Ɔfã 15: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
10. Ɔkwan bɛn so na saa “nkoa” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 14:13 no wɔ “anigye”?
10 Nkoa a wɔasra wɔn a na wɔwɔ nkwa mu wɔ asase so kosii bere a Awurade no parousia anaasɛ ba a waba no dui na ɛno akyi ansa na wowuwui nokwaredi mu wɔ Awurade mu no na bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 14:13 no fa wɔn ho: “Awufo a wowu Awurade mu fi saa bere yi de rekɔ no wɔ anigye. Honhom no se: Yiw, ma wɔnhome mfi wɔn brɛ no mu, na nneɛma a wɔyɛe no ne wɔn kɔ prɛko.” (NW) Wɔwɔ “anigye” efisɛ wɔn wu wɔ ɔhonam mu no wɔsakra wɔn afrɛ so fi nea ɛporɔw mu kɔ nea ɛmporɔw mu, fi nea owu mu kɔ nea enwu mu, fi nipadua mu kɔ honhom mu, na enti wɔnna owu mu, wogyae wɔn asase so nnwuma horow na wɔhyɛn ɔsoro adwumayɛ mu prɛko, wɔne wɔn Awurade a wɔne no yɛ yɔnko adedifo no.
11. Ná hena ne R. J. Martin yi a wɔde no yɛɛ nhwɛso wɔ nea yɛaka no mu no?
11 Fa Robert J. Martin asɛm no sɛ nhwɛso. Ná ɔka Kristofo mmarima baawɔtwe a Asafo ɛno titrani J. F. Rutherford ka ho a wɔahyira wɔn ho so a wohuu amane bɛyɛ asram akron a ntease nnim wɔ ɔman afiase, Atlanta, Georgia, fi July 5, 1918 kosi March 25, 1919 no ho. Bere a wodii saa “akoa” yi agyinam gyaee no wɔ Brooklyn, New York, Wukuda. March 25, 1919 no, ɛdefa “talente” a efi n’Awurade a ɔwɔ soro no nkyɛn ho no na onni hwee koraa. Ná Wiase Ko I ne ɔtaa a ɛde baa Awurade no “nkoa” so no atwam bɛboro asram anan, na ná ɛsɛ sɛ R. J. Martin fi ase foforo koraa. Ná ɔda so ara wɔ Awurade Yesu mu nokwaredi mu, na n’ani gyei sɛ obegye “talente” a ɔde ‘bɛyɛ adwuma’ ama n’Awurade a ɔwɔ soro no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtrɛw mmeae a ɛbɛsow aba ma wɔanya Awurade Yesu Kristo asuafo no mu. Wɔ afe a edi hɔ a woyii no fii afiase no mu no, wɔyɛɛ no Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma tintimbea foforo a wobuei wɔ Brooklyn no so ɔhwɛfo. Wɔ November 1, 1926 mu no, wɔyɛɛ no saa Asafo yi akwankyerɛfo no mu biako na okuraa saa dibea no mu ara kosii sɛ n’asase so asetra baa awiei.
12. Bere bɛn na Martin wui, na asɛm bɛn na Ɔwɛn-Aban no ka faa ne ho?
12 Enti mfe pii twaam a na R. J. Martin reyɛ adwuma nokwaredi mu de ama “talente” a wɔde ahyɛ ne nsa no adɔɔso wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Owui a na ɔda so kura ne dibea no mu wɔ September 23, 1932, a na wadi mfirihyia aduonum anan (Wɔwoo no March 30, 1878) Wɔbɔɔ ne wu “wɔ Awurade mu” no ho amanneɛ wɔ October 1, 1932, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu wɔ kratafa 304, a emu fã bi kae sɛ: “Ná ɛyɛ bere a ɔdasu atwam kakra, anaasɛ ade rebɛkye September 23, 1932, na Robert J. Martin, ɔsraani wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu bobɔɔ n’asase so ntamadan na ɔkɔe asomdwoe mu. Saa ɔdansefo pa ne ɔnokwafo yi awie n’adwuma wɔ asase so. Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ otwaam kɔɔ ahenni no mu ntɛm ara na mprempren ɔwɔ Awurade no nkyɛn daa daa wɔ Yehowa ɔsoro ahyehyɛde no ahenni no mu. “. . . Onua Martin mfɛfo anokwafo anidaso ne sɛ ebia wɔn nso behu Awurade no wɔ n’anuonyam ne n’ahoɔfɛ nyinaa mu na wɔanya Yehowa atirimpɔw ahorow ho dwumadi mu kyɛfa wɔ ɛno akyi daa daa. Onua Martin ahofama a ɔwɔ ma Yehowa nhyehyɛe yɛ denhyɛ ma nkaefo no sɛ wɔbɛkɔ so wɔ ɔko no mu akodu awiei. . . .”
