Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/97 kr. 2
  • January Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 6
  • Dapɛn a Efi Ase January 13
  • Dapɛn a Efi Ase January 20
  • Dapɛn a Efi Ase January 27
Yɛn Ahenni Som—1997
km 1/97 kr. 2

January Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase January 6

Dwom 8

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne asafo no September asɛnka adwuma ho akontaabu ho asɛm.

20 min: Kristofo Ayeforohyia Ahorow a Ɛkari Pɛ. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina Ɔwɛn-Aban, October 1, 1984, kratafa 14-26, ne September 1, 1996, kratafa 22 ne 23, nkyekyem 11-14 so, a ɛka saa nsɛm yi: (1) Aware yɛ nhyehyɛe kronkron a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn na ɔde sii hɔ, enti Kristofo bu no saa. Nnipa baanu a wɔreware no na wosi aware ko a wɔpɛ (amammerɛ kwan so de anaa aban mu de), ne afei sɛ́ wɔde apontow bɛka ho anaasɛ wɔremfa bi nka ho, no ho gyinae. Ɛnsɛ sɛ afoforo kasa tia nea wɔpaw no. (Fa toto Romafo 14:4 ho.) (2) Nyansa wom sɛ wɔbɛma adeyɛ no ayɛ korokorowa na wɔakwati “ahohoahoa” wɔ nnipa a wɔne awarefo no bɛbom aba ne wɔn ntade ho. (Yes. 61:10; 1 Yoh. 2:15-17) (3) Bere a mfomso nnim sɛ wobedi mpɔtam hɔ amammerɛ a ntease wom akyi no, ɛho nhia sɛ wɔde afɛfɛsɛm a ne bo yɛ den na egye bere pii kyekyere wɔn ho. Ɛsɛ sɛ ɔkwan a ayeforokunu ne ayeforo no fa so da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔ adeyɛ no ase no yɛ nea ɛho wɔ nyam. (Mat. 5:16; Kol. 3:17) (4) Ɛnyɛ nhyɛ sɛ wɔn a wɔreware no bɛtow “pon” aka ayeforohyia no ho, nanso sɛ wɔyɛ saa a, nneɛma a wɔnyɛ ntra so ho hia wɔ aduan, anonne, nnwom, ne asaw mu. (1 Kor. 10:31, 32) (5) Ɛnsɛ sɛ nnipa baanu no abusuafo ne nnamfo hyɛ wɔn ma wɔyɛ nneɛma tra so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wɔde atɛmpa di dwuma. Kɔ a obi bɛkɔ bere a wɔntoo nsa mfrɛɛ no no nkyerɛ ɔdɔ anaa ahokokwaw. (Heb. 5:14; Aso. 20:35; Mat. 7:12) (6) Ɛnsɛ sɛ wɔn a wonni bi no bɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn a wɔn nsɛm tebea bɛma wɔn kwan ma wɔayɛ ayeforohyia akɛse no si akan. (Gal. 5:26) (7) Bere a mpanyimfo reboa Kristofo a wɔrebɛware no, ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ, sɛ nea obi yɛ no ntia Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a, ɛho nhia sɛ wɔkasa tia obi ahonim a ɔde yɛ biribi no. (1 Kor. 1:24; Filem. 8, 9) (8) Bere a ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara to afoforo hintidua wɔ nsɛm a ɛfa ahonim ho mpo mu no, saa ara nso na ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia sɛ yɛde yɛn ahonim bɛkɛntɛn afoforo so.—Rom. 14:1-4, 21, 22.

15 min: “Wɔama Yɛafata na Wɔasiesie Yɛn sɛ Yɛnkyerɛkyerɛ Afoforo.” (Nkyekyem 1-6) Ka nkyekyem 1-2 ho asɛm tiawa, a esi hia a ɛho hia sɛ yenya ahotoso sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi akyerɛkyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a etu mpɔn so dua no. Ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 3-6 no ho ɔyɛkyerɛ abien a ɛsono ebiara mu nnipa, a emu biara kyerɛ sɛnea wɔyɛ nsrahwɛ a edi kan no ne sankɔhwɛ.

