Mmofra Bisa Sɛ . . .
Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔyɛ Me Nhwɛsofo?
“Ná ne dom akyɛde a ɔwɔ sɛ baskɛtbɔɔl bɔfo no kyɛn so koraa. Ná me nnamfo nyinaa dɔ no. Ná ɔno ne me nhwɛsofo, na na mepɛ sɛ meyɛ sɛ ɔno na minya nea ɔwɔ no bi.”—Ping, Asiani abofra bi.
WƆTAA frɛ nnipa a wɔkyerɛ wɔn ho anigye na wosuasua wɔn no nhwɛsofo. Nhoma kyerɛwfo Linda Nielsen kae sɛ: “Mmofra suasua nnipa a wɔne wɔn yɛ adwene na nnipa pii adwene wɔ wɔn so anaa wonya akatua a wɔn ani gye ho no.” Enti, mmofra tumi kyerɛ atipɛnfo a wɔagye din na wɔn ho yɛ fɛ ho anigye. Nanso mmofra pii ani taa gye sini mu nnipa, nnwontofo, ne agumadifo ho titiriw, na wɔfa wɔn sɛ wɔn nhwɛsofo.
Nokwarem no, nnipa atitiriw a wogye din no mu dodow no ara yɛ nea mpɛn pii no, nsɛm pii a wɔka fa wɔn ho no nyɛ nokware, nnipa a wɔahyɛ da aka wɔn ho nsɛm sɛnea wonni sintɔ, de ma nkurɔfo kyerɛ wɔn ho anigye kɛse, na nea ɛsen ne nyinaa no, ama wɔatɔn wɔn ho nsɛm kɛse! Ping, a wɔfaa n’asɛm kae ahyɛase no gye tom sɛ: “Metɔɔ video biara a ɛfa baskɛtbɔɔl bɔfo a na mepɛ n’asɛm ho no, na mehyɛɛ ntade ne mpaboa a ne din da so no.” Mmofra bi siesie wɔn ho te sɛ wɔn TV so anaa agumadi mu nhwɛsofo no, yɛ wɔn ti nhwi te sɛ wɔn nhwɛsofo no, na mpo wɔnantew kasa te sɛ wɔn.
Nhwɛsofo—Papa ne Bɔne
Ebia wubebisa sɛ, ‘asiane bɛn na ɛwom sɛ wobɛkyerɛ obi ho anigye?’ Ɛno gyina onii ko a wokyerɛ ne ho anigye no so. Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛdan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no behu amane.” (Mmebusɛm 13:20, NW) Bible no nhyɛ yɛn nkuran sɛ yenni nnipa akyi. (Mateo 23:10) Nanso ɛka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ “wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.” (Hebrifo 6:12) Ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛwee saa nsɛm no yɛɛ nhwɛso pa maa tete Kristofo no. Enti, na obetumi aka sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.”—1 Korintofo 11:1.
Aberantewa bi a wɔfrɛ no Timoteo yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Ɔne Paulo nyaa adamfofa a emu yɛ den bere a wɔboom tuu kwan sɛ asɛmpatrɛwfo no. (Asomafo no Nnwuma 16:1-4) Paulo bebuu Timoteo sɛ ne “ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu.” (1 Korintofo 4:17) Ɛdenam Paulo mmoa so no, Timoteo bɛyɛɛ Kristoni barima a ɔda nsow.—Filipifo 2:19-23.
Nanso, sɛ wopaw nhwɛsofo bɔne a, dɛn na ebetumi aba? Aberantewa bi a wɔfrɛ no Richard ka sɛ: “Bere a midii mfe 15 no, sukuuni bi a wɔfrɛ no Mario bɛyɛɛ m’adamfo pa. Ná m’awofo yɛ Kristofo, na wɔbɔɔ mmɔden boaa me honhom fam. Nanso na Mario tumi gye n’ani sɛnea ɔpɛ—na ɔkɔ disco, kɔ apontow ahorow, ka moto, yɛ nneɛma a ɛtete saa. Ná otumi yɛ nea ɔpɛ biara wɔ bere a ɔpɛ. Ná ɛnte saa wɔ me fam. Enti bere a midii mfe 16 no, meka kyerɛɛ m’awofo sɛ mempɛ sɛ meyɛ Kristoni bio, na meyɛɛ saa.”
So asiane a ɛte saa ara wɔ hɔ sɛ wode nnipa atitiriw ne agumadi mu nnɔmmarima bɛyɛ wo nhwɛsofo? Yiw, ebi wɔ hɔ. Wiɛ, mfomso biara nni ho sɛ wobɛkyerɛ mmirikatufo, sini yɛfo, anaa dwontofo bi mmɔdenbɔ ho anigye. Nanso bisa wo ho sɛ, ‘Nhwɛso bɛn na saa nnipa yi yɛ wɔ wɔn ankasa asetra mu?’ So wonnim agumadi mu nnɔmmarima, nnwontofo, ne agodifo foforo pii sɛ nkurɔfo a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe, nnubɔnenom, ne asabow mu? So ɛnyɛ nokware nso sɛ wɔn mu pii nni asetra mu anigye ne atirimpɔw biara, ɛmfa ho wɔn sika ne din a wɔagye no? Sɛ wohwɛ asɛm no wɔ saa kwan yi so a, adepa bɛn na wubetumi anya afi saafo a wubesuasua wɔn no mu?
Ampa, ɛte sɛ nea otitiriw bi tiyɛ, ne ntadehyɛ, anaa ne kasa a wubesuasua no yɛ ade ketewa bi. Nanso ebetumi ayɛ ade titiriw a ɛbɛma wiase no “anya wo so nkɛntɛnso.” (Romafo 12:2, Phillips) Saa nkɛntɛnso no betumi ayɛ te sɛ nea ɛyɛ anigye mfiase no. Nanso sɛ edi wo so koraa a, ebetumi ama woabɔ wo bra wɔ akwan a akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma woabu Onyankopɔn mmara so so. Bible ka wɔ Yakobo 4:4 sɛ: “Wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn.”
Sɛnea Nhwɛsofo Pa Betumi Aboa Wo
Nanso, obi a ɔyɛ nhwɛso pa a wubesuasua no no betumi anya w’asetra so nkɛntɛnso pa! Wɔ mfɛfo Kristofo mu no, wubetumi anya nnipa pii a wɔyɛ “nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” (1 Timoteo 4:12) Ampa, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye wɔ nnamfo paw mu, wɔ Kristofo asafo no mu mpo. (2 Timoteo 2:20, 21) Nanso mpɛn pii no, ɛnyɛ den sɛ wubehu wɔn a “wɔnam nokware mu” ankasa wɔ asafo no mu. (2 Yohane 4) Nnyinasosɛm a ɛwɔ Hebrifo 13:7 no ka sɛ: “Monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.” Wɔ w’atipɛnfo dodow no ara fam no, sɛnea wɔn abrabɔ bɛyɛ no yɛ nea wonnya nhui. Nanso wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu a wɔada wɔn gyidi adi, na nyansa wom sɛ wubehu wɔn.
Ebia wubebisa sɛ, ‘Minhu wɔn a wɔn mfe akɔ anim?’ Nokwarem no, eyi rennyɛ wo anigye mfiase no. Nanso kae abusuabɔ a Timoteo ne n’adamfo a na ɔsen no panyin, ɔsomafo Paulo, nyae no. Paulo huu Timoteo mmɔdenbɔ, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ‘onnyan Onyankopɔn dom akyɛde a ɛwɔ ne mu no nka nsɔ ano bio.’ (2 Timoteo 1:6) So ɛrennyɛ mfaso sɛ wubenya obi aboa wo ahyɛ wo nkuran, obi a ɔbɛhyɛ wo nkuran ma woanyan ɔdom akyɛde a Onyankopɔn de ama wo no?
Abofra bi a wɔfrɛ no Bryan hui sɛ eyi yɛ nokware. Ansa na ɔne asafo mu somfo hokwafo bi a ne mfe akɔ anim rebɔ no, na ne haw ne sɛ ɔte nka sɛ ɔba fam. Bryan ka sɛ: “M’ani gye ɔdɔ mu a ofi dwen afoforo ho, a me ka ho, no ho; nsi a ɔwɔ ma ɔsom adwuma no; ne ɔkasa dɛdɛ a ɔma no.” Bryan renya ani a saa Kristoni a ne mfe akɔ anim yi rema aku ne ho no so mfaso dedaw. Ogye tom yiye sɛ: “Aboa me ma masesa afi sɛnea na me te kan no ho—ɔdefɛrefo a na me ho nyɛ hyew no.”
Awofo sɛ Nhwɛsofo
Adolescence—Generation Under Pressure nhoma no ka sɛ awofo yɛ “nkɛntɛnso foforo biako a ɛho hia sen biara a ebetumi aboa anaa asiw abofra a wadu ne mpanyin afe so biara kwan wɔ su a ɛfata a obenya ho.” Nhoma no de ka ho sɛ, sɛ mmofra annya saa akwankyerɛ ne su no a, “wɔbɛyɛ sɛ po so hyɛn a wɔntoo no sɛkyɛ a asorɔkye a ɛbɔ biara de no di akɔneaba.”
Saa afotu yi twe adwene si nea osuani Yakobo kyerɛwee bɛboro mfe 1,900 ni a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yakobo 1:6 no so: “Gyidi mu na ommisa, na onnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.” Ebia wunim mmofra bi a wɔte saa pɛpɛɛpɛ. Wɔtra ase ma ɛnnɛ anigyede, a wonnwen ɔkyena de ho.
So wowɔ awofo a wosuro Onyankopɔn a wɔyɛ nhwɛso pa a wɔwɔ asafo no mu? Sɛ saa a, so wobrɛ wo ho ase hyɛ wɔn ase? Anaasɛ wo ne wɔn ko bere nyinaa? Ampa, w’awofo nyɛ pɛ. Nanso mmu w’ani ngu wɔn suban pa so—su a ɛbɛyɛ papa sɛ wusuasua. Kristoni abofra bi a wɔfrɛ no Jarrod kyerɛw sɛ: “Mekyerɛ m’awofo ho anigye kɛse. Nsi a emu yɛ den a wɔyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu, sɛnea wɔagyina sikasɛm mu ahokyere ano, ne nkuranhyɛ a wɔde maa me sɛ menyɛ bere nyinaa som adwuma no, ne nyinaa nyaa me so nkɛntɛnso pa. M’awofo ayɛ me nhwɛsofo bere nyinaa.”
Nhwɛsofo a Ɔsen Biara
Bere a Gallup nhwehwɛmufo kuw bi bisabisaa mmofra bi nsɛm wɔ United States sɛ onipa bɛn na wosusuw sɛ ɔsen biara wɔ abakɔsɛm mu no, wɔn mu dodow no ara paw Amerika amanyɔfo. Ɔha biara mu 6 pɛ na wɔpaw Yesu Kristo. Nanso, Bible kyerɛ yɛn sɛ Yesu Kristo gyaw ‘yɛn nhwɛso’ pa ‘maa yɛn sɛ yenni n’anammɔn akyi.’ (1 Petro 2:21; Hebrifo 12:3) Ɔhyɛ n’asuafo nkuran sɛ wonsua no. (Mateo 11:28, 29) Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ saa?
Sua Yesu asetra ho ade yiye. Bɔ mmɔden kenkan Nsɛmpa kyerɛwtohɔ no nyinaa, ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no.a Hu ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe, sɛnea ɔne nkurɔfo dii nsɛm wɔ ayamhyehye mu, ne akokoduru a ɔdaa no adi bere a na ɔwɔ nhyɛso ase no. Wubehu sɛ Yesu ne nhwɛsofo a ɔsen biara a wubetumi asuasua no.
Dodow a wubehu nhwɛsofo a ɔyɛ pɛ no yiye no, dodow no ara na woremmɛn atipɛnfo anaa atitiriw a wɔmfata no. So wokae Ping ne anigye a na ɔkyerɛ wɔ agumadi mu dɔmmarima bi ho no? Ping da so ara bɔ baskɛtbɔɔl bere ne bere mu, nanso wabehu sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ obesuasua atitiriw bi.
Na Richard nso ɛ? Nhwɛsofo a ɔpawee no ma ogyaw Kristofo gyidi no. Nanso, Richard behuu aberantewa bi a na ɔwɔ ne mfe 20 mu a wɔfrɛ no Simon, a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Richard ka sɛ: “Simon faa me adamfo, na ɔboaa me maa mihui sɛ obi betumi anya asetra mu anigye a ɔrennyae Bible nnyinasosɛm mu. Minyaa obu maa Simon ntɛm ara, na ne nhwɛso boaa me kɛse maa mesan baa asafo no mu, na mihyiraa me nkwa so maa Yehowa. Seesei m’ani agye yiye, na m’asetra yɛ nea atirimpɔw wom ankasa.”
Yiw, nhwɛsofo a wopaw ho hia ankasa!
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Kratafa 24 mfonini]
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ din pa a wo ne wɔn bɛbɔ no betumi aboa wo