Mmofra—Monkenkan Onyankopɔn Asɛm!
1 Ɔhaw ahorow wɔ mmabunbere mu, na ɛyɛ bere a wɔde sisi gyinae a emu yɛ duru nso. Kristofo mmerante ne mmabaa pii hyia nhyɛso a ɛne Nyankopɔn abrabɔ gyinapɛn nhyia da biara da. Ansa na wubesi gyinae horow a ɛfa nhomasua, adwumayɛ ne aware ho no, na ɛsɛ sɛ woadi kan de honhom fam botae asi w’anim dedaw. Ɔkwan a ɛte saa so nkutoo na wonam betumi asisi gyinae foforo a ɛbɛma asi wo yiye wo nkwa nna nyinaa mu. Honhom fam botae pɔtee bi a wode besi w’anim no bɛboa wo ma woayɛ ade nyansam na ama w’akwan asi wo yiye. Onyankopɔn Asɛm a wobɛkenkan na wadwennwen ho daa no bɛkanyan wo ma woatra ase ma ɛne afotu a efi honhom mu no ahyia, na mmɔden a ɛfata a worebɔ no bewie wo yiye.—Yos. 1:8; Dw. 1:2, 3.
2 Ɛbɛboa Wo Ɔkwan Bɛn So? Nneɛma pii wɔ Satan wiase no mu a ɔde daadaa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde yɛn ho bɛhyɛ nnebɔne mu. (1 Yoh. 2:15, 16) Ebia wunim mfɛfo sukuufo anaa afoforo a wɔne wo bɔ tipɛn a esiane sɛ wogyaee wɔn ho mu maa atipɛnfo nhyɛso nti wɔakɔ amanehunu mu. Bible afotu a wode bedi dwuma no bɛma woanya abrabɔ ne honhom fam ahoɔden na woamfa kwammɔne so. Bio nso, afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu betumi aboa wo ma woakwati anifere kwan a Satan nam so sum yɛn afiri no. (2 Kor. 2:11; Heb. 5:14) Onyankopɔn akwankyerɛ a wubedi so no bɛma woanya anigye ankasa—sɛnea woyɛ woade wɔ asetram no bɛma woanya abotɔyam.—Dw. 119:1, 9, 11.
3 Nnyinasosɛm a entwam da a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no sen nnipa nyansa koraa. (Dw. 199:98-100) Bible nnyinasosɛm ahorow a wubesua ne Yehowa atirimpɔw ahorow a wada no adi akyerɛ wo a wode mpaebɔ a efi komam bedwennwen ho no betumi aboa ma wo ne Yehowa Nyankopɔn, onyansafo a ɔsen biara a ɔne Bible no Kyerɛwfo no, anya abusuabɔ a emu yɛ den. Ɔhyɛ bɔ sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.”—Dw. 32:8.
4 Nya Bere Fa Kenkan: Kristoni abeawa bi de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛkenkan Bible mũ no nyinaa, na ɔde afe kenkan wiei. Mfaso bɛn na onya fii so? Ɔka n’asɛm sɛ: “Misuaa Yehowa ho ade pii—ɛtwee me bɛn no kɛse, na ɛbɛma masuro no wɔ me nkwa nna nyinaa mu.” (Yak. 4:8) So woakenkan Bible mũ no nyinaa awie? Sɛ wonyɛɛ saa a, dɛn nti na womfa nyɛ wo botae? Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira wo mmɔdemmɔ no so, na wubenya so mfaso pii.