Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/83 kr. 1-6
  • Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Akwampae Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Akwampae Adwuma
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • SO WOBƐYƐ AKWAMPAE ADWUMA?
  • MFASO HOROW A WO ANKASA WUNYA FI AKWAMPAE ADWUMA MU
  • FA ADWEMPA SUSUW HO
Yɛn Ahenni Som—1983
km 5/83 kr. 1-6

Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Akwampae Adwuma

1 Nsɛm a ɛwɔ Ahenni nnwom no biako mu fã bi na edi so yi: “Ɔhaw yi hwiegu ho kwan no rensan mma bio da; enti ma yennya mu kyɛfa na yɛagye ahonufo.” Hwɛ nokware ara a ɛyɛ! Nnansa yi nsɛm a esisi a ɛrema Bible nkɔmhyɛ nya mmamu no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma nneɛma nhyehyɛe bɔne yi aba n’awiei, na ɔnam saa yɛ so ama atemmusɛm a wɔreka mprempren no aba awiei. So ɛnsɛ sɛ nsusuwii yi ka yɛn ma yenya kyɛfa kɛse sɛnea yebetumi wɔ nkwagye adwuma a ɛne “[Yehowa] anisɔ afe a yɛbɛpae mu no mu?​—Yes. 61:2.

2 “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua,” saa na Yesu kae mfirihyia dunkron bi a atwam ni. Ɔde kaa ho sɛ: “Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mat. 9:37, 38) Ɛnnɛ, ɛwom sɛ wɔde adwumayɛfo mpempem pii abɛka otwa adwuma no ho de, nanso yebetumi aka ara sɛ “otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, bere a aka ma wɔde ayɛ otwa adwuma no so atew kɛse! Afei nso, nnipa pii wɔ hɔ a wohia mmoa nnɛ sen bere biara. Enti, bere a yɛbɔ mpae sɛ yebenya adwumayɛfo pii no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛne yɛn mpaebɔ ahorow no hyia. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ otwa adwuma no mu kɛse sɛnea yebetumi. Eyi ma yehu nea enti a ɛho hia sɛ yɛyɛ akwampae adwuma NNƐ no!

SO WOBƐYƐ AKWAMPAE ADWUMA?

3 Sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no, ɛnnɛ nnipa no ‘abrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.’ (Mat. 9:36) Wonni anidaso. Wohu sɛ ɛho nni mfaso sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa a wɔrentumi mfa mmoa biara mma no bɔhyɛ ahorow no so. Wɔde wɔn ti repempem wɔ sum mu. Wohia anidaso a emu yɛ den. Yɛwɔ saa anidaso no, yiw, Ahenni anidaso a ɛne anidaso koro pɛ a ɛyɛ nokware ma adesamma a wɔahaw no. Ɛyɛ hokwan ne yɛn asɛyɛde sɛ ɛbɛboa koma pafo yi mprempren. Yɛrentumi ntwentwɛn yɛn nan ase. Te sɛ otwa adwuma ankasa no, yɛrentumi ntu asuafoyɛ adwuma no nhyɛ da. Nkurɔfo nkwa ho aba asɛm, na yɛn nan ase a yɛbɛtwentwɛn anaa tu a yebetu ahyɛ da no betumi de asiane kɛse aba. Onyansafo no afotu no fata yiye nnɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no. Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: Kɔ na bra! ne: Ɔkyena mede mɛma, bere a ɛwɔ wo hɔ.” Yiw, nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ akwampae adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi aboa pii ansa na aka akyi.​—Mmeb. 3:27, 28.

MFASO HOROW A WO ANKASA WUNYA FI AKWAMPAE ADWUMA MU

4 So woasusuw tumi pa a akwampae adwuma betumi anya wɔ wo asetra so no ho? Ɛyɛ anigye kɛse sɛ wubehu sɛ wowɔ hokwan ahorow pii da biara sɛ wobɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo, na woaboa wɔn ma wɔahu no na wɔadɔ no. (Dw. 96:1-4) O, ɛyɛ nokware sɛ obi wɔ hokwan ahorow sɛ ɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo bere a ɔnyɛ akwampae adwuma mpo. Nanso, afie afie a wokɔ da biara no ma hokwan ahorow a wowɔ sɛ wubenya obi a ne ho pere no sɛ obesua no yɛ kɛse. Na wo de susuw Bible no a wode di dwuma bere pii da biara no nso ho. Ɛma wo ho kokwaw kɛse sɛ wode emu afotu no bedi dwuma de adi asetra mu ɔhaw ahorow so. Ɛnyɛ hyɛ nko na eyi hyɛ gyidi den na mmom denam ahokokwaw mu a wufi de Onyankopɔn Asɛm no di dwuma sɛ nkrante no nso so no, wutwitwa nyamesom mu anibiannasoyɛ ne mfomso a afa nnipa pii nnommum mprempren no mu koraa.​—Efe. 6:17, 18.

5 Akwampae adwuma betumi aboa wo ma woahu Yehowa papayɛ no kɛse. Bere a woafi wo pɛ mu agyaw nneɛma ahorow a ebia wɔ ne nyinaa mu no, ɛde honam fam mfaso ahorow pii bɛbrɛ wo, na woreyɛ akwampae adwuma no, wode wo ho to Yehowa so kɛse ma wadi wo honam fam ahiade ho dwuma. Dawid kaa ho a wɔde to no so yi ho asɛm bere a ɔkaa sɛnea “gyataforo bedi hia na ɔkɔm ade wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ [Yehowa] no, ade pa biara remmɔ wɔn” ho asɛm no.​—Dw. 34:10.

6 Yesu Kristo yɛɛ Dawid asɛm yi nsɛmmoa, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. . . . Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”​—Mat. 6:25, 33.

7 Akwampae adwuma yɛ ademude a ɛsom bo a ɛkame ayɛ sɛ yɛn nyinaa nsa betumi aka. Wɔn a wɔyɛ ayarefo mpo atumi ayɛ bi. Akwampaefo a wɔte sɛɛ biako kae sɛ: “Bere a w’ani abere resom Yehowa no, wo werɛ fi wo ankasa ho na wususuw ɔno ne n’apɛde a wobɛyɛ ho. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ɛyaw nketenkete a mete no siw me kwan sɛ mɛyɛ akwampae adwuma? Sɛ meyɛ akwampae adwuma o, manyɛ o, ɛyaw no da so ara wɔ hɔ. Enti eye sɛ mɛyɛ akwampae adwuma.” Na ɛyɛ nokware sɛ, mframa pa, apɔw mu teɛteɛ, te a wote nka sɛ woatumi ayɛ biribi a ɛfata ne fekubɔ pa, a akwampaefo nya no kɛse no, yɛ nea ne nyinaa tumi boa ma obi akwahosan nya nkɔso. Na wɔ honhom mu akwahosan fam mpo no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ pii a yɛbɛyɛ wɔ akwampae adwuma mu no yɛ ahobammɔ kɛse a wɔde tia hwe a wɔhwe sɔhwɛ ahorow pii a ɛtaa ba wɔn a wɔmfa bere nni dwuma yiye so no mu.

FA ADWEMPA SUSUW HO

8 Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ akwampae adwuma. Wubetumi? Susuw wo tebea no ho. Nea edi kan koraa no, kɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na srɛ ne mmoa. Yehia honam fam ahoɔden, na ɔde eyi ma wɔn a wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ma nyinaa. (Yes. 40:29-31) Yebetumi asrɛ no nyansa a yɛde bɛka na yɛde ayɛ nea ɛteɛ, ne ne honhom no na ɔde ahyɛ yɛn den. Mmoa foforo nso betumi afi wɔn a wɔwɔ akwampae adwuma no mu dedaw no hɔ aba. Dɛn nti na wo ne wɔn nsusuw ho. Mma biribiara ntwe wo nsan akyi wɔ adwuma a wɔrensan nyɛ bio no mu kyɛfa kɛse a wubenya no mu.

9 So woyɛ aberante anaa ababaa a ebia woyɛ ɔhokwafo? So wubetumi atɔ bere a wode gye w’ani ne nea wode yɛ ɔhonam fam nnwuma a ɛho nhia no bi de ayɛ akwampae adwuma? Ɔdansefo biako a ofii akwampae adwuma ase bere a wadi mfirihyia dunwɔtwe na watra bere nyinaa som adwuma no mu nea ɛboro mfirihyia aduasa anan no kyerɛ sɛ bere a ofii ase no na onni nea ne nnamfonom mu pii buu no sɛ ɛyɛ nneɛma ahorow a ɛho hia no. Nanso enhiaa no a ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye da. Bio nso, nhyira ahorow pii ayɛ n’asetra ma a sɛ ɛnyɛ bere nyinaa som adwuma no a, anka ne nsa renka.

10 Ebia onyin ama woagyae adwuma anaasɛ afei na worebegyae. So wubetumi de bere a ná wode yɛ honam fam adwuma no ayɛ asɛnka adwuma no denam akwampae adwuma no so? So woyɛ ɔyere a ɔreyɛ adwuma de aboa abusua no wɔ sika fam? So ebetumi aba sɛ wo tebea no ho a wubesusuw bio no bɛma woahu sɛ sika a wunya mprempren no nyɛ nea ɛho hia titiriw na ama abusua no atumi atra ase? Sɛ saa a, so wubetumi ayɛ nsakrae bi wɔ wo honam fam adwuma no mu, na ɛde anigye kɛse abrɛ wo ne abusua no denam akwampae adwuma a wobɛyɛ no so? Sɛ ɛyɛ nea wubetumi ayɛ akwampae adwuma a, dɛn nti na wonyɛ saa NNƐ?

11 Fa adwempa susuw ho anibere so. Yehowa ama ɔpon a ɛkɔ nkwagye adaka no mu no ano ada hɔ abesi mprempren. Yennim bere tenten a ano bɛda hɔ akosi. Enti, ma ɔdɔ a emu yɛ den kɛse ma Yehowa, wo ho nyinaa a wode to no so ne wo nhyehyɛe a wobɛyɛ no yiye mma ɛnyɛ yiye sɛ wobɛyɛ akwampae adwuma. Ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo a wɔwɔ wo asafo mu no. Ka ho asɛm kyerɛ ɔmansin anaa ɔmantam sohwɛfo no, sɛ ɔresra mo a. Bisa Daa Akwampaefo Akwammisa krataasin no bi ase, anaasɛ anyɛ yiye koraa no fi ase sɛ akwampaefo boafo. W’ani begye sɛ woyɛɛ saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena