . munni nea nidi sɛ no ni.” Yiw, saafo a Onyankopɔn ama wɔn kwan sɛ wonni amammui tumi no fata nidi.​—Romafo 13:1, 7.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na wodi amammui sodifo ni? (b) Nhwɛso bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe wɔ nidi a wɔde ma sodifo no mu?

4 Ɔkwan bɛn so na yedi amammui sodifo ni? Ɔkwan biako ne sɛ yɛde obu a emu dɔ bɛma wɔn. (Fa toto 1 Petro 3:15 ho.) Na wɔn dibea nti, obu a ɛte sɛɛ fata wɔn, ɛwom mpo sɛ ebia wɔyɛ nnipa bɔne de. Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus kaa Amrado Felike ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔbarima a “osusuw sɛ obetumi adi nsɛmmɔnne biara afa ne ho adi.” Nanso Paulo fii n’anoyi wɔ Felike anim no ase wɔ obu kwan so. Saara na Paulo de obu ka kyerɛɛ Ɔhene Herode Agripa II sɛ: ‘Ɛyɛ me anigye yiye sɛ merebeyi m’ano wɔ w’anim,’ ɛwom sɛ na onim sɛ ɔyɛ obi a odi mogyafra de. Paulo de nidi maa Amrado Festo, frɛɛ no “Ɔpanyin” mpo, ɛwom sɛ na Festo yɛ ɔbosonsonni de.​—Asomafo no Nnwuma 24:10; 26:2, 3, 24, 25.

5. Ɔkwan foforo bɛn so na wodi aban mpanyimfo ni, na ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo yɛ ɛyi ho nhwɛso pa?

5 Ɔsomafo Paulo kyerɛ ɔkwan foforo a yɛfa so di aban mpanyimfo ni bere a ɔkyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ yetua nea ɛsɛ aban atumfo ma wɔn no. Ose yenyi “tow mma nea ɔtow sɛ no, amanne mma nea amanne sɛ no.” (Romafo 13:7) Yehowa Adansefo tua nneɛma yi a ɔman biara a wɔwom wɔ wiase yi mu mfa ho. Wɔ Italy no, atesɛm krataa La Stampa kae sɛ: “Wɔyɛ ɔmamma anokwafo a wɔsen biara a obiara bɛpɛ sɛ onya: wɔmmɔ mmɔden sɛ wobeguan towtua anaasɛ wobebu mmara bi a ɛbɛhaw wɔn so ma wɔn ankasa anya mfaso bi.” Na The Post a wɔyɛ wɔ Palm Beach, Florida, U.S.A. no kaa Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ: “Wotua wɔn tow ahorow. Wɔka ɔmamma a wodi nokware sɛn biara wɔ Ɔman no mu ho.”

Di Adwumawuranom Ni

6. Hefo nso na asomafo Paulo ne Petro se ɛsɛ sɛ wodi wɔn ni?

6 Beae a ɛto so abien a ɛfata sɛ yɛde nidi ma ne yɛn adwuma mu. Paulo ne Petro nyinaa si sɛnea ehia sɛ Kristofo de nidi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn ase wɔ adwuma mu no so dua. Paulo kyerɛwee sɛ: “Nkoa dodow a wɔwɔ kɔndua ase no mmu wɔn wuranom sɛ nidi nyinaa sɛ wɔn, na Onyankopɔn din ne kyerɛ no ho anhura. Na mma wɔn a wɔwɔ wuranom gyidifo mmmu wɔn animtiaa sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yiye.” Na Petro kae sɛ: ‘Ofie nnipa, momfa osuro nyinaa mmrɛ mo ho ase mma mo wuranom, ɛnyɛ wɔn a woye na wodwo nko, na wɔn a ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ wɔn ani nso bi.’​—1 Timoteo 6:1, 2; 1 Petro 2:18; Efesofo 6:5; Kolosefo 3:22, 23.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde Bible afotu a ese ɛsɛ sɛ “nkoa” di wɔn “wuranom” ni no di dwuma nnɛ ɔkwan a ɛfata so? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo adwumayɛfo a wɔn adwumawuranom yɛ Kristofo no de ahwɛyiye di so?

7 Nokwarem no, nkoasom nni hɔ pii nnɛ. Nanso na nnyinasosɛm a ɛfa Kristofo nkoa ne wɔn wuranom ntam abusuabɔ ho no tumi yɛ adwuma wɔ adwumayɛfo ne adwumawuranom ntam abusuabɔ mu. Enti, ɛyɛ Kristofo adwumayɛfo asɛde sɛ wodi adwumawuranom a ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ wɔn ani mpo no ni. Na sɛ adwumawura no yɛ ogyidini nso ɛ? Sɛ anka odwumayɛni no bɛhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ ne yɔnko Kristoni adwumawura no ne no bedi wɔ ɔkwan soronko so no, ɛnsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛsom no, na ɛnsɛ sɛ ɔpɛ ne ho mfaso wɔ ɔkwan biara so.

Nidi Wɔ Abusua Kɔntɔnkrɔn no Mu

8, 9. (a) Hefo na wɔhwehwɛ sɛ mma di wɔn ni? (b)Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mma de nidi yi ma, na ɔkwan bɛn so na wɔde bɛma?

8 Beae a ɛto so abiɛsa a ɛfata sɛ yɛde nidi ma ne abusua no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ mma asɛde sɛ wodi wɔn awofo ni. Na eyi nyɛ Mmara a wɔde maa Mose no mu ahwehwɛde bi nko, na mmom Kristofo asɛyɛde nso. Ɔsomafo Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni!”​—Efesofo 6:1, 2; Exodus 20:12.

9 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mma di wɔn awofo ni? Ɛsɛ sɛ wodi wɔn awofo ni esiane tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no nti, ne afei nso esiane nea wɔn awofo ayɛ, sɛ wɔawo wɔn na wɔahwɛ wɔn, atete wɔn afi wɔn mmofraase nti. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mma di wɔn awofo ni? Ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi titiriw denam osetie ne ahobrɛase a wɔbɛyɛ ama wɔn no so. (Mmebusɛm 23:22, 25, 26; Kolosefo 3:20) Ebia nidi a ɛte sɛɛ a wɔde bɛma no bɛhwehwɛ sɛ mma a wɔanyinyin ayɛ mpanyimfo boa wɔn awofo ne wɔn nenanom a wɔn mfe akɔ anim no wɔ honam ne honhom fam nyinaa mu. Ehia sɛ wɔma eyi ne asɛyɛde afoforo te sɛ wɔn ankasa mma a wɔbɛhwɛ wɔn ne Kristofo nhyiam ne asɛnka a wobenya mu kyɛfa yiye no kari pɛ.​—Efesofo 5:15-17; 1 Timoteo 5:8; 1 Yohane 3:17.

10. Henanom na ɛyɛ ɔyerenom asɛde sɛ wodi wɔn ni, na akwan bɛn so na wɔbɛyɛ eyi?

10 Nanso enye mma nkutoo ne abusua mufo a ɛsɛ sɛ wodi afoforo ni. Ɛsɛ sɛ ɔyerenom di wɔn kununom ni. Ɔsomafo Paulo kae nso sɛ ‘ɛsɛ sɛ ɔyere fɛre ne kunu.’ (Efesofo 5:33; 1 Petro 3:1, 2) Okununom a ‘wɔfɛre wɔn’ kyerɛ nidi a wɔde ma wɔn ampa. Sara dii ne kunu Abraham ni bere a ɔfrɛɛ no sɛ “owura” no. (1 Petro 3:6) Enti, ɔyerenom, munsuasua Sara. Munni mo kununom ni denam wɔn gyinaesi ahorow a mubegye atom na moabɔ mmɔden ama ayɛ yiye no so. Sɛ moyɛ nea mubetumi nyinaa de boa mo kununom ma wɔsoa wɔn nnosoa, sen sɛ mode bi bɛka ho a, na moredi wɔn ni.

