Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 8/1 kr. 4-7
  • Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Wɔko Harmagedon Ko No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Wɔko Harmagedon Ko No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛda Onyankopɔn Dɔ Adi
  • Ɔsɛmpɔw A Ɛfa Tumidi Ho
  • Wɔde Bedi Onipa Ahiade Ho Dwuma
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn Ne Armagedon Ko No?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Harmagedon​—Nea Ɛnkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 8/1 kr. 4-7

Nea Enti A Ɛsɛ Sɛ Wɔko Harmagedon Ko No

“ONYANKOPƆN NE DƆ.” Ɔsomafo Yohane se ɛnyɛ yi nko na Onyankopɔn yi ɔdɔ adi, na mmom ɔne dɔ​—nea ɔdɔ yɛ no ankasa.​—1 Yohane 4:8.

Nanso, ebinom da ɔdɔ Nyankopɔn yi ara adi mpɛn pii sɛ onyame a otua bɔne so ka a ɔde asotwe a emu yɛ den ba wɔn a wonni ne dom ase no so. Enti, ama nnipa pii ayɛ wɔn a wonni Onyankopɔn mu gyidi anaasɛ wodi Bible no ho fɛw, na wɔka sɛ ɛrentumi nyɛ nea efi Onyankopɔn a ɔte sɛɛ hɔ. Wɔkasa tia Adiyisɛm nhoma no afã atitiriw bi, faako a wɔka Onyankopɔn atemmu a ɛba abɔnefo so a ɛba awiei wɔ Harmagedon ko no mu ho asɛm no.

Sɛ nhwɛso no, Joseph Wheless kyerɛw wɔ ne nhoma Is It God’s Word? no mu sɛ: “Ampa, ɔkenkanfo a odwo no mpo rennyina adiyisɛm mu anisoadehu a ɛda ɔkra a ɔda adwensakra ankasa adi no adi sɛ ɔka abɔnefo a wɔyɛ mmɔbɔ (sɛ́ ɛyɛ mfitiase bɔne no anaasɛ nea wɔhyɛ da yɛ) no ano, a wɔn na ‘wɔyɛ wɔn ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron no ne Oguammaa no anim,’ a wɔn nyinaa de anigye kɛse hwɛ bere a ‘wɔn ayayade wusiw no foro soro daa daa: na wonnya ɔhome awia ne anadwo’ wɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuw a ɛyɛ hu no mu no (Adi. xiv, 10, 11) . Eyi ne ɔdɔ nyinaa Nyankopɔn no adiyisɛm a efi honhom mu.”

Ɔbenfo Gerald A. Larue a ɔwɔ Southern California Sukuupɔn mu no nso rekasa atia Adiyisɛm kyerɛwtohɔ no, ɔkyerɛwee nnansa yi ara wɔ Free Inquiry nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Wɔde wɔn a wonnye nni gu amanehunu bun bi mu a ɛma obi adwenem yɛ no keserenee. Asotwe no nyɛ aniwa nsi aniwa ananmu atemmu no bi; na saa ara na ɛnte sɛ atemmu bi a wɔde pepa nnipakuw bi fi hɔ koraa no (Gen. 4:24; Yos. 6; ne nea ɛkeka ho) . Ɛha de asotwe no wɔ hɔ daa. Mmɔborohunu biara nni hɔ, asotwe no mma awiei da. Fafiri biara nni bɔ, asotwe a ɛmma wunwu na ama w’aso mu adwo wo. Eyi nyɛ Yesu ahobrɛase ne odwo ho asɛm no bi.” Afei, ɔreka Adiyisɛm 14:9-11 ho asɛm no, ɔtoa so sɛ: “Ɛnyɛ dan w’aso biako no ho asɛm na wɔreka wɔ ha​—abufuw asotwe a ano yɛ den wɔ amanehunu mu a sɛ wode toto ho a ɛma Nazi ayayade ahorow no yɛ ketewaa bi.”

Nokwarem no, nsusuwii a ɛfa amanehunu a emu yɛ den ho bere a wɔyɛ abɔnefo ayayade daa no betumi ama nsemmisa ahorow asɔre wɔ ‘Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ’ no ho. Nanso adwen horow a ɛte sɛɛ gyina Bible no ne nsɛnkyerɛnnede ahorow a wɔde adi dwuma wom no ho ntease a ɛnteɛ so. Bible no nkyerɛkyerɛ wɔ baabiara sɛ ɔkra no nwu da. Mmom no, Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ “bɔne so akatua ne owu”​—ɛnyɛ daa amanehunu​—efisɛ wɔ owu mu no obi adwene, a ɛyaw nka a otumi te no ka ho, gyae adwumayɛ.​—Romafo 6:23; Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Ɛyɛ akatua no na ɛwɔ hɔ daa, na ɛnyɛ asotwe no​—efisɛ wɔsɛe abɔnefo koraa wɔ “ogyatare” a ɛyɛ ɔsɛe koraa ho sɛnkyerɛnne no mu. (Adiyisɛm 20:14, 15; 21:8) Nanso Harmagedon ko no de ɔbrɛ ne amanehunu a ɛso bi nni bɛba adesamma so ara, na ɛbɛyɛ ɔko a wohwie mogya gu wom kɛse sen ɔko biara a wɔako pɛn. (Mateo 24:21, 22; Adiyisɛm 14:20; 19:17, 18) So efi ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ no nkyɛn na ɛba? So Onyankopɔn bɛma ɔko a ɛte sɛɛ aba ankasa?

Nea Ɛda Onyankopɔn Dɔ Adi

Nokwarem no, esiane Onyankopɔn dɔ nti na ɛsɛ sɛ wɔko Harmagedon ko no. Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw ma asase yi ne sɛ wɔbɛma asan akɔ ne mfitiase Paradise tebea no mu na wama adesamma atra so wɔ asomdwoe ne pɛyɛ mu a “obibi renyi wɔn hu.” (Hesekiel 34:28; Mika 4:3, 4; Adiyisɛm 21:4) Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔde wɔn nsɛmmɔnedi ne wɔn basabasayɛ bɛsɛe dwoodwoo asetra a ɛwɔ Paradise a wɔbɛsan de asi hɔ no so no? Biribiara nni hɔ a onipa ayɛ a atumi adi ɔhaw a ɛte sɛɛ ho dwuma. Ɔkwan koro pɛ a wobɛfa so ama asomdwoe ankasa aba ne sɛ wobeyi nsɛmmɔnedi ho hu mpo afi hɔ. Yiw, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn sɛe abɔnefo a wɔasen wɔn kɔn no esiane wɔn​—a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ no nti. Ofi ɔdɔ mu yɛ ade de yi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɛe asase yi no fi hɔ.​—Adiyisɛm 11:18.

Nanso ɛho nhia sɛ obi bewu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ] sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa.” (1 Timoteo 2:4) Na bere a Petro nso rekyerɛw wɔ honhom akwankyerɛ ase no, ɔkae sɛ: “Ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Onyankopɔn ayɛ “ahenni ho asɛmpa” yi ho dawuru a wɔbɛbɔ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya hokwan ayɛ n’ankasa nkwagye ho adwuma. (Mateo 24:14; Filipifo 2:12; Galatifo 6:5) Wubetumi atra ase daa wɔ pɛyɛ mu wɔ paradise asase so. Wubetumi apaw nea wopɛ. (Romafo 2:5-9; Hesekiel 18:23, 32) So ɛnyɛ eyi ne nea wobɛhwɛ kwan afi Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ nkyɛn?

Ɔsɛmpɔw A Ɛfa Tumidi Ho

Sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe ankasa ne biakoyɛ bɛba no, nniso biako pɛ na ɛbɛwɔ hɔ a ebedi asase nyinaa so​—Onyankopɔn Ahenni. So ɛnyɛ nnipa nniso ahorow pii a ɛwɔ hɔ a wɔn nyinaa repere ahwehwɛ wɔn ankasa aman pɛsɛmenkominya mfaso ahorow no na ɛde nitan ne mogyahwiegu pii wɔ asase so nyinaa no aba? Ɛsɛ sɛ woyi nniso horow yi fi hɔ na Onyankopɔn Ahenni trenee nniso wɔ Kristo ase no nya kwan ba. (Daniel 2:44) Wobɔ saa ɔsoro nniso no ho mpae bere a wuti mpaebɔ nhwɛso a Yesu de maa n’asuafo no mu bɔ no: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”​—Mateo 6:10.

Nanso nniso bɛn na wunim a ɛbɛpɛ sɛ egyaa ne tumidi mu na ɛde ne ho ahyɛ Onyankopɔn Ahenni no ase koraa? So nniso ahorow no nkura wɔn tumidi ahorow mu denneennen mmom a wɔkɔ so hwehwɛ sɛ wɔbɛtrɛw wɔn tumidi mu de atew Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ahi? (Dwom 2:1-9) So wɔada biribi a ɛte saa adi pɛn sɛ amanaman no bɛpɛ sɛ wogyaa wɔn tumidi mu ma Onyankopɔn ne Kristo? Tumi a Amanaman Nkabom ahyehyɛde no nni sɛ adwinnade ma wiase asomdwoe no kyerɛ pɛ a amanaman no mpɛ sɛ wobegyaa nneɛma mu wɔ faako a ɛfa wɔn pɛsɛmenkominya nneɛma a wɔpɛ ho na wɔde wɔn ho ahyɛ tumi biako ase no. Amanaman no asi wɔn bo sɛ wobedi asase so nsɛm ho dwuma wɔ ɔkwan a wɔn ankasa pɛ so. (Adiyisɛm 17:13, 14; 19:19) Enti ɛsɛ sɛ wɔko Harmagedon ko no na wɔde yi eyi fi hɔ na wɔde bua asɛm a ɛfa nea ɔwɔ hokwan sɛ odi asase so tumi ho no.

Wɔde Bedi Onipa Ahiade Ho Dwuma

Nea Yehowa bɛyɛ wɔ Harmagedon no yɛ adesamma yiyedi ho adwene a ɔwɔ na ɛbɛma wayɛ saa. Susuw ho. Wote nka dɛn wɔ mprempren wiase nsɛm tebea no ho? So sɛnea ɛte no ara yɛ nea wopɛ? So wote ahotɔ nka wɔ nuklea ɔsɛe ho ahunahuna no mu? So wo ho popo wɔ basabasayɛ a wuhu sɛ ɛrenya nkɔso a faako a wo ankasa wote no ka ho no ho? So wusuro ma wo mma ne wɔn daakye? Ahotɔ bɛn na wuhu sɛ ɛbɛba? So nniso bi akyerɛ pɛn sɛ ebetumi de asomdwoe ne yiyedi abrɛ adesamma nyinaa? So emu bi atumi ayi ɔyare anaa owu afi asase so? So ɛnyɛ nea wiase nyinaa nsɛm tebea no asɛe kɛse mmom a nea onipa atumi ayɛ wɔ mfiridwuma ho nimdeɛ mu no mfa ho, a mpɛn pii ɛyɛ nkɔso ahorow yi nti na ama aba saa no? Ɛyɛ Onyankopɔn trenee Ahenni no nkutoo na ebetumi adi adesamma ahiade ho dwuma koraa. Ɛnam ɛno so nkutoo na nokware asomdwoe bɛba asase nyinaa so. Ɛsɛ sɛ wɔko Harmagedon ko no!

Na nnipa amanehunu ne ɔbrɛ a ɛbɛba bere a Onyankopɔn yɛ ade ma asase so tew no nso ɛ? Eyi yɛ nea efi ɔko mu ba bere nyinaa. Ɛbɛba saa wɔ Harmagedon esiane sɛ amanaman no ma wɔn ho so tia teokrase nniso nti. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛko na wɔasɔre atia. (Dwom 2:2, 3) Ɛno nyɛ Onyankopɔn mfomso. Ɔde kɔkɔbɔ a ɛfata ma wɔn: “Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atumfo, muntie afotu, monsom [Yehowa], osuro mu, na munni ahurusi ahopopo mu. Mumfew ɔba no ano na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.”​—Dwom 2:10, 11.

Afei susuw ho. Sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye mu amfa anteɛteɛ wiase nsɛm tebea so a, dɛn na anka tebea no bɛyɛ? So akodi, basabasayɛ, ne nitan renkɔ so a emu ntwa sɛnea ayɛ wɔ mfehaha a onipa de adi tumi no mu no? So ɛnyɛ nea emu ayɛ den mprempren akodu baabi a nuklea akodi ne nea ebedi akyi aba ho hu aka adesamma nyinaa? Nokwarem no, Harmagedon ne ade a eye sen biara a wobetumi ma aba yɛn asase yi so! Ebesiw amanaman no pɛsɛmenkominya ne owu kwan a wɔnam so no ano. Ebeyi nhyehyɛe ahorow a ɛma adesamma yɛ mmɔbɔ no afi hɔ na ama trenee nneɛma nhyehyɛe foforo ampa anya kwan aba, faako a wobeyi awerɛhow, ɛyaw, ne owu a onipa ama aba nyinaa afi hɔ daa no. Afei ná sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ kyerɛ no, ‘kan nneɛma no atwam.’​—Adiyisɛm 21:4; 2 Petro 3:13.

Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ nyansa no nim nea eye ma adesamma ne nea ehia na ama wɔanya eyi. Nnipa nniso horow ko ɔko ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔde resiesie atɛnkyea ahorow anaa wɔreko ama ɔkwan bi a wosusuw sɛ ɛteɛ. Nanso Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ nyansa a ɔde bɛko ɔko a ɛteɛ ankasa. Ɔno nkutoo na obetumi ako ɔko a ebeyiyi nnipa no mu na ama wɔakora nnipa koma pafo so wɔ baabiara a wɔwɔ wɔ asase so. (Mateo 24:40, 41; Adiyisɛm 7:9, 10, 13-17) Na Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ ɔde ne tumi ba asase nyinaa so, efisɛ ɔno na ɔbɔe. Yiw, sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi nsɛmmɔnedi nyinaa afi hɔ daa, na wɔama nsisi, atoro som a ɛhyɛ nkurɔfo so, ne nea ɛde bɔne mpo ba no afi hɔ na wɔatew Onyankopɔn din kronkron no ho koraa no​—ɛsɛ sɛ wɔko Harmagedon ko no. Na wɔbɛko, efisɛ “Onyankopɔn ne dɔ!”

[Kratafa 6, 7 mfoni]

HARMAGEDON . . . bɔ kwan ma asomdwoe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena