Ɔsatu Titiriw Wɔ September Mu
1 Ɛyɛ yɛn anigye bio sɛ yɛbɛbɔ nhoma abien ɔsatu titiriw ho amanneɛ. Wɔ September mu no, yebetumi de nhoma nketewa abien biara, a anan a yɛabobɔ din wɔ ase ha no na ɛnka ho, ama de agye ntoboa ¢40. Sɛ ofiewuranom pɛ biako pɛ a, ne bo a wɔatwe so no ne ¢25.
2 Nea ɛka nhoma ahorow a yɛde bɛma no ho ne Nokware nhoma, Evolution, Nokware Asomdwoe, Choosing, Happiness, ne nea ɛkeka ho. Nhoma ahorow a ɛnka ho no ne nea edidi so yi: (1) Survival lnto a New Earth, (2) United in Worship of the Only True God, (3) Wo Abusua. Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye ne (4) Your Youth—Getting the Best Out of It. Yɛremfa nhoma anan yi mma wɔ ɔsatu titiriw no mu koraa. Sɛ obi hyɛ da ka sɛ ɔpɛ bi a, yɛde begye bo dedaw a ɛyɛ ¢40 no.
4 Nea yɛde bɛma wɔ October mu ne New World Translation Bible no ne nhoma nketewa a wɔatew ne bo so no abien. Enti sɛ nhwɛso no, yebetumi de New World Translation Bible, 1981 de no, ne Evolution ne Nokware Asomdwoe nhoma no ama wɔ October mu de agye ¢160. Sɛ wɔannye a, yɛde nhoma nketewa abien no bɛkyerɛ de agye ¢40.
4 Adawurubɔfo ne akwampaefo nsa bɛka nhoma no bi wɔ bo a wɔatew so no so a ɛyɛ ¢40 ma nhoma abien. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo hwɛ sɛ wɔbɛyɛ nhoma a ɛte saa a adawurubɔfo ne akwampaefo gye wɔ bo a wɔatew so yi so no nyinaa ho kyerɛwtohɔ pɛpɛɛpɛ na wɔabisa ma wɔatew afi wɔn ka so wɔ September awiei ne afei October awiei nso te sɛ nea wɔyɛe wɔ nhoma a ekura nkratafa 384 ɔsatu titiriw no ho wɔ May ne June a etwaam no mu no. Ɔsatu titiriw no bɛba awiei October 31. Yɛbɛsan de nhoma nketewa no agye bo dedaw a biako yɛ ¢40 no bio wɔ November 1.
6 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ mode nhoma ne Bible pii bɛma wɔ September ne October mu. Yɛwɔ anidaso nso sɛ mubefi ofie Bible adesua pii ase wɔ ɔsatu titiriw yi mu na moaboa nnipa koma pafo ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ.