Dwom 73
Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom
1. Yɛwɔ ɔdɔ a edi mu.
Koma mu na ɔdɔ no fi;
Ɛma yenya atenka pa.
Yɛdwen yɛn nuanom ho.
Yebenya kwan bi afa so
Aky’rɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom,
Yebesua Nyankopɔn dɔ no;
Na yɛbɛyɛ ne mma.
Yɛbɛda yɛn dɔ adi.
Yebehu ahiafo mmɔbɔ;
Yɛde ɔdɔ bedi kan;
Yebenya ayamye daa.
Yɛbɛkamfo yɛn nuanom daa;
Yebenya wɔn ho adwempa.
Na yɛrensɛe yɛn nuanom din.
Yebedi nokware daa,
Na yɛbɛyɛ biako daa.
2. Yɛbɛma yɛn dɔ adi mu,
Yebegye yɛn nuanom adi;
Yebenya ahotoso daa,
Yɛn nuanom nyinaa mu.
Yenya nnamfo pa daa nyinaa;
Yɛn ani bɛsɔ obiara.
Yɛne yɛn nuanom behyia daa,
Yebenya ahoɔden.
Yɛn nyinaa fom da biara;
Ɔkasatia de ɔhaw bɛba.
Nyankopɔn adɔfo no,
Momma yenhu wɔn mmɔbɔ.
Ɛma yɛyɛ adamfo pa;
Ayɔnkofa no bedi mu.
Ma ɔdɔ nyɛ w’ahyɛnsode.
Kamfo yɛn Nyankopɔn no;
Suasua Yehowa dɔ no.
(Hwɛ 1 Pet. 2:17; 3:8; 4:8; 1 Yoh. 3:11 nso.)