Anigye A Manya Wɔ Yehowa Mu A Sɔhwɛ Ahorow Mfa Ho
SƐNEA GEORGE SCIPIO KA KYERƐE
Wɔ December 1945 mu no, na meda ayaresabea a na me nipadua nyinaa adwudwo ma aka me nsa ne me nan nkutoo. Misusuwii sɛ me tebea no yɛ bere tiaa bi mu de, nanso na afoforo nnye nni sɛ metumi anantew bio. Hwɛ sɔhwɛ ara a ɛno yɛ ma obi a na madi mfe 17 a mewɔ ahoɔden no! Mannye anni sɛ ɔyare a ɛte saa bɛbɔ me da. Na mewɔ nhyehyɛe pii a na ɔkwan a me ne m’adwumawura betu akɔ England wɔ saa afe no mu ka ho.
YARE a wɔfrɛ no mmubui a na aba supɔw a yɛte so, St. Helena, so na na ayɛ me. Ekunkum nnipa 11, na ɛmaa bebree nso dii dɛm. Bere a na meda mpa mu no minyaa bere pii de susuw mfe kakra a na madi, ne me daakye ho. Bere a meyɛɛ saa no, mibehui sɛ me yare no nyinaa akyi no, na mewɔ nea megyina so ama m’ani agye.
Mfiase Ketewaa Bi
Wɔ 1933 mu, bere a na madi mfe anum no, me papa, Tom, a na ɔyɛ polisini ne Baptist Asɔre no sɔfokumaa no nsa kaa nhoma ahorow bi fii Yehowa Adansefo baanu bi hɔ. Na wɔyɛ bere nyinaa asɛmpakafo, anaa akwampaefo a wɔaba supɔw no so bere tiaa bi.
Na wɔato nhoma yi mu biako din sɛ The Harp of God. Me papa ne yɛn abusua no ne anigyefo afoforo pii de suaa Bible no. Na emu nsɛm no mu dɔ, na afa kakraa bi pɛ na metee ase. Nanso mekae sɛ mehyɛɛ kyerɛwsɛm biara a yesusuw ho no nsow wɔ m’ankasa me Bible mu. Ankyɛ na me papa hui sɛ nea na yɛresua no ne nokware no, na na ɛyɛ soronko wɔ nea na ɔkyerɛkyerɛ wɔ Baptist Asɔre no mu no ho. Ofii ase kaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ asɛnka agua so sɛ Baasakoro, hellgya, ne ɔkra a enwu da biara nni hɔ. Eyi maa huhuhuhu baa asɔre no mu.
Bere bi akyi no, asɔre no hyiaam bɔɔ mmɔden sɛ wobedi ɔhaw no ho dwuma. Wobisae sɛ: “Hena na ɔwɔ Baptist afã?” Nnipa dodow no ara sɔre gyinae. Na wobisae bio sɛ: “Hena na ɔwɔ Yehowa afã?” Nnipa bɛyɛ 10 anaa 12 yɛɛ saa. Wɔpamoo wɔn fii asɔredan no mu.
Na eyi yɛ ɔsom foforo no mfiase ketewaa bi wɔ St. Helena. Me papa ne Ɔwɛn Aban Asafo no ti a ɛwɔ United States no dii nkitaho na ɔsrɛe sɛ wɔmmena no afiri a ɔde bɛbɔ Bible mu nsɛm a wɔakyere agu ahama so akyerɛ ɔmanfo no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ afiri no sõ dodow sɛ wɔde bɛba St. Helena. Wɔde gramafon afiri ketewaa bi menaa wɔn, na anuanom no kraa abien kaa ho. Ebinom nantewee, na afoforo nso tratraa mfurum so kyinii supɔw no so kaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo no.
Bere a asɛmpa no retrɛw no, na ɔtaa nso mu reyɛ den. Wɔ me sukuu mu no, na mmofra no to dwom sɛ “Mommra, mommra, mmetie Tommy Scipio, gramafon no!” Sɛ́ sukuuni abofra a na mepɛ sɛ me mfɛfo ani gye me ho no, na eyi yɛ sɔhwɛ kɛse ma me. Dɛn na ɛmaa mitumi gyinaa mu?
Na yɛn abusua kɛse—a mmofra baasia wom—no yɛ abusua Bible adesua daa. Na yɛbom kenkan Bible no da biara da anɔpa ansa na yɛadidi. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi na aboa yɛn abusua no ma yɛatumi de nokwaredi atra nokware no mu mfe pii no. M’ani begyee Bible no ho wɔ me mmofraase pɛɛ, na mfe a atwam no mu no, mede ayɛ me su sɛ mɛkenkan Bible bere nyinaa. (Dwom 1:1-3) Eduu bere a miwiee sukuu a na madi mfe 14 no, na magye ntini wɔ nokware no mu, na na Yehowa ho suro ahyɛ me koma mã. Eyi na ɛboaa me maa minyaa Yehowa mu anigye a na sɔhwɛ ahorow mfa ho no.
Sɔhwɛ Foforo ne Anigye Ahorow
Bere a na meda yarepa so redwennwen saa mfe a atwam no ne nea na me daakye bɛyɛ ho no, na mahu afi me Bible adesua no mu sɛ saa yare yi nyɛ sɔhwɛ anaa asotwe bi a efi Onyankopɔn hɔ. (Yakobo 1:12, 13) Nanso na mmubui no yɛ sɔhwɛ a ano yɛ den, na ɛbɛkɔ so ahaw me wɔ me nkwa nna nyinaa.
Bere a me ho tɔɔ me no na ɛsɛ sɛ misua nantew bio. Afei nso na me nsa mu ntini ahorow bi nyɛ dwuma. Merentumi nkan mpɛn dodow a mehwee ase da biara da. Nanso, ɛdenam mpaebɔ a efi komam ne mmɔden a mebɔe bere nyinaa so no, eduu 1947 no, na mitumi de poma nantew.
Saa bere no mu na mihuu ɔbea bi a na medɔ no, Doris, a ɔne me wɔ ɔsom mu gyidi biako no. Na yesusua dodow sɛ yɛbɛware, nanso ɛno hyɛɛ me nkuran maa minyaa ɔpɛ sɛ mɛnantew yiye. Mesan gyaee m’adwuma a na meyɛ no efisɛ na akatua no nyɛ nea na metumi de aware, na mehyehyɛɛ m’ankasa afiri a mede yɛ ɛse ho adwuma, na mede yɛɛ adwuma mfe abien a edi hɔ no. Wɔ 1950 mu no, yɛwaree. Saa bere no minyaa sika a ɛkɔ anim kakra de tɔɔ kar ketewaa bi. Afei na metumi de anuanom no akɔ asafo nhyiam ahorow ne asɛnka.
Teokrase Nkɔso Ahorow Wɔ Supɔw no So
Wɔ 1951 mu no, Asafo ti no maa n’ananmusini a odi kan baa yɛn hɔ. Na oyi ne Jacobus van Staden, aberante bi a ofi South Africa. Saa bere no ara na na yɛatu kɔ ofie fɛfɛ bi mu, enti na yebetumi ama no baabi atra wɔ afe mũ no nyinaa mu. Esiane sɛ na meyɛ m’ankasa adwuma nti, minyaa bere pii ne no yɛɛ asɛnka adwuma no, na minyaa ntetee a ɛsom bo pii.
Jacobus anaa Koos sɛnea na yɛfrɛ no no, yɛɛ asafo nhyiam ahorow a na yɛyɛ no daa ho nhyehyɛe, a yɛn mu biara de anigye kɔe. Na yɛwɔ akwantu ho nsɛnnennen efisɛ anigyefo no mu baanu pɛ na na wɔwɔ kar wɔ yɛn mu. Asase no yɛ mmonkyimmɔnka ne mmepɔw mmepɔw, na akwan papa kakraa bi na na ɛwɔ hɔ saa bere no. Enti na egye mmɔdenbɔ kakra na ama obiara atumi aba asafo nhyiam no. Na ebinom fi ase nantew anɔpatutuutu. Na mede me kar ketewaa no fa nnipa mmiɛnsa de wɔn twa kwan tenteenten kodu anim baabi. Na wosi nantew. Na masan m’akyi abɛfa mmiɛnsa foforo bio de wɔn nso atwa kwan tenten bi akosi wɔn, na masan m’akyi. Awiei koraa no, na obiara ba nhyiam no wɔ saa kwan yi so. Sɛ nhyiam no ba awiei a na yɛfa saa kwan no ara so ma obiara kɔ ne fie.
Koos kyerɛɛ yɛn sɛnea wodi adanse wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ apon ano nso. Yenyaa osuahu ahorow a eye pii ne nea enye nso bi. Nanso anigye a yenyae wɔ asɛnka adwuma no mu no bunkam sɔhwɛ ahorow a asɔretiafo de baa yɛn asɛnka adwuma no so no nyinaa so. Da bi anɔpa na me ne Koos na ɛreyɛ adwuma. Bere a yeduu ɔpon bi ano no, yɛtee sɛ kasa bi wɔ ɔdan no mu. Na ɔbarima bi rekenkan Bible no denneennen. Na yɛte no yiye sɛ ɛyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 2 no. Bere a oduu nkyekyem 4 no, yɛbɔɔ ɔpon no mu. Akwakoraa bi a ɔpɛ nnipa kaa sɛ yɛmmra mu, na yɛde Yesaia 2:4 no kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛɛ no. Yɛne no fii Bible adesua ase, ɛwom mpo sɛ na baabi a ɔte no kɔ yɛ den de. Na ɛsɛ sɛ yesian bepɔw bi, tiatia abotan so twa nsu, foro bepɔw foforo, ansa na yɛasian akɔ ne fie. Nanso na ɛfata sɛ yɛyɛ saa. Akwakoraa hobrɛasefo yi gyee nokware no, na wɔbɔɔ no asu. Nea ɛbɛyɛ na watumi aba nhyiam no, na ɔde poma abien twa kwan begyina baabi a metumi de kar akɔfa no atoa so. Akyiri yi owui sɛ Ɔdansefo nokwafo.
Polisifo panyin a na ɔwɔ hɔ no de ɔtaa baa yɛn adwuma no so, na ɔkɔɔ so hunahunaa Koos sɛ ɔbɛma wɔapam no afi ɔman no mu. Na ɔfrɛ Koos bisabisa no nsɛm pɛnkoro wɔ ɔsram biara mu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Koos ma no mmuae fi Bible no mu tee no mpo maa ne bo fuwii kɛse. Wɔ nsɛm yi mu biara mu no, na ɔka kyerɛ Koos sɛ onnyae adanse a odi no, nanso emu biara mu no, na odi no adanse. Ɔkɔɔ so sɔre tiaa dwumadi no bere mpo a Koos fii St. Helena no. Afei polisifo panyin no, obi a ɔso na ne ho yɛ den no yaree mpofirim, na ɔfɔnee koraa. Na nnuruyɛfo no nhu nea ayɛ no. Ne saa nti ofii supɔw no so.
Asubɔ ne Nkɔso a Ɛba Ntoatoaso
Bere a Koos dii asram abiɛsa wɔ supɔw no so no, ɔtee nka sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ asubɔ ho nhyehyɛe. Na ɛyɛ den sɛ yebenya abura a ɛfata a yɛbɛbɔ asu wom. Yɛyɛɛ adwene sɛ yebetu amoa kɛse, de semɛnte aka mu, na yɛakɔ nsu agu mu. Ade rebɛkye ma yɛabɔ asu no anadwo no, osu tɔe, na anɔpa no yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ amoa no ayɛ ma tɛnn.
