Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Yɛawie beae a wɔakuru so a wɔde kar besisi no. Yɛn nsa aka pɔmpe ne nneɛma foforo a ehia na yɛde awie afiri a ebedi agyanan ho dwuma no. Yɛato nsukorabea dan foforo no de kɔnkrit agu so, na yɛato gyaade foforo no afasu adu baabi a wobetumi akuru so. Yɛafi ase reyɛ nnua a yɛde bekuru gyaade no so ho adwuma.
Yɛawie nnurubɛn ne nhama a ɛnam fam a gas, nsu, anyinam ahoɔden, ne nsufĩ bɛfa mu no ho adwuma, na ama yɛafi ase retutu adan a yɛbɛda mu no fapem amoa. Yɛatutu afiri a yɛde bɛforo abansoro dan dedaw a yɛte mu no fapem amoa nso awie.
Sɛ moba Betel a, ebehia sɛ mugyina ɔhaw te sɛ dede, akwan a wɔayi ato mmeae foforo ne mfutuma ano. Nanso yɛn boasetɔ no so bɛba mfaso bere a Yehowa hyira mmɔden a yɛbom bɔ sɛ yebenya Betel fie a ɛso na wɔasiesie mu yiye a ɛbɛhyɛ ne din anuonyam so no.