Dwom 14 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 13

Dwom 16

13 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛm a wobetumi de abɔ nkɔmmɔ ho asɛm. Fa nyansahyɛ ahorow ma wɔ sɛnea yɛda yɛn ho adi bere a yɛrekɔ nkurɔfo nkyɛn akodi wɔn adanse bɔnnɔ so no ho. Ma atiefo nka nnianim nsɛm a wɔde adi dwuma bere a wɔne afoforo rebɔ nkɔmmɔ wɔ sotɔɔ ahorow mu, mmɔnten so, agodibea, ɔmanfo kar mu, ne mmeae a ɛtete saa no. Ka dapɛn awiei no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.

15 min: “Wɔama Yɛafata na Wɔasiesie Yɛn sɛ Yɛnkyerɛkyerɛ Afoforo.” (Nkyekyem 7-9) Ka osuahu a ɛfa sankɔhwɛ a wɔyɛ ho a ɛwɔ 1995 Yearbook no kratafa 45, a esi hia a ɛho hia sɛ wɔsan kɔ obiara a ɔkyerɛɛ anigye hɔ so dua no. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 7-8 no ho ɔyɛkyerɛ. Ɛwom sɛ bere a edi kan no ebia yɛbɛma nkurɔfo nhoma foforo de, nanso ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ awiei koraa no, yɛbɛyɛ adesua ahorow afi Nimdeɛ nhoma no mu. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa bere bi nsi hɔ wɔ dapɛn a ɛreba no mu mfa nyɛ sankɔhwɛ ahorow.

17 min: Bere Asõ sɛ Yɛsan Hyehyɛ “Advance Medical Directive/Release” Krataa No. Ɔpanyin a ɔfata ka hia a ɛho hia sɛ yɛhyehyɛ krataa no wie na yɛde hyɛ yɛn ho bere nyinaa no ho asɛm. Saa krataa yi kasa ma wo bere a wuntumi nkasa wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mu no. (Fa toto Mmebusɛm 22:3 ho.) Fa akwankyerɛ foforo a efi January 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 2 no mu ka ho. Nhumu a yɛde bedi dwuma wɔ saa nsɛm a ɛho hia yi mu no de Yehowa nhyira bɛba.—Mmeb. 16:20.

Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 20

Dwom 21

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” ho asɛm.

15 min: “Wobegye Nnipa Ahorow Nyinaa Nkwa.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma atiefo nka osuahu ntiantiaa a ɛkyerɛ sɛnea wonyaa nkurɔfo a wɔn asetram gyinabea gu ahorow ma wotiee wɔn.

20 min: Abrabɔ Pa a Wɔde Di Adanse. Ɔpanyin bi ne mmofra baanu anaa baasa bɔ nkɔmmɔ. Nkɔmmɔ no gyina November 1, 1987, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-32 so. Ka osuahu a ɛwɔ nhoma mu ne osuahu biara a moanya wɔ mo mpɔtam hɔ nso a ɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔwɔ nkyɛn no ani agye Kristofo mmofra abrabɔ pa ho.

Dwom 23 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 27

Dwom 20

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

10 min: Asɛmmisa Afã no a ɔkyerɛwfo no ka mu nsɛm.

15 min: “‘Yɛka Asɛm No.’” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa nsɛm bi a ɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn Asɛm no som bo ma yɛn kɛse saa ka ho.—Hwɛ March 22, 1984, Engiresi Nyan!, nkratafa 9-11.

15 min: Ka Nhoma a Yɛde Bɛma February mu ho asɛm. Da nhoma no mu nneɛma bi a ɛyɛ anigye adi, te sɛ: (1) Emu nsɛmti a ɛka adwene, (2) mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ, (3) nnaka ne nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛyɛ adekyerɛde, ne (4) nsɛmmisa a wɔatintim wom a ɛkanyan adwene no. Nea ɛne nhyiam no fã a edi eyi anim no hyia no, kamfo kyerɛ sɛ wɔmpaw kyerɛwsɛm bi a ɛfata mfa nni dwuma wɔ asɛm a wɔka kyerɛ no mu. Ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ tiawa biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. Kae obiara sɛ onnye nhoma no bi mfa nni dwuma saa dapɛn yi.

Dwom 26 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena