Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/83 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 1
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 8
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 15
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 22
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 29
Yɛn Ahenni Som—1983
km 5/83 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MAY 1

Dwom 27

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛmma nhomakra wɔ May ne June mu ho asɛm, hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho yiye na wɔanya nsɛmma nhomakra ɔsatu mu kyɛfa.

23 min: “Nokware Aba a Yebegu na Yɛayɛ ho Adwuma.”

(15 min.) Asemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma.

(8 min.) Ɔyɛkyerɛ di nkyekyem 6 a wosusuw ho akyi. Fa asɛm yi fi ɔyɛkyerɛ ase, “So metumi akyerɛ wo sɛnea ɛyɛe a mihuu kyerɛw nsɛm yi wɔ Bible mu? Aboa me yiye na migye di sɛ ebia ɛbɛboa wo nso.” Munsusuw nkyekyem biako anaa abien ho mfi nhoma te sɛ, Live Forever nhoma foforo anaasɛ nsɛmma nhoma a wode mae mu. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow sɛnea wɔakyerɛ wɔ nkyekyem 5 no.

10 min: Adesua a wofi ase ho osuahu ahorow. Frɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ adesua horow a wɔbɔ mmɔden wɔ fi a wofi ase mu. (Wo ne wɔn nni kan nyɛ ho nhyehyɛe.) Bisa wɔn sɛ: So mugye di sɛ Live Forever nhoma no bɛyɛ nea etu mpɔn, na dɛn ntia? So moahu sɛ eye sɛ mubebisa ofiewura no tee sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔne mo yɛ Bible adesua, anaasɛ eye sɛ morenna adesua no adi tee? So mowɔ nyansahyɛ afoforo a mugye di sɛ ɛbɛboa adawurubɔfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobefi adesua ase no?

5 min: Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka adwuma mu kyɛfa dapɛn yi awiei. Ka asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.

Dwom 58 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MAY 8

Dwom 113

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

10 min: Ɔkasa a ɔpanyin ma wɔ nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu bere a yesusuw asafo a yɛde yɛn ho bɛbɔ ho ho no. Ti asemmisa afã a ɛwɔ July 1976 Yɛn Ahenni Som mu nsɛm mu. Kyerɛ mfaso a ɛwɔ nhyiam horow a yɛbɛkɔ wɔ asafo a wɔn asasesin mu na yɛte mu no so; nea enti a, wɔ ne nyinaa mu no, eye sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɛsɛ sɛ wosusuw ankorankoro tebea horow ho, na gyinaesi a etwa to yɛ abusua ti no asɛyɛde. Ebia obegye afotu afi mpanyimfo no hɔ ansa na wasi gyinae, na ɔnam saa yɛ so asusuw mfaso ne ɔhaw ahorow a ɛwom ho. Mpanyimfo hyɛ abusua ti nkuran ma ɔhwɛ nea eye ma abusua no honhom fam yiyedi. Nyansa nnim sɛ wɔbɛkasa atia bere a wasi gyinae no.

20 min: “Ɛnnɛ ne Bere a Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Akwampae Adwuma.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ahorow no nyinaa. Monhwɛ kyerɛw nsɛm ahorow no na momma sɛnea ɛfa ho no mu nna hɔ.

10 min: Nea Akwampaefo no Ka. Bisabisa daa ne/anaa akwampaefo aboafo pii nsɛm. (Wubetumi de wɔn a na anka wɔyɛ akwampaefo aboafo aka ho.) Ma wɔnkyerɛ nsakrae ahorow a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔatumi ayɛ akwampae adwuma no. Ɔkwan bɛn so na wɔnam nya nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ no? Wɔn nhyehyɛe ahorow. Ɔhonam fam asɛyɛde ahorow bɛn na wɔwɔ? Ɔkwan bɛn so na wodi eyinom ho dwuma bere a wɔyɛ akwampae adwuma no? So wɔahyia nsɛnnennen bi, te sɛ ebia adwuma a wonnya nyɛ, ɔyare (wɔn ankasa anaa abusua mu) , wim tebea a enye, ne nea ɛkeka ho. Ɔkwan bɛn so na wɔfa dii so? Sɛnea bere ma kwan no, wobetumi aka asɛnka mu osuahu ahorow a ɛyɛ anigye akyerɛ. Kanyan atiefo ma wonhu sɛ, akwampae adwuma yɛ nea wobetumi ayɛ, nhyɛ wɔn aniwu.

Dwom 109 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MAY 15

Dwom 17

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne nsɛm ahorow a wɔapaw afi Yɛn Ahenni Som mu de mu. Afei nso, Asemmisa Afã.

20 min: “Munsiw Ɔbonsam Kwan, na Obeguan Afi Mo Nkyɛn.” Wo ne atiefo mmɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho nkɔmmɔ mfi nkyekyem 1 kosi 9. Di ho dwuma sɛ Ɔwɛn-Aban adesua. Fa ɔkyerɛkyerɛ pa di dwuma. Monhwɛ kyerɛw nsɛm ahorow na momfa nni dwuma.

15 min:”Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Asasesin a Nnwuma Ahorow Wom Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛnea bere ma kwan no, ma adawurubɔfo nka wɔn osuahu ahorow bere a wɔreyɛ adwuma wɔ asasesin a nnwuma ahorow wom mu nkyerɛ. Ka asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no awiei ho asɛm na hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem kɛse.

Dwom 67 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MAY 22

Dwom 76

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma dwumadi a wɔde ho behyem ho nkuran; ka asɛnka nhyehyɛe ho asɛm. Twe adwene si nnansa yi nsɛmma nhoma mu nsɛntitiriw so. Ɔyɛkyerɛ ntiantia abien (ɔpanyin yɛ biako; abofra yɛ biako) a wɔde nnansa yi nsɛmma nhoma a aba rema.

25 min: “Munsiw Ɔbonsam Kwan, na Obeguan Afi Mo Nkyɛn,” Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho nkɔmmɔbɔ ntoaso fi nkyekyem 10 kosi n’awiei. Yɛ no sɛ Ɔwɛn-Aban adesua, na fa ɔkwan pa a wɔfa so kyerɛkyerɛ di dwuma. Ma Kyerɛwsɛm mu nkyerɛkyerɛmu mu nna hɔ.

10 min: Ɔpanyin ma ɔkasa a egyina “Dɛn na Ɛrekɔ So wɔ Sukuu Ahorow no Mu?” so, na osi hia a ɛho hia sɛ Kristofo mmofra a wɔkɔ sukuu yi abrabɔ pa adi, ne nea awofo betumi ayɛ, so dua titiriw. (Hwɛ December 8, 1982, Nyan! mu.)

Dwom 62 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MAY 29

Dwom 51

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ti nea yɛde bɛma June ne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne kyerɛw nsɛm a ɛka ho mu. Nea yɛde bɛma ho ɔyɛkyerɛ tiaa a wɔasiesie no yiye. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo ka kyerɛwsɛm a etwa to wɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti mu ho asɛm na afei ɔka nsɛmma nhomakra ho asɛm na ɔkyerɛ ofiewura bo a Ɔwɛn-Aban kra no som.

13 min: Ɔkasa a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ nkuran a ɔpanyin ma wɔ asɛm “Hwɛ Yiye na Woammu Wo Ho sɛ W’ade Yɛ Mmɔbɔ Dodo” no ho a efi September 1977, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 547 ne 548. Si hia a ɛho hia sɛ yɛkyerɛ afoforo ho anigye so dua. (Wubetumi de osuahu ahorow a ɛfata a efi June 22, 1977 Engiresi Nyan! mu. nkratafa 4, 5 adi dwuma.)

15 min: “Papa a Yɛbɛyɛ Wɔn a Wohia Mmoa Pɔtee Bi.” Asemmisa ne mmuae a wɔde di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow sɛnea bere ma kwan.

7 min: Hyɛ ho nyinaa a wɔde bɛhyɛ Kwasida a edi kan afie afie dwumadi mu ho nkuran. Ka dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.

Dwom 9 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena