Bible No Adwene
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asuro Ɔdɔ Nyankopɔn No?
‘ANIGYE NE ONIPA A OSURO YEHOWA.’—Dwom 112:1.
SƐ “Onyankopɔn ne ɔdɔ,” sɛnea Bible ka ne ho asɛm no a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yesuro no? (1 Yohane 4:16) Wɔtaa bu ɔdɔ ne osuro sɛ nneɛma a enhyia. Enti, dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ osuro di wɔ yɛne Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuro ɔdɔ Nyankopɔn no? Sɛnea wɔde asɛmfua “osuro” di dwuma wɔ Bible no mu a yɛbɛhwehwɛ mu yiye no betumi ama yɛanya asɛm yi ho ntease pa.
Wɔ kasa dodow no ara mu no, asɛmfua biako betumi akyerɛ nneɛma pii, a egyina asɛm a ɛka ho no so. Sɛ nhwɛso no, wɔ kasa ahorow bi mu no, ebia obi bɛka sɛ: “M’ani gye ice cream ho,” ne afei, “M’ani gye me mma ho.” Nsonsonoe kɛse da anigye ahorow a wɔreka ho asɛm ne tumi a ɛwom no mu. Saa ara na Bible no ka osuro ahorow ho asɛm. Sɛ ɛde asɛmfua no di dwuma fa Onyankopɔn som ho a, na ɛnyɛ ehu, anaa osuro a obi nya sɛ wɔbɛma no asotwe bi no ho asɛm na ɛreka. Mmom no, Onyankopɔn suro kyerɛ nkate pa—osuro pa, nidi, ne obu a emu dɔ. Wɔde saa nkate pa yi bata ɔdɔ a yebenya ama Nyankopɔn na yɛabɛn no ho, na wɔmfa mmata nkate a ɛne sɛ yebeguan anaa yebehintaw n’anim ho.
Onyankopɔn suro yi osuro a ɛma obi ho popo fi hɔ. Ɛdefa onipa a osuro Nyankopɔn ho no, odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Akwanmusɛmmɔne renyi no hu, ne koma si hɔ pintinn da [Yehowa, NW] so.” (Dwom 112:7) Ahunahuna biara a efi abɔnefo anaa Satan ankasa hɔ rentumi mmrɛ obu ne nidi a emu dɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ase. (Luka 12:4, 5) Saa ara na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu. Mmom, wɔ saa asɛm yi mu no, “ehu nni dɔ mu.”—1 Yohane 4:18.
Ɔsoro ne Onyankopɔn Kɛseyɛ
Ná Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete mmere mu no yɛ onipa a osuro Nyankopɔn. Bere a na ɔresusuw sɛnea abɔde yɛ fɛ ne nwonwa a ɛyɛ ho no, ne ho dwiriw no. Ɔteɛɛm sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dwom 139:14) Bere a na ɔrehwɛ wim anadwo no, ɔteɛɛm sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Dwom 19:1) So wususuw sɛ saa suahu yi maa Dawid bɔɔ hu? Dabida, mmom no ɛkaa no ma ɔtoo ayeyi nnwom maa Yehowa.
Ɔsoro ho nimdeɛ kɛse a yɛanya nnɛ no ma yenya ntease kɛse a enti ɛsɛ sɛ yɛn ho dwiriw yɛn. Nnansa yi, nsoromma ho animdefo a wɔde Hubble Wim Afiri a Wɔde Hwɛ Akyirikyiri Ade di dwuma no yɛɛ ɔsoro mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri sen nea na onipa biara ayɛ. Wɔpaw ɔsoro fã bi a na mfiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade a ɛwɔ fam ntumi nhu hɔ nneɛma, na wɔde Hubble afiri no kyerɛɛ beae a na ne kɛse te sɛ anhwea siw a ɛwɔ akyiri bɛyɛ basafa biako so. Nea efi mu bae ne sɛ, ɛnyɛ nsoromma mmiako mmiako nko na wohui, na mmom nsoromma akuw—akuw pii a nsoromma ɔpepepem pii wom—a na onipa biara nhuu da!
Amansan no kɛse, ne nwonwa a ɛyɛ no ma obi a ɔhwɛ no yiye no ho dwiriw no. Nanso, anwonwade a ɛtete saa no yɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam ne ne tumi ho mpopoe. Bible no frɛ Yehowa Nyankopɔn “hann agya,” na ɛka kyerɛ yɛn sɛ “ɔkyerɛ nsoromma dodow, ɔtoto wɔn nyinaa din.”—Yakobo 1:17; Dwom 147:4.
Yehu sɛnea amansan no kɛse te nso wɔ bere tenten a ɔsoro nneɛma de di dwuma no mu. Ná hann a efi nsoromma akuw a Hubble Wim Afiri a Wɔde Hwɛ Akyirikyiri Ade twaa no mfonini mu no anenam wim mfe ɔpepepem pii! So ɛnsɛ sɛ yɛn nkwa nna a esua ne susua a yesusua bere a wɔde yɛn toto ɔsoro a ɛte hɔ daa ho no ka yɛn ma yenya osuro ne nidi a emu dɔ ma Onii a ɔyɛɛ nsoromma no? (Yesaia 40:22, 26) Hu a yebehu sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ eyi nyinaa no ‘kae ɔdesani, na n’ani ku ne ho’ no nso bɛma obu a yɛwɔ ma yɛn Bɔfo no mu ayɛ den, na yɛanya ɔpɛ sɛ yebehu no na yɛasɔ n’ani. (Dwom 8:3, 4) Saa obu ne anisɔ a ɛkorɔn no na Bible frɛ no Onyankopɔn suro.
Onyankopɔn a Ɔde Bɔne Firi
Yɛn nyinaa nyɛ pɛ. Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ mpo no, yɛyɛ bɔne a yɛmmoapa. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛhwere Onyankopɔn anim dom anaa? Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina? Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo.” (Dwom 130:3, 4) Nim a yenim sɛ ‘Ɔyɛfo Kɛse’ no wɔ ayamye pii na ɔde bɔne firi no ma n’asomfo nya anisɔ ne nidi kɛse ma no.—Yesaia 54:5-8.
Onyankopɔn suro ma yɛyɛ ade pa, na ɛma yɛtwe yɛn ho fi nea Onyankopɔn ka sɛ enye nso ho. Yebetumi de abusuabɔ a yɛne yɛn soro Agya no wɔ no atoto abusuabɔ a agya pa bi ne ne mma wɔ ho. Ɛtɔ mmere bi a, ebia mmofra no rente nea enti a wɔn papa mma wonni agoru wɔ abɔnten so no ase. Nanso, sɛ ɛkɔba sɛ wɔpɛ sɛ wodi bɔɔl bi akyi kɔ lɔre kwan mu a, wɔn agya no anohyeto ho a wosusuw no ma wɔsan—na ɛma wotumi kwati owu. Saa ara na Yehowa ho suro betumi ama ɔpanyin atwe ne ho afi bɔne bi a ebetumi asɛe asetra ho—n’ankasa ne afoforo de.—Mmebusɛm 14:27.
Onyankopɔn Atemmu a Yebesuro
Nea ɛne no bɔ abira no, obi a n’ahonim mma onnyae nneɛma a ɛnsɔ Nyankopɔn ani yɛ no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ osuro wɔ ɔkwan soronko koraa so. Sɛnea nnipa nniso twe abɔnefo aso no, saa ara na Onyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔtwe wɔn a wɔboapa yɛ bɔne a wɔnsakra no aso. Amumɔyɛ ho kwan a Onyankopɔn ama no bere tiaa bi no ama ebinom asen wɔn kɔn wɔ bɔneyɛ mu. Nanso Bible da no adi pefee sɛ ɛrenkyɛ obeyi abɔnefo nyinaa afi asase so da bi. (Dwom 37:9, 10; Ɔsɛnkafo 8:11; 1 Timoteo 5:24) Abɔnefo a wɔnsakra no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wosuro Onyankopɔn asotwe. Nanso, ɛnyɛ saa osuro yi na Bible kamfo kyerɛ.
Mmom no, Bible de Yehowa suro bata asetra mu nneɛma a ɛyɛ papa ho—nnwonto, anigye, ahotoso, nyansa, onyinkyɛ, awerɛhyem, nkɔso, anidaso, ne asomdwoe, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi a.a Sɛ yɛkɔ so nantew Yehowa suro mu a, yebenya nhyira a ɛte saa daa.—Deuteronomium 10:12-14.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Exodus 15:11; Dwom 34:11, 12; 40:3; 111:10; Mmebusɛm 10:27; 14:26; 22:4; 23:17, 18; Asomafo no Nnwuma 9:31.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]
Anglo-Australian Observatory na Wɔmaa Ho Kwan, David Malin na otwaa mfonini no