13. Bere bɛn na Martin yɔnko deduani Rutherford wui, na dɛn na ne wu no hyɛɛ no agyirae wɔ abakɔsɛm mu?
13 Ne yɔnko deduani, J. F. Rutherford wiee n’asase so dwumadi bere a wadi mfirihyia aduoson abien, a na ɔda so ara yɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani wɔ Yawda, January 8, 1942. Wɔ asɛmti “Ɔdansefo Nokwafo” a ɛwɔ February 1, 1942 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 45 ase na wɔbɔɔ ne wu no ho amanneɛ. Abakɔsɛm a ɛboro mfirihyia aduasa fi saa bere no kyerɛ sɛ ne wu no ‘hyɛɛ bere bi awiei agyirae wɔ Yehowa adansefo Kristofo nnɛ bere yi dwumadi ahorow mu.
14. (a) Dɛn na yefi Kyerɛwsɛm mu betumi agye adi wɔ “nkoa” baanu a wɔte sɛɛ ho, wɔ akatua a wobenya sɛ wɔde Kristo “talente” no yɛ adwuma no ho? (b) So “nkoa” a wɔda so ara wɔ nkwa mu wɔ asase so no ahyɛn “anigye” bi mu anaa, na nea ɛfa tumidi ho nso ɛ?
14 Ampa Kristofo “nkoa” no adwuma, te sɛ baanu a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no, kyerɛ sɛ wɔde Awurade no “talente” a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no ‘yɛɛ adwuma’ na wɔama asase so mmeae horow a wɔbɛyɛ adwuma na wɔanya Kristo asuafo pii no adɔɔso. Yɛwɔ Kyerɛwsɛm mu ntease a ɛma yegye di sɛ, bere a wokopue wɔn Awurade Yesu Kristo atemmu agua no anim no, wɔte ne nsɛm a ɔde kamfo wɔn no: “Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo mesi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!” (Mat. 24:21, 23) Nanso wɔ mfe pii akyi no, saa Kristofo “nkoa” anokwafo no nkaefo kakraa da so ara wɔ asase so mprempren a wofi ɔdɔ mu hwehwɛ sɛ wɔbɛma wɔn Wura a ɔwɔ soro no “talente” no adɔɔso. Wɔhwɛ kwan wɔ bere a ɛsɛ mu sɛ wobewie wɔn asase so adwuma na wɔakopue Yesu Kristo ɔsoro atemmu agua no anim na wɔde anigye ate saa nkamfo koro no ara bi. Nanso mprempren mpo a wɔwɔ asase so no, dodow a wɔrema wɔn Wura a ɔwɔ soro no “talente” no adɔɔso no, wɔahyɛn wɔn Wura a ɔwɔ soro no anigye no mu sɛnea ɛsɛ dedaw. Nanso, wonnii tumi biara na mmom wɔhwɛ kwan sɛ wobenya ne mfirihyia apem ahenni wɔ ɔsoro no mu kyɛfa.
“Akoa Bɔne Ne Onihafo” No
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na akoa a onyaa talente biako no powee sɛ ɔde ‘n’ahoɔden’ bedi dwuma, dɛn na efii mu bae? (b) Anoyi bɛn na ɔde mae wɔ nea ne nsa kae no ara a ɔsan de bae no ho?
15 Afei yɛn ani gye sɛ yebehu nea ɛba akoa a ɔwɔ Yesu bɛ no mu a onyaa talente biako no so, nea wɔkae wɔ ne ho sɛ: “Na nea onyaa talente biako no de, ɔkɔe kofunuu fam, na ɔde ne wura sika no siei.” (Mat. 25:15, 18) Bere a ɔnyere ne ho, na ɔnkyerɛ akokoduru sɛ ‘ɔbɛyɛ adwuma’ sɛnea akoa a ɔwɔ talente anum ne akoa a ɔwɔ talente abien no yɛe no, na saa akoa a ɔto so abisa yi rentumi nhwɛ kwan sɛ ɔbɛma ne wura talente no adɔɔso. Na ɔwɔ ‘ahoɔden’ a ɔde bedi saa talente biako no ho dwuma na wama adɔɔso, nanso ɔpowee sɛ ɔbɛkyerɛ n’ahoɔden. Wɔ ne wura no ba ne ne parousia anaasɛ ba a waba no mu no, na ɔrennya nkɔso biara a ɔde bɛkyerɛ bere a wobu akontaa no. Enti anoyi bɛn na obenya sɛ wamfa mfaso ammrɛ ne wura no? Yesu ka kyerɛ yɛn wɔ ɛbɛ no mu sɛ:
16 “Na nea onyaa talente biako no nso bae sɛ: Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wutwa nea wungui ɛ, na woboaboa ano nea womfa mpetee hɔ ɛ; enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ w’ade ni!”—Mat. 25:24, 25.
17. (a) So akoa yi ani gyee ho sɛ ne wura no te sɛ afuw wura a ɔkaa ne ho asɛm no? (b) Dɛn nti na akoa no susuwii sɛ ne wura no nni hokwan sɛ ɔkasa sɛ wannya mfaso?
17 Ná akoa yi nim sɛ wɔrehwɛ mfaso kwan afi ne hɔ. Nanso na onni akokoduru a ɛbɛma wabɔ mmɔden sɛ ɔde ne wura talente no ‘bɛyɛ adwuma.’ Suro a osuro akyi no, ná onni dɔ ma ne wura no a ɛbɛma wayɛ biribi, na ɔde ne ho ato asiane mu, abɔ mmɔden sɛ ɔbɛtrɛw ‘nneɛma’ a ne wura no wɔ mu. Ɔde ne wura totoo afuw wura, a ɛnyɛ n’asase so nko na onya nnɔbae fi na mmom otwa nnɔbae fi asase a ɛnyɛ ne de na ɛnyɛ ɔno na oduae so na ɔboaboa awi a ɛnyɛ ɔno na oyiyii ho ntɛtɛwa ano ho. Akoa no ani annye ho sɛ ne wura no nya mfaso wɔ saa kwan no so. Anyɛ yiye koraa no, ɔkasa tiaa mfaso a ne wura no nyae wɔ saa kwan so no. Enti, nea ɛne nea ɔkyerɛe sɛ ogye di ne ne suban a ɔdaa no adi hyia no, ɔsan de talente biako pɛ a ne wura no de maa no no maa no. Enti, sɛnea osusuwii no, sɛ ne wura no mmɔɔ ka a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkasa? Ná ɔresan anya nea ɛyɛ n’ankasa de. Akoa no ammu sɛ sika yɛ nea wɔde yɛ adwuma ma mfaso ba so.
18. Wɔ ntease bɛn mu na owura no maa akoa no mmuae, na dɛn nti na ɔde edin a ɔde frɛɛ akoa no frɛɛ no?
18 Akoa no wura no maa no mmuae sɛnea ɔno ankasa asɛm kyerɛ, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihafo, wunim sɛ mitwa nea mingui. na meboaboa ano nea memfa mempetee hɔ ɛ? Ɛnde anka ɛsɛ wo sɛ wode me sika kɔhyɛ sikasesafo nsa, na meba a, [ɔkwan foforo so, maba yi] mabegye m’ade ne ɛho mfɛntom.”—Mat. 25:26, 27.
19. Dɛn nti na ná ɛfata sɛ wɔfrɛ akoa no ‘ɔbɔnefo,’ na ɔkwan bɛn so na ná obetumi afa “ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so anya nea ne wura hwehwɛ no?
19 Saa akoa a wamfa mfaso amma yi yɛ ‘ɔbɔnefo’ efisɛ ofi ne pɛ mu, boapa, na wamfa mfaso amma. Na n’ani nnye ne wura no nneɛma a ɛbɛdɔɔso no ho. Ɛnyɛ sɛ na onnim sɛ ne wura no rehwɛ mfaso kwan. Ná onim eyi, na na anka obetumi afa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so de talente a wɔde maa no no akɔma sikasesafo, na ebia wɔde ayɛ adwuma na mfaso aba na wɔatua mfɛntom a ɛfata wɔ sika a ɔde bɛtoo wɔn nkyɛn no ho. Saa kwan yi so no, sɛ akoa no wura no san ba a ɛnyɛ talente no nko na ne nsa bɛka na mmom mfɛntom a sikasesafo no tuae no nso. Ɛnyɛ sɛ wansuasua akoa a ɔwɔ talente anum ne akoa a ɔwɔ talente abien no nko, na mmom ɔne wɔn anyɛ adwene nso. Ɛwom sɛ ɔsan de talente a wɔde hyɛɛ ne nsa no bae de, nanso ɔmaa ne wura no bɔɔ ka ankasa. Ka a ɔboapa maa ne wura bɔe no na ɛma ɔyɛɛ ‘ɔbɔnefo.’
20. Ɔkwan bɛn so na ná saa akoa yi yɛ “onihafo,” eyi kowiee dɛn mu maa no?
20 Ná akoa a wamfa mfaso amma no yɛ “onihafo” nso. Na ɔyɛ ɔkwadwofo, ɔmpɛ sɛ ‘ɔyɛ adwuma’ wɔ anidahɔ mu, wɔ ɔkwan a ne mfɛfo nkoa no yɛe no so. Na ɔwɔ ahoɔden a obetumi de ayɛ adwuma ma mfaso aba, ɛnte saa a anka ne wura remfa talente biako no mpo mma no. Talente biako a wɔmaa no no ma ɔbɛyɛɛ nkoa baasa no nyinaa mu nea n’asɛyɛde sua, nanso ná saa sika a esua yi nyɛ nea ɛboro nea ‘n’ankasa ahoɔden’ betumi ayɛ so. Nanso, sɛ́ ɔde n’ahoɔden bɛyɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛho wɔ mfaso so mmom no, ɔkofunuu fam na ɔde ne wura talente no siei na ɛyɛɛ nea ɛho amma mfaso. Ná ɔyɛ onihafo araa ma ne wura no a obuu no sɛ ‘onipa a ɔyɛ den’ no mpo anka no sɛ ɔmfa talente a ɛsom bo no nyɛ adwuma bere tenten a na ne wura no kɔ no. Ná akoa no wɔ bere pii. Mfaso a wamfa amma no kowiee bɔne mu maa no.
21. Dɛn ne akoa no nsɛso wɔ ɛbɛ no nnɛ bɛte yi mmamu a etwa to no mu?
21 Saa “akoa bɔne ne onihafo” yi wɔ nnɛyi nsɛso wɔ ɛbɛ no mmamu a etwa to wɔ yɛn bere so yi mu. Te sɛ mfɛfo nkoa baanu no, akoa a wamfa mfaso amma no nso gyina hɔ ma kuw bi anaasɛ Kristofo nkoa kuw a wɔresom ankasa anaasɛ wɔde wɔn ho ahyɛ Owura a ɔwɔ soro, Awurade Yesu Kristo no som mu. Saa kuw a wɔn ho nni mfaso yi daa adi bere a akontaabu fii ase saa afe a edi kan wɔ ɔko no akyi, 1919 Y.B. mu no akyi.
22. Henanom nso na wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ Owura a ɔwɔ soro no som mu, nanso ɔkwan bɛn so na wogyaw ne ‘nneɛma a ɔwɔ’ no bere a Wiase Ko l baa awiei no akyi?
22 Ampa, Kristoman asɔre ahorow ahorow no mufo kyerɛe sɛ wɔwɔ Awurade Yesu Kristo a ɔwɔ soro no som mu. Wiɛ, ɛnde, so wɔkɔyɛɛ asase a na ɛda wɔn anim wɔ Wiase Ko I awiei wɔ November 11, 1918 mu no mu adwuma, na wɔanya asuafo ama ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi na mprempren ɔwɔ ne parousia mu no? Dabi; wɔne saa wiase yi amammuifo ne asraafo no yɛɛ adwene. Wogyaw Ahenni ‘nneɛma’ a ɔhene a ɛsɛ sɛ n’ahenni tumi nya nkɔso a enni awiei wɔ no. Wɔdan wɔn adwene kɔɔ nea na wɔn ani gye ho a ɛne Amanaman Apam a ná afei na wɔde rebesi hɔ, a Amerika Kristo nsɔre Horow Nkabom no frɛɛ no “Onyankopɔn Ahenni no amammui kwan so nsusuwso a ɛwɔ asase so” no so. (Yes. 9:6, 7) Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa a wɔboa na wɔsom saa amanaman ntam nnipa ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra yi adɔɔso. Mprempren yi, Kristoman nyamesom akuw ahorow no gyina ahyehyɛde a ebesii ɛno ananmu, Amanaman Nkabom, no akyi.
23. Wiase a ɛyɛ afuw no mu adwuma a wɔanyɛ na ɛho aba Onyankopɔn Mesia ahenni no mfaso no de dɛn na aba?
23 Wɔ akontaa a wobu wɔ saa bere a Awurade Yesu Kristo a wasan aba rebɛhwɛ wɔn yi mu no mu no, wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ “nkoa” wɔ Kristoman mu no rentumi mfa mfaso biara mma no wɔ ne nneɛma no ho. Wɔnyɛɛ wiase a ɛyɛ afuw no mu adwuma ma ɛho aba mfaso ama Onyankopɔn Mesia ahenni no, efisɛ wɔadan wɔn akyi akyerɛ no na wɔagyaw nnipa no a wonnim Yehowa Mesia ahenni a wɔde asi hɔ no ho hwee.
24. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ “Edin Foforo” tirimbɔ no nkyekyem abiɛsa mu no fata “akoa onihafo” no mfonini no?
24 Nanso, wɔ wɔn a wɔne ɔhene Yesu Kristo a wasan aba, a ɔredi tumi no “nkoa” anokwafo no bɔ mpo mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no kuw bi ada adi a wɔfata “akoa bɔne ne onihafo” ho mfonini no. Ɛda adi sɛ saa kuw yi na wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Tirimbɔ a wɔato din “Edin Foforo” no nkyekyem a ɛto so abiɛsa a wogye toom Kwasida awia, July 26, 1931, wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio, wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no akwankyerɛ ase no ase. Saa nkyekyem no mu nsɛm ni: “BERE a Charles T. Russell wui akyi bere tiaa bi no mpaapae mu bi sɔree wɔ wɔn a na wɔne no bɔ wɔ saa adwuma yi mu no mu, a ɛmaa saa nnipa yi twee wɔn ho fii Ɔwɛn Aban Asafo no ho, na efi saa bere no wɔapow sɛ wɔne Asafo a yɛabɔ din no bɛyɛ adwene wɔ ne dwumadi mu na wɔpow sɛ wobegye nokware a Ɔwɛn Aban Asafo no tintim wɔ Ɔwɛn-Aban ne nhoma afoforo a aba nnansa yi a adwumayɛ kuw a yɛabɔ din no yɛ mu no atom, wɔasɔre atia na mprempren wɔsɔre tia Asafo a yɛabɔ din no wɔ Onyankopɔn ahenni ho asɛm a wɔka nnɛ no ne yɛn Nyankopɔn aweredi da a etia Satan ahyehyɛde no afã horow nyinaa no mu; na wɔn a wɔsɔre tia a yɛaka yi akyekyɛ wɔn mu akuw ahorow pii na wɔafa din ahorow te sɛ ‘Bible Asuafo,’ ‘Bible Asuafo Kuw,’ ‘Russellfo a wɔkyerɛkyerɛ nokware no sɛnea Ɔsɔfo Russell kyerɛe,’ ‘Gyina Pintinnfo,’ ne edin a ɛtete saa, a ne nyinaa de basabasayɛ ne ntease bɔne ba . . . ”
25. Enti, wɔn a wɔabɔ wɔn din wɔ atifi hɔ no nnyaa amane a wɔn a “edin foforo” no da wɔn so no abu ne nnwuma a wɔayɛ bɛn mu kyɛfa?
25 Nokwarem no, wɔn a wɔne Asafo no anyɛ adwene na mpo wɔsɔre tia a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no annye saa “din foforo” Yehowa Adansefo no antom, na wɔafrɛ wɔn Yehowa adansefo Kristofo. Wɔanhu amane ahorow a emu yɛ den a wɔn a “edin foforo” no da wɔn so no hui fi saa bere no bi na wɔannya adwuma a ɛne Yehowa ahenni a wɔde asi hɔ wɔ Mesia no nsam a wɔka ho asɛm kyerɛ wɔ wiase afanan nyinaa no mu kyɛfa nso. Esiane eyinom nti wonnyaa kyɛfa wɔ mmeae horow a wɔatrɛw mu a ɛyɛ nwonwa, na wɔayɛ mu adwuma ma wɔanya Kristo asuafo a mprempren ɛyɛ nsase ne nsupɔw anaa nsupɔw akuw 206, a enti ehia sɛ wotintim Ahenni asɛm no wɔ kasa horow bɛboro 160 mu no mu. Wɔ ɔsɔretia a ano yɛ den wɔ nsase horow pii so akyi no, saa afuw yi (a ɛne adesamma wiase no) mu adwumayɛ a ɛde Kristo asuafo afoforo bɛka ho no rekɔ anim akodu n’awiei! Mprempren wɔreyɛ eyi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow aduɔkron asia no akwankyerɛ ase.
26. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ “nkoa” a wɔasra wɔn no nkaefo no anya Ɔsoro nhyira wɔ Owura no “talente” no a wɔde yɛ adwuma denam wiase no a wɔyɛ mu adwuma no so?
26 Ɛnde, ɛda adi sɛ, saa nkɔso a ɛba Mesia Hene no ‘nneɛma,’ ne “talente” no mu no yɛ nea ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo pene so na wohyira so. “Nkoa” a wɔasra wɔn a wɔde ɔhene no “talente” ho dwumadi ahyɛ wɔn nsa no hu sɛ ɛyɛ asɛyɛde a anigye wom, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfata sɛ “akoa pa ne nokwafo” wɔ wɔn Wura a ɔwɔ soro no anim. Wɔmpɛ sɛ “akoa bɔne ne onihafo” no mufo biara ne wɔn bɛbɔ. Mmom no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wodu Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde ahorow no ho no ma wɔde wɔn ho abɔ wɔn na wɔabɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no ho asomfo a wɔsow aba. Nea edi ɔsoro nhyira a ɛba wɔn dɔ mmɔdenbɔ no so ho adanse no, wɔ 1972 ɔsom afe no mu no wɔbɔɔ nnipa 163,123 a wɔakyerɛkyerɛ wɔn asu wɔ nsu mu sɛ Awurade Yesu Kristo asuafo. Wɔ ɔsom mfe 1968 besi 1972 mu no wɔbɔɔ nnipa a wɔboro ɔpepem fã, a wɔn dodow ankasa yɛ 680,871, asu wɔ wiase nyinaa. Enti “nkoa” a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔma Awurade no ‘nneɛma’ dɔɔso no nnye nni sɛ ɔretwa wɔ ɔkwan a ɛmfata so, wɔ beae a ɔno ankasa angu bere a ɔwɔ asase so no.
“Talente Biako” A Wamfa Anyɛ Adwuma No A Wogyei
27. Gyinae bɛn na owura no sii wɔ akoa a ne ho nni mfaso no ho?
27 Wɔ ɛbɛ no mu no, owura no si gyinae dɛn wɔ akoa a wamfa nea ɛyɛ ne wura de ne “ɛho mfɛntom” ankɔma no no ho? Owura a ne bo afuw no ka wɔ “akoa bɔne ne onihafo” a ɔdaa ne ho adi sɛ ne ho nni mfaso no ho sɛ: “Enti munnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ talente du no! Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na nea onni bi no de, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na [ne] su ne [ne] setwɛre wɔ.”—Mat. 25:28-30.
28. Nneɛma ahorow bɛn na wɔde dom nkoa a wɔn ho wɔ mfaso no na saa akoa yi annya bi, na dɛn na esum a ɛwɔ akyirikyiri no mu a wɔtow no kyenee no kyerɛ ma no?
28 Wɔnnto nsa mmfrɛ akoa yi sɛ ɔnkɔ ne wura anigye mu. Wɔmmpaw no sɛ onni nneɛma bebree so, esiane sɛ wanni nokware wɔ ade ketewaa mu nti. Wɔmmfrɛ no “akoa pa ne ɔnokwafo” na mmom wɔka ne ho asɛm sɛ “akoa a ne ho nni mfaso.” Wonnye no sɛ akoa bio wɔ adwuma no mu wɔ ne wura fie hɔ, mmom wɔtow no fi ofie hɔ ‘kyene akyirikyiri sum no mu.’ Ɛda adi sɛ owura a wasan aba no ne ne nkoa no buu akontaa anadwo, na enti ná “sum” wɔ ‘abɔnten’ a wobetumi atow akoa no akyene mu. Nea ebesi ne wura no anigye a obenya ananmu ne su a obesu ne ne se a ɔbɛtwɛre esiane tebea horow a wɔatow no akyene mu no nti.
29. Dɛn nti na eyi yɛ asuade kɛse ma nnɛyi “nkoa” anokwafo a wɔasra wɔn no wɔ wiase sum tebea no mu?
29 Eyi yɛ asuade kɛse ma “akoa” a wɔasra no no nkaefo no nnɛ. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ adwuma na ama wɔn Wura a ɔwɔ soro no ‘nneɛma’ adɔɔso. Anyɛ saa a, wobegye saa nneɛma a ɛsom bo a wɔn Wura no de ama wɔn no afi wɔn nsam. Afei nso, wɔbɛtow wɔn akyene “akyirikyiri sum no mu,” ma wɔakɔka “akoa bɔne ne onihafo” kuw no ho wɔ hɔ. Efi bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ afe 1914 mu no, ayɛ anadwo bere ama adesamma wiase a ɛwɔ Awurade Yesu Kristo a ɔwɔ soro no fie a emu yɛ hann no akyi, na anadwo sum a ɛte saa aduru Kristoman mpo. Nanso saa sum no mu bɛyɛ den yiye sɛ bere a Onyankopɔn ahyehyɛ no du ma “ahohiahia kɛse” no apae agu saa adesamma awo ntoatoaso yi so mpofirim a. (Mat. 24:21, 22; Luka 21:34-36) Saa owu sum no mu na wɔbɛtow “akoa bɔne ne onihafo” kuw no agu, na wɔne nyamesom mu nyaatwomfo no asu na wɔatwɛre wɔn se akosi sɛ wobewuwu.
30. Ɔkwan bɛn so na wogye “talente biako” no fi “akoa onihafo” no nsam, na wɔde ma hena, na dɛn ntia?
30 Wɔ Owura no parousia bere yi mu a ɔne ne “nkoa,” sɛ́ ɛyɛ wɔn a wowuwu mmiako mmiako anaasɛ nkoa akuw ahorow a wɔda so wɔ asase so rebu akontaa yi mu no, ade biako ada adi dedaw. “Akoa bɔne ne onihafo” kuw no mfa wɔn “talente biako” no nyɛ adwuma na wɔde ne “sika” no ho mfɛntom abrɛ no. Ne saa nti, wafi ase regye saa “talente biako” no afi kuw a wɔanni nokware yi a wɔatra hɔ sɛ kuw abesi nnɛ no nsam dedaw. Ɔremma wonnya dwumadi biara mfi ne hɔ, sɛ ebia asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma na wɔanya Kristo asuafo afoforo abɛka ho. Ommu wɔn sɛ Ne nkoa bio; ommu wɔn nyamesom mu dwumadi ahorow no na onnye ntom. Ɔmma wonnya ne fi hann a ɛma anigye no bi. Wɔagye wɔn “talente biako” no afi wɔn nsam, na wɔde mmeae ahorow a ɔde hyɛɛ wɔn nsa a wobetumi de ayɛ asuafoyɛ adwuma no ama “akoa pa ne nokwafo” kuw a wɔama anaasɛ wɔrema ɔhene ‘nneɛma a ɔwɔ’ adɔɔso abɛyɛ “talente du,” a wɔda ahoɔden kɛse adi wɔ asuafoyɛ adwuma no mu no.—Mat. 28:19, 20; Dw. 2:8.
31. (a) Ɔkwan a wɔfa so yɛ ade wɔ Owura no fam bɛn na wɔayɛ ho nhwɛso? (b) Wɔ “ahoɔden” akyi no, na dɛn na “akoa onihafo” kuw no nni, na enti dɛn na wɔyɛɛ no?
31 Enti wɔde nnyinasosɛm anaasɛ mmara kronkron no redi dwuma nnɛ sɛ “obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na nea onni bi no de, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam.” (Mat. 25:29) Wɔ ɛbɛ no mu no “akoa bɔne ne onihafo” no na onyaa “talente biako” no, nanso na onni nea ɛsɛ sɛ “talente biako” a ɔwɔ no kanyan no na ɛma ɛda adi no. Ɛsɛ sɛ ade foforo no yɛ nsiyɛ a nokwaredi wom ma ne wura, nea wɔde ahyɛ ne nsa no ho anisɔ, gyidi a obenya sɛ ne wura no fata sɛ onya mfaso wɔ “talente biako” a na wobetumi de ayɛ adwuma, ma mfaso aba so no mu. Mfaso a wamfa amma bere a wobuu akontaa no dii adanse a emu yɛ den foforo bio kaa n’ankasa anoyi no ho sɛ, na onni saa ade foforo no. Enti sɛ́ “akoa a ne ho nni mfaso no,” wogyee “talente biako” no fii ne nsam. Na asɛe ahotoso a ne wura wɔ wɔ ne mu no. Woyii no fii ne wura adwuma mu na wɔpam no fii ne fi.
32. Dɛn ne ade foforo a “akoa onihafo” kuw no nni fi 1919, na enti dɛn na wogye fi wɔn nsam?
32 Wɔde nnyinasosɛm koro no ara di dwuma wɔ nnɛ bere yi “akoa bɔne ne onihafo” kuw no ho. Wɔde nea ɛte sɛ “talente biako” no hyɛɛ saa kuw yi nsa. Eyi fi wɔn Wura a ɔwɔ soro no hɔ na ɛbae, titiriw fi afe a edi kan wɔ ɔko no akyi, 1919 mu. Nanso ná ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nya biribi a ɛbɛboa anaasɛ ɛbɛyɛ saa “talente biako” no hokafo a ɛfata. Saa ade a ɛboa yi a ná ɛsɛ sɛ “talente biako” a, wɔwɔ no kanyan wɔ wɔn mu no ne nsiyɛ ne ahofama ma Yehowa Mesia ahenni no, gyidi wɔ wɔn Wura a ɔwɔ soro no mu sɛ ɔfata sɛ onya nkɔso wɔ mmeae a wɔyɛ asuafoyɛ adwuma no mu, adwene a ɔdɔ ne akokoduru wom sɛ wobenya Onyankopɔn Mesia ahenni a wɔde asi hɔ no ho dawurubɔ ne amanaman nyinaa a wɔbɛyɛ wɔn asuafo no mu kyɛfa kɛse sɛnea wobetumi, a ɛnyɛ Yudafo man a Yesu Kristo wɔ asase so no ɔyɛɛ ne baguam ne kokoam ɔsom adwuma wɔ wɔn mu no nkutoo. Esiane sɛ wonni nea wɔn ankasa de bedi dwuma wɔ Owura no “talente biako” no ho nti, wogye saa “talente” yi fi wɔn nsam, sɛnea nnɛyi nokwasɛm ahorow da no adi no.
33. (a) Enti, efi hena de mu na “akoa pa ne nokwafo” kuw no nya ‘boro so‘? (b) Anigye bɛn na wonya, na nniso bɛn na wɔtwɛn?
33 Wɔ ɔkwan foforo so no, “akoa pa ne nokwafo” akuw ahorow no wɔ nea ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn wɔ wɔn Wura a ɔwɔ soro no “talente” a ɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwumadi mu. Ampa sɛnea wɔyɛ ho mfonini wɔ ɛbɛ no mu no, wɔde pii rema wɔn fi “‘akoa bɔne ne onihafo” kuw no de no mu, na wɔde hokwan anaa ɔdom ahorow ka wɔn ho sɛ́ “nkoa” a wodi asɛyɛde ho dwuma, nkoa a wotumi de ho to wɔn so, na wɔn ho wɔ mfaso. Sɛ́ nea efi eyi mu ba no, wɔanya ma “aboro so,” wɔ mmeae ahorow a wɔyɛ asuafoyɛ adwuma no a wɔama adɔɔso no mu. Bere a wɔma wɔn Wura no koma ani gye no, wɔn ankasa anigye bu so na wodi kan te anigye a wɔn Wura no te nka wɔ n’ahenni a wɔde asi hɔ mprempren no mu no nka. Saa anigye yi hyɛ wɔn den ma wɔpere kɔ anim wɔ ɔsom a wɔde ma no no mu kosi sɛ wobewie wɔn asase so adwuma. Na sɛ ɛba saa a, wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ n’anigye no mu koraa denam owusɔre a wobenya afi awufo mu so na wama wɔadi ade pii so wɔ ne mfirihyia apem ahenni no mu. Saa bere no na wobehu saa “nkoa” a wonya afã wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no anigye no yiye.—Adi. 20:6.
34. Yesu bɛ no fã a etwa to mmamu a wohu no kyerɛ sɛ dɛn na ɛrekɔ so, na dɛn ntia?
34 Wɔ ɔkwan a yɛadi kan aka yi so na “talente” ho bɛ no fã a etwa to no akɔ so fi afe 1919 Y.B. Eyi ayɛ nea nkurɔfo ne aman a wɔwɔ asase so nyinaa tumi hu. Wɔn a wɔahu ɛyi titiriw ne “akoa pa ne nokwafo” kuw no. Ne nyinaa da no adi sɛ Ɔhene Yesu Kristo parousia anaasɛ ba a waba a aniwa ntumi nhu no akɔ so fi Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu. Enti ɛyɛ “sɛnkyerɛnne” kɛse a ɛfa Kristo “ba a waba” ne “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho no fã, saa “talente” ho bɛ yi yɛ ne nkɔmhyɛ a ɛkɔ akyiri a ɛfa saa “sɛnkyerɛnne” no ho no fã.—Mat. 24:3.
35. Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛtoa so susuw Yesu nkɔmhyɛ no ho, na ama nokwasɛm bɛn ada adi?
35 Nanso pii ka “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Kristo ba a waba wɔ honhom mu a aniwa ntumi nhu no ho kyɛn “mmabaa du” bɛ ne “talente” ho bɛ a yɛasusuw ho dedaw no. Ɛbɛ foforo bio wɔ hɔ a ɛyɛ ne nkɔmhyɛ a ɛfa “sɛnkyerɛnne” no ho no fã titiriw, na ne mmamu wɔ yɛn bere a ɛyɛ hu yi mu di adanse bio sɛ Awurade Yesu Kristo ba a waba, ne parousia, no rekɔ so wɔ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa mu. So yɛnkɔ so nsusuw yɛn Awurade nkɔmhyɛ kɛse no ho anaa?