Mudi Mu Kura Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Germany
WƆ APRIL awɔw bere da bi wɔ 1939 mu no, wɔde me kɔɔ Sachsenhausen nneduaban a ɛwɔ Germany no mu. Wɔde me ne nneduafo afoforo kɔɔ nneduaban no hwɛfo tirimɔdenfo a wɔtoo ne din Foursquare esiane sɛnea na ɔso no nti, no anim. Wɔ “akwaaba kasa” a ɔmae mu no, odwoodwoo yɛn, kyerɛɛ ayayade a yebetumi ahwɛ kwan.
Ɔteɛm sɛ: “Mubetumi anya biribiara a mopɛ afi me hɔ. Wobetumi abɔ mo tuo wɔ mo tirim, mo kokom, mo yafunu mu!” Na ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Me nkurɔfo no ntow mfom. Wɔde mo bɛkɔ ɔsoro tee! Ɔkwan koro pɛ a mubefi ha akɔ ne, sɛ afunu.”
Ɛno akyi no, wɔde me kɔɔ Isolation, ɔfã bi a wɔagye ho ban wɔ nneduaban no mu. Eyi ne beae a wɔde Yehowa Adansefo, ne nneduafo afoforo a wobuu wɔn sɛ wɔn ho yɛ hu no gui. Bere a wɔde me kɔɔ hɔ no, SS (Hitler nkurɔfo a wɔhyɛ ntade tuntum/Ahwɛfo Atitiriw) aberante bi bɔɔ m’asom mpɛn pii esiane sɛ mepow sɛ mede me nsa bɛhyɛ krataa bi a ɛbɛma m’apa me gyidi ase nti.
Otto Kamien a ofi Herne faa me adamfo, na ɔboaa me ma mepam me nneduaban nɔma ne ntamasin ahinasa kɔkɔɔ a ɛhyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ nneduaban hɔ no agyirae no fam m’atade mu. Ɔsan kyerɛɛ me sɛnea ɛsɛ sɛ mesɛw me mpa—wɔboroo nneduafo anaa wokum wɔn mpo esiane sɛ wɔansɛw wɔn mpa yiye nti.
Otto bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ bere ne bere mu no, wobebisa sɛ woda so ara yɛ Yehowa Adansefo no mu biako anaa. Yɛ den, yɛ pintinn, na ka no kɛse ne pefee sɛ: ‘Meda so ara yɛ Yehowa Adansefo no mu biako.’” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ woyɛ den na wugyina pintinn a, Ɔbonsam begyaa wo.” (Yakobo 4:7) Otto nkuranhyɛ no boaa me ma mikuraa me mudi mu maa Onyankopɔn wɔ mfe asia a edi hɔ a midii wɔ nneduaban abiɛsa mu no mu.
Sɛ misusuw saa sɔhwɛ mfe a atwam no ho a, mihu no nnɛ sen bere biara sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn mmoa so nkutoo na mikuraa me mudi mu. Ɛyɛɛ dɛn na wɔkyeree me nea edi kan wɔ January 20, 1938?
Me Mmofraase
Mfe bi ansa na wɔrewo me wɔ 1911 mu no, m’awofo a na wɔte Königsberg, Prusia Apuei Fam no bɛyɛɛ Bibelförscher (Bible Asuafo) , sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Ná mewɔ nuabarimanom baasa ne nuabeanom baanu, na na Maame taa de yɛn kɔ nhyiam horow ase. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, bere bi akyi no, Papa ne abusua no ammom wɔ nokware som mu bio. Ɛwom sɛ me nuabarimanom ne me nuabeanom mu biako bɛyɛɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi de, nanso akyiri yi, me ne me nuabea Lisbeth anni Bible mu nokware ahorow a yesuae no akyi pii bio.
Bere a mewɔ me mfe 20 mfiase mu no, Hitler bedii ade wɔ Germany, na wɔhyɛɛ nkurɔfo so denneennen. Meyɛɛ adwuma wɔ beae kɛse bi a wosiesie afiri wɔ Königsberg, sɛ afiri siesiefo. Sɛ Fuhrer no ma ɔkasa ahorow wɔ mmere atitiriw mu a, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ beae a wosiesie afiri hɔ no nyinaa behyia. Afei na wɔtaa kyia sɛ “Heil Hitler!” Akyiri yi, wɔhyɛe sɛ memma wɔntete me mma asraadi, enti asɛm a na ɛsɛ sɛ mibisa me ho ne sɛ, Hena afã na mewɔ?
Ná minim fi Asomafo no Nnwuma 4:12 sɛ heil, anaa nkwagye mfi Hitler hɔ, na mmom ɛnam Yesu Kristo nkutoo so. Enti na mintumi nka sɛ “Heil Hitler,” na manyɛ saa da. Afei, manni ahyɛde a ese menkogye asraadi ho ntetee no so.
Wɔ 1936 ne 1937 mu no, wɔkyeree me maame, me nuabea kumaa Helene, ne me nuabarimanom, Hans ne Ernst nyinaa. Efi saa bere no, me nso mepɛe sɛ migyina nokware Nyankopɔn no afã. Mifii ase kenkan Bible no anwummere anwummere, na mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Lisbeth nso fii ase kyerɛɛ anigye kɛse.
Ɔfã a Migyinae
Bere no dui no, migyinaa Yehowa afã pintinn, na mepow sɛ mɛsom wɔ Hitler asraadi no mu, ɛwom sɛ na wɔmmɔɔ me asu de. Wɔkyeree me, na wɔde me maa asraafo no. Adapɛn anum akyi no, asraadi asennibea bagua a ɛwɔ Rastenburg no buae sɛ wɔmfa me nto afiase afe biako.
Wɔde me too afiase dan bi a atew ne ho wɔ Central Prison a ɛwɔ Stuhm, Prusia Atɔe Fam mu. Wɔ m’ayayade bere wɔ afiase hɔ mu no, minyaa abotɔyam fii Adansefo anokwafo a wofi Kõnigsberg a na mifi me mmofraase nim wɔn a na yehu yɛn ho mu. Afei wɔde me nuabarimanom—Paul, Hans, ne Ernst—nyinaa too afiase koro no ara mu esiane wɔn gyidi wɔ Onyankopɔn mu nti. Bere a mewɔ ɔdan a atew ne ho mu no, na ɛtɔ da bi a Hans tumi wia ne ho de brodo sin bi brɛ me.
Miwiee m’afiase nna no, Gestapofo a wɔwɔ Kõnigsberg no bisabisaa me nsɛm kɔɔ akyiri mpɛn pii. Esiane sɛ m’ansesa m’adwene nti, wɔde me kɔɔ nneduaban a ɛwɔ Sachsenhausen no mu. Ɛhɔ na wɔde ɔdan a wosiesie mfiri wom bi si hyɛɛ me nsa, ma meyɛɛ adwumaden fii anɔpa nnɔnsia kosii anwummere nnɔnsia. Esiane ayayade a ano yɛ den no nti, nneduafo binom bɔɔ mmɔden sɛ wobeguan, bere a wonim sɛ, sɛ wɔkyere wɔn a, wɔbɛbɔ wɔn tuo no. Da koro mihuu ɔdeduani bi a ɔde ne ho fam ban a wɔde anyinam ahoɔden afa mu no ho dii ne ho dɔm.
Nhyɛso no Mu Yɛ Den
Wiase Nyinaa Ko II fii ase wɔ September 1939 mu, na nhyɛso a yɛn a yɛwɔ Sachsenhausen hyiae no mu yɛɛ den. Yɛn adwuma yɛɛ kɛse, na wogyee yɛn kuntu nkataho a emu yɛ hyew no fii yɛn nsam. Wɔ September 15 no, ná Nasifo no de yɛn nua Kristoni August Dickmann, a ɔpow asraadi no rebɛyɛ nhwɛso. Enti wɔyɛɛ ne kum no ho nhyiam titiriw bi ho nhyehyɛe.
Yɛn, mfɛfo Adansefo no mu ɔhaha pii hui, bere a wɔn a wokura atuo no bɔɔ no tuo ma ɔhwee fam wui no. Ɛno akyi no, wɔmaa nneduafo nyinaa kɔe ma ɛkaa Yehowa Adansefo nkutoo. Afei, Foursquare bisae sɛ hena na wayɛ krado sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ krataa a ɛbɛma wapa ne gyidi no ase, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔsraani. Obiara amfa ne nsa anhyɛ ase, na Foursquare bo fuwee.
Ná 1939 awɔw bere no ano yɛ den. Yɛannya ntade a ɛfata ne aduan a ɛsɛ, enti bebree wuwui. Yɛn nuanom mpanyimfo pii wuwui, nanso sɛ wɔde toto ho a, Adansefo a wowui no dodow sua sen nneduafo akuw afoforo. Foursquare mpo a ne ho yɛ den no yaree, na owui wɔ February 1940 mu.
Wɔde Me kɔ Nneduaban Foforo Mu
Foursquare wu akyi nna kakraa bi no, woyii yɛn mu 70 kɔɔ nneduaban ketewa a ɛwɔ Wewelsburg, a ɛbɛn Paderborn no mu. Yɛhwɛɛ kwan sɛ ɛhɔ tebea ahorow no bɛyɛ papa kakra, nanso yehyiaa n’abirabɔ. Na wɔma yɛn aduan kakraa bi, na yɛyɛɛ adwuma denneennen wɔ abotubea bi. Nna bi wɔ hɔ a sukyerɛma ne nsu fɔw yɛn dotoo. Saa bere a emu yɛ den yiye yi mu no, na edu anadwo a, mede me kuntu kata me ti, na mede osu bɔ mpae a efi komam kyerɛ Yehowa. Bere biara a meyɛ saa no, na mete abotɔyam ne asomdwoe nka, na menam so nyaa ‘mmoa wɔ bere a ɛsɛ mu’ fii Onyankopɔn hɔ.—Hebrifo 4:16.
Yehowa dii yɛn honhon fam akwahosan ho dwuma. Wɔde Adansefo fii Buchenwald nneduaban mu hɔ baa Wewelsburg, na wɔde honhom fam aduan a ɛwɔ Bible sua nhoma ahorow mu baa hɔ. Yɛkɔɔ adan a yɛda mu no mu wɔ akuw nketewa mu, na ɛhɔ na yɛkɔkaa wɔn ho yɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ kokoam. Nneduaban mu hɔ honam fam aduan no mpo yɛɛ yiye kakra.
Medaa Yehowa ase wɔ n’ayamye ho, bere a ɔyɔnko Dansefo bi yɛɛ nhyehyɛe maa mekɔyɛɛ adwuma wɔ faako a ɔwɔ wɔ atonnan bi no. Wɔ adwumayɛbea ahorow, a Adansefo titiriw na wɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ no, nneduafo nyaa aduan a ɛfata kakra. Afei, ná yenya hyew, na na wɔnhyɛ adwumayɛfo so atirimɔden so. Minyaa honam araa ma edii asram asia no, na me ho asan ayɛ den, ɛmfa ho sɛ bere bi a na atwam no na maka nnompe no.
Mete Me Nuabarimanom ho Asɛm
Bere a mewɔ Wewelsburg no, me nsa kaa nkra fii me nuabea Lisbeth hɔ sɛ yɛn nua Ernst akura ne mudi mu ama Yehowa akosi owu mu. Ná wɔatwa ne ti wɔ Berlin wɔ June 6, 1941 mu, mfe anan a wada afiase akyi no. Bere a Adansefo afoforo tee asɛm no, wɔbaa me nkyɛn bɛmaa me amo. Wɔn adwempa no kaa me kɛse. Ná nokware a yebedi no hia yɛn sen sɛ yebefi mu aka.
Mfe abien akyi, wɔ February 1, 1943 no, wɔbɔɔ me nuabarima Hans tuo wɔ Quednau a ɛbɛn Königsberg. Ná Hans adi mfe 34, na na wada afiase mfe anum. Akyiri yi, obi a ohuu ne wu no ka kyerɛɛ me sɛ ɔpanyin no bisaa Hans sɛ ebia ɔpɛ sɛ ɔyɛ ade bi twa to a. Hans srɛe sɛ ɔmma no kwan mma ɔmmɔ mpae, na ɔpenee so. Mpae no kaa asraafo no araa maa bere a ɔpanyin no de ahyɛde mae sɛ wɔmmɔ no tuo no, obiako mpo anni so. Ɔde ahyɛde no mae bio, na wɔtoo otuo biako ma ɛbɔɔ Hans ho. Afei ɔpanyin no twee n’ankasa akodiawuo, na nankasa kum no.
Mudi mu Kura ho Nhwɛso Afoforo
Wɔpaw Adansefo a wɔde wɔn fii Buchenwald baa Wewelsburg no mu 27 sɛ wɔnkɔyɛ asraafo, na wɔde wɔn kɔɔ afã ahorow sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Wɔn mu biara ampene so sɛ wɔde no bɛka ho; obiako pɛ na ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ adwuma a ɛmfa akodi ho. Wohunahunaa 26 sɛ wobekum wɔn, nanso ankosi hwee. Bere a wɔsan baa Wewelsburg nneduaban mu hɔ no, ɔsahene no hunahunaa wɔn sɛ: “Ebedi adapɛn anan no na mo adan awufo ma wɔasie mo.”
Afei wɔyɛɛ anuanom anokwafo yi titiriw aninyanne kɛse. SS no faa akwan biara a wobetumi so sɛ wɔbɛhyɛ wɔn so, agurow wɔn, na wɔayɛ wɔn ayayade akosi owu mu. Nanso, 26 no nyinaa fii mu kae! Akyiri yi, wɔyɛɛ ebinom a wɔnyɛ Adansefo nso saa ara, na wɔ bere tiaa bi mu mpo no, bebree wuwui.
Me Nuabeanom a Wokuraa Wɔn Mudi Mu
Wɔ April 1943 mu no woyii me kɔɔ Ravensbrũck nneduaban mu. Ná ɛyɛ mmea titiriw na wɔwɔ hɔ, nanso na mmarima wɔ ɔfã ketewa bi. Wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ beae a wosiesie afiri, a ɛne mmea no nneduaban no hwɛ anim pɛɛ no. Ankyɛ na Kristofo mmea a wɔretwam wɔ hɔ no huu me ntamasin ahinasa kɔkɔɔ no. Hwɛ anigye ara a ɛyɛe sɛ yekyiaa yɛn ho siei anaasɛ yɛde anigye serew kyerɛɛ yɛn ho! Ankyɛ na nkurɔfo tee sɛ Grandma Rehwald ba ne me. Yiw, na me maame ne me nnuabea Helene ne me nuabarima Hans a wawu no yere ka wɔn a wɔwɔ mmea nneduaban no mu ho!
Yɛn nuanom Kristofo mmea no tumi maa me nea wɔhyɛ wɔ atade ase te sɛ singrɛt, ne ɛtɔ da bi a brodo sin bi. Wotumi yɛɛ nhyehyɛe bere bi maa me ne me maame a medɔ no no kasae wɔ kokoam. Sɛ wohuu yɛn nhyiam no a, anka ɛbɛyɛ asɛnkɛse ama yɛn. Ná ɛyɛ anigye dɛn ara sɛ yɛsan hyiae! Me maame wui asram bi akyi, aka kakra ma wɔagyaa nneduaban no mufo no. Okuraa ne mudi mu kosii owu mu.
Awiei Koraa no Wogyaa Yɛn
Wɔ April 1945 mu no, na Rusiafo ne Amerikafo rebɛn Ravensbrũck. Wɔmaa me trata ne nea wɔde fa nneɛma, na yɛde afa nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa afi hɔ. Wɔ akwantu a ɛyɛ hu akyi no SS panyin a ɔhwɛ hɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Amerikafo no abɛn yiye ma enti yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ biara.
Awiei koraa no, yeduu Schwerin, Mecklenburg kurow mu, baabi a yehuu Adansefo pii a na wɔwɔ Sachsenhausen nneduaban hɔ, a me nuabarima Paul ka wɔn ho. Ná wafi Sachsenhausen aninyanne ahorow ne ɔbrɛ pii no mu aka. Nna bi akyi no yenyaa keteke bi kɔɔ Berlin, na yehuu abusua bi a wɔyɛ Adansefo a wofi ahɔhoyɛ mu maa yɛn baabi trae.
Saa abusua yi boaa anuanom mmarima ne mmea a wogyee wɔn fii nneduaban ne afiase ahorow mu no yiye. Wɔ 1946 mu no, mewaree Elli, abusua no mu ɔbabea bi. Awiei koraa no, wɔyɛɛ m’asubɔ ho nhyehyɛe, ade a antumi anyɛ yiye wɔ nneduaban ahorow no mu.
Anigye bɛn ara na ayɛ sɛ wɔ mfe pii mu no, mahyia anuanom a na me ne wɔn wɔ nneduaban ahorow mu wɔ ɔmantan nhyiam horow ase! Ebinom de wɔn nkwa too asiane mu maa wɔn nuanom, na eyinom titiriw na m’ani gyee wɔn ho. Sɛ wɔka bom a, yɛn abusua no mufo baasia a wɔkyeree yɛn—me maame, me nuabea Helene, ɛna me ne me nuabarimanom Paul, Hans, ne Ernst—no dii mfe 43 wɔ nneduaban mu. Na me nuabea Lisbeth nso kuraa ne mudi mu maa Onyankopɔn kosii ne wu mu wɔ 1945 mu.
Yehowa Tumi a Mede me ho To So
Me ne Elli waree akyi no, yenyaa hokwan de mfe bi som wɔ Magdeburg Betel ne Akwampae adwuma no mu kosii sɛ yefii ase tetee yɛn mma mmarima baanu no. Yɛda Yehowa ase sɛ eyinom biako, Hans-Joachim, resom sɛ ɔpanyin, na ne yere nso resom sɛ ɔkwampaefo. Nea ɛyɛ awerɛhow no, yɛn babarima biako no ankɔ so anantew wɔ Kristofo kwan a yɛkyerɛɛ no no so.
Mfe 45 atwam wɔ me nneduaban mu osuahu ahorow no akyi. Nanso, mprempren mpo, ɔdom nyinaa Nyankopɔn no ntetee me nwiei. (1 Petro 5:10) Wɔakae me ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:12 no mpɛn pii sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.”
Ɛnnɛ, bere a madi mfe 81 no, ɛyɛ me anigye sɛ meda so ara tumi nya adansedi adwuma no mu kyɛfa, na mesom sɛ asafo mu ɔpanyin. Na ɛyɛ me anisɔ sɛ matumi aboa nnipa dodow bi ma wɔahyira wɔn ho so ma wɔabɔ wɔn asu. Mibu eyi nso sɛ efi Yehowa ɔdom a ɛnsɛ yɛn no.—Sɛnea Josef Rehwald ka kyerɛe.
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Josef Rehwald wɔ 1945 mu.
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Rohwald abusua no wɔ bɛyɛ 1914 mu. Ɛna no a abofra Josef si ne srɛ so
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Josef no Elli Rehwald wɔ 1991 ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Berlin no ase, ne wɔn ba Hans-Joachim ne ne yere, Ursula