Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/03 kr. 3-4
  • Ka Asɛm no na Di Adanse Fefeefe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Asɛm no na Di Adanse Fefeefe
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Yɛbɛyɛ Bio?—Yɛreto Nsa Afrɛ Akwampaefo Aboafo Bio
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 2/03 kr. 3-4

Ka Asɛm no na Di Adanse Fefeefe

1 Sɛ́ “safohene ne mmarahyɛfo” no, Yesu siesiee n’asuafo no maa asɛnka adwuma kɛse a na ɛda wɔn anim no. (Yes. 55:4; Luka 10:1-12; Aso. 1:8) Ɔsomafo Petro de nsɛm a edi so yi kaa ahyɛde a Yesu de maa wɔn no ho asɛm sɛ: “Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ.” (Aso. 10:42) Dɛn na ɛhwehwɛ na yɛadi adanse fefeefe?

2 Yebetumi asua pii afi ɔsomafo Paulo nhwɛso a yebesusuw ho no mu. Bere a ɔne Efeso asafo mu mpanyimfo hyiaam no, ɔkaee wɔn sɛ: ‘Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu. Na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse fefeefe mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.’ Ɛmfa ho sɛ na Paulo ankasa rehyia sɔhwɛ no, ɔhwehwɛe sɛ ɔde asɛmpa no bedu nnipa pii nkyɛn sɛnea obetumi. Ammee no sɛ ɔbɛka nokwasɛm atitiriw akyerɛ n’atiefo, na mmom, ɔhwehwɛe nso sɛ ɔbɛka “Onyankopɔn tirim agyina nyinaa” akyerɛ wɔn. Nea ɛbɛyɛ na wayɛ eyi no, onyaa ɔpɛ sɛ obemia ne ho na ɔde nneɛma abɔ afɔre. Ɔkae bio sɛ: ‘Mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne som a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse fefeefe no.’—Aso. 20:20, 21, 24, 27.

3 Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo nhwɛso nnɛ? (1 Kor. 11:1) Ɛdenam nnipa a wɔfata a yɛbɛhwehwɛ wɔn ɛmfa ho mpo sɛ yɛn ankasa rehyia sɔhwɛ horow no so, ɛdenam mmɔden a yɛbɛbɔ de asɛmpa no akɔ nnipa a wofi mmusua ne kasa nyinaa mu nkyɛn, ne nsi a yɛde bedi anigyefo a yenya wɔn ho dwuma no so. (Mat. 10:12, 13) Eyi gye bere, mmɔdenbɔ, ne ɔdɔ a yebenya ama nnipa.

4 So Wubetumi Asom Sɛ Akwampaefo Boafo? March ne April betumi ayɛ hokwan a ɛfata a wode bedi adanse fefeefe denam som a wobɛsom sɛ akwampaefo boafo no so. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛe sɛ afe a etwaam no, yehui sɛ adawurubɔfo pii yɛɛ nhyehyɛe titiriw somee sɛ akwampaefo aboafo!

5 Nkuranhyɛ a Yehowa ahyehyɛde no de mae no kanyan onuawa bi a wadi mfirihyia 80 a nyarewa pii haw no no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛmaa komam ɔpɛ a na manya bere tenten no dɛwee sɛ ogya, na ɛmaa metee nka sɛ ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, mesan som sɛ akwampaefo boafo bio.” Osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ saa wɔ March mu. Ɔkae sɛ: “Ade a edi kan a na ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ mɛtra ase abu ho akontaa. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ me babea efisɛ na mehia ne mmoa. Ɔmaa me ho dwiriw me bere a ɔno nso kogyee akwammisa krataa no bi no.” Wɔ ɔsram no mu no, onuawa a ne mfe akɔ anim yi de nnɔnhwerew 52 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no. “Mpɛn pii na mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me ahoɔden foforo bere a mete nka sɛ mabrɛ no. Wɔ ɔsram no awiei no, minyaa anigye ne abotɔyam kɛse, na mada Yehowa ase mpɛn pii sɛ ɔboaa me. Mepɛ sɛ mesɔ hwɛ bio.” Ne suahu a ɛyɛ anigye no betumi ahyɛ afoforo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo ankasa ɛmfa ho sɛ yare bi a emu yɛ den haw wɔn no nkuran.

6 Onuabarima bi a woyii no fii adwuma mu bere a na ɔnhwɛ kwan no de tebea no dii dwuma de somee sɛ akwampaefo boafo. Bere a ɔsram no gu so no, obenyaa ɔpɛ kɛse maa asɛnka adwuma no, na eduu ɔsram no awiei no, na wafi Bible adesua foforo ase. Bere a ɔrekaakae ne suahu no, ɔkae sɛ: “Ɔsram bɛn ara ni!” Hwɛ anigye ara a onyae sɛ onyaa Yehowa akwankyerɛ ne ne mmoa! Yiw, Yehowa hwiee nhyira pii guu onua no so wɔ mmɔden kɛse a ɔbɔ de yɛɛ asɛnka adwuma no ho, na ɔbɛyɛ saa ara ama wo nso.—Mal. 3:10.

7 Wɔ nnipa pii fam no, akwampaefo aboafo a wɔbɛyɛ no nna fam. Nanso, ɛmfa ho honam fam adwuma ne abusua mu asɛyɛde ne asetram nsɛnnennen ahorow no, anuanom mmarima ne mmea pii atumi ayɛ saa. Mpɛn pii no, adanse fefeefe a yebedi no hwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden a ɛsom bo no bɛbɔ afɔre, nanso yɛrentumi mfa ɛso mfaso no ntoto biribiara ho.—Mmeb. 10:22.

8 March ne April yɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no. Dapɛn awiei anum na ɛwɔ March mu. Hokwan yi a yɛde bedi dwuma ne anwummere anwummere asɛnka a yɛbɛkɔ no nso betumi ama ebinom a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma no de wɔn ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu. Bio nso, wubetumi de nnapɔnna a ɛwɔ April ɔsram no mu no adi dwuma ɔkwampa so. Ebinom benya akwamma afi sukuu ne adwumam, na ebetumi aboa wɔn ma wɔadu nnɔnhwerew 50 a wɔhwehwɛ no ho. Nea ɛbɛyɛ na woatumi de nnɔnhwerew 50 ayɛ asɛnka adwuma no wɔ March anaa April mu no, so wubetumi de akwampaefo aboafo dwumadi bere nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛka asɛm yi ho no adi dwuma? Ka wo bere nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ afoforo; akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛhyɛ ebinom nkuran ma wɔabɛka wo ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ woantumi anyɛ akwampaefo boafo adwuma no a, fa botae pɔtee bi si w’ani so asram yi mu, na boa wɔn a wobetumi ayɛ akwampae adwuma no. Yɛ nhyehyɛe mprempren fa yɛ pii wɔ asɛnka mu wɔ March ne April mu.

9 Kyerɛ Nkaedi no Ho Anisɔ: Afe biara, wɔ Nkaedi bere mu no, anisɔ a nnipa mpempem pii wɔ ma agyede no ka wɔn ma ‘wɔtɔ bere’ de som sɛ akwampaefo aboafo. (Efe. 5:15, 16) Afe a etwaam, wɔ Ghana no, adawurubɔfo 6,555 na wɔsomee sɛ akwampaefo aboafo wɔ March mu, na 3,056 na wɔyɛɛ saa wɔ April mu. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo 4,806 na wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ asram abien no mu biara mu. Fa ɛno toto adawurubɔfo dodow nkyekyɛm 1,052 a wɔyɛɛ saa wɔ ɔsom afe no asram a na atwam no mu biara mu no ho hwɛ. Saa Nkaedi bere yi nso yɛ hokwan a edi mu a yɛde bɛda komam anisɔ kɛse a yɛwɔ ma Kristo agyede no adi denam pii a yɛbɛyɛ wɔ asɛnka adwuma mu no so.

