Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Bere a Yehyia Anoyi Ahorow
1 Ɔkyerɛkyerɛ wɔ afie afie som adwuma no mu ma asɛnnennen bi sɔre. Ɛnyɛ nea nkurɔfo hwɛ kwan sɛ yɛbɛba wɔn hɔ, enti ebia ebinom bɛbɔ mmɔden sɛ wɔne yɛn remmɔ nkɔmmɔ biara na ama wɔatumi akɔyɛ nea wɔreyɛ no ntɛm ara. Nanso nnianim asɛm a woasiesie no yiye betumi ama wɔn ani agye Ahenni asɛm no ho na ama woatumi adi anoyi ahorow ho dwuma yiye mpo. Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa nnipa pii ma wɔahu nokware no, na sɛ yetumi yɛ saa a, ɛbɛyɛ nea yɛredi asɛmpa no a ‘yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn’ ho asɛnnennen no ho dwuma.—Mat. 28:19, 20.
2 So woahyɛ no nsow sɛ wɔ nsasesin pii mu no ɛkame ayɛ sɛ anoyi ahorow abien anaa abiɛsa koro no ara na afiewuranom pii de ma? Sɛ yɛbɛyɛ asɛmpa no ho akyerɛkyerɛfo pa a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yedi eyi ho dwuma wɔ ayamye mu ne anifere kwan so. (Fa toto Ɔsɛnkafo 12:10 ho.) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ baabiara a ebetumi no, yebegyaw Ahenni no ho adwene a ɛho hia bi wɔ hɔ.
ƆKWAN A EYE A YƐBƐFA SO
3 Anoyi no ho adwempa a yebenya bɛboa yɛn ma yɛakyerɛkyerɛ. Anoyi taa ma yenya nea ofiewura no susuw ho adwene bi. Ebetumi ayɛ nea wode wo nkɔmmɔbɔ no begyina so mpo. Bɔ mmɔden nya nea mubegyina so anaa asɛm a mo adwene hyia wɔ ho. Afei dan wo Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa no mu ma ɛne no nhyia.
4 Sɛ nhwɛso no, sɛ onipa no ka sɛ ɔyɛ Katolekni a, wubetumi aka sɛ: “Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ woabɔ ‘Yɛn Agya a ɔwɔ soro’ mpae no mpɛn pii. (Mat. 6:9-13) Yɛbɔ mpae nso sɛ Onyankopɔn Ahenni no mmra na yɛsrɛ sɛ Onyankopɔn pɛ nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro. So woasusuw nea Onyankopɔn Ahenni no yɛ ne sɛ nea ɛbɛma Onyankopɔn pɛ ayɛ wɔ asase so no ho pɛn?” Bere a woama ofiewura kwan ma wabua bi no, fa nsemmisa yi ho mmuae ma. Nkɔmmɔbɔ a ɛte sɛɛ betumi ama wode Tra Ase Daa nhoma no ama.
5 Wubebua dɛn, bere a obi ka sɛ. “Mewɔ m’asɔre” no? Wubetumi akyerɛ sɛ w’ani gye ne ho denam nsɛm a ɛfa n’asɔre ho a wubebisa no so, sɛ ebia: “Mesrɛ wo, asɔre bɛn na wokɔ?” Ebia afei wubetumi abisa sɛ, “Ɛhe na w’asɔre no wɔ?” Bere a nkɔmmɔbɔ no rekɔ so na ofiewura no hu sɛ woretie no no, wubetumi aka sɛ: “Ɛyɛ m’anigye sɛ mate eyi” na afei woafi ase de w’asɛm no agyina biribi te sɛ mpaebɔ nhwɛso no, anaa wiase nsɛm tebea no so. Sɛ ofiewura no kyerɛ asɔre ko a ɔkɔ a, wubetumi a a sɛ: “Sɛ́ . . . . . . . . . . . . . . . . no, akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ asomdwoe ba asase so. So wugye di sɛ ɛbɛba saa da bi? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so?” Afei kɔ so fa Tra Ase Daa nhoma no ma na dan w’asɛm no mu sɛnea ofiewura no mmuae ne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no te.
6 Sɛ ɛyɛ nea ofiewura no nni adagyew ampa a, ebia ɛbɛyɛ nea eye sɛ wubetwa w’asɛm no tiaa na woayɛ nhyehyɛe asan akɔ akyiri yi. Wubetumi aka sɛ: “Ɛyɛ m’anigye sɛ mahu no saa, enti sɛ anka mɛsɛe wo bere no, mɛpɛ sɛ migyaw nsɛmma nhoma yi ma wo mmom. Ná anka mepɛ sɛ me ne wo ka [kyerɛ nsɛmma nhoma no atifi asɛm] ho asɛm. Nanso w’ankasa betumi akenkan bere a woanya bere. N’abien no yɛ sidi 40 pɛ.” Adawurubɔfo binom ka biribi a ɛte saa ara nanso wɔde nhoma a yɛde rema wɔ ɔsram no mu no na ɛma.
HWƐ ANOYI AHOROW KWAN
7 Ɛtɔ bere bi a wubetumi ahwɛ anoyi ahorow kwan. Sɛ nhwɛso no, adawurubɔfo binom wɔ hɔ a sɛ wohu sɛ onipa no nni adagyew a, wɔka biribi te sɛ, “Meresra nnipa a wonni adagyew” na afei wɔkɔ so de wɔn asɛm no ma.
8 Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa wɔ afie afie som adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yebetumi adi anoyi ahorow a ɛbɛsɔre ho dwuma no ho yiye. Sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa bere a yehyia anoyi ahorow mpo a, yɛkyerɛ Yesu ahyɛde no so a yedi ne yɛn ani a egye nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin no mu ho ankasa.—Hes. 3:17-19.