So Ahenni Nneɛma Na Edi Kan Wɔ W’asetra Mu?
1 Ná ɛyɛ Yesu pɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama Onyankopɔn Ahenni no. Bere a wɔredi n’asɛm a ɛfa ne nkwa ho wɔ Pilato anim no ogyinaa pintinn. (Yoh. 18:37) Bere a na ɔsɛn dua so rewu mpo no, osii Onyankopɔn Ahenni no so dua sɛ adesamma anidaso, na ɔka kyerɛɛ ɔdebɔneyɛfo no sɛ: “Wobɛka me ho paradise hɔ.”—Luka 23:43.
2 Yetumi te nea enti a Yesu buu Ahenni no sɛ ɛho hia saa no ase. Ná wɔasoma no fi soro sɛ ‘ommedi nokware no ho adanse’ sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi tumi wɔ trenee mu na wɔama ayɛ yiye sɛ Ne pɛ bɛyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ soro. Dɛn na ebetumi de anigye kɛse aba sen sɛ wobedi Yehowa pɛ sɛ ɔbɛma asase adan Paradise a ɔbɔɔ ne tirim wɔ ho mfitiase no ho dwuma? Na anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na Yesu daa no adi sɛɛ yi—adesamma anokwafo ne asoɔmmerɛwfo nyinaa a wɔbɛbom wɔ ɔsom kronn mu wiase nyinaa!
ƐHO AKONTAA A WUBEBU
3 Yesu nhwɛso akyi a wobedi wɔ Ahenni nneɛma a wɔde di kan mu no ntaa nyɛ mmerɛw. Ɛsɛ sɛ Kristo kyidini biara hu nea edi kan wɔ n’asetra mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “mebae sɛ mebɛma ogya asɔ asase so” ne sɛ mpaapaemu bɛba mmusua mu wɔ Ahenni ho asɛm no ho.—Luka 12:49-53.
4 Yesu a wobesuasua no sɛ Onyankopɔn Ahenni no dawurubɔfo no kyerɛ ‘asɛndua’ a wɔbɛsoa ne nea ɛka eyi ho nyinaa. ‘Ɛho akontaa a wobebu’ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi siesie ne ho sɛ ɔne ne honam fam nneɛma ‘bedi nkra,’ sɛ ɛyɛ nea esiw no kwan wɔ ne Nyankopɔn som mu a. (Luka 14:27, 28, 33) Bere koro no ara mu no, Yesu hyɛɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnyɛ n’akyidifo na yɛnka asɛmpa no nkyerɛ afoforo. Daa nkwa a yebenya wɔ Ahenni no nniso ase fata ɛho afɔre biara a yɛbɛbɔ.—Mat. 13:44-46.
MUNNWINNWEN
5 Eye sɛ yebebisa yɛn ho sɛ ɛyɛ nea Ahenni nneɛma na edi kan wɔ yɛn asetra mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; . . . Worentumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade. . . . Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura.” (Mat 6:24, 25) So yɛwɔ Yesu afotu a ɔde mae sɛ yɛnhwehwɛ Ahenni no kan no mu gyidi kɛse, a yɛwɔ ahotoso sɛ ɔde nneɛma afoforo nyinaa bɛka yɛn ho? Anaa, so ‘yedwinnwen yɛn kra ho’?
6 So asafo nhyiam anaa ɔsom dwumadi ahorow taa pa wo ti so esiane honam fam adwuma nti, a wofa no sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nea w’adwumawura hwehwɛ. Anuanom binom apow adwuma a n’akatua kɔ soro esiane sɛ adwuma no ho nhyehyɛe bɛhaw teokrase dwumadi ahorow nti. Pii ahu sɛ adwumawuranom pene so yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma adwumayɛfo a wotumi de ho to wɔn so a wɔwɔ ɔpɛ atra hɔ. (Kol. 3:23, 24) Sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo ne akwampaefo yɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu a, ɛhyɛ asafo no den wɔ ɔkwan a eye so.
YƐ NHYEHYƐE MPREMPREN
7 Ɛrenkyɛ na mmofra no binom afi sukuu. So moreyɛ daakye a ɛfa teokrase ho nhyehyɛe? Ebia ebinom bɛyɛ adwuma bere tiaa bi na afei wɔabɛyɛ akwampae adwuma. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wupia hokwan a wubenya de wo ho ahyɛ Ahenni som adwuma mu no to nkyɛn de boaboa honam fam nneɛma ano? Dɛn nti na wonnyɛ nea ɛsɛ sɛ edi kan no kan? Sɛ Ahenni no na edi kan wɔ w’asetra mu a, ɛnde dɛn nti na wunni kan nyɛ akwampae adwuma? Sɛ honam fam adwuma di kan a, ɛyɛ nea asiane no wɔ hɔ sɛ nneɛma ho dadwen a ɛde abasamtu ba wɔ akwampae adwuma ho no betumi ahyɛ wo koma so.—Mat. 6:26; Luka 21:34.
8 Wiase yi wɔ ɔkwan a ɛfa so hwehwɛ pii wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ n’akoa no hɔ. Honam fam yiyedi ho nnaadaa no mu a obi begyaa ne ho mu ama de ka akɛse ba a ehia akatua a ɛkɔ soro bere nyinaa, Hwɛ ye a eye sɛ wode wo ho bɛto Yehowa a onim yɛn ahiade na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nsa aka no so. Sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan a, yɛn asetra bɛyɛ nea ɛwɔ atirimpɔw ankasa a daakye nhyira horow a enni awiei ho anidaso ama emu ayɛ den.—Mat. 6:32; 1 Tim. 6:18, 19.