Koos na ɔmaa asubɔ kasa no saa Kwasida anɔpa no. Bere a ɔkaa sɛ asubɔfo no nsɔre no, yɛn mu 26 na yɛsɔre buaa nsɛm a wobisa no daa no. Yɛn ne Adansefo a yedii kan nyaa hokwan bɔɔ asu wɔ supɔw no so. Na ɛno ne anigye da kɛse wɔ m’asetra mu efisɛ na ayɛ me adwennwene bere nyinaa sɛ ebia Harmagedon bɛba ansa na mabɔ asu.
Bere bi akyi no, wɔtee asafo ahorow abien, biako wɔ Levelwood na biako nso wɔ Jamestown. Wɔ dapɛn biara mu no, na yɛn mu baasa anaa baanan twa kilomita 13 kɔ asafo biako mu kɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ hɔ Memeneda anwummere. Kwasida anɔpa bere a yɛafi asɛnka aba no, na yɛsan kɔyɛ nhyiam koro no ara ne Ɔwɛn-Aban Adesua no awia ne anwummere no wɔ yɛn ankasa asafo mu. Enti na Teokrase dwumadi ahorow a anigye wom ayɛ dapɛn awiei mã. Na m’ani gye ho sɛ mede bere nyinaa bɛyɛ asɛnka adwuma no, nanso na mewɔ abusua a wɔn hwɛ da me so. Enti wɔ 1952 mu no mesan kɔyɛɛ aban adwuma sɛ ɛse ho ɔyaresafo wɔ ɔman no mu.
Wɔ 1955 mu no, Asafo ti no ananmusifo a wotutu akwan, amansin so ahwɛfo, fii ase sraa yɛn wɔ supɔw no so afe biara, na na wɔtra me fie wɔ wɔn nsrahwɛ no fã bi mu. Wonyaa yɛn abusua no so nkɛntɛnso pa. Saa bere koro no ara mu no, me nso minyaa hokwan de yii Asafo ti no mfonini a wɔakyere agu ahama so no kyerɛe wɔ supɔw no so.
Ɔsoro Apɛde Nhyiam a Ɛyɛ Anigye
Wɔ 1958 mu no, nea ɛbɛyɛ na matumi akɔ Ɔsoro Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam wɔ New York no, mesan gyaee aban adwuma no. Na saa nhyiam no yɛ bere titiriw wɔ m’asetra mu—hokwan bi a ɛmaa minyaa pii a megyina so anya anigye wɔ Yehowa mu. Esiane akwantu ho nhyehyɛe a na ɛyɛ den bere nyinaa nti, yefii fie asram anum ne fã. Nhyiam no kɔɔ so nnawɔtwe, na na ɔfã biara fi ase anɔpa nnɔnkron kɔpem anadwo nnɔnkron. Nanso na mente brɛ, na na mede ahopere hwɛ da a edi hɔ no kwan. Minyaa hokwan gyinaa St. Helena ananmu wɔ dwumadi no mu simma abien. Na egye mmɔdenbɔ na ama matumi akasa akyerɛ nnipadɔm a wɔahyiam wɔ Yankee Stadium ne Polo Grounds.
Nhyiam no maa me tirim a na mabɔ sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo no mu yɛɛ den. Na baguam kasa a wɔato din “Onyankopɔn Ahenni Di tumi—So Wiase Awiei Abɛn?” no hyɛ nkuran yiye. Nhyiam no akyi no, yɛkɔɔ Asafo ti no adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, na yɛkɔsrasraa baabi a wɔyɛ mfiridwuma hɔ. Me ne Onua Knorr, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titirani saa bere no kaa nkɔso a adwuma no renya wɔ St. Helena no ho asɛm. Ɔkae sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛba abɛsra yɛn wɔ supɔw no so da koro. Yɛde ɔkasa no nyinaa ne mfonini a ahokeka wom a yɛakyere agu hama so no bae sɛ yɛrebɛbɔ na yɛayi akyerɛ abusuafo ne ayɔnkofo.
Bere Nyinaa Som Botae Ho a Midui
Bere a mibedui no, wɔsan faa me wɔ me kan adwuma no mu, efisɛ na ɛse ho ɔyaresafo biara nni supɔw no so. Nanso mekaa me tirim a mabɔ sɛ mɛyɛ bere nyinaa som adwuma no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Bere a yesusuw ho pii no, wogye toom sɛ metumi de nnansa ayɛ adwuma wɔ dapɛn mu, nanso na akatua no ye sen bere a na mede nnansia yɛ adwuma wɔ dapɛn mu no. Yesu asɛm no yɛɛ nokware sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Na me nan a ɛyɛ me yaw a na mede bɛkɔ mmepɔw a ɛwɔ supɔw no so no nyɛ mmerɛw mma me koraa. Eyi mu mpo no, mede mfe 14 yɛɛ akwampae adwuma no, na mitumi boaa supɔw no sofo pii maa wosuaa nokware no ho ade—akyinnye biara nni ho sɛ ɛno maa minyaa anigye kɛse.
Wɔ 1961 mu no, aban no pɛe sɛ ɔde me kɔ Fiji Islands no so ma mikonya mfe abien ntetee a mintua ho hwee sɛnea metumi abɛyɛ ɛse ho ɔyaresafo a ne ho akokwaw yiye. Wɔkae mpo sɛ wɔbɛma m’abusua aka me ho akɔ. Na eyi yɛ sɔhwɛ ankasa, nanso bere a misusuw ho anibere so no, mannye hokwan a ɛte saa no antom. Na mempɛ sɛ migyaw anuanom hɔ bere tenten a ɛte saa, na mahwere hokwan a mewɔ sɛ me ne wɔn bɛbom asom no. Ɛhaw oduruyɛfo panyin a ɔyɛɛ saa akwantu ho nhyehyɛe no yiye. Ɔkae sɛ: “Sɛ wususuw sɛ awiei no abɛn pɛɛ a, wubetumi mpo de sika a wubenya no ayɛ biribi.” Nanso migyinaa pintinn.
Afe a edi hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Ahenni Som Sukuu a wɔyɛe wɔ South Africa, ɔsram biako ntetee a wɔde ma asafo mu ahwɛfo no bi. Wɔmaa yɛn akwankyerɛ a ɛsom bo a na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi adi yɛn asafo mu asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Sukuu no akyi no, me nsa kaa ntetee foforo fii ɔhwɛfo kwantufo a me ne no nantewee no hɔ. Afei mede mfe du som sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusifo wɔ asafo abien a na ɛwɔ St. Helena no mu. Bere kɔɔ so no, yenyaa anuanom afoforo a wɔn ho akokwaw, na yɛyɛɛ nhyehyɛe maa obiara nyaa dwumadi no mu kyɛfa.
Saa bere no, na yɛatu afiri Jamestown kɔ Levelwood, faako a na mmoa ho hia kɛse no, na yɛtraa hɔ mfe du. Wɔ saa bere yi mu no, na mereyɛ adwuma denneennen a adagyew nnim—akwampae adwuma no, nnansa adwuma a meyɛ ma aban, ne nnuantɔn dan ketewaa a na mayɛ no mu. Nea ɛka ho no, na midi asafo no mu nsɛm ho dwuma, na na me ne me yere wɔ mmofra baanan a wɔrenyin a yɛhwɛ wɔn. Nea ɛbɛyɛ na matumi adi eyinom ho dwuma no, migyaee me nnansa adwuma no, tɔn adetɔndan no, na mede abusua mũ no nyinaa kɔɔ Cape Town, South Africa, asram abiɛsa akwamma. Afei yetu kɔɔ Ascension Island na yɛtraa hɔ afe biako. Saa bere no mu no, yetumi boaa nnipa pii maa wonyaa Bible mu nokware nimdeɛ.
Bere a yɛsan baa St. Helena no, yɛkɔɔ Jamestown. Yesiesiee ɔdan bi a na ɛbɔ Ahenni Asa no ho. Nea ɛbɛyɛ na matumi ama m’abusua no anya wɔn honam fam ahiade no, me ne me ba John yɛɛ Ford lɔre bi a yɛde tɔn ice-cream, na yɛde yɛɛ adwuma mfe anum a edi hɔ no mu. Bere a yefii adwuma no ase bere tiaa bi no, mede afiri no hwee ase. Ɛdan tɔɔ me nan so. Ɛmaa m’anantu mu ntini dwudwoe, na edii mfe abiɛsa ansa na merenya ahoɔden.
Nhyira Pii a Manya Wɔ Mmere a Abɛsen Kɔ no Mu ne Nea Ɛbɛba Daakye
Yɛanya nhyira ahorow pii wɔ mfe pii a abɛsen kɔ no mu—biribi foforo a ɛma yenya anigye. Eyinom mu biako ne kwan a yetu kɔɔ South Africa amanaman ntam nhyiam wɔ 1985 mu na yɛkɔsrasraa Betel fie a na wogu so resi no. Biako nso ne kyɛfa kakra a me ne me ba John nyae wɔ Nhyiam Asa fɛfɛ bi a ɛbɛn Jamestown no si mu no. Yɛn ani nso gye sɛ yɛn mma no mu baasa resom sɛ asafo mu mpanyimfo, na yɛn banana biako resom wɔ South Africa Betel. Na yɛanya anigye ne abotɔyam pii ankasa wɔ mmoa a yɛde ama afoforo ma wɔanya Bible mu nokware nimdeɛ no mu.
Yɛn asasesin a yɛyɛ mu adwuma no sua, na nnipa 5,000 pɛ na wɔte mu. Nanso asasesin koro no ara a yɛakɔ so ayɛ mu adwuma mpɛn pii no asow aba pa pii. Nnipa kakraa bi na na wɔyɛ yɛn basabasa. Wonim St. Helenafo sɛ nnipa a wɔwɔ adamfofa su, na baabiara a wobɛkɔ no wobekyia wo—sɛ́ wonam fam anaa wote wo kar mu. Nea mahu ne sɛ mpɛn dodow a wuhu nkurɔfo no yiye no, dodow no ara na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubedi wɔn adanse. Mprempren yɛwɔ adawurubɔfo 150, ɛwom mpo sɛ ebinom atu kɔ amannɔne de.
Bere a yɛn mma no nyinaa anyinyin na wɔatu afi yɛn nkyɛn no, asan aka me ne me yere nkutoo bio, bere a yɛaware mfe 48 akyi no. Ne dɔ a nkontompo nni mu no aboa me ma makɔ so asom Yehowa anigye mu wɔ mfe no nyinaa mu a sɔhwɛ mfa ho. Yɛn honam fam ahoɔden so retew, nanso yɛn honhom fam ahoɔden reyɛ foforo daa daa. (2 Korintofo 4:16) Me ne m’abusua ne yɛn nnamfo rehwɛ daakye nwonwaso bi a mɛsan anya ahoɔden a eye mpo sen sɛnea na mete bere a na madi mfe 17 no kwan. Nea merehwɛ kwan kɛse ne sɛ mɛyɛ pɛ wɔ biribiara mu, na nea ɛsen ne nyinaa no, masom Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na odwen yɛn ho no, Yehowa, ne ne Hene a ɔredi tumi, Yesu Kristo no daa.—Nehemia 8:10.
[Kratafa 26 mfonini]
George Scipio ne ne mma no mu baasa a wɔresom sɛ asafo mu mpanyimfo
[Kratafa 29 mfonini]
George Scipio ne ne yere, Doris