Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/86 kr. 1-3
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BO A NHWƐSO SOM
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Awofo—Montete Mo Mma Mfi Mmofraase
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Awofo—Montete Mo Mma Mma Wɔnka Asɛm No
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 8/86 kr. 1-3

Awofo​—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu

1 Hwɛ hia a ɛho hia sɛ obi bɛhwɛ n’abusua na wama n’ani aku wɔn ho kɛse! Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Tim. 5:8) Wɔ honhom fam no, Kristofo awofo asɛyɛde atitiriw no mu biako ne sɛ wɔne wɔn mma besua ade na wɔatete wɔn. (Deut. 6:6, 7; Efe. 6:4; 1 Tim. 4:15, 16) Abusua ntetee bɛma yɛanya asomfo pii a wɔfata ma wɔatrɛw Ahenni no ho asɛmpa no mu.​—2 Tim. 2:1, 2.

2 Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔanya asɛnka adwuma no ho anisɔ ne anigye? Kyerɛ wɔn sɛnea wobetumi anya mu kyɛfa. Mommom nsiesie mo ho mma asɛnka adwuma. Monyɛ bere nhyehyɛe mfa nyɛ dwuma daa wɔ asɛnka mu. Mmofra ani sɔ ɔdɔ mu a wofi ma wɔn ani ku wɔn ho no na ɛboa ma wonya nkɔso denam ntetee a wɔkɔ so de ma so. Ɛdenam mfe a wɔadi so no, wobetumi asua sɛnea wɔbɛyɛ aso atie asɛm wɔ afie mu anaa sɛnea wɔbɛto nsa afrɛ ofiewura no anaa wɔbɛma no kratawa. Bere a wonya nkɔso no, tete wɔn ma wonnya kyerɛwsɛm a wɔkenkan mu kyɛfa. Mmofra pii ani gye nsɛmma nhoma a wɔde di adanse ho. Wobetumi asua ɔkwan tiawa a wɔfa so de nsɛmma nhoma ma. Awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔahwehwɛ nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw na wɔde ama wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Nkyerɛkyerɛ ne ntetee a awofo kɔ so de ma daa ma nneɛma pa fi mu ba.​—Efe. 4:13, 14.

BO A NHWƐSO SOM

3 Mmofra suasua nea wohu. Bible no ka sɛ: “Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma.” (Mmeb. 13:22) Enti, ɛho hia sɛ awofo bɔ mmɔden a wobetumi sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa. Su a wuyi adi kyerɛ wɔ asɛnka ho benya wo mma so tumi kɛse. So wonam nkɔmmɔbɔ ne wo ho a wode hyɛ asɛnka adwuma mu daa so kyerɛ wo ba no sɛnea w’ani gye asɛnka adwuma no ho? So wo nkɔmmɔbɔ ne wo su kyerɛ sɛ wubu akwampae adwuma sɛ botae a mmofra ne mpanyimfo nyinaa betumi adu ho?​—Deut. 5:29.

4 Awofo pii wɔ mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔnyɛ adawurubɔfo, ɛwom sɛ ebinom kɔ asafo nhyiam ahorow de. Ɛho hia sɛ awofo a wɔte saa no susuw mmɔden a wɔrebɔ na ama wɔn mma abɛyɛ Yesu Kristo asuafo no ho. Ɛwom, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Mfe a na mmofra no adi bere a awofo no fii ase suaa nokware no ne sɛ ebia wɔwɔ afie a emu apaapae anaasɛ dabi mu no yɛ nneɛma a ɛka mmofra no su wɔ nokware no ho. Ɛho nhia sɛ awofo a wɔte saa no ma wɔn aba mu bu anaasɛ wɔpa abaw. Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ne mmofra no sua ade na wɔhyɛ wɔn nkuran. Sɛ ɛho hia a, afoforo betumi aboa, nanso ɛnsɛ sɛ awofo no ankasa bu wɔn ani gu wɔn asɛyɛde kɛse yi so anaa wɔtoto no ase. Wobenya wɔn boasetɔ ne wɔn nsiyɛ no so akatua.

5 Ɔkwan foforo so no, mmofra pii a wonnya mmɔɔ asu renya asɛnka mu kyɛfa. Yɛn ani agye sɛ wɔabɛka yɛn ho. (Mat. 19:13-15) Ebetumi aba sɛ wonnyinii pii a wobetumi ate nea ahosohyira kyerɛ no ase kɛse. Nanso bere kɔ n’anim. Enti ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wohu hia a nkɔso a wobenya ho hia na wɔ bere a ɛsɛ mu no, wɔayɛ ahosohyira na woagye asubɔ. So wo mma regye nteɛso ne Yehowa kasakyerɛ a wɔde ma no atom? So wɔde nea woresua wɔ fie ne asafo no mu redi dwuma? Yɛn ani da so sɛ adawurubɔfo nkumaa bɛkɔ so anya nkɔso na wɔanyin wɔ ɔdɔ ne ɔpɛ a wɔwɔ ma Yehowa sɛ wɔbɛsom no no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena