Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/01 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • NKAEBƆ
Yɛn Ahenni Som—2001
km 10/01 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ obi kyerɛ ho anigye bere a woakɔyɛ sankɔhwɛ no a, wubetumi ama wakra bi. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyi bi dedaw a, wubetumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ anaa nhoma foforo biara a akyɛ ama wɔn. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaasɛ wubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1987 reba a mo asafo no wɔ bi no. Asafo ahorow nso a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no bi betumi de ama.

◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2002” na ɛsɛ sɛ wode sie na wode adi dwuma wɔ 2002 nyinaa mu.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase de krataa a wɔde bɛkra wɔn nhoma ahorow October no kra Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2002 no. Wɔbɛyɛ nhomawa yi bi wɔ Engiresi, Ewe, Franse, Ga, ne Twi kasa mu. Nhomawa yi bɛkɔ so apue wɔ krataa a nneɛma a wɔde brɛ mo din wɔ so no so sɛ “Pending” kosi sɛ yɛn nsa bɛka de amena mo. Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no yɛ nhomawa a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo.

◼ Nhoma a Ebi Aba Bio: Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So—Twi

NKAEBƆ

Nea ɛbɛyɛ na yɛasakra beae ne bere a asafo biara hyiam ho kyerɛwtohɔ a yɛwɔ no mu ma ayɛ ne bere mu de wɔ January 1 akyi no, ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no de “Congregation Meeting Information” (S-5) foforo brɛ yɛn. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛsrɛ sɛ momfa telefon nɔma a yebetumi de afrɛ mo wɔ tebea a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ntɛm mu nhyɛ kratasin no so. Asafo ahorow pii amfa kratasin yi ammrɛ yɛn ntɛm wɔ afe a etwaam no mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ kratasin yi pɛpɛɛpɛ wɔ anim ne akyi nyinaa na wɔde brɛ yɛn ansa na January 15, 2002 atwam.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena