Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Mayɛ Bɔne a Wɔmfa Mfiri No?
“M’ABAM mmuu saa da. Na minni obu mma me ho bio, na misusuwii sɛ Onyankopɔn remfa mfiri me da.”—Marco.a
“M’abasam tui yiye. Afodi hyɛɛ me koma so. Misusuwii sɛ mayɛ mfomso bi a wɔmfa mfiri.”—Alberto.
Bible se, “onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne.” (1 Ahene 8:46) Nanso, ebia abofra bi bɛte nka bere bi sɛ wayɛ bɔne a anibere wom. Te sɛ Marco ne Alberto no, ebia afodi nka a ɔte no hyɛ no so bere nyinaa. Ebia ɔbɛte nka sɛ nea wayɛ no yɛ bɔne araa ma Onyankopɔn remfa mfiri no da.
Sɛ nkate a ɛte sɛɛ haw wo nso ɛ? Ma wo bo ntɔ wo yam. Wubetumi ayɛ wo tebea no ho biribi.
Nea Enti a Yɛn Ahonim Haw Yɛn
Ɛyɛ awosu sɛ wobɛte nka sɛ woahaw bere a woadi mfomso bi a nyansa nni mu no. Wɔde tumi bi a Bible no frɛ no “ahonim” awo yɛn nyinaa. Ɛyɛ papa ne bɔne ho nkate bi a ɛwɔ yɛn mu, biribi a ɛde kɔkɔbɔ ma a ɛwɔ yɛn mu bere a yɛyɛ biribi a enye no. (Romafo 2:14, 15) Susuw Ɔhene Dawid ho, sɛ nhwɛso. Ɔne ɔbarima foforo yere sɛee aware. Akyiri yi, ɔma wokum ne kunu Uria. (2 Samuel 11:2-17) Tumi bɛn na enyae wɔ Dawid so?
Dawid gye toom sɛ: “Awia ne anadwo Onyankopɔn nsa yɛɛ me duru.” Yiw, ɔtee nka sɛ wahwere Onyankopɔn anim dom kɛse. Dawid kae nso sɛ: “Me bɔne nti akwahosan bi nni me nnompe mu. Na me mfomso aboro me ti so, ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduru. . . . Da mu nyinaa mede awerɛhow menam foofoo.” (Dwom 32:4; 38:3-6) Dawid ahonim kɔɔ so haw no kosi sɛ osii gyinae pa na ɔsakra fii ne bɔne ho.
Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ Kristofo awofo akyerɛkyerɛ wo na wotwe wo ho fi Bible no gyinapɛn horow ho a, wubedi yaw. Ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛte ahonu yi nka, ɛyɛ papa. Ebetumi ama obi ateɛ ne ho so anaa wahwehwɛ mmoa ansa na bɔne abɛyɛ ne su. Wɔ ɔkwan foforo so no, onipa a ɔkɔ so yɛ bɔne no sɛe n’ahonim. Bere kɔ so no ɛbɛyɛ nea ɛnte hwee nka bio, te sɛ ɔhonam a apirim. (1 Timoteo 4:2) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbrasɛe na ebedi akyi aba.—Galatifo 6:7, 8.
Onyankopɔn Kwan so Awerɛhow
Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka “bɔne a ɛkɔ owu mu” ho asɛm. (1 Yohane 5:16; fa toto Mateo 12:31 ho.) Bɔne a ɛte sɛɛ nyɛ ɔhonam mu mmerɛwyɛ ara kwa. Wɔboapa de asoɔden ne mpi na ɛyɛ. Ɛnyɛ bɔne no ankasa titiriw na ɛma ɛyɛ bɔne a wɔmfa mfiri na mmom ɔbɔnefo no komam tebea.
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wudi yaw na woahaw wɔ wo bɔne no ho no kyerɛ sɛ wonyɛɛ bɔne a wɔmfa mfiri. Bible no ka sɛ “Onyankopɔn kwan so awerɛhow yɛ adwensakra a ɛde kɔ nkwagye mu.” (2 Korintofo 7:10) Nokwarem no, hyɛ afotu a wɔde ma wɔ Yakobo 4:8-10 no nsow: “Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta. Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan anito! Mommrɛ mo ho ase [Yehowa] anim, na ɔbɛma mo so.”
Ɛwom, ebia bɔne no bɛyɛ nea anibere wom kɛse. Sɛ nhwɛso no, ná abeawa Julie ne n’adamfo abarimaa bi sosɔ wɔn ho mu fefew wɔn ano. Ɔka sɛ: “Metee afodi nka mfiase no, nanso bere kɔɔ so no anhaw me bio. Anhaw m’ahonim ahe biara.” Bere kɔɔ so no, nneyɛe a ɛho ntew no nyaa nkɔanim ma ekowiee ɔbea ne ɔbarima nna mu. Julie se: “Metee awerɛhow nka. M’ahonim yɛɛ mmerɛw ara koduu baabi a esii mpɛn pii.”
So wontumi nyɛ tebea a ɛte sɛɛ ho hwee? Dabi, ɛnte saa ankasa. Na Manase, Yuda ahemfo no mu biako no nso ɛ? Ɔyɛɛ bɔne a anibere wom yiye, a na ahonhonsɛmdi ne mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre ka ho. Nanso, Onyankopɔn de firii no esiane adwensakra a efi komam nti. (2 Beresosɛm 33:10-13) Ɔhene Dawid nso ɛ? Bere a onuu ne ho wɔ ne nneyɛe bɔne ho no, ohui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ‘oye na ɔde firi.’—Dwom 86:5.
Ɛnnɛ, Kristofo wɔ saa awerɛhyem yi: ‘Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.’ (1 Yohane 1:9) Hena na ɛsɛ sɛ obi ka bɔne yi kyerɛ no? Yehowa Nyankopɔn titiriw. “Munyi mo yam nkyerɛ no.” (Dwom 32:5; 62:8) Ebetumi aboa sɛ wobɛkan Dawid ahonu mpaemuka yi wɔ Dwom 51.
Nea ɛka ho no, Bible no hyɛ Kristofo a wɔayɛ bɔne a anibere wom sɛ wɔmmɔ asafo mu mpanyimfo no amanneɛ. (Yakobo 5:14, 15) Wɔn afotu ne mpaebɔ a emu yɛ den no betumi aboa wo ma woasan ne Onyankopɔn anya abusuabɔ na woasan anya ahonim pa. Wobetumi ahu nsonsonoe a ɛda mmerɛwyɛ ne nsɛmmɔnedi mpiyɛ ntam. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu nso sɛ woanya mmoa a ehia no na ama woakwati sɛ wobɛsan ayɛ saa bɔne no bio. Julie, a ɔyɛɛ ade a egye akokoduru yi kamfo kyerɛ sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ ‘mede nkaanim bɛma me ho,’ na misusuwii mpo sɛ edii dwuma koduu baabi. Nanso afe akyi no mihuu mfomso a madi. Worentumi nni nsɛnnennen ho dwuma a worennye mmoa mfi mpanyimfo no nkyɛn.”
Bɔne Nketenkete ho Afodi
Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ‘mfomso to abofra bi.’ (Galatifo 6:1) Anaasɛ ɔma kwan ma bɔne ho atenka hyɛ ne so. Abofra a ɔwɔ saa tebea yi mu no bɛte afodi kɛse nka—ebia afodi a ɛboro nea bɔne no ankasa de ba no. Ɛyawdi a ɛho nhia fi mu ba. Afodi ho nkate a ɛte sɛɛ no betumi ayɛ nea efi ahonim a ɛyɛ papa nanso nsɛm haw no ntɛmntɛm dodo. (Romafo 14:1, 2) Kae sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a “yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.”—1 Yohane 2:1, 2.
Susuw abofra Marco a yɛfaa n’asɛm kae wɔ yɛn nnianim nsɛm no mu no ho bio. Saa Kristoni abofra yi gye dii sɛ wayɛ bɔne bi a wɔmfa mfiri. Na ɔtaa ka kyerɛ ne ho sɛ: ‘Minim Bible nnyinasosɛm ahorow no yiye, nanso mintumi nnyae bɔne yɛ!’ Bɔne bɛn na na ɔyɛ? Boasipem. ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn de afiri me bere a mintumi nnyae adeyɛ no?’ Marco susuwii saa. Alberto, a na ɔde ne ho hyɛ boasipem mu saa ara nso kae sɛ: “Metee afodi nka wɔ me mu yiye efisɛ mantumi antwe me ho amfi bɔne no ho.”
Boasipem yɛ suban a ɛho ntew. (2 Korintofo 7:1) Nanso, Bible no mmu no bɔne a anibere wom te sɛ aguamammɔ. Nokwarem no, ɛmmɔ din koraa. Enti, boasipem a wobɛsan de wo ho ahyem no renyɛ bɔne a wɔmfa mfiri. Bu a wubebu no sɛ wontumi mfa mfiri betumi ayɛ nea asiane wom ankasa; ebia abofra bi besusuw sɛ mmɔden a wobɛbɔ sɛ wubedi ɔhaw no so no yɛ nea ntease nnim ahe biara. Nanso Bible nnyinasosɛm kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni de mmɔdenbɔ a emu yɛ den ko tia su yi.b (Kolosefo 3:5) Yehowa nim sɛ “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) Sɛ abofra bi san yɛ bɔne bi bio a, enhia sɛ ɔte nka sɛ wɔbɛsɛe no.
Saa ara na ɛte wɔ mfomso ne bɔne ahorow ho. Yehowa nhwehwɛ sɛ yɛde afodi ntraso bɛtwe yɛn ankasa ho aso. Mmom, sɛ yɛfa akwan horow so di ɔhaw no ho dwuma a, n’ani gye.—2 Korintofo 7:11; 1 Yohane 3:19, 20.
Mmoa ne Awerɛkyekye Fibea
Nanso, ɛda adi sɛ wubehia mmoa ankasa na woatumi ayɛ saa. Mpɛn pii no, awofo a wosuro Onyankopɔn betumi ayɛ pii de aboa wɔn mma. Na Kristofo asafo no de mmoa foforo ma. Marco ka sɛ: “Ade a ɛboaa me titiriw ne nkɔmmɔ a me ne ɔpanyin bi dii no. Na ɛsɛ sɛ minya akokoduru a ɛbɛma me ne no abɔ nkɔmmɔ na meka me komam asɛm kyerɛ no. Nanso ɔma minyaa awerɛhyem, enti mesrɛɛ n’afotu.” Alberto nso hwehwɛɛ mmoa fii ɔpanyin bi hɔ. Alberto ka sɛ: “Me werɛ rentumi mfi ne nkuranhyɛ afotu no. Ɔka kyerɛɛ me sɛ bere a na ɔyɛ abofra no, na ɔno nso wɔ ɔhaw a ɛte saa ara. Anka mennye nni da. Esiane ne nokwaredi no nti, mede anigye kɛse tiee no.” Ɛdenam mmoa ne nkuranhyɛ a ɛtete saa so no, Marco ne Alberto tumi dii wɔn nsɛnnennen no so. Mprempren wɔn baanu nyinaa som a wɔwɔ dibea ahorow a asɛyɛde wom wɔ wɔn asafo ahorow mu.
Mpaebɔ a emu yɛ den yɛ mmoa foforo. Te sɛ Dawid no, wubetumi abɔ mpae asrɛ “koma a emu tew” ne “honhom foforo a ase tim.” (Dwom 51:10) Onyankopɔn Asɛm a wobɛkan no yɛ awerɛkyekye fibea foforo. Sɛ nhwɛso no, wubetumi ahu sɛ ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ wubehu sɛ na ɔsomafo Paulo nso di aperepere wɔ ne mu. Ogye toom sɛ: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ.” (Romafo 7:21) Paulo tumi dii ne bɔne su horow no so. Wo nso wubetumi ayɛ saa ara. Wubehu sɛ ɛyɛ awerɛkyekye titiriw sɛ wobɛkan nnwom nhoma no, nea ɛka Onyankopɔn fafiri ho asɛm te sɛ Dwom 25, 86, ne 103.
Ɔkwan biara so no, kwati sɛ wobɛtew wo ho na wobɛma abasamtu adi wo so. (Mmebusɛm 18:1) Nya Yehowa mmɔborohunu no mu mfaso kosi ase. Kae sɛ, ɔnam Yesu agyede afɔrebɔ no so de ‘firi pii.’ (Yesaia 55:7; Mateo 20:28) Mmu wo bɔne no adewa bi, nanso nka sɛ Onyankopɔn rentumi mfa mfiri wo nso. Hyɛ wo gyidi ne wo bo a woasi sɛ wobɛsom no no mu den. (Filipifo 4:13) Bere kɔ so no wobɛba abenya asomdwoe adwene ne anigye wɔ wo mu denam hu a wubehu sɛ wɔde afiri wo no so.—Fa toto Dwom 32:1 ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa din ahorow no bi.
b Wɔde nyansahyɛ a ɛboa ama wɔ nhoma Questions Young People Ask: Answers That Work, a the Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no ti 25 ne 26.
[Kratafa 19 mfonini]
Kristoni a ne ho akokwaw a wo ne no bɛbɔ tebea no ho nkɔmmɔ no betumi ama woanya adwene foforo wɔ nsɛm ho