Su Pa Wɔ Asɛnka Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
1 Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no sɛ: “Yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no.” (2 Kor. 6:3) Enti, ɔka kyerɛɛ Filipifo no sɛ wɔmma wɔn “abrabɔ mfata . . . asɛmpa no.” (Fii. 1:27) Afotu a efi honhom mu yi da no adi pefee sɛ Kristofo su ho hia. So wo su wɔ asɛnka mu hyɛ Onyankopɔn anuonyam?
2 Dɛn ne su? Wɔkyerɛ su ase sɛ biribi a obi taa yɛ, nneyɛe, ɛkyerɛ ɔkwan a yɛfa so ne afoforo di nso. Nsɛm a ɛka su pa ho ne ɔpɔw, obu, anidahɔ, ayamye ne anifere. Ebia nnipa binom bɛyɛ te sɛ nea su pa ho nhia wɔn, nanso ɛnte saa wɔ Kristofo fam. Yegye tom sɛ nneɛma a yetumi yɛ sɛ́ Kristofo no pii betumi asɛe denam su pa a yennyi adi so.
WƆ AFIE AFIE ASƐNKA MU
3 Bere a wɔnantew fi fie biako mu kɔ foforo mu no, so woda nidi a wɔhwɛ kwan wɔ Onyankopɔn somfo ho no adi? So w’ahosiesie ne wo nneyɛe ne aniberesɛm a ɛwɔ asɛm a woreka no mu no hyia? Ampa, yɛpɛ sɛ yɛn mma no ka yɛn ho wɔ asɛnka mu, nanso so yɛretete wɔn ama nokware no sɛnea ɛfata? So wɔtra ase komm a wonni agoru bere a ɔdawurubɔfo no rekasa akyerɛ ofiewura no? Sɛ mmofra no ntumi ntra faako anaasɛ wɔn nneyɛe haw adwene a, ebia ofiewura no rennya nea ɔdawurubɔfo no reka no mu mfaso kɛse. Mmofra a wonya ntetee pa hyɛ Yehowa, wɔn awofo ne asafo no anuonyam. Ɔbea bi reka anuanom nkumaa baanu a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ no ho asɛm no, ose na ɛyɛ “anigye ankasa sɛ wo ne eyinom bɛkasa . . . mmofra a wɔasiesie wɔn ho kama, na me yam a anka mmofra pii bedi wɔn nhwɛso no akyi.” Ɛda adi sɛ n’ani gyee wɔn ahosiesie ne wɔn su pa no ho.
4 Ɔkwan bɛn so na yɛda su pa adi bere a yɛkasa? Ɔsomafo Petro se, sɛ yɛrekasa a ɛsɛ sɛ yɛda “odwo ne obu kɛse” adi. (1 Pet. 3:15, NW) Eyi ho hia yiye na ɛte saa kɛse bere a wo ne obi a ɔnte asɛm ase redi no. Sɛ ɔkwan a yɛfa so kasa no kyerɛ sɛ yɛyɛ katee anaa ahantan a, so wobetumi aka sɛ yɛn su hyɛ Onyankopɔn anuonyam? Su pa hwehwɛ sɛ wobɛyɛ anifere na woada adamfofa su adi. Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ofiewura sɛ ɛsɛ sɛ ogye nhoma anaa otie yɛn asɛm no, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ saa a. Afei nso, ɛho hia sɛ wobɛyɛ otiefo pa, efisɛ eyi nso ka Kristofo su no ho. Sɛ ofiewura kasa a, ɛsɛ sɛ yetie nea ɔwɔ ka no. Eyi kyerɛ obu. Afei nso yebehu nea ɛwɔ n’adwene mu na yɛasiesie yɛn ho yiye aboa no.—Mmeb. 18:13.
5 Bere a yɛyɛ asasesin mu adwuma no, su pa ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛboa yɛn ho ano pii wɔ mpɔtam hɔ anaa adan anim. Ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa a wɔretwam man fa baabi esiane sɛ yɛasiw kwan nti. Eyi nso ho hia bere a yɛreyɛ adwuma wɔ mmorɔn so no.
WƆ SANKƆHWƐ NE BIBLE ADESUA YƐ MŨ
6 Bere a yɛwɔ obi foforo fi no, Kristofo su hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade sɛ ahɔho, na yɛakyerɛ ahɔhoyɛ su a wɔayi adi akyerɛ yɛn no ho anisɔ na yekura su pa mu. Ɛsɛ sɛ nea ɔreyɛ adesua anaa sankɔhwɛ no di bere a ofiewura apene so no so. Ɛsɛ sɛ yedi yɛn bere so. Sɛ mmofra ka ɔdawurubɔfo no ho a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma ofiewura no ne no nneɛma. Ɛnsɛ sɛ yɛto hintidua wɔ biribiara mu anaasɛ yɛma wonya yɛn ho asɛm ka.—2 Kor. 6:3.
7 Akyinnye biara nni ho sɛ su pa wɔ asɛnka mu hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam. Momma yɛn nyinaa nkɔ so mma yɛn “abrabɔ mfata . . . asɛmpa no.”—Fil. 1:27.