Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MAY 4
Dwom 71
10 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ne asafo mu de. Yɛ nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ a wɔde foforo a aba redi dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa dapɛn yi.
20 min: “Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ.” Simma anum ɔkasa a egyina nkyekyem 1-4 so. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia anan a wɔde nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 5-8 no redi dwuma. Ɛdefa nkyekyem 6 ne 6 ho no, monyɛ ɔyɛkyerɛ no bere a moakenkan Adiyisɛm 21:3, 4 akyi. Wo ne atiefo nsusuw ɔyɛkyerɛ ahorow no ho sɛnea bere ma kwan na fa nkyekyem 9 mu nsɛm wie.
15 min: Reasoning From the Scriptures. Atiefo susuw “Nkɔmhyɛ” ho, nkratafa 295-7.
(3 min.) Oguamtrani: Kyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ mu na fa Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu ho nhwɛso ma.
(12 min.) Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bible nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ennya nyaa mmamu? (Si Adiyisɛm 21:3, 4 so dua.) Dɛn nti na Kristofo ani gye nkɔmhyɛ yi ne afoforo a aka ho kɛse? Reasoning nhoma nɔ fã yi ho betumi aba mfaso bere a yɛde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no redi dwuma no. Ma wɔn nyinaa mfa wɔn Reasoning nhoma mmra dapɛn a edi hɔ ɔsom nhyiam. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn awiei yi.
Dwom 187 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 11
Dwom 46
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. “Ɛrekɔ So Dɛn?”
20 min: “Akwampae Adwuma no ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma a simma anum a wɔde bisabisa daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo a wɔn abusua mufo (anaa afoforo) aboa wɔn ma wɔanya akwampae adwuma mu kyɛfa nsɛm ka ho. Ɔkwan bɛn so na wɔaboa wɔn? Dɛn na ayɛ nkuranhyɛ ne denhyɛ ama wɔn? Dɛn na wɔn ankasa ayɛ de ahyɛ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛkɔ so ara ayɛ akwampae adwuma denam Yehowa mmoa so no mu den? Nea etwa to no, hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ akwampaefo aboafo daa anaasɛ efi bere kɔ bere mu.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Reasoning Nhoma a Wɔde Di Dwuma So.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ nyansahyɛ a ɛwɔ nkyekyem 3 ne 4 no ho ɔyɛkyerɛ. Paw nea ɛfata mo asasesin no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛkyerɛ yi yɛ ntiantia a wɔasiesie no yiye. Wɔ emu biara akyi no, ma atiefo nkyerɛ nea enti a nsɛm a efi nhoma no mu no bɛyɛ nea eye wɔ mo asasesin mu.
Dwom 34 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 18
Dwom 5
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a wɔde bedi dwuma bere a wɔde nsɛmma nhoma foforo a aba redi dwuma ne nea enti. Afei ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ nsɛmma nhoma foforo a aba a wɔde ma wɔ anibu 60 mu wɔ afie afie ho ɔyɛkyerɛ. Bisa atiefo nea enti a wogye di sɛ eyi tu mpɔn. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram mu.
15 min: Mo asafo ahiade. Anaa ɔkasa a egyina asɛm, “Sɛnea Nokware Gyidi Betumi Aboa Wo” a ɛwɔ October 15, 1985, Watchtower mu so.
17 min: “Hwɛ sɛ Wobɛsan Akɔsra Wɔn.” Nsemmisa ne mmuae ne ma a wɔma ɛfa asafo ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ne 6 ho a, susuw tebea a ɛwɔ mo hɔ ho na fa nyansahyɛ ne nkuranhyɛ a eye ma.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 25
Dwom 196
15 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Asemmisa Afã.” Mubetumi adi ho dwuma sɛ ɔkasa anaasɛ ɔpanyin a ɔreboa anigyefo afoforo baanu na wɔama wɔn aware adi mũ.
15 min: “School and Jehovah’s Witnesses—So Wode Redi Dwuma?” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ October 1, 1985, Watchtower mu so. Fa nsɛm a awofo ne mmofra a wɔwɔ mo asafo mu a wɔatumi de adi dwuma yiye ka ka ho.
15 min: Nea yɛde bɛma June. Munsusuw Abusua Asetra ne Kingdom Come nhoma mu nsɛntitiriw ho. Yɛde nhoma abien no bɛma de agye ¢120 wɔ June mu nanso biako pɛ ho asɛm na yɛbɛka na yɛde nea aka no aka ho te sɛ nea yɛyɛ bere a yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! rema nsɛmma nhoma da no. Nhoma ko a yɛde bɛma no begyina ofiewura no, nea n’ani gye ho ne n’ahiade so. Nanso hwɛ sɛ wode n’abien nyinaa bɛkyerɛ bere nyinaa. Ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho nyɛ ɔyɛkyerɛ tiaa. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma mu Kwasida a edi kan wɔ June mu.
Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.