Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 1/15 kr. 19-22
  • Nhyehyɛe A Yɛbɛyɛ Ato hɔ Ama Yɛn Adɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyehyɛe A Yɛbɛyɛ Ato hɔ Ama Yɛn Adɔfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudwen Owu Ho?
  • Agyapade a Wogye Fi Obi Nsam
  • ‘Baanu no Bɛyɛ Ɔhonam Koro’
  • Ayiyɛ Ho Amanne Horow
  • Nhyehyɛe a Wobɛyɛ Wɔ Mmara Kwan So
  • Abusua no a Wo ne Wɔn Besusuw Nsɛm Ho
  • Bɔ W’abusua Ho Ban
  • Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Mode Onyankopɔn di Kan wɔ mo Abusua Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 1/15 kr. 19-22

Nhyehyɛe A Yɛbɛyɛ Ato hɔ Ama Yɛn Adɔfo

AWERƐHOSƐM a ɛtoo Annie no puei nnansa yi wɔ Afrika atesɛm krataa bi mu. Na Annie kunu yɛ adwumawura. Owui wɔ 1995 mu, na ogyaw mfiri 15; sika pii wɔ sikakorabea; bɛyɛ sika ankasa (U.S.) $4,000; adetɔnbea; asanombea ne ofie a adan abiɛsa na ɛwom. Nea wannyaw ne nsamansew.

Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Annie kunu nuabarima gyee agyapade no ne sika no na ɔpam ɔne ne mma baasia fii wɔn fie. Odi hia, na seesei ɔne ne mma te ne nuabarima nkyɛn. Na ɛsɛ sɛ mmofra no mu baanan gyae sukuu efisɛ wonni sika a wɔde tua ho ka ne nea wɔde tɔ ho ntade.

Annie de asɛm no kɔdan asɛnnibea kɛse bi a ebuu atɛn sɛ wɔmma no agyapade no bi ne kar biako. Nanso wɔamma no hwee. Ɛsɛ sɛ ɔsan kɔ asɛnnibea bio kɔhyɛ ne kunu nuabarima no ma odi ahyɛde a asɛnnibea no de mae no so.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudwen Owu Ho?

Annie asɛm no kyerɛ nea ebetumi asi sɛ abusua ti anyɛ nhyehyɛe wɔ tumi a obetumi awu no ho a. Sɛ nnipa wu a, wɔn nyinaa ‘gyaw wɔn ahode ma ebinom.’ (Dwom 49:10) Afei nso, awufo nni nea wɔde wɔn agyapade yɛ so tumi. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Sɛ obi betumi akyerɛ nea wɔbɛyɛ n’agyapade bi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho nhyehyɛe ansa na wawu.

Ɛwom sɛ yɛn nyinaa nim sɛ yebetumi awu mpofirim de, nanso nnipa pii nyɛ nsiesiei mma wɔn adɔfo a wowu gyaw wɔn no. Ɛwom sɛ Afrika mmusua bi na yɛbɛka wɔn ho asɛm de, nanso ɔhaw ahorow a ɛte saa ara wɔ wiase afa foforo.

Sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe de akyerɛ sɛnea wɔnyɛ w’agyapade wɔ owu mu no yɛ w’ankasa asɛm. (Galatifo 6:5) Nanso, ebia obi bebisa sɛ: ‘Dɛn nti na sɛ obi te ase a ɔpɛ ne yere ne ne mma asɛm na ɔhwɛ wɔn nanso ɔnyɛ wɔn yiyedi ho nhyehyɛe biara sɛ ɛba sɛ owu a?’ Ade titiriw nti a ɛte saa ne sɛ, yɛn mu dodow no ara mpɛ sɛ yebedwen wu a yebetumi awu no ho, na menne sɛ yɛbɛyɛ owu ho nhyehyɛe. Nokwarem no, yentumi nhu da a yebewu, sɛnea Bible ka no: “Munnim nea ɛbɛba ɔkyena. . . . Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.”—Yakobo 4:14.

Mfaso wɔ wu a wubetumi awu ho nhyehyɛe a wobɛyɛ so. Ɛsan kyerɛ sɛ wufi ɔdɔ mu susuw wɔn a wɔte ase no ho. Sɛ yɛanyɛ yɛn nneɛma ho nhyehyɛe a, afoforo bɛyɛ. Ebia nnipa a yennim wɔn da na wobesi yɛn agyapade ne yɛn ayiyɛ ho gyinae. Wɔ aman bi mu no, Aban na obesi nea obenya yɛn sika ne agyapade wɔ tebea a ɛte saa mu no ho gyinae. Wɔ mmeae foforo nso, abusuafo na wosi gyinae no, na anobaabae a ɛde nitan ba abusua no mu taa ka gyinaesi ahorow yi ho. Afei nso, gyinae a wobesi no betumi ayɛ soronko koraa wɔ nea yɛn ankasa yɛpɛ no ho.

Agyapade a Wogye Fi Obi Nsam

Okunafo na ohu amane pii bere a ne kunu awu no. Wɔ ne hokafo a wahwere no ho awerɛhodi akyi no, wɔtaa gye agyapade fi ne nsam. Yɛaka eyi ho asɛm dedaw wɔ Annie asɛm no mu. Nea enti a wogye agyapade fi afoforo nsam no fã bi fi ebia mmea dodow a wobu wɔn sɛ ɔyerenom. Wɔ amammerɛ binom mu no wommu ɔyere sɛ abusua no muni. Ɔkwan bi so no, ɔyɛ ɔhɔho a obetumi asan akɔ n’abusua mu anaa ɔbɛsan akɔware wɔ abusua foforo mu bere biara. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wobu ɔbarima no nuanom ne n’awofo sɛ wɔrennyaw no da. Sɛ owu a, n’abusuafo gye di sɛ ne nneɛma yɛ wɔn de, na ɛnyɛ ne yere ne ne mma dea.

Okununom a wɔne wɔn yerenom nka atirimsɛm no hyɛ adwene a ɛte saa ho nkuran. Mike ne ne nuanom nkutoo na wosusuw n’adwuma ho nsɛm ho. Na wonim n’agyapade nyinaa, nanso na ne yere nnim ho asɛm papa. Bere a owui no, ne nuabarimanom baa ne nkyɛn bebisaa sika a na ne kunu hwɛ kwan sɛ obi a ɔde ne ka betua ama no no. Na onnim ho hwee mpo. Afei, wogyee mfiri a ɔde bɔ nkrataa ne nea wɔde yɛ photocopy a ne kunu tɔ maa no no fii ne nsam. Awiei koraa no, ne nuabarimanom gyee ofie no ne nea ɛwom nyinaa. Wɔmaa okunafo yi ne ne babea kumaa tu fii hɔ a wɔn ntade nkutoo na wɔfae.

‘Baanu no Bɛyɛ Ɔhonam Koro’

Okununom Kristofo dɔ wɔn yerenom na wɔwɔ wɔn mu ahotoso. Mmarima yi tie Kyerɛwnsɛm mu afotu yi yiye: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” Mmarima yi san gye asɛm a wofi honhom mu kyerɛw yi tom: “Onipa begyaw n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro.”—Efesofo 5:28, 31.

Afei nso, okununom a wosuro Onyankopɔn ne Kristoni ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw eyi no yɛ adwene: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Esiane nnyinasosɛm yi nti, sɛ okunu Kristoni yɛ nhyehyɛe sɛ obetu kwan akɔ akyirikyiri a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ ɔbɛma wɔahwɛ n’abusua bere a ɔkɔ no. So ntease nni mu nso sɛ ɔbɛyɛ nsiesiei ama ne yere ne ne mma sɛ ɛba sɛ owu a? Ɛnyɛ sɛ mfaso wɔ so nko, na mmom ɛkyerɛ ɔdɔ nso sɛ obi besiesie ne ho ama asiane a ebetumi aba mpofirim.

Ayiyɛ Ho Amanne Horow

Wɔ Kristofo okununom fam no, asɛm yi ho biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Nea ɛka okunafo no awerɛhodi wɔ ne kunu, n’agyapade ne ebia ne mma mpo a afi ne nsa ho no, mmusua bi hyɛ no sɛ ɔnyɛ ayiyɛ ho tete amanne ahorow. Nigeria atesɛm krataa a wɔfrɛ no The Guardian no ka sɛ ɛyɛ amanne wɔ mmeae bi sɛ okunafo no bɛda ne kunu funu nkyɛn wɔ dan koro a kanea nni mu mu. Wɔ mmeae foforo nso, wɔmma akunafo kwan sɛ womfi fie kosi sɛ wobedi awerɛhow bɛyɛ asram asia. Saa bere no ɛnsɛ sɛ woguare, na wɔmma wɔnhohoro wɔn nsa mpo bere a wɔrebedidi anaasɛ wɔadidi awie no.

Amanne ahorow a ɛtete saa ma Kristofo akunafo titiriw hyia nsɛnnennen. Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani no ma wɔkwati amanne a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. (2 Korintofo 6:14, 17) Nanso, sɛ okunafo bi anyɛ amanne horow yi a, obetumi ahyia ɔtaa. Ebi mpo a, ɛsɛ sɛ oguan de pere ne nkwa.

Nhyehyɛe a Wobɛyɛ Wɔ Mmara Kwan So

Bible no ka wɔ nyansam sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba ankasa.” (Mmebusɛm 21:5, NW) Nhyehyɛe bɛn na abusua ti betumi ayɛ? Wɔ aman dodow ara mu no, obi tumi yɛ nsamansew anaa ɔkyerɛw nhoma de kyerɛ sɛnea sɛ owu a, wɔnkyekyɛ n’agyapade. Obetumi de ayiyɛ ho nhyehyɛe aka ho. Nhoma no betumi akyerɛ nea ɛsɛ sɛ ne hokafo yɛ (anaa nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ) wɔ n’ayi ne ho amanne ho nso.

Ɔbea bi a wɔfrɛ no Leah kunu wui 1992 mu. Ɔka sɛ: “Mewɔ mma baanum—mmea baanan ne ɔbarima biako. Me kunu yaree nna kakra ansa na ɔrewu. Ansa na ɔreyare mpo no, ɔkyerɛw nhoma de kae sɛ ɔpɛ sɛ wɔde n’agyapade nyinaa ma me ne mma no. Na insurance sika, afusase, nyɛmmoa, ne ofie ka ho. Ɔde ne nsa hyɛɛ nsamansew no ase na ɔde maa me. . . . Me kunu wu akyi no, abusuafo no pɛe sɛ wogye n’agyapade no bi. Mema wohui sɛ me kunu de n’ankasa sika na ɛtɔɔ afusase no ma enti wonni hokwan sɛ wogye biribiara. Bere a wohuu nsamansew no, wogye toom.”

Abusua no a Wo ne Wɔn Besusuw Nsɛm Ho

Nsɛnnennen betumi aba sɛ obi ne n’abusuafo ansusuw ne gyidi ne nea ɔpɛ ho a. Susuw ɔbarima bi a n’abusuafo hyɛe sɛ wonsie no wɔ akuraa sɛnea ɛhɔnom amanne kyerɛ asɛm no ho. Bere a wohunahunaa wɔn sɛ wobekum wɔn no, okunafo no ne ne mma no gyaw funu no hɔ maa abusua no. Ɔka sɛ: “Sɛ na me kunu aka sɛnea ɔpɛ sɛ wosie no ho asɛm akyerɛ ne wɔfanom anaa ne nuanom mu biako pɛ mpo a, anka abusua no renhyɛ sɛ wɔnyɛ tete ayiyɛ ho amanne ahorow.”

Wɔ mmusua bi mu no, wobu nhyehyɛe a wɔde ano ayɛ te sɛ nhoma a wɔakyerɛw ara pɛ. Saa na ɛte wɔ Swaziland mmeae bi a nnipa pii wɔ gyidi horow a ɛhyɛ tete ayiyɛ ne ho nhyehyɛe ho nkuran. Esiane sɛ na Kristoni bi a wɔfrɛ no Isaac nim eyi nti, ɔne n’abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo hyia susuw nea ɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔ ne wu akyi ho. Ɔkyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ ɔfa n’agyapade pɔtee bi, na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔnyɛ n’ayi mu fann. Owui akyi no, wɔyɛɛ biribiara sɛnea ɔkae no. Kristofo na wosiee Isaac, na wɔhwɛɛ ne yere no yiye.

Bɔ W’abusua Ho Ban

Ɛwom sɛ nea wobɛyɛ de abɔ w’abusua ho ban sɛ ɛba sɛ wuwu a, yɛ w’ankasa w’asɛm de, nanso Kristoni bi a wɔfrɛ no Edward ka sɛ: “Mayɛ insurance a m’abusuafo baawɔtwe benya so mfaso. Me yere nso tumi koyi me sika wɔ sikakorabea. Enti sɛ miwu a, obetumi akoyi sika wɔ sikakorabea hɔ. . . . Mayɛ nsamansew ama m’abusua. Sɛ mewu a, nea megyaw biara yɛ me yere ne me mma dea. Mfe anum ni a meyɛɛ me nsamansew. Mmaranimfo bi na ɔyɛe, na mede bi ama me yere ne me babarima. Medaa no adi wɔ me nsamansew no mu sɛ ɛnsɛ sɛ m’abusua santen no si m’ayiyɛ ho gyinae. Meyɛ Yehowa ahyehyɛde no muni. Enti sɛ Adansefo mu biako anaa baanu pɛ mpo bɛyɛ m’ayi a, ɛno ara ye. Me ne m’abusua santen no mufo asusuw eyi ho.”

Ɔkwan bi so no, nhyehyɛe a ɛte saa a woyɛ no yɛ akyɛde ma w’abusua no. Nokwarem no, wu a wubetumi awu ho nhyehyɛe a wobɛyɛ no nte sɛ chocolate anaa nhwiren a wode kyɛ obi. Nanso ɛda ɔdɔ a wowɔ adi. Ɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ ‘wohwɛ wo fifo’ bere a wunni wɔn nkyɛn bio mpo no.

[Kratafa 21 adaka/mfonini]

Yesu Yɛɛ Nsiesiei Maa Ne Na

“Nso Yesu ne na ne ne na nuabea, Maria, Klopa yere, ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛndua no ho. Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni! Afei osee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na ni! Na efi dɔn no ara mu no, osuani no [Yohane] de no kɔɔ n’ankasa fi.”—Yohane 19:25-27.

[Kratafa 22 mfonini]

Kristofo pii fi nyansam yɛ mmara kwan so nsiesiei de bɔ wɔn mmusua ho ban

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena