Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/84 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 2
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 9
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 16
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 23
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 30
Yɛn Ahenni Som—1984
km 12/84 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 2

Dwom 10

7 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ne asafo mu de.

20 min: “Ngow Wo Nsam.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Ma asɛm no mfa mo asafo no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔwɔ hɔ no behu hokwan a ɛwɔ hɔ wɔ asafo no mu sɛ wɔbɛyɛ adwuma kɛse, na ama wɔanya Bible adesua pii no. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow a woapaw.

18 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti. Ka ho asɛm na yɛ ho ɔyɛkyerɛ, Dɛn nti na asemmisa yi fata mprempren? Kenkan kyerɛw nsɛm no mu biara na ka ho asɛm na si nea emu biara kyerɛ so dua. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw a wasiesie ne ho yiye nyɛ ho ɔyɛkyerɛ a ɔde kyerɛw nsɛm a wɔakyerɛ no redi dwuma. Ɛsɛ sɛ onya ɔkwan pa a ɔbɛfa so adan akɔ Bible ne Happiness nhoma a yɛde rema no so. Bere a wagye akyi no ɔdawurubɔfo de asɛm a ɛwɔ Happiness nhoma ti a edi kan mu no di dwuma de da ofie Bible adesua nhyehyɛe no adi. Awiei no ɔdawurubɔfo nya sankɔhwɛ. Boa wɔn nyinaa ma wonhu sɛ ɔkasa a ɛte sɛɛ yɛ tiawa. Ma anuanom nka sɛnea wɔatumi afi ofie Bible adesua ahorow ase nkyerɛ sɛnea bere ma kwan. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsua asɛnka a efi Kyerɛwsɛm mu na wonya afie afie asɛnka mu kyɛfa daa.

Dwom 23 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 9

Dwom 151

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Nhumu a Yɛde Bedi Dwuma Wɔ Yɛn Honhom mu Otwa Adwuma no mu.” Wɔde asemmisa-ne-mmuae di ho dwuma. Monkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm ahorow sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Yɛn Bo a Yebesi ne Yɛn Ho a Yɛde Bɛto Yehowa So Ho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu.” Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho a wosusuw kosi asɛmti ketewaa: “Ghana Betel Foforo No” so, nanso ɛno nka ho. Ɔpanyin a ne ho akokwaw yiye de nkyekyem abiɛsa a edi kan no ma sɛ Kyerɛwsɛm mu ɔkasa. Momfa nsemmisa ne mmuae nsusuw nea aka no ho. Monkenkan kyerɛw nsɛm mfa nni dwuma.

Dwom 210 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 16

Dwom 106

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: “Su Pa wɔ Asɛnka mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan nkyekyem 3-6. Bere a moresusuw nkyekyem 3 ho no, ma anuanom nka osuahu ahorow a ɛfa adwempa a wɔama nkurɔfo anya esiane su pa a woyii adi wɔ asɛnka mu nti nkyerɛ.

20 min: “Yɛn Bo a Yebesi ne Yɛn Ho a Yɛde Bɛto Yehowa So Ho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho fi asɛmti ketewa a ɛne “Ghana Betel Foforo No” so kosi asɛmti ketewaa, “Ɔkwan Bɛn So na Wubetumi Aboa?” so, nanso ɛno nka ho.

Dwom 213 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 23

Dwom 117

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu.

20 min: “Yɛn Bo a Yebesi ne Yɛn Ho a Yɛde Bɛto Yehowa So Ho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no nkae a aka ho fi asɛmti ketewa, “Ɔkwan Bɛn So na Wubetumi Aboa?” so kosi awiei. Ɔhwɛfo guamtrani di ɔfã yi ho dwuma. Boa wɔn nyinaa ma wonhu sɛ ɛmfa ho sɛnea wɔn asetra mu nsɛm tebea te no, wɔwɔ hokwan fɛfɛ sɛ wobefi ayamye mu aboa Ghana Betel Foforo no si. Gye bere fa kyerɛkyerɛ bosea ho nhyehyɛe no mu. Bua nsemmisa biara a ebia adawurubɔfo wɔ wɔ saa nhyehyɛe yi ho. Bere a wode reba awiei no, fa anigye hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa mprempren na wɔanya anigye a ɛbɛba bere a wɔasi ɔdan no awie na wɔahyira so ama Yehowa som no mu kyɛfa.

17 min: Organized to Accomplish Our Ministry. Asɛm a ɛwɔ ti 13, nkratafa 153-61 ho ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Dwom 214 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 30

Dwom 183

10 min: Asafo mu nkaebɔ.”Ɔmansin Nhyiam Horow​—Afotu a Eye.” Ɔkasa a ɛyɛ anigye.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Sukuu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Hyɛ mmofra nkuran anigye so sɛ wonkura nokware no mu wɔ akokoduru so ne wɔ obu mu, na wɔnka wɔn anidaso no ho asɛm nkyerɛ mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo. Sɛ mususuw nkyekyem 7 ho a, ma awofo nka sɛnea wɔde School nhomawa no ama akyerɛkyerɛfo, nea afi mu aba ne nea ɛkeka ho nkyerɛ. Esiane sɛ sukuu afe foforo fii ase September a etwaam no nti, akyinnye biara nni ho sɛ sukuufo pii anya akyerɛkyerɛfo, ne mfɛfo sukuufo afoforo ne ebinom nso a ebia wonnim Yehowa Adansefo ho hwee. Eyi kyerɛ hokwan foforo a wɔanya sɛ wɔde School nhomawa no bɛma na wɔadi adanse. Hyɛ sukuufo nkuran sɛ wɔmfa hokwan yi nni dwuma bere a wɔabue sukuu nnansa yi ara no.

15 min: “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn na Mmofra Agyae Me Haw?” (gTW 8/8/84 pp. 21-4) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina asɛm no so. Wubetumi de mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa aba nkɔmmɔbɔ no mu. Si sɛnea nokwaredi a wɔde gyina nokware no afã yɛ ahobammɔ ma obi na ɛyɛ adansedi so dua. Nokware no a wɔde tra ase wɔ akokoduru so de nhyira ne mmoa fi Yehowa ne asafo no hɔ ba. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa Kwasida a edi kan wɔ ɔsram mu.

Dwom 125 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena