Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔsra Wɔn
1 Afe a etwaam no yɛde Bible, nhoma, ne nhomawa ahorow 334,347 mae wɔ Ghana. Yɛkyekyɛɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛboro ɔpepem 1.6. Nhoma pii a yɛde ama yi de asɛyɛde a ɛne anigyefo a yɛbɛsan akɔsra wɔn na yɛaboa wɔn ma wɔabɛyɛ asuafo no ba.—Mat. 28:19, 20.
2 Nea ɛyɛ anigye no yɛredi asɛyɛde yi ho dwuma anibere so. Afe a etwaam no yɛyɛɛ sankɔhwɛ 2,936,776, na sɛ wɔkyekyem a, yɛyɛɛ ofie Bible adesua 39,211 ɔsram biara. Yehowa de ne nhyira kaa ho na yɛbɔɔ 2,153 asu. Hwɛ yɛn ani ara a egye kɛse sɛ yɛka ho ma Yehowa bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛma adwuma no akɔ ntɛm no renya mmamu.—Yes. 60:22.
3 Ebia ebinom nyɛ sankɔhwɛ daa. Afoforo nso nyɛ ofie Bible adesua. Sɛ wowɔ ahoɔden na wo nsɛm tebea ma wo kwan a, so woyɛ bi? Sɛ ɛnte saa a, so worempɛ sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma no mu ankasa ma atra mfitiase de a ɛne nhoma a wɔde ma wɔ afie afie no? Dɛn na ɛbɛma woatumi ayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua a etu mpɔn?
4 Nea edi kan no, nya ho adwempa na nya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ no so. Ebetumi aba sɛ esiane anigye a edi kan a wuyii no adi no ho adwuma a obi yɛe na ɔne wo yɛɛ Bible adesua nti na wubehuu nokware no. Ɛsɛ sɛ woda nea woanya no ho anisɔ adi wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛboa obi foforo nso wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no mu.—Adi. 22:17.
NYA HO ADWEMPA
5 Ɛwom, ɔhaw ahorow wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wudi so. Ebia ebegye mmɔdenbɔ kɛse na wo ne afoforo akɔ sankɔhwɛ anwummere a ɛyɛ bere a mubetumi ato nkurɔfo wɔ fie no. Ebia ɛho behia sɛ wudi nyamesom mu adwemmɔne ahorow a emu yɛ den so. Ebia wubehu nnipa a wɔn ani gye yɛn nhoma no ho nanso wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobesua esiane ɔsɔretia anaa fɛwdi nti. Sɛ wote beae a nsɛmmɔnedi wɔ hɔ kɛse a, ebia ahwɛyiye kɛse ho behia. ‘Ebia ɛho behia sɛ wudi suro a nnipa binom suro ahɔho no so. Wubetumi adi nsɛnnennen yi so. Afoforo a wɔatumi ayɛ saa no bɛboa wo ma wode ahokokwaw adi ho dwuma.
6 Ɛnsɛ sɛ wotwentwɛn wo nan ase na saa ara na ɛnsɛ sɛ woma te a wote nka sɛ wo ho nkokwawee no ma sankɔhwɛ ne Bible adesua adwuma no mu anigye no bɔ wo. Fa wo ho to Yehowa so na bɔ mpae ma ne honhom no mmoa wo. Yɛ nhoma a wode ma ne anigyefo nyinaa ho kyerɛwtohɔ pa. San kɔsra wɔn ntɛm ara. Sua sɛ wode Reasoning nhoma no bebua Bible mu nsemmisa ahorow. Hwehwɛ mmoa fi adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw hɔ.
7 Bere a wode nokwaredi san kɔ anigyefo nkyɛn na woyɛ Bible adesua no, w’anigye bebu so. Ebia wɔn a woaboa wɔn no bi bɛyɛ wɔn a wɔka asuafo afoforo a yebenya wɔn wɔ 1986 ɔsom afe no mu no ho, na wɔbɛyɛ wo “ayeyi nhoma” wɔ ɔsom adwuma no mu.—2 Kor. 3:1-3