11. Dɛn ne okununom asɛde wɔ nidi a wɔde ma mu, na dɛn ntia?

11 Okununom nso ɛ? Wɔde ahyɛde ma wɔn wɔ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ: “Okununom, mo ne [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne ‘mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Ɛsɛ sɛ ɛno ma okunu biara susuw nneɛma ho yiye. Ɛte sɛ nea wɔakyerɛw abɔ ɔyere ho sɛ “Ɔsom bo. Ne ho nyɛ den. Kura no mu yiye! Di no ni!” Enti, okununom nkae sɛ sɛ wɔanni wɔn yerenom ni denam wɔn ho a wobesusuw sɛnea ɛfata so a, wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ bɛsɛe, efisɛ wɔn mpaebɔ kwan besiw. Nokwarem no, sɛ abusua mufo di wɔn ho wɔn ho ni a, wɔn nyinaa benya mu mfaso.

Asafo no Mu

12. (a) Henanom na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔde nidi ma wɔ asafo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɛfata sɛ yɛpene so ma wodi yɛn ni?

12 Asɛyɛde a obiara wɔ sɛ ɔde nidi bɛma wɔ Kristofo asafo no mu nso wɔ hɔ. Wotu yɛn fo sɛ: “Munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Yesu kyerɛe wɔ ne mfatoho no biako mu sɛ ɛfata sɛ yɛpene so ma wodi yɛn ni. Ɔkae sɛ sɛ wɔfrɛ yɛn apontow bi ase a, ɛsɛ sɛ yɛtra beae a ɛba fam koraa, na ɛno ansa na nea ɔfrɛɛ yɛn no bɛma yɛakɔtra baabi a ɛkorɔn na yɛanya nidi wɔ yɛn mfɛfo ahɔho no nyinaa anim. (Luka 14:10) Afei, esiane sɛ yɛn nyinaa ani gye ho sɛ wobedi yɛn ni nti, so ɛnsɛ sɛ yenya tema na yedi yɛn ho yɛn ho ni anaa? Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ eyi?

13. Akwan a yɛbɛfa so adi afoforo ni wɔ asafo no mu no bi ne nea ɛwɔ he?

13 Adwuma a wɔyɛ no yiye ho anisɔ a yɛbɛkyerɛ no te sɛ nea yɛde nidi rema ara pɛ. Enti yebetumi adi yɛn ho yɛn ho ni denam nkamfo a ebia yɛde bɛma obi a wama ɔkasa anaa mmuae bi wɔ asafo no mu so. Bio nso, yebetumi adi yɛn ho yɛn ho ni denam ahobrɛase adwene a yebenya wɔ yɛn nuanom Kristofo ho, na yɛde obu kɛse ama wɔn no so. (1 Petro 5:5) Yɛnam saa kwan yi so kyerɛ sɛ yebu wɔn sɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔfata nidi.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na asafo no mu anuanom mmarima betumi de nidi a ɛfata ama anuanom mmea? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ akyɛde a wɔde ma no yɛ ɔkwan biako a wɔfa so de nidi ma?

14 Ɔsomafo Paulo tuu aberante Timoteo fo sɛ ɔne Kristofo anuanom mmea mpanyin nni sɛ ɛnanom, ne mmabaa sɛ honam fam nuabeanom, “wɔ ahotew nyinaa mu.” Yiw, sɛ anuanom mmarima hwɛ yiye sɛ wɔmmemmɛn wɔn Kristofo anuanom mmea ntra so a, na wɔredi wɔn ni. Paulo kɔɔ so kyerɛwee sɛ: “Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni.” Ɔkwan biako a wɔbɛfa so adi ɔbea kunafo a ahia no ni ne honam fam mmoa a wɔde bɛma no. Nanso sɛ ɔbɛfata ama eyi a, ɛsɛ sɛ “wodi ne nnwuma pa ho adanse.” (1 Timoteo 5:2-10) Ɛdefa honam fam akyɛde ho no, Luka kyerɛw nnipa a wɔte supɔw Malta so no ho asɛm sɛ: ‘Wɔde akyɛde pii nso dii yɛn ni, na yɛrebefi hɔ akɔ no, wɔde nneɛma a ebehia yɛn pii brɛɛ yɛn.” (Asomafo no Nnwuma 28:10) Enti wobetumi adi obi ni denam honam fam akyɛde a wɔde bɛma no no so.

15. (a) Henanom na ɛyɛ yɛn asɛde titiriw sɛ yedi wɔn ni? (b) Ɔkwan biako a yɛnam so de nidi ma wɔn a wodi anim no ne dɛn?

15 Ɔretoa krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no so no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ asɛnka ne kyerɛkyerɛ ho adwuma.” (1 Timoteo 5:17) Akwan bɛn so na yebetumi adi mpanyimfo, anaa ahwɛfo ni? Paulo kae sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) Sɛ yedi Paulo asɛm sɛ yensuasua no no so a, na yɛredi no ni. Eyi fa wɔn a wodi yɛn anim nnɛ no ho. Mpɛn dodow a yesuasua wɔn, na yedi wɔn nhwɛso akyi no, na yɛredi wɔn ni.

16. Dɛn ne akwan foforo a yebetumi afa so de nidi ama wɔn a wodi anim no?

16 Ɔkwan foforo a yɛfa so di ahwɛfo ni ne sɛ yebetie afotu a edi so yi: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa.” (Hebrifo 13:17) Yiw, sɛnea mma nam osetie yɛ so di wɔn awofo ni no, saa ara na yɛnam osetie ne ahobrɛase ma mpanyimfo no so di wɔn ni. Na sɛnea Maltafo ayamyefo yi de honam fam akyɛde horow dii Paulo ne n’ahokafo no ni no, saa ara na wɔadi Asafo ti ananmusifo akwantufo bebree ni mpɛn pii wɔ ɔkwan yi so. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔsrɛ akyɛde a ɛte sɛɛ anaa wɔfa ɔkwan bi so da no adi sɛ wɔpɛ anaasɛ wohia da.

17. Asɛyɛde bɛn na wɔn a wɔwɔ ahwɛfo dwumadi hokwan ahorow no wɔ wɔ nidi a wɔde ma mu?

17 Ɔkwan foforo so no, ɛyɛ wɔn a wɔama wɔn ɔhwɛ adwuma wɔ teokrase ahyehyɛde no mu​—sɛ wɔwɔ asafo horow no mu, ɔmansin anaa ɔmantam bi mu sɛ ɔhwɛfo ɔkwantufo, wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no biako mu, anaa abusua kɔntɔnkrɔn no mu no​—nyinaa asɛde sɛ wodi wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ni. Eyi hwehwɛ sɛ wonya tema ne ayamhyehye. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a afoforo tumi bɛn wɔn bere nyinaa, wɔn ho dwo na wɔbrɛ wɔn ho ase koma ne adwene mu, sɛnea Yesu kae sɛ ɔte no.​—Mateo 11:29, 30.

Mommɔ Mmɔden Nni Mo ho Mo ho Ni

18. (a) Dɛn na ebetumi asiw nidi a yɛde bɛma wɔn a ɛfata wɔn no kwan? (b) Dɛn nti na yentumi nka sɛ nneɛma ho adwene a ɛmfata ne afoforo a yɛkasa tia wɔn no teɛ?

18 Ehia sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho di yɛn ho yɛn ho ni, efisɛ biribi wɔ hɔ a esiw saa a yɛbɛyɛ no kwan denneennen. Akwanside yi ne yɛn koma a ɛnyɛ pɛ no. Bible no ka sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Onipa su horow a ebetumi asiw nidi a yɛde bɛma afoforo kwan no mu biako ne nneɛma ho adwene a ɛmfata, adwene a ɛkasa tia afoforo a yebenya. Yɛn nyinaa yɛ nnipa a yɛyɛ mmerɛw a yɛnyɛ pɛ a yehia Yehowa mmɔborɔhunu ne ɔdom a ɛnsɛ yɛn. (Romafo 3:23, 24) Esiane sɛ yenim eyi nti, momma yɛnhwɛ yiye na yɛansusuw yɛn nuanom mmerɛwyɛ ho ammoro so anaa yɛannya adwene a yɛn nuanom de yɛ nneɛma ho adwemmɔne.

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛako atia nneɛma ho adwene a ɛmfata su a yebenya?

19 Adwene a ɛnteɛ a ɛte sɛ ano aduru ne ɔdɔ ne ahosodi. Ɛho hia sɛ yehu yɛn nuanom mmɔbɔ, yedi wɔn nokware, yenya wɔn ho adwempa, na yɛhyɛ nneɛma a wɔbɔ ho mmɔden no nsow. Sɛ yɛnte biribi ase a, momma yennya ɔpɛ bere nyinaa sɛ yebegye yɛn nuanom adi mmom sen sɛ yebebu wɔn fɔ na yentie Petro afotu sɛ: “Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Sɛ yebetumi de nidi a ɛfata yɛn nuanom ama wɔn a, ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ a ɛte saa.

20, 21. (a) Su foforo bɛn na ebetumi asiw nidi a yɛde bɛma yɛn ho yɛn ho no kwan? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛako atia su yi?

20 Su foforo a ebetumi asiw nidi a yɛde bɛma afoforo kwan ne yɛ a yɛbɛyɛ nnipa a yɛn bo nkyɛ fuw, anaa asɛm haw yɛn ntɛmntɛm sɛnea ɛnsɛ. Ɛwɔ bere a nneɛma ho nkate ho hia. Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi adwini tumi te nnyigyei nka na wotumi hu ade ani hwɛbea ntɛm wɔ wɔn adwuma mu. Nanso asɛm a yɛbɛma ahaw yɛn ntɛmntɛm sɛnea ɛnsɛ, anaa yɛn bo a ebefuw ntɛmntɛm wɔ yɛne afoforo abusuabɔ mu no yɛ pɛsɛmenkominya kwan bi a ɛma asomdwoe bɔ yɛn na esiw yɛn kwan wɔ afoforo a yebedi wɔn ni mu.

21 Asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 7:9 no de eyi ho afotu pa ma yɛn sɛ: “Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.” Enti woma asɛm haw wo ntɛmntɛm sɛnea ɛnsɛ anaa wo bo nkyɛ fuw a, ɛbɛkyerɛ sɛ wunni nyansa, ntease pa, ne ɔdɔ nso. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, anyɛ saa a yɛn su horow a ɛtɔ sin te sɛ nneɛma ho adwene a ɛmfata a yebenya, afoforo a yɛbɛkasa atia wɔn mmoroso, anaa asɛm a yɛbɛma ahaw yɛn sɛnea ɛnsɛ, besiw yɛn kwan wɔ nidi a yɛde bɛma wɔn a ɛfata wɔn nyinaa no mu.

22. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka yɛn asɛyɛde sɛ yɛde nidi bɛma no ho asɛm tiawa?

22 Nokwarem no, yɛwɔ ntease pii nti a ɛsɛ sɛ yedi afoforo ni. Na sɛnea yɛahu no, akwan horow bebree wɔ hɔ a yɛbɛfa so ada nidi a ɛte sɛɛ adi. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa na pɛsɛmenkominya suban anaasɛ nneɛma ho adwene a ɛnteɛ biara ansiw nidi a yɛbɛda no adi kwan. Titiriw no, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yebedi wɔn a wɔwɔ yɛn abusua mu no ni, okununom ne ɔyerenom bedi wɔn ho wɔn ho ni, na mma adi wɔn awofo ni. Na wɔ asafo no mu no, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde nidi ma yɛn mfɛfo asomfo ne, titiriw no, wɔn a wɔreyɛ adwumaden wɔ ɔhwɛ dibea horow mu no. Wɔ eyinom nyinaa mu no, sɛ yedi wɔn a wɔabobɔ wɔn din wɔ atifi hɔ no ni a, yɛn na yebenya mu mfaso, efisɛ sɛnea Yesu kae no: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi aban mpanyimfo ni?

◻ Bible afotu bɛn na wobetumi de adi dwuma wɔ odwumayeni ne adwumawura ntam abusuabɔ no mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde nidi ma wɔ abusua no mu?

◻ Nidi titiriw bɛn na wobetumi de ama wɔ asafo no mu, na dɛn ntia?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa adi adesamma sintɔ ahorow a ɛma wontumi nni afoforo ni no so nkonim?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena