Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban So
1 April ne May yɛ asram a yɛbɛma wɔakra nsɛmma nhoma. Eyi yɛ hokwan a yebetumi de ahyɛ yɛn nnamfo ne afipamfo nkuran ma wɔn nsa aka Ɔwɛn-Aban ne/anaasɛ Nyan! no bi daa.
2 Esiane sɛ nnipa pii wɔ Bible wɔ wɔn afie nti, nea wohia ne biribi a ɛbɛboa wɔn ma wɔate ase. Sɛnea wunim no, Ɔwɛn-Aban no so na wɔnam de aduan a ɛba ne bere mu ma Onyankopɔn fifo. Na ɛyɛ n’atirimpɔw a ɔdɔ wom sɛ wɔde honhom mu aduan yi ma afoforo a nokware ho kɔm de wɔn.—Mat. 5:6; 24:45.
3 Yɛanya hokwan sɛ yɛde saa nsiesiei a ɛho hia yi bɛkɔ akɔma nkurɔfo wɔ wɔn afie, na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ne ade biako a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ no yiye. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no bɛkɔ nkurɔfo nkyɛn na yɛahyɛ wɔn nkuran ma wɔakra na wɔn nsa aka no daa ma ahyɛ wɔn den honhom mu.
4 Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ eyi ma atu mpɔn? Nea edi kan no ɛsɛ sɛ yɛn nsa ka nsɛmma nhoma no na yehu nea ɛwɔ mu. Afei ɛsɛ sɛ yesusuw akwan horow a etu mpɔn a yɛbɛfa so akɔ nkurɔfo nkyɛn na yɛaka asɛm no akyerɛ wɔn ho. Nea edi hɔ no ɛsɛ sɛ yenya asasesin a yɛbɛyɛ mu adwuma. Yehia nsɛmma nhomakra nkratasin, Afie Afie kyerɛwtohɔ kratasin ne afei kyerɛwdua a yɛde bɛkyerɛw. Fa bere bi si hɔ ma adwuma no na mma wo werɛ mfi sɛ wobɛbɔ mpae asrɛ Yehowa nhyira wɔ yɛn mmɔdenbɔ so.
5 Asɛnka adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nantew ne yɛn kasa da anigye a yɛwɔ esiane asɛmpa a yekura nti no adi. Fa anigye ne nnamyɛ kɔ fie hɔ. Da wo ho adi adamfofa kwan so na ka asɛm no anigye so. Mprempren nkɔmmɔbɔ asɛmti: Adesamma aduru koro pɛ—Onyankopɔn Ahenni, fata yiye na yebetumi de adi dwuma ma atu mpɔn denam ahosiesie pa so.
6 Bere a woabɛn ofiewura no wubetumi afi ase sɛ: “Makye. Wɔfrɛ me . . . . . . . . . . . . Meyɛ w’afipamfo mu biako. Magye bere anɔpa yi sɛ mede biribi a m’ani agye ho kɛse rebɛkyerɛ wo. Ɛyɛ nsɛmma nhoma yi, Ɔwɛn-Aban”no. (Yi nsɛmma nhoma no na fa ma no bere a wugu so reka w’asɛm.) Ebia wobɛkae Awurade mpaebɔ a ɛwɔ Mateo 6 a ɔkae sɛ yɛmmɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no mpae sɛ ɔmma n’Ahenni mmra na wɔayɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ ɔsoro no. Ɛnnɛ, wiase nsɛm tebea ayɛ ma ɛkame ayɛ sɛ obiara nni anigye esiane nneɛma ahorow a ɛhaw asomdwoe a ɛwɔ hɔ nti. Dɛn na Ahenni no bɛyɛ ama yɛn, sɛ ɛba a? (Ma kwan ma ommua.) Ade biako ne sɛ, Bible ka eyi wɔ Adiyisɛm 11:17, 18. (Bue na kenkan anaasɛ ma ɔnkenkan mfi Bible mu.) Saa nsɛmma nhoma, Ɔwɛn-Aban, yi twe yɛn adwene kɔ nneɛma pa a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so. Sɛ nhwɛso no (Ma ɔnkenkan nkyekyem bi wɔ nsɛmma nhoma no mu a ɛne nea woaka no hyia na afei kɔ so) . Migye di sɛ w’ani begye sɛ wobɛkenkan saa nneɛma yi afi Ɔwɛn-Aban mu daa na m’ani begye sɛ mɛboa wo ma woakra bi a ɛyɛ ¢28.00 pɛ afe nyinaa. Ɛbɛba mprenu ɔsram biara.” Fa nsɛmma nhomakra kratasin no kyerɛ no na hyɛ no nkuran ma ɔnkra.
7 Sɛ ɔkra a, kyerɛ no sɛ wode foforo biara a ɛbɛba no bi bɛbrɛ no kosi sɛ nea wakra no befi ase aba. Saa kwan yi so no wubetumi ayɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe. Sɛ wankra bi na wode nea mobɔɔ mu nkɔmmɔ no ma no a, ka kyerɛ no sɛ wode nea ebedidi so aba no bi bɛbrɛ no na hwɛ sɛ wobɛyɛ ne ho kyerɛwtohɔ. Sɛ wankra na wannye nsɛmma nhoma no nso a, fa anigye koro no ara a wode kɔɔ ofiewura no nkyɛn no kra no na ka sɛ wobɛsan aba bere foforo.
8 Sɛ ofiewura no kra Ɔwɛn-Aban no bi dedaw a, twe n’adwene kɔ Nyan! no so. Sɛ ɔkra n’abien nyinaa a, bisa no ayamye mu sɛ ebia obi ne no bɛbɔ nsɛmma nhoma no mu nkɔmmɔ anaa? Sɛ obua sɛ yiw a, hyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so. Sɛ obiara nkɔ ne nkyɛn a, kyerɛ sɛ wobɛpɛ sɛ wo ne no kɔbɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ ɔpene so a, ma ɛnyɛ wo botae sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. Sɛ ofiewura no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛkra akyiri yi a, hwɛ sɛ wobɛyɛ ho kyerɛwtohɔ na san kɔma ɔnkra.
9 Esiane nsɛm a ɛyɛ anigye a epue Ɔwɛn-Aban no mu no nti, yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma afoforo nya ho mfaso denam nsɛmma nhoma no a wɔbɛkan no daa no so. Enti, ma nsɛmma nhomakra ho ɔsatu yi nyɛ nea eye sen biara.