So Bible No Yɛ Oburoni Nhoma?
“AGUADIFO na wɔde Kristosom baa ha, wɔn na wɔde Bible no maa yɛn, na wɔfaa biribiara a ɛwɔ ha kɔe.” Saa asɛm a radio so dawurubɔfo bi a ɔwɔ Botswana kae no da nea Abibifo pii gye di adi. Wokura adwene a ɛte saa ara wɔ wiase afã afoforo. Wɔ Afrika no, abibifo pii ka sɛ: ‘Bible no yɛ oburoni nhoma. Wɔde baa Afrika, na wɔde ɛno ne wɔn nyamesom bɛdaadaa yɛn faa yɛn asase no.’
So saa nsɛm ahorow yi yɛ nokware? So aborɔfo ‘bɛfaa asase no’? So ɛyɛ “aguadifo” na wɔde Kristosom baa Afrika? So Bible no yɛ “oburoni nhoma” ampa?
So Aborɔfo ‘Bɛfaa Asase No’?
Sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu yiye a, yehu sɛ wɔ mmeae ahorow pii no wɔyɛɛ saa. Wɔ afeha a ɛto so 15 mu no na nnipa akokodurufo a wofi atɔe fam Europa—a wɔwɔ po so ahyɛn akɛse na wɔanya nkɔso wɔ po so akwantu mu—rekɔ akyiri wɔ Atlantic Po no so. Dɛn ntia? Nea na ɛka akwantu ne mmeae afoforo hwehwɛ honhom a na Europafo wɔ no ho titiriw ne pɛ a na wɔpɛ sɛ “wobenya wɔn ho ntɛm,” a ɛno na ɛkaa wɔn ma wotutuu akwan kɔɔ mmeae ahorow pii kodii so no.
Sɛ nhwɛso, wɔ 1492 mu no, Columbus tuu kwan nam po so kɔɔ atɔe fam, na ɛnyɛ East Indies anaasɛ apuei fam Asia nkutoo na ohui, sɛnea osusuwii no, na mmom Caribbean nsupɔw no, a mprempren wɔfrɛ no West Indies no. Bere no ara mu no Spainfo aguadifo te sɛ Cortez ne Pizarro faa mmeae pii wɔ Amerika atifi, mfinimfini ne kesee fam. Mfiase a wohyiaa nnipa a wɔte hɔ dedaw no, Spainfo no “kunkum wɔn, faa wɔn nneɛma, de wɔn yɛɛ nkoa, na wɔbɔɔ wɔn asu,” sɛnea H. G. Wells bɔɔ amanneɛ wɔ ne Outline of History no mu no. Ankyɛ na “wofii ase twee sika ne dwetɛ twaa Atlantic po no kɔmaa Spain Aban no.”
Ná Columbus botae titiriw ne sɛ obenya kwan bi afa po so akɔ India ne Atɔe fam a wodi atomde te sɛ mako, gyeene ne ntɔrewa ne nneɛma afoforo a sika wom kɛse gua no. Na ne bere so Portugalfo po so aguadifo no wɔ botae koro no ara, nanso wɔfaa po so kwan a ɛnam Afrika mpoano no. Vasco da Grama twaa Cape ho hyiae na okoduu India 1498 mu. Ankyɛ na Portugalfo no nyaa mmeae ahorow a wodi gua wɔ East Africa (Mozambique) a na wɔretwe sika kɔkɔɔ fi Zimbabwe, na wosusuwii sɛ ɛhɔ yɛ Ofir—beae titiriw a Ɔhene Salomo nyaa sika kɔkɔɔ a ɛyɛ nwonwa fii no. Na wɔwɔ mmeae horow a wodi gua mo wɔ India ne Apuei fam nohoaa, a China ka ho. Nanso, wɔ akodi ne mogyahwiegu pii akyi no, Europa aman afoforo a wɔn ani abere begyee wɔn aguadi ahemman no pii fii wɔn nsam.
Awiei koraa no Amerika nyinaa ne Asia mmeae akɛse bɛyɛɛ nea Europafo na wodi so. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Wells kyerɛe no, “Ebedu 1900 no, ná Afrika nyinaa yɛ nea Europa Tumi horow no akyekyem afa wɔ akameakame pii mu . . . Wɔansusuw asase no sofo yiyedi ho kɛse wɔ saa apereperedi yi mu.”
Wɔn a na wɔne Europafo tumi ahorow yi bɔ kɛse ne Kristoman asɔre horow no. So wɔde nokware Kristosom sii hɔ wɔ Afrika ne wiase no afã afoforo? Wɔanyɛ saa. Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa bere a wɔn ankasa nni nokware som akyi no? Wɔde Bible no bae, nanso wɔanni akyi. Nea Bible no hyɛ ho nkuran ne biakoyɛ, asomdwoe ne aman ntam onuayɛ ankasa. Asɛm titiriw a ɛka ne sɛ Onyankopɔn ahenni wɔ Kristo ase ne anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma adesamma. Nanso, ɛwom sɛ Europafo aman yi mufo ka sɛ wɔyɛ Kristofo de, nso wɔne wɔn ho adi akameakame, adi ako, wɔ wɔn abakɔsɛm nyinaa mu, saa nitan yi mu bɛyɛɛ den wɔ afeha yi mu ma ekowiee Wiase Ko I ne II mu, na mprempren wɔresiesie wɔn ho denneennen ama Wiase Ko III. Na sɛ́ wɔbɛbɔ Onyankopɔn ahenni no ho dawuru mmom no, wɔde wɔn ani to amammui ahyehyɛde a nnipa na ahyehyɛ, a ɛne Amanaman Nkabom, no so, sɛ adesamma anidaso koro pɛ.
Ebia wubegye atom sɛ saa nsɛm yi yɛ nokware, akɔ so ara asusuw sɛ Bible no yɛ oburoni nhoma. Ebia wobɛka sɛ: ‘Nanso aborɔfo na wɔde Bible baa Afrika. Afei nso, aborɔfo na wɔkyerɛw Bible no na aborɔfo nkutoo ho asɛm na ɛka.’
Nanso, so nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aborɔfo na wɔde Bible baa Afrika ne nsase afoforo so no ankasa yɛ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wopow? Sɛ obi a ɔde nkrataa a wɔde mana kɔma wɔn wuranom de krataa a efi adamfo anaa obusuani a wodɔ no hɔ brɛ wo a, so wobɛpow, sɛ ɛkɔba sɛ nea ɔde bae no yɛ oburoni a? Dabida. Kae nso sɛ, saa aborɔfo no de basekre, radio, kar ne TV nso baa Afrika, nanso ɛkame ayɛ sɛ abibifo nyinaa ani gye ho yiye sɛ wobenya bi.
Ma yensusuw ho afei . . .
So Aborɔfo na Wɔkyerɛw Bible no a Ɛfa Aborɔfo Ho?
Wɔ abibifo a wɔwɔ kesee fam Afrika no pii fam no, nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea ahorow abiɛsa pɛ na wɔwɔ hɔ—abibifo, aborɔfo ne Asiafo, na wommu Arabfo, Yudafo ne ninipa afoforo a wɔwɔ Mfinimfini Apuei no sɛ Asiafo, na mmom sɛ aborɔfo. Nanso, sɛnea yɛwɔ abibifo aman ahorow, a nnipa no gu ahorow no, saa ara na aborɔfo no nso gu ahorow. Bible mũ no nyinaa yɛ nea Israelfo, anaa Yudafo a wɔyɛ Apuei famfo, anaa nnipa a wofi Mfinimfini Apuei na wɔkyerɛwee—ɛnyɛ Europa aborɔfo a wobedii Afrika so nkonim no. Nea ɛyɛ anigye no, wɔwoo Mose, ɔbarima a ɔkyerɛw Bible mu nhoma anum a edi kan no wɔ kusuu fam Afrika, na ɔtraa hɔ ara kosii sɛ odii mfirihyia 40.
Nanso, Bible no Kyerɛwfo ankasa ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn, Nea nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea, ne adesamma abusua no nyinaa, dan no no. Wɔkyerɛw nhoma ahorow 66 a ɛka bom yɛ Bible, anaa Kyerɛw Kronkron no, efi Genesis kosi Adiyisɛm, wɔ ne honhom no akwankyerɛ ase. “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Eyi ne nokwasɛm titiriw a ɛho hia kɛse no. Amansan Sodifo Kunini no nyɛ nyiyimu. Ɔnyɛ obi a nsonsonoe kakraa a ɛwɔ honam ani hwɛbea ne nhwi mu a ɛkyerɛ biribi kɛse ma nnipa a wɔn adwene sua no ho na odwen. Bible no bɔ amanneɛ sɛ bere a ɔsomafo Petro duu Kornelio, Roma asraafo panyin no fi no, ohuu Amanaman mufo a na Yudafo bu wɔn animtiaa kuw bi. Nanso na wɔn nyinaa ani gye “asɛmpa” no ho yiye. Enti Petro kae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse a ɔsen biara a watra wiase pɛn, Yesu Kristo, gyee Bible amanneɛbɔ a ɛfa Adam ne Hawa, nnipa baanu a wodi kan a wɔbɔɔ wɔn, ho no toom na ɔde kyerɛkyerɛe. (Mateo 19:3-6) So na yɛn awofo a wodi kan no honam ani yɛ fitaa anaasɛ tuntum? Yennim. Ebia na wɔn de no bɛyɛ adantam bi. Nanso yenim sɛ “[Adam] too ne yere din Hawa, efisɛ ɔno na wayɛ ateasefo nyinaa nã.” (Genesis 3:20) Ɔsomafo Paulo, sii eyi so dua sɛ: “Na [Onyankopɔn] maa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:26) Eyi kyerɛ sɛ wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no a na wɔwɔ awo tumi a wɔde bɛwo nnipa ahorow ahorow a ɛsonsono wɔn honam ani hwɛbea sɛnea ɛwɔ hɔ nnɛ yi. Sɛnea ɛno te no, yɛn nyinaa yɛ abusuafo na ɛsɛ sɛ yɛka bom sɛ anuanom wɔ wiase nyinaa. Wɔ ne nhoma The Races of Mankind no mu no, Ɔbenfo R. Benedict kyerɛwee sɛ: “Adesamma abusua horow no ne nea Bible ka sɛ wɔyɛ no—anuanom.”
Ebia ebinom bebisa sɛ, Nanso so Bible no nnome abibifo?’ Aborɔfo ne abibifo pii kura saa adwene yi, titiriw wɔn a wɔwɔ kesee fam Afrika no. Nanso ɛnyɛ nokware koraa.
Bere bi, wɔ wiase nyinaa nsuyiri no akyi no, Noa ba Ham dii fɔ wɔ suban bɔne a oyii adi wɔ n’agya ho mu. Ebia na Ham ba Kanaan ho wɔ bɔne a wɔyɛ tiaa Noa no mu. Ɛnde, na ɛfata sɛ Noa kae sɛ: “Wɔadome Kanaan, ɔbɛyɛ nkoa mu akoa ama ne nuanom.”
Akyiri yi Kanaanfo begyee dimmɔne esiane wɔn abrabɔ bɔne, wɔn nyamesom a agumammɔ a ɛyɛ ahobow ka ho no nti. Nkɔmhyɛ kwan so nnome no baa mu bere a Israelfo a wɔyɛ Sem asefo no dii Kananfo, a akyiri yi wɔkɔhyɛɛ Medo-Persiafo, Helafo ne Romafo—Yafet asefo—no kɔndua ase no so no.—Genesis 9:20-27.
Esiane sɛ na Kanaanfo yɛ aborɔfo nti, na nnome no mfa abibifo, a wɔyɛ Kus, Ham ba foforo asefo no ho. Saa Onyankopɔn Asɛm ho nkyerɛase bɔne yi na ɛde ɔhaw ne amanehunu pii aba abibifo so no. Na eyi te saa titiriw bere a ɔman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “Kristofo” no de wɔn ho hyɛɛ nkoatɔ mu no. Abakɔsɛm kyerɛwfo H. Fisher se: “Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu wɔ Kristofo anibuei mu sɛ bere tenteenten a wɔde dii nkoatɔ ho dwuma a wonim wɔ abakɔsɛm mu no, Spain ne Portugal, France, Holland ne Britania nneyɛe na ɛma efii ase bere a na Kristofo gyidi abɛyɛ nyamesom a wɔde asi hɔ wɔ Atɔe fam Europa bɛboro mfirihyia apem akyi no.”
Ná nkoa wuranom, a na wɔn mu dodow no ara yɛ asɔrekɔfo ankasa no taa de anansesɛm a ɛne sɛ wɔadome abibifo no na eyi wɔn ho ano. Ɛnnɛ, wɔ mmeae binom no, aborɔfo pii da so ara de saa asɛm no di dwuma de “kata” nyiyimu a wɔyɛ tia abibifo no so.
Ɛdefa asɛm a ɛne sɛ, Bible no ka aborɔfo nkutoo ho asɛm ho no, ɛyɛ nokware sɛ Bible mu nsɛm a esisii no pii fa nnipa a wofi Mfinimfini Apuei a Afrikafo pii bu wɔn “aborɔfo” no ho. (Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a Bible mu nsɛm a esisii ho mfonini ahorow mu nnipa taa yɛ “aborɔfo” anaasɛ Apuei famfo no mu.) Nanso, eyi nte saa bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ná Ebedmelek a onyaa Onyankopɔn dom esiane sɛ ogyee odiyifo Yeremia nkwa nti no yɛ Obibini. (Yeremia 38:7-13; 39:15-18) Wɔn a na wɔwɔ hɔ Pentekoste da no bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo a wodii kan no so no pii yɛ nnipa a wofi Afrika. (Asomafo no Nnwuma 2:7-11) Ná ɔbarima a Filipo kasa kyerɛɛ no wɔ ne teaseɛnam mu, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 8:26-38 no fi Etiopia.
Bible no Kasa Tia Bɔne a Nnipa Ahorow Nyinaa Yɛ
Ɛda adi sɛ wɔ nnipa ahorow nyinaa mu no wɔyɛ papa ne bɔne. Nanso Bible no kasa tia bɔne ahorow nyinaa, ɛmfa ho sɛnea wɔn a wɔyɛ no honam ani hwɛbea te. Sɛ nhwɛso no, adefo ‘a wosisi ahiafo akɔ so wɔ nnipa ahorow nyinaa mu sɛnea Bible ka no: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Nanso Bible no bɔ kɔkɔ nso sɛ: “Mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom. . . . Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo [Yehowa] no asom.”—Yakobo 5:1-4.
Onyankopɔn Asɛm no kasa tia mmusua horow nyinaa mu adefo ne ahiafo nneyɛe bɔne ahorow te sɛ aguamammɔ, abosonsom, ahonhonsɛmdi, ɔtan, akayɛ no asabow nso. Ɛbɔ kɔkɔ sɛ “wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:19-21) Nanso, ɛrenkyɛ, saa Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ tumi kɛse yi bɛma mprempren nhyehyɛe bɔne yi aba awiei na ɛde mfirihyia 1,000 asomdwoe nniso aba.—Daniel 2:44; Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 20:1, 2.
Nea ɛka anidaso asɛm a anuonyam wom yi a ɛde ma ho no, Bible no de afotu a eye kyɛn so ma wɔ aware, abusua asetra ne ɔhaw ahorow pii a ɛma asetra yɛ den nnɛ no ho. Ɛma asomdwoe na ɛde asetra wɔ paradise asase so ho anidaso ma. Ma henanom? Ma aborɔfo nkutoo? Dabi; sɛnea Bible no ankasa ka no, ma “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) So wobɛka wɔn ho? Sɛ saa a, ɛho hia sɛ wusua afotu a Yehowa Nyankopɔn de ma adesamma nyinaa wɔ n’Asɛm Bible no mu no na wode di dwuma nnɛ.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Kanaan nnome no Bible ka ho asɛm, ɛnyɛ abibifo
[Kratafa 22 adaka]
Noa Ba Ham Asefo
KUS
(Etiopiafo a wɔwɔ Afrika Apuei fam ne Arabia)
MISRAIM
(Misrifo)
PUT
(Nnipa a wɔte Afrika Apuei fam)
KANAAN
(Aborɔfo a wɔte Mediterraneafo Apuei fam mpoano)
[Kratafa 21 mfoni]
Sɛ obi a ɔde nkrataa a wɔde mana kɔma wɔn wuranom de krataa brɛ wo a, so wobɛpow esiane sɛ ɛsono ne honam ani hwɛbea nti?