Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/97 kr. 1
  • ‘Yɛka Asɛm No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Yɛka Asɛm No’
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ka Asɛm No”
    To Dwom Ma Yehowa
  • “Ka Asɛm No”
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Sɛn Na Yɛreyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Yehowa Reboa Ma Yɛayɛ Ɔkyerɛkyerɛ Adwuma no Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 1/97 kr. 1

‘Yɛka Asɛm No’

1 Nea ɛne asɛm a Bible no ka faa “nna a edi akyiri” no ho hyia no, ɛnnɛ nnipa dodow no ara na “wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa.” (2 Tim. 3:1, 5) Eyi te saa efisɛ nyamesom akannifo ntumi mfaa honhom fam akwankyerɛ pa mmaa wɔn nguan no. Kristoman mu asɔfo nnyina Bible no akyi. Wɔn ani gye ho mmom sɛ wɔde mmɔdenbɔ bɛka nyansapɛfo ne nyamekyerɛfo nkyerɛkyerɛ a mfaso nni so no ho nsɛm anaasɛ wobesusuw asetra ne amammui nsɛm ho sen sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Asɛm no. Nyamesom akannifo pii nnye Bible no nni. Wɔte nka sɛ ne bere atwam, ma enti wɔhyɛ adannandi nkyerɛkyerɛ ho nkuran denneennen mmom sen sɛ wɔbɛhyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ɔbɔadeɛ Kɛse bi ho no ho nkuran. Asɔfo dodow no ara mfa Onyankopɔn ankasa din nni dwuma mpo, na wɔnkasa ntia yi a wɔayi afi nnɛyi Bible nkyerɛase ahorow mu no.

2 Sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so nyamesom akannifo no fam no, saa ara na nnɛyi asɔfo no reka nsɛnhunu. (Mat. 15:8, 9) Ɛte sɛ nea odiyifo Amos ka siei no pɛpɛɛpɛ. “Ɔkɔm” bi wɔ hɔ a “ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na Awurade [Yehowa, NW] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Nkurɔfo hia honhom fam aduan a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no sen biribi foforo biara.

3 Sɛnea Yɛbɛma Nkurɔfo Anya Wɔn Honhom Fam Ahiade: Paulo tuu Timoteo fo sɛ ɔmmata ‘nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama obi ahu nyansa akɔ nkwagye mu’ no ho, ma enti ofi komam hyɛɛ no nkuran sɛ ‘ɔnka asɛm no’ nkyerɛ afoforo. (2 Tim. 3:14, 15; 4:2) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛbata Bible nkyerɛkyerɛ ho bere a yɛka asɛm no, na yɛnam saayɛ so asuasua yɛn Nhwɛsofo, Yesu, a ɔkae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea” no. (Yoh. 7:16) Yɛde Onyankopɔn Asɛm no di dwuma sɛ nea yɛn nkyerɛkyerɛ gyina so, efisɛ yegye tom sɛ emu na ɔsoro nyansa wɔ, na yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu baabi a nsɛm a yɛka kyerɛ wɔn no fi.—1 Kor. 2:4-7.

4 Ɛsɛ sɛ nkurɔfo di kan te Bible mu nokware no na ama wɔatumi asua Yehowa ho ade na wɔanya ne mu gyidi. Paulo kyerɛwee wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?” (Rom. 10:14) Sɛ yɛka Onyankopɔn Asɛm a, yɛboa afoforo ma wɔnam nokware nimdeɛ so nya gyidi. Nimdeɛ a ɛte saa tumi sakra nkurɔfo ma wɔn asetra yɛ papa. Engiresini nhoma kyerɛwfo Charles Dickens kyerɛw faa Bible ho sɛ: “Ɛne nhoma a eye sen biara a wɔayɛ anaa wɔbɛyɛ wɔ wiase, efisɛ ɛkyerɛkyerɛ wo asuade a eye sen biara a ebetumi akyerɛ onipa biara a ɔbɔ mmɔden sɛ obedi nokware no kwan.”

5 Wɔn a honhom fam nokware ho kɔm de wɔn no behu sɛ Onyankopɔn Asɛm mu tumi na ɛtaa akyi. Afe 1913 mu tɔnn na wɔde nhomawa bi a na wɔato din Where Are the Dead? no maa Frederick W. Franz, a na ɔyɛ kɔlegeni no. Bere a ɔde anigye kenkanee asɛmmisa yi ho mmuae a Bible de ma no, ɔkae sɛ: “Nokware no ni.” Nnipa ɔpepem pii a wɔhwehwɛ nokware no abɛte nka saa ara. Momma yɛnkɔ so mfa nnamyɛ ne mmɔdenbɔ nka Asɛm no, na yɛnam saayɛ so anya anigye bere a yɛte sɛ afoforo ka sɛ: “Nokware no ni” no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena