Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/04 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase April 12
  • Dapɛn a Efi Ase April 19
  • Dapɛn a Efi Ase April 26
  • Dapɛn a Efi Ase May 3
Yɛn Ahenni Som—2004
km 4/04 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase April 12

Dwom 93

10 min: Asafo mu Nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde April 1 Ɔwɛn-Aban ne April 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: “Nea Eye Sen Biara a Yɛde Bɛma Yehowa.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, to nsa frɛ atiefo ma wɔnka akwan pɔtee a yebetumi afa so ada ɔdɔ adi akyerɛ nkurɔfo bere a yɛwɔ asɛnka mu no ho asɛm nkyerɛ.

20 min: Munyi Yehowa Ayɛ “Wɔ Asafo no Mu.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina September 1, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19-22 so. (1) Ɔkwan bɛn so na Dwom 22:22, 25 si nea enti a yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ahorow ase no so dua? (2) Dɛn nti na mpaebɔ boa? (3) Dɛn nti na ehia sɛ yesiesie yɛn ho? (4) Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de sisi yɛn ani so wɔ asafo nhyiam ahorow ase? (5) Dɛn nti na eye sɛ yɛtra anim wɔ nhyiam ase? (6) Dɛn nti na ehia sɛ yetie nea afoforo ka? (7) Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ankasa nsɛm ama mmuae? (8) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn mmuae ahyɛ afoforo nkuran? (9) Asɛyɛde bɛn na ɛda nea ɔhwɛ adesua so no so?

Dwom 81 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 19

Dwom 55

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: “Nya Yesu Adwene no Bi.”b Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, to nsa frɛ wɔn a wɔreyɛ akwampaefo aboafo adwuma no ma wɔnka mfaso