10 Bere a April 16, bɛn no, susuw nea Nkaedi no kyerɛ ma wo no ho. Susuw nsɛm a ekowiee Kristo wu mu ne nsusuwii a ɛkɔɔ so kɛse wɔ n’adwene ne ne komam no ho. Susuw anigye a na esi Yesu anim ne sɛnea ɛboaa no ma ogyinaa ayayade a ɛte saa ano no nso ho. Susuw ne mprempren tebea sɛ asafo no Ti a ɔrehwɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so no ho. (1 Kor. 11:3; Heb. 12:2; Adi. 14:14-16) Afei, kyerɛ nea Kristo ayɛ nyinaa ho anisɔ denam asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse a wubenya sɛnea wo tebea ma kwan no so.

11 Hyɛ Afoforo Nkuran Ma Wonni Adanse Fefeefe: Sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo nya akwampaefo aboafo adwuma no mu kyɛfa a, wobenya hokwan kɛse de ahyɛ afoforo nkuran. Bere a wɔne adawurubɔfo reyɛ asɛnka adwuma no ne bere a wɔresrasra nguan no, wɔn ankasa benya hokwan a ɛfata de aboa afoforo ma wɔanya adwuma titiriw yi mu kyɛfa akosi ase. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de eyi bɛkɔ mpaebɔ mu, na yɛanya ahoɔden kɛse de abom adi adanse fefeefe.

12 Bere a mpanyimfo ne asafo mu asomfo nyinaa bedi asafo no nhyehyɛe ahorow akyi de ayɛ pii wɔ March ne April asram no mu no, ɔsom adwuma sohwɛfo no titiriw na ɛsɛ sɛ odi anim yɛ asɛmpaka adwuma no ho nhyehyɛe nyinaa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mmeae a wobehyiam akɔ asɛnka, nna a wobehyiam, ne mmere a eye ma adawurubɔfo dodow no ara ho nhyehyɛe na wɔbɔ eyi ho amanneɛ daa. Obetumi ayɛ nhyehyɛe ama wɔahyiam mpɛn dodow bi wɔ da no mu, na ama asafo no mufo nyinaa anya hokwan de wɔn ho ahyɛ adansedi afã ahorow mu. Nneɛma a obetumi ayɛ ho nhyehyɛe no bi ne nsasesin a nnwuma wom mu adwuma a wɔbɛyɛ, mmɔnten so adansedi, afie afie a wɔbɛkɔ, sankɔhwɛ a wɔbɛyɛ, ne telefon so adansedi. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe ma wonya nhoma ne nsɛmma nhoma pii, ɛne asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma wɔ asram no mu no.

13 Nhoma a yɛde bɛma March mu ne Nimdeɛ nhoma no, na yɛn botae ne sɛ yebefi Bible adesua ahorow ase. Nyansahyɛ a etu mpɔn a ɛbɛma yɛatumi de Nimdeɛ nhoma no ama puei wɔ January 2002 krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no mu. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na yɛde bɛma wɔ April mu. Bɔ mmɔden fa nsɛm a wɔka kyerɛ a epue wɔ “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho” afã no di dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye bere siesie yɛn ho yiye na ama yɛadi adanse fefeefe.

14 Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yɛreyɛ adwuma wɔ asafo no Ti, Kristo Yesu, akwankyerɛ ase, na yɛanya hokwan reka asɛmpa no akyerɛ afoforo! Bere a March ne April asram no bɛn no, momma yɛmmɔ mmɔden bio sɛ yɛbɛma ayɛ asram a edi mu sen biara bere a yetie Kristo ahyɛde na yɛka asɛm no di adanse fefeefe no.

[Kratafa 4 adaka]

Akwan Ahorow a Yebetumi Afa So Ayɛ Akwampaefo Aboafo Wɔ March ne April 2003 Mu

Da Nnɔnhwerew

Dwoda 1 2 — — 2 —

Benada 1 — 3 — — —

Wukuda 1 2 — 5 — —

Yawda 1 — 3 — — —

Fida 1 2 — — — —

Memeneda 5 4 3 5 6 7

Kwasida 2 2 3 2 2 3

March 56 56 54 55 50 50

April 50 50 51 53 — —

So bere nhyehyɛe yi mu biako bedi aboa wo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena