Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/86 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 10
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 17
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 24
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 31
Yɛn Ahenni Som—1986
km 8/86 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 10

Dwom 55

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de a wɔapaw.

15 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa ne nsɛm abien anaa abiɛsa a wobisa atiefo de si emu nsɛntitiriw so dua.

20 min: “Obiara Betumi Anya Mu Kyɛfa.” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Nnianim asɛm tiaa a egyina nkyekyem 1 so akyi no, yɛ ɔyɛkyerɛ abiɛsa a wɔasiesie no yiye a egyina nkyekyem 24 so. Kae adawurubɔfo sɛ wobu ho akontaa sɛ nhomawa.

Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 17

Dwom 143

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Si nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛntitiriw so dua na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa.

15 min: Momfa nni mo ahiade ho dwuma.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nhomawa Ahorow a Yɛde Befi Adesua Ase So.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a wɔkenkan nkyekyem no nyinaa. Ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nkyekyem 3-5 no ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔn a wɔafi adesua ase wɔ nhomawa no bi mu nka ho asɛm. Si nhomawa no a yebetumi agyina so de ahyehyɛ adesua wɔ Tra Ase Daa nhoma mu so dua.

Dwom 168 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 24

Dwom 183

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Ɛrekɔ So Dɛn?” afei nso munsusuw mo asafo no asɛnka akontaabu wɔ July mu nsɛntitiriw ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mmra ntɛm Kwasida, August 31, mfa nwie ɔsom afe no.

13 min: “Mmofra​—Dɛn na Mohwehwɛ Wɔ Asetra Mu?” Ɔkasa a egyina Youth nhoma ti 28, nkratafa 180-6 so. Si hia a ɛho hia sɛ Kristofo mmofra de botae pa besisi wɔn anim, ahyira wɔn ho so ama Yehowa, asiesie wɔn ho ama asubɔ, aboa asafo no, na wɔabu ɔsom adwuma no aniberesɛm so dua. Wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so.​—Mmeb. 4:20-26.

22 min: “Awofo​—Montete Mo Mma wɔ Asɛnka Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Ɛho hia sɛ wɔtete mmofra wɔ ɔsom adwuma no mu fi mmofraase Boa wɔn ma wonhu hia a ahosohyira ho hia na wonsiesie wɔn ho mma eyi ne asubɔ bere a wonyin wɔ honam fam ne honhom fam no. So mmofra a wonnii mfe aduonu wɔ mo asafo no mu a wɔnyɛ adawurubɔfo? Fi ayamye mu hyɛ wɔne wɔn awofo nkuran sɛ wonsusuw asɛnka ase a wobefi ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a esi asɛm a ɛwɔ omTW nhoma, nkratafa 99 ne 100 no so dua. Ɔwofo ne abofra kɔ ɔpanyin nkyɛn na ɔwofo bisa ɔpanyin sɛ ebia ne babarima (anaa ne babea) no fata sɛ wɔkan no sɛ ɔdawurubɔfo. Ɔpanyin fi ayamye mu ti nneɛma a ɛsɛ sɛ wosusuw ho no mu. Abofra wɔ nokware no ho mfitiase nimdeɛ. So ɔbɛpɛ sɛ onya asɛnka mu kyɛfa? So onya adanse a wodi wɔ afie mu mu kyɛfa? Ɔwofo te nka dɛn? Ɔpanyin gye tom sɛ abofra bɔ mmɔden na ɔfata sɛ ɔde akontaabu bɛma sɛ ɔdawurubɔfo. Oguamtrani de ba awiei denam hia a ɛho hia sɛ mmusua bɛbom asiesie wɔn ho ama asɛnka na wɔanya mu kyɛfa so dua a osi so.

Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 31

Dwom 123

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso “Fa Creation Nhoma Foforo no Kratawa Foforo Di Dwuma September Mu.” Yɛ Kingdom News No. 33 a wɔde di dwuma de Creation nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya afie afie adwuma wɔ Kwasida a edi kan wɔ September mu mu kyɛfa na wɔmfa Kingdom News No. 33 ne Creation nhoma no mma.

15 min: “Yɛn Nhyiam Horow no a Yɛbɛma Anya Nkɔso.” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran. Kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem 4 mu denam dapɛn a etwaam Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Nhoma Adesua no mu asɛm a wode bedi dwuma so.

18 min: “So Wubetumi Agye Nteɛso Atom?” Ɔkasa a egyina May 1, 1986, Watchtower mu asɛm a efi ase wɔ kratafa 26 no so.

Dwom 160 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena