Nhumu A Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Yɛn Honhom Mu Otwa Adwuma No Mu
1 Wɔ Yesu akwankyerɛ ase ne denam n’abɔfo a wɔyɛ atwafo no mmoa so no, honhom mu otwa adwuma kɛse bi rekɔ so mprempren wɔ asase so. Sɛ nea na ɛte wɔ tete Israel no, Yehowa ada ahwehwɛde atitiriw a ɛkyerɛ adwuma no ne adwumayɛfo no kwan wɔ nnɛyi twa bere no mu adi. Hokwan bɛn ara na yɛanya sɛɛ yi sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu anya kyɛfa wɔ Ahenni anoboaboa adwuma yi mu! Ɛsɛ sɛ hokwan ahorow a nhyira wom a yɛanya no ho anisɔ ka yɛn ma yɛde mmɔdenbɔ ne nhumu yɛ adwuma na yɛyɛ wɔn a wonni adagyew koraa wɔ adansedi adwuma no mu.—Mmeb. 10:4, 5; Aso 18:4, 5.
“MONYƐ HONHOM MU HYEW”
2 Nnɛyi twa adwuma kɛse yi gye adwuma a wofi honhom mu yɛ ne ahoɔden. (Hwɛ Romafo 12:11, Kingdom Interlinear.) Yɛde nhumu di dwuma bere a yesuasua Kristofo anokwafo a wodii kan a wonyaa ɔsom adwuma no mu kyɛfa bere nyinaa wɔ nnam so no. Te sɛ wɔn no, yehu hia a ɛho hia sɛ yɛde nokwaredi bɛyɛ adwuma kronkron a ɛne asɛmpa no ka no, efisɛ saa nnɛyi adwuma yi titiriw nti na wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no. (Mat. 24:14) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ho osetie a yefi koma mu yɛ ka yɛn ma yɛde Ahenni nneɛma di kan. Yɛde ahopere di afotu a efi honhom mu a wɔde maa Onyankopɔn asomfo wɔ Hesekia bere so no akyi sɛ: “Monnyɛ anihaw.”—2 Be. 29:11.
3 Bere a yɛkɔ so te nea saa twa bere yi kyerɛ ase no, yɛpɛ sɛ yenya kyɛfa daa wɔ hu a ɛbɛma wɔahu “nea ɛfa asomdwoe ho” no mu. (Luka 19:42, 44; Aso, 5:42) So wubetumi ayɛ nhyehyɛe anya ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu kyɛfa daa? Nhyira kɛse a efi Yehowa hɔ retwɛn wɔn a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan ma wɔyɛ saa nyinaa. Osuahu a yɛn ankasa yenya wɔ ɔsom adwuma no mu ma yenya anigye, na ‘nhumu a yɛde di dwuma’ no ba bɛyɛ nkɛntɛnso na wɔ asafo no honhom mu yiyedi sõ bere a yɛyɛ nhwɛso ma afoforo sua no.
AKWAMPAE HONHOM BENYA NKOSO
4 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ afe biara yɛn nuanom mpempem pii ‘hu ade a [Yehowa] pɛ’ ma wogye bere nyinaa som adwuma no hokwan ne ɛho nsɛnnennen ahorow no tom! (Efe. 5:17) Afe a etwaam wɔ November mu no, wɔpenee nnipa 90 foforo a wɔn dodow no yɛ nea ɛsen biara so ma wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo wɔ ɔman yi mu. Efi saa bere no daa akwampaefo no dodow akɔ so anya nkɔanim araa ma bere a yɛrefi mprempren ɔsom afe no ase wɔ September mu no na yɛwɔ daa akwampaefo 1,747. So wubetumi adu ɔsom hokwan a ɛte sɛɛ ho?
5 Sɛ woawie ntoaso sukuu afe yi a, dɛn na ɛretwe wo asan akyi wɔ akwampae adwuma no ho? Sɛ abusua no, so mubetumi ayɛ nhyehyɛe ama mo abusua no muni biako anaa nea ɛboro saa ayɛ akwampae adwuma? Ebinom ahu sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛtew wɔn honam fam adwuma so na ama wɔatumi ayɛ akwampae adwuma afe biako. So woasusuw yɛ a eyi betumi ayɛ yiye no ho anibere so? Sɛnea ebia wo nsɛm tebea te biara no, bɔ Yehowa mpae wɔ wo som adwuma ‘mu a wobɛtrɛw no ho bere a wohwehwɛ sɛ wode nhumu bedi dwuma denam akwampae honhom a wubeyi adi no so no.
6 Momma yɛn nyinaa nkɔ so ‘nya koma pa a wɔde yɛ adwuma,’ na yennya pii nyɛ wɔ Yehowa som mu. (Neh. 4:6;1 Kor. 15:58) Nhumu a yɛde bedi dwuma wɔ biakoyɛ mu bɛma yɛanya akomatɔyam a ɛte sɛ obosu ne anigye kɛse.