Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr18 July kr. 1-5
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • JULY 2-8
  • JULY 9-15
  • JULY 16-22
  • JULY 23-29
  • JULY 30–AUGUST 5
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
mwbr18 July kr. 1-5

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

JULY 2-8

BIBLE MU AKORADE | LUKA 6-7

“Fa Ayamye Susuw”

nwtsty Lu 6:37 ho adesua asɛm

Momfa nkyɛ na wɔde akyɛ mo: Anaa kɔ so gyaa nkurɔfo, na wobegyaa wo. Hela asɛm a wɔkyerɛ ase “sɛ́ wode bɛkyɛ” no, nea ɛkyerɛ pa ara ne sɛ “wobɛma obi ade ne ho, kyerɛ sɛ wobɛma onii no akɔ, anaa wubegyaa no (sɛ nhwɛso no, obi a ɔda afiase).” Sɛ anka wubebu obi atɛn, anaa wubebu no fɔ no, nea Hela asɛm yi kyerɛ wɔ kyerɛwsɛm yi mu ne sɛ, wode onii no bɔne bɛkyɛ no, na woagyaa no, bere mpo a ebia ɔfata asotwe.

nwtsty Lu 6:38 ho adesua asɛm

Monkɔ so mma: Hela adeyɛ asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no, wobetumi akyerɛ ase “sɛ́ wobɛma,” na ɛkyerɛ ade a obi kɔ so yɛ.

nwtsty Lu 6:38 ho adesua asɛm

mo ntama: Nea Hela asɛmfua no kyerɛ ankasa ne ‘wo kokom anaa wo bo so.’ Nanso kyerɛwsɛm yi mu de, ebetumi akyerɛ atade nguguso a yɛama so ayɛ no sɛ bɔtɔ. Ayɛ te sɛ obi abɔ abɔso wɔ n’atade nguguso so, na wama nguguso no so ama ayɛ sɛ bɔtɔ a obetumi de nneɛma agu mu. Ebetumi aba sɛ ‘ntama a wɔde biribi gu mu’ no yɛ ade a na ebinom taa yɛ. Wɔtɔ ade a, na wotumi de gu atade nguguso a wɔama so no mu.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 7:35 ho adesua asɛm

ne mma: Ɛha no, wɔka nyansa ho asɛm sɛ onipa a ɔwɔ mma. Asɛm koro yi ara bi wɔ Mt 11:19. Ɛhɔ de, wɔka nyansa ho asɛm sɛ ɛwɔ “nnwuma.” Nyansa mma anaa ne nnwuma no gyina hɔ ma nneɛma a Yohane Suboni ne Yesu yɛe wɔ wɔn asetenam a edi adanse sɛ, nsɛm a na nkurɔfo ka to wɔn so nyɛ nokware. Enti yɛbɛka a, nea na Yesu reka ne sɛ: ‘Hwɛ nnwuma ne nneyɛe pa no, na wubehu sɛ asɛm a wɔde ato yɛn so no yɛ atoro.’

JULY 9-15

BIBLE MU AKORADE | LUKA 8-9

“Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ Na Yɛatumi Adi Yesu Akyi?”

nwtsty Lu 9:59, 60 ho adesua nsɛm

minkosie me papa: Ɛbɛyɛ sɛ sɛnea wɔkaa asɛm no, na ɛnyɛ sɛ ɔbarima no papa awu da hɔ, ɛnna ɔresrɛ kwan akɔyɛ papa no ayi ho ntotoe kɛkɛ. Sɛ saa na ɛte a, anka saa bere no ɛbɛyɛ den sɛ ɔbarima no begyina hɔ ne Yesu akasa. Tete no, sɛ obi wu wɔ abusua bi mu wɔ Middle East a, na wɔyɛ n’ayi ntɛm ara. Mpɛn pii no, na wɔyɛ no da no ara. Enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima no papa nte apɔw anaa wanyin, na ɛnyɛ sɛ na wawu. Afei nso, ɛnyɛ ade a anka Yesu bɛka akyerɛ obi a ne papa yare na ohia mmoa sɛ onnyaw no hɔ. Enti ɛnyɛ dɛn ara a, na abusuafo afoforo wɔ hɔ a na wobetumi ahwɛ papa no ama no nea ohia. (Mr 7:9-13) Yɛbɛka a, nea na ɔbarima no reka ara ne sɛ, ‘Medi w’akyi, nanso ɛnyɛ bere a me papa da so ara te ase yi. Twɛn, sɛ owu na misie no wie a, mɛba.’ Yesu fam de, na ɔbarima no rema hokwan a wanya sɛ ɔde Onyankopɔn Ahenni bedi kan wɔ n’asetenam no abɔ no.—Lu 9:60, 62.

Ma awufo nsie wɔn awufo: Sɛnea Lu 9:59 ho adesua asɛm no ama yɛahu no, ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima a na Yesu ne no rekasa no, na ne papa no nwui, na mmom na ɔnte apɔw anaa wanyin. Wei nti, ɛda adi sɛ nea na Yesu reka ne sɛ: ‘Ma wɔn a wɔawu wɔ honhom mu anaa wɔne Onyankopɔn nni abusuabɔ no nsie wɔn awufo,’ kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no twentwɛn so sɛ obesi gyinae sɛ obedi Yesu akyi, efisɛ na ɛda adi sɛ abusuafo foforo wɔ hɔ a wobetumi ahwɛ ne papa no kosi sɛ obewu. Sɛ ɔbarima no bedii Yesu akyi a, anka ebebue kwan ama wanya daa nkwa. Ɛno nso bɛkyerɛ sɛ, ɔrenka wɔn a wɔawu wɔ honhom mu anaa yɛbɛka a, wɔawu wɔ Onyankopɔn ani so no ho. Yesu nam mmuae a ɔde mae no so kyerɛe sɛ, sɛ yɛbɛkɔ so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a, gye sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu, na yɛka ho asɛm wɔ baabiara.

nwtsty mfoni

Funtum

Edu ɔpɛ bere a, na owia bɔ asase no so ma ɛyɛ denneennen. Wei nti, na wɔtaa funtum asase wɔ asusow bere mu; bere a osu atɔ agu asase no so ma ayɛ mmerɛw no. (Hwɛ sgd-TWK Ɔfã 19.) Nneɛma a wɔde funtum asase no bi wɔ hɔ a, na ɛyɛ dua a ano yɛ feaa. Ná wotumi de dade hyɛ dua no ano de fam dua kɛse ho, na ama aboa baako anaa nea ɛboro saa atumi atwe. Wodi kan funtum asase no ansa na wɔagu aba. Esiane sɛ na asase a wofuntum yɛ biribi a obiara nim nti, na wɔtaa de yɛ mfatoho wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. (Ate 14:18; Yes 2:4; Yer 4:3; Mik 4:3) Ná Yesu taa de kuadwuma yɛ mfatoho de kyerɛkyerɛ nsɛm a ɛho hia pa ara mu. Sɛ nhwɛso no, bere a na ɔpɛ sɛ osi hia a ehia sɛ obi fi ne koma nyinaa mu yɛ osuani so dua no, ɔde sɛnea wofuntum asase na ɛkyerɛkyerɛɛ mu. (Lu 9:62) Sɛ obi a ɔrefuntum asase ma nneɛma twetwe n’adwene a, na ɛbɛma akã a ɔretwitwa no akyeakyea. Saa ara na sɛ obi a odi Kristo akyi ma nneɛma twetwe n’adwene anaa oyi n’ani fi n’asɛde sɛ Kristoni so a, ɔremfata mma Onyankopɔn Ahenni no.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 8:3 ho adesua asɛm

resom wɔn: Anaa “wɔreboa (wɔrehwɛ) wɔn.” Hela asɛmfua di·a·ko·neʹo betumi akyerɛ nneɛma a obi yɛ ma afoforo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka nea wohia wɔ honam fam, te sɛ ɔbɛhwehwɛ aduan, anoa, na ɔde asom wɔn. Wɔde asɛmfua di·a·ko·neʹo adi adwuma wɔ kyerɛwnsɛm a edidi so yi mu, na ɛwɔ ntease koro no ara; Lu 10:40 (‘reyɛ ade’), Lu 12:37 (‘som’), Lu 17:8 (‘som’), ne Aso 6:2 (‘kyekyɛ aduan’). Ebetumi nso akyerɛ biribiara a wɔyɛ de som obi. Enti wɔde di·a·ko·neʹo yɛ adwuma wɔ Luka ti 8 nkyekyɛm 2 ne 3 de kyerɛ sɛnea mmea no yɛɛ nneɛma bi de boaa Yesu ne n’asuafo no. Wei ma wotumi yɛɛ adwuma a na Onyankopɔn de ama wɔn no. Nea mmea yi yɛe no hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na Onyankopɔn nso ani sɔɔ nea wɔyɛe no. Enti Onyankopɔn ma wɔkyerɛw adɔe a mmea yi fi mmɔborɔhunu mu daa no adi no ho asɛm wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma nyinaa betumi akenkan. (Mme 19:17; Heb 6:10) Bere a wɔreka mmea a wɔn ho asɛm wɔ Mt 27:55; Mr 15:41 no, wɔde Hela asɛmfua koro no ara na edii dwuma.

JULY 16-22

BIBLE MU AKORADE | LUKA 10-11

“Mfatoho a Ɛfa Samariani Bi a Ɔboaa Ne Yɔnko Ho”

nwtsty video

Ɔkwan a Efi Yerusalem Rekɔ Yeriko

Ɔkwan (1) a ɛwɔ video tiawa yi mu no, anammɔn kwan a tete no na wɔfa so fi Yerusalem kɔ Yeriko no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ ara na woyii saa kwan yi nso fae. Ná ɔkwan no tenten boro kilomita 20 (akwansin 12). Ná ɔkwan no sian pa ara na ɛsan kontɔnkontɔn. Esiane sɛ na nnipa nte mmɛn kwan no na ɛso yɛ dinn nti, na akwanmukafo taa gye nkurɔfo ho nneɛma. Wei nti, na wɔma asraafo kɔbɔ nsra wɔ kwan no so de bɔ akwantufo ho ban. Wufi Yudea sare so rekɔ a, na ɔkwan no kopue Yeriko kurow a na ɛyɛ Romafo de (2) no mu. Wufi Romafo Yeriko rekɔ Yeriko kurow dedaw (3) no mu a, na ne tenten bɛyɛ kilomita 2 (kwansin 1 ne kakraa bi).

nwtsty Lu 10:33, 34 ho adesua nsɛm

Samariani bi: Ná Yudafo mmu Samariafo, na na wɔmpɛ sɛ wɔne wɔn benya twaka biara. (Yoh 4:9) Ná Yudafo binom mpo de asɛmfua “Samariani” di dwuma de bu afoforo animtiaa na wɔde bɔ wɔn ahohora. (Yoh 8:48) Rabifo no baako kaa wɔ Mishna no mu sɛ: “Nea odi Samariani paanoo no, ɔte sɛ obi a ɔwe prakonam.” (Shebith 8:10) Sɛ Samariani bi di asɛm bi ho adanse a, na Yudafo dodow no ara nnye no nni. Afei nso, na wɔmma kwan mma Samariani biara nyɛ biribiara mma wɔn. Ná Yesu nim sɛ Yudafo no taa di Samariafo no ho fɛw. Enti, ɔde mfatoho yi kyerɛɛ asuade titiriw bi. Ɛno na nkurɔfo taa frɛ no Samariani yamyefo, anaa mmɔborɔhunufo ho mfatoho no.

kyekyeree n’akuru no hwiee ngo ne nsã guu so: Oduruyɛfo Luka tɔɔ ne bo ase kyerɛw Yesu mfatoho no. Sɛnea na womia akuru saa bere no, ɛno ara na ɔde kyerɛɛ nea ɛkɔɔ so no mu. Ná wɔtaa de ngo ne nsã mia akuru wɔ ofie. Ɛtɔ da a, na wɔde ngo srasra akuru so (fa toto Yes 1:6 ho). Nsã nso yɛ aduru, na wotumi de kum yare mmoawa. Luka san kyerɛɛ sɛnea wɔkyekyeree Yudani no akuru no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentu nyɛ kɛse.

ahɔhodan: Nea Hela asɛmfua no kyerɛ ankasa ne “baabi a wogye obiara.” Ná akwantufo ne wɔn mmoa betumi anya baabi ada wɔ mmeae a ɛtete saa. Ná wɔn a wɔhwɛ ahɔhodan so no de nneɛma nketenkete a akwantufo hia ma wɔn. Sɛ wogyaw nkurɔfo ma wɔn nso a, na wɔhwɛ wɔn gye sika.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 10:18 ho adesua asɛm

Mahu sɛ Satan fi soro ahwe ase dedaw sɛ anyinam: Ɛda adi sɛ asɛm a Yesu kae no yɛ nkɔmhyɛ. Ɔkaa Satan a na wɔbɛpam no afi soro no ho asɛm te sɛ biribi a na asi dedaw. Adi 12:7-9 ka ɔko a esii wɔ soro no ho asɛm. Ɛka sɛ bere a wɔwoo Mesia Ahenni no akyi no, Satan fi soro bɛhwee asase so. Nea na Yesu reka ara ne sɛ, ɔkwan biara so Satan ne n’adaemone bedi nkogu wɔ ɔko a na ɛbɛba daakye no mu. Efisɛ na ɛnkyɛe koraa na Onyankopɔn de tumi maa saa asuafo 70 a wɔnyɛ pɛ no mpo, ma wɔde tuu ahonhommɔne.—Lu 10:17.

nwtsty Lu 11:5-9 ho adesua nsɛm

Damfo, fɛm me paanoo abiɛsa: Middle East amammerɛ mu no, ahɔhoyɛ yɛ biribi a nkurɔfo ani gye ho pa ara, enti wɔbɔ ho mmɔden sɛnea yehu wɔ mfatoho yi mu no. Yɛhwɛ asɛm no yiye a, yehu sɛ ebetumi aba sɛ nsɛmnsɛm a na etumi sisi wɔ akwantu mu saa bere no nti, ɔhɔho no beduu anadwo dasum. Nanso, ɔbarima yi a ɔhɔho no bɛsoɛɛ no no tee nka sɛ, ɛsɛ sɛ ɔma ne hɔho no biribi di. Ɔtee nka mpo sɛ, ɛsɛ sɛ okonyan n’adamfo saa anadwo no srɛ ne hɔ aduan.

Gyae me haw: Ɔbarima a wɔkɔsrɛɛ ne hɔ aduan wɔ mfatoho yi mu no, na ɔmpɛ sɛ ɔboa. Ɛnyɛ sɛ na ne tirim yɛ den, na mmom na wada. Adan a na nkurɔfo, titiriw ahiafo tete mu saa bere no, na ɛyɛ dankora kɛkɛ a emu sõ. Enti sɛ agya a ɔwɔ fie hɔ no sɔre a, na ebetumi asɛe abusua no nyinaa nna ama mmofra no mpo anyan.

oguan ne ho: Hela asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no, wobetumi akyerɛ ase sɛ “obi a n’ani nwu asɛm” anaa “ɔmfɛre ade.” Nanso asɛm yi mu de, ɛkyerɛ obi a ɔde akokoduru yɛ ade, na ɔmpa abaw. Bere a ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no rebisa nea ohia no, wamfɛre, na wampa abaw nso; ɔkɔɔ so ara bisae. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw wɔ mpaebɔ mu.—Lu 11:9, 10.

JULY 23-29

BIBLE MU AKORADE | LUKA 12-13

“Mosom Bo Sen Nkasanoma Bebree”

nwtsty Lu 12:6 ho adesua asɛm

nkasanoma: Strou·thiʹon yɛ Hela asɛmfua bi a wɔatwa no tiaa, na wɔde gyina hɔ ma anomaa ketewa biara. Nanso, na wɔtaa de frɛ nkasanoma. Nnomaa a saa bere no na wɔwe nyinaa, ɛno na na ne bo nyɛ den koraa.

nwtsty Lu 12:7 ho adesua asɛm

mo ti nhwi mpo wɔakan ne nyinaa: Wɔkyerɛ sɛ nwi a ɛwɔ onipa biara ti so no, wokan a, anyɛ yiye koraa no, ɛboro 100,000. Sɛ Yehowa nim nwi dodow a ɛwɔ nnipa ti so sei a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ obiara a odi Kristo akyi no ho hia Yehowa pa ara.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 13:24 ho adesua asɛm

Monyere mo ho denneennen: Anaa “Monkɔ so mpere.” Yesu asɛm yi si so dua sɛ, egye mmɔdenbɔ kɛse ansa na yɛatumi ahyɛn ɔpon teateaa no mu. Nhoma ahorow bi kyerɛ sɛ, wobetumi aka asɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu wɔ akwan foforo so sɛ, “Yere wo ho pa ara; Yɛ nea wubetumi biara.” Hela adeyɛ asɛm a·go·niʹzo·mai no, ɛne Hela edin asɛm a·gonʹ bɔ abusua. Ná wɔtaa de a·gonʹ ka mmirikatufo a wɔresi akan ho asɛm. Wohwɛ Heb 12:1 sei a, wɔde a·gonʹ ka sɛnkyerɛnne kwan so nkwa ho “mmirika” a Kristofo retu no ho asɛm. Bio nso, wɔtaa de ka “apereperedi” (Flp 1:30; Kol 2:1) anaa ‘ɔko’ (1Ti 6:12; 2Ti 4:7) ho asɛm. Hela adeyɛ nsɛm a ɛne nea ɛwɔ Lu 13:24 bɔ abusua no, wɔkyerɛ bi ase sɛ, ‘obi de ne ho rehyɛ akansi mu’ (1Ko 9:25), ‘obi reyere ne ho’ (Kol 1:29; 4:12; 1Ti 4:10), anaa ‘ɔko’ (1Ti 6:12). Yɛahu sɛ asɛm “monyere mo ho denneennen” no, adwene a ɛwɔ akyi no fa mmirikatufo akansi ho. Wei nti, ebinom susuw sɛ, na Yesu rehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ yɛn ho mmɔden te sɛ ommirikatufo a ɔyere ne ho de n’ahoɔden nyinaa tu mmirika. Sɛ yɛbɛka a, ɔyere ne ntini mu denneennen tu mmirika no sɛnea obenya abotiri.

nwtsty Lu 13:33 ho adesua asɛm

enni kwan: Ɛwom, Bible nkɔmhyɛ biara anhyɛ da anka sɛ Mesia no bewu wɔ Yerusalem. Nanso, sɛ yɛhwɛ Da 9:24-26 a, yetumi hu biribi saa. Bio nso, sɛ Yudafo no bekum odiyifo bi, titiriw Mesia no wɔ baabi a, na ɛbɛyɛ Yerusalem. Ná nnipa 71 a wɔbom yɛ Sanhedrin anaa asɛnnibea kɛse no hyia wɔ Yerusalem. Enti sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ ɔyɛ odiyifo torofo a, ɛhɔ na na wobedi n’asɛm. Ebetumi nso aba sɛ, nea na ɛwɔ Yesu adwenem ne sɛ, na Yerusalem na wɔbɔ afɔre daa ma Onyankopɔn. Ɛhɔ nso na na wokum Twam guan no. Sɛnea ɛkɔbae no, Yesu nsɛm no baam. Wɔde no begyinaa Sanhedrin no anim wɔ Yerusalem, na wobuu no kumfɔ. Yerusalem kurow no afasu akyi pɛɛ nso na owui sɛ “twam guan” no.—1Ko 5:7.

JULY 30–AUGUST 5

BIBLE MU AKORADE | LUKA 14-16

“Ɔba Hohwini Ho Mfatoho No”

nwtsty Lu 15:11-16 ho adesua nsɛm

Na ɔbarima bi wɔ mma baanu: Nneɛma bi wɔ ɔba hohwini ho mfatoho (wɔsan frɛ no “ɔba a ɔyerae no”) no mu a ɛda nsow. Ɛyɛ mfatoho a ɛware a Yesu mae no mu baako. Ade baako a Yesu kaa ho asɛm a ɛda nsow yɛ ɔdɔ ne atenka soronko a na ɛwɔ agya no ne ne mma no ntam no. Ná Yesu taa de nneɛma a nkwa nnim te sɛ aba a wogu anaa asase yɛ mfatoho. Ebi wɔ hɔ nso a, na ɔka abusuabɔ a ɛda owura bi ne ne nkoa ntam ho asɛm. (Mt 13:18-30; 25:14-30; Lu 19:12-27) Nanso mfatoho yi mu de, ɔdɔ kɛse ne atenka a na ɛwɔ agya bi ne ne mma ntam no na Yesu twee adwene sii so. Nnipa a wɔate saa asɛm yi pɛn no, ebetumi aba sɛ wɔn mu dodow no ara annya agya a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamye saa. Mfatoho yi ma yehu ayamhyehye ne ɔdɔ kɛse a yɛn soro Agya no wɔ ma ne mma a wɔwɔ asase so no. Sɛ wɔkɔ so bata ne ho oo, sɛ wɔtwe wɔn ho na akyiri yi wɔsan ba ne nkyɛn oo, ɔda saa su yi adi kyerɛ wɔn nyinaa.

wɔn mu akumaa no: Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, sɛ wɔrekyɛ agyapade a, nea mma no mu biara benya no, na abakan no nya no mmɔho. (De 21:17) Enti mfatoho yi mu no, sɛ ɔba panyin no ne abakan a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ, wokyɛ n’agyapade mu mmienu a, emu fã na ɔba kumaa no benya.

sɛee: Nea Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ pa ara ne sɛ ‘wobɛbɔ biribi ahwete.’ (Lu 1:51; Aso 5:37) Wɔkyerɛ ase wɔ Mt 25:24, 26 sɛ ‘huw so.’ Ɛha no, ɛkyerɛ obi a ɔnhwɛ ade so yiye esiane sɛ abu so nti, anaa odi sika basabasa.

ahohwibra: Wɔde Hela asɛmfua bi a ɛne no sɛ a ɛwɔ ntease koro adi dwuma wɔ Efe 5:18; Tit 1:6; 1Pe 4:4. Bible nkyerɛase ahorow bi de asɛm “akɛsesɛm” na edi dwuma, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ Hela asɛm no kura adwene a ɛne obi a ɔsɛe sika, anaa obi a ɔnhwɛ ade so yiye esiane sɛ abu so nti.

ɔnkɔhwɛ . . . mprako: Sɛnea Mmara no kyerɛ no, na mprako ho ntew, enti na ɛyɛ animguase ne abofono sɛ Yudani bɛyɛ saa adwuma no.—Le 11:7, 8.

aduan a na mprako no di: Abarimaa no asɛm yɛɛ mmɔbɔ araa ma afei de, mprako aduan na na ɔpɛ sɛ odi.—Hwɛ Lu 15:15 ho adesua asɛm.

nwtsty Lu 15:17-24 ho adesua nsɛm

atia . . . wo: Anaa “wɔ w’anim.” Nea Hela asɛm e·noʹpi·on kyerɛ pa ara ne “wɔ biribi anim.”

w’apaafo: Bere a ɔba kumaa no san baa fie no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrebɛsrɛ ne papa ma wagye no sɛ ɔpaani, na ɛnyɛ sɛ ne ba. Mpɛn pii no, na wɔfa ɔpaani fi abɔnten sɛ ɔmmɛyɛ adwuma nnakoro nnakoro bi. Enti sɛ obi fa ɔpaani sɛ ɔmmɛyɛ adwuma a, na ɔnyɛ owura no dea, sɛnea na nkoa yɛ wɔn wuranom agyapade no.—Mt 20:1, 2, 8.

few n’ano: Anaa “ofi ɔdɔ mu few n’ano.” Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘few n’ano’ no, ebinom te ase sɛ ɛyɛ Hela adeyɛ asɛm phi·leʹo a ɛkɔ akyiri anaa emu dɔ. Ɛtɔ da a, wɔkyerɛ ase “sɛ wubefew obi ano” (Mt 26:48; Mr 14:44; Lu 22:47). Nanso mpɛn pii no, ntease a ɛwɔ mu ne sɛ “wobɛpɛ obi asɛm” (Yoh 5:20; 11:3; 16:27). Sɛnea agya a ɔwɔ mfatoho no mu no de anigye yɛɛ ne ba no atuu few n’ano no kyerɛ sɛ, na ɔpɛ sɛ ɔsan gye ne ba a wanu ne ho no.

wofrɛ me wo ba: Nsaano nkyerɛwee ahorow bi de asɛm: “Yɛ me w’apaafo no mu biako” ka asɛm yi ho. Nanso adanse a ɛwɔ nsaano nkyerɛwee ahorow a akyɛ na wogye tom mu ma yehu sɛ, wobetumi ayi saa asɛm yi afi Bible no ankasa mu. Nhomanimfo binom hu no sɛ wɔde asɛm, “Yɛ me w’apaafo no mu biako” kaa ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne asɛm a ɛwɔ Lu 15:19 behyia. Ɛno nti na wɔamfa saa kasamu yi anka asɛm a ɛwɔ Luka 15:21 ho wɔ Borɔfo Wiase Foforo Nkyerɛase 2013 de no mu no.

atade tenten . . . pɛtea . . . mpaboa: Atade tenten a yɛreka ho asɛm yi, na ɛnyɛ atade biara kɛkɛ, mmom na edi mũ pa ara. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ atade a wɔahyɛ da adi adwinni fɛfɛɛfɛ wom a wɔde ma ɔhɔho bi a ɔyɛ nipa titiriw. Pɛtea anaa kawa a na agya no de rehyɛ ne ba no nsa no kyerɛ sɛ ɔdɔ no, na wanya n’anim dom. Bio nso, na ɛkyerɛ sɛ agya no de obu, nidi, ne dibea rema ne ba a wasan agye no atom no. Ná wɔntaa nhu sɛ nkoa hyɛ pɛtea ne mpaboa. Nea agya no yɛe no da no adi pefee sɛ, na ɔresan agye ne ba no atom sɛ abusua no muni bio.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Lu 14:26 ho adesua asɛm

ɔntan: Bible mu no, sɛnea wɔde asɛm “ɔtan” di dwuma no gu ahorow. Ebetumi akyerɛ atenka a obi nya ma obi a ɔmpɛ n’asɛm, ma enti onya adwemmɔne sɛ ɔbɛyɛ biribi a ebepira no. Anaa ebetumi akyerɛ obi a okyi obi anaa biribi kɔkɔkɔkɔ ma enti ɔmpɛ sɛ ohu onipa no anaa dekode no mpo. Anaa ebetumi akyerɛ sɛ obi bɛdɔ obi asen ɔfoforo kɛkɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom mmienu na ɔdɔ baako tan baako a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔdɔ baako sen ɔfoforo no. (De 21:15) Wɔde saa asɛm yi adi dwuma wɔ tete Yudafo nhoma ahorow mu, na ekura ntease koro no ara. Wei nti, ɛnyɛ nea Yesu reka ne sɛ n’akyidifo ntan wɔn abusuafo ne wɔn ho, efisɛ saa asɛm no mpo ne Kyerɛwnsɛm no nhyia. (Fa toto Mr 12:29-31; Efe 5:28, 29, 33 ho.) Enti Kyerɛwsɛm yi mu no, asɛm “ɔtan” a wɔde adi dwuma no betumi akyerɛ sɛ “wobɛdɔ obi asen ɔfoforo.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena