Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/03 kr. 1
  • Wɔde Asɛmpa no Ahyɛ Yɛn Nsa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔde Asɛmpa no Ahyɛ Yɛn Nsa
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn Ne Ade a Wode Di Kan Wɔ W’asetra Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Asɛmpa Bi Wɔ Hɔ A Nnipa Nyinaa Hia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 5/03 kr. 1

Wɔde Asɛmpa no Ahyɛ Yɛn Nsa

1 Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ wɔde Onyankopɔn asɛmpa no ahyɛ yɛn nsa! (1 Tes. 2:4) Bere a ebinom bɛpo asɛm a tumi wom yi no, ɛtwe nnipa komapafo te sɛ ade bi a ɛyɛ huam. (2 Kor. 2:14-16) Ɛkyerɛ nkwagye ma wɔn a wogye asɛmpa no na wotie no. (Rom. 1:16) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi asɛmpa a wɔde ahyɛ yɛn nsa yi ho dwuma?

2 Yesu ne Asomafo no: Yesu de asɛmpa no ka dii kan wɔ n’asetram. (Luka 4:18, 43) Bere a na wabrɛ na ɔkɔm de no mpo no, ɔdɔ a na ɔwɔ ma nnipa ne anisɔ a ɔwɔ ma asɛm no kaa no ma ɔkaa asɛm no kyerɛɛ afoforo. (Marko 6:30-34) Ɔde hia a Ahenni asɛnka adwuma no ho hia no hyɛɛ n’asuafo no adwene mu denam ne nsɛm ne ne nhwɛso so.—Mat. 28:18-20; Marko 13:10.

3 Asomafo no de namyɛ kaa Ahenni asɛm no de dii Yesu nhwɛso akyi. Bere a wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛm no ka mpo no, ‘wɔannyae asɛmpa no ka.’ (Aso. 5:40-42) Ɔsomafo Paulo yɛɛ adwuma yi denneennen a wammrɛ. (1 Kor. 15:9, 10; Kol. 1:29) Ɔde hokwan a wanya sɛ ɔka asɛmpa no totoo ɛka a ɔde ne mfɛfo nnipa ho, na onyaa ɔpɛ sɛ ɔde n’ankasa ahotɔ bɛbɔ afɔre de ayɛ adwuma no.—Aso. 20:24; Rom. 1:14-16.

4 Hokwan a Yɛwɔ Nnɛ: Anisɔ a yɛwɔ ma adwuma kronkron a wɔde ahyɛ yɛn nsa no bɛma yɛahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so anya kyɛfa kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. (Rom. 15:16) Ná Edward, a waka mmubuafo agua mu no tra ahɔhogyebea bi kwan ano ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ ahɔho a wɔba hɔ no. Esiane ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ pii nti, ɔyɛɛ ɔdan titiriw bi wɔ ne kar a wonkuruu akyiri mu, na ɔde saa afiri yi yɛɛ akwampae adwuma mfe pii, tutuu akwan akwansin mpempem pii wɔ adeyɛ no mu. Te sɛ Edward no, adawurubɔfo pii ayɛ nsakrae wɔ wɔn nsɛm tebea mu nnɛ na ama wɔatumi anya kyɛfa kɛse de atrɛw asɛmpa no mu.

5 Ɛmmra sɛ yɛde asɛnka adwuma no bedi kan wɔ yɛn asetram nnɛ de asuasua Yesu ne asomafo no. Yɛnam saayɛ so da ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa ne anisɔ a yɛwɔ ma asɛmpa a wɔde ahyɛ yɛn nsa no adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena