Fa United In Worship Nhoma No Di Dwuma Yiye
1 Nsɛm, nsɛm, nsɛm—wotintim ɔpepepem pii da biara. Nanso, nsɛm biara nni hɔ a ebetumi anya nkɛntɛnso pa a ano yɛ den te sɛ nea egyina Yehowa nyansa so no. Ampa, “anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfo biako na ɔde mae.”—Ɔsɛnk. 12:11.
2 Yɛn Guanhwɛfo, Yehowa, ama yɛn ‘nyansa nsɛm’ wɔ United in Worship nhoma no mu. Te sɛ ‘nantwikafo peaw’ a wɔde ka mmoa na wɔde kyerɛ wɔn kwan no, yebetumi de nhoma fɛfɛ yi aboa anigyefo afoforo ma wɔakɔ so anya nkɔanim wɔ Yehowa kwan so. Mpanyimfo a wɔkɔsra nnipa a, wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ ne afoforo a wohia afotu no betumi de atiri bi anaa emu asɛm bi adi dwuma yiye ‘te sɛ nnadewa a ahyiam’ de aboa wɔn a wiase no mu nhyɛso ahorow abɔ wɔn ato fam no na wɔaboa amma wɔn gyidi anhinhim.—Yes. 32:1, 2.
FA DI DWUMA YIYE WƆ BIBLE ADESUA MU
3 Susuw nea wo ne no sua ade no ho, sɛ́ ɔyɛ onigyeni foforo anaa obi a wagyae adesua ne asɛnka kɔ. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama watumi anya nkɔso? So biribi wɔ hɔ a ɛresiw no kwan wɔ saa ade no a, ɔbɛyɛ ho? So wo ne no asusuw eyi ho? So United in Worship nhoma no fã bi wɔ hɔ a ebetumi aboa no yiye? Ma yensusuw nea ebetumi ayɛ yiye no bi ho.
4 So ɔda so ara bɔ fekuw bɔne? Gye simma kakra na momfa nsusuw nsɛm a ɛwɔ nkratafa 44 ne 45 no bi ho, na monkenkan kyerɛw nsɛm ahorow no. Wubetumi abisa no sɛ ebia osusuw sɛ wɔn a ɔne wɔn bɔ fekuw no boa no wɔ nokware no a ɔde bedi dwuma mu anaasɛ wɔresiw no kwan. Wɔ kyerɛw nsɛm a moasusuw ho no mu no, dɛn na osusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ɔde adi ɔhaw no ho dwuma? Ɛhe na obetumi anya fekubɔ pa?
5 So osuro sɛ ɔbɛka asɛm no wɔ baguam? Munsusuw kyerɛw nsɛm mu nsɛm a ɛwɔ nkratafa 172 ne 173 no bi ho. Boa no ma onhu sɛ Yehowa bɛboa no sɛnea ɔboaa n’adansefo anokwafo bere a atwam no. Kyerɛ no nea woyɛ de siesie wo ho ma Yehowa som adwuma ne anigye a efi asɛm a wɔka wɔ akokoduru so mu ba no.
MPANYIMFO—MOMFA NYƐ NGUANHWƐ ADWUMA
6 Mpanyimfo, ɔkwan bɛn so na mubetumi de Kyerɛwsɛm mu nkɔmmɔbɔ ahorow no akanyan mo nuanom akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu na moahyɛ wɔn den honhom mu? Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔnnkɔ asɛnka daa no nso ɛ? Nsɛm a ɛwɔ nsɛmti nketewa “Mma Biribi Mmia Ahenni Nokware No” ne “Fa Ahenni no Di Kan wɔ W’asetra Mu” ase wɔ ti 11 no bɛma moanya nea mubegyina so abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Afei nso, ebia ɛbɛyɛ anigye ama wɔn a wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa bere tenten ni no sɛ wɔne wɔn betĩ Kyerɛwsɛm mu nsɛm a ɛwɔ ti 12 a ɛne “Nea Wo Asubɔ Kyerɛ” no mu.
7 So moahu onua bi a ɔreyɛ mmerɛw esiane n’adwene a ɔde si agoru anaa wiase anigyede so dodo nti? Mo ne no nsusuw afotu a nyansa wom a ɛwɔ ti a ɛne “Ko a Yɛko Tia Ahonhommɔne Dom” mu no ho. Sɛ ɛyɛ nea wayera a, honhom mu afotu a efi Yehowa hɔ no betumi aka no ma wasakra n’akwan.
8 So ebinom wɔ hɔ a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛbɔ? Ebia nsɛm a ɛwɔ ti 17 wɔ nsɛmti nketewa “Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ Bere a Nsɛnnennen Asɔre,” “Hwehwɛ Akwan a Wobɛfa So ‘Atrɛw Wo Mu’” ase no bɛma wɔanya nea wohia na akanyan wɔn ma wɔadi ɔhaw ahorow yi so.
9 Satan wiase no de nhoma ahorow pii ma a nea ɛda no adi ne onipa a ɔnyɛ pɛ no adwen horow a ɛne ne ho nhyia. Hwɛ abasamtu ne ɔbrɛ a eyi betumi ayɛ! (Ɔsɛnk. 12:12) Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa de akwankyerɛ a ɛho tew na nyansa wom ma denam Bible sua mmoa ahorow no so. Nyansa a efi Yehowa nkyɛn a wɔatintim yi a yɛde bedi dwuma yiye yɛ nea akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa pii ma wɔatra ɔkwan a ɛkɔ daa anigye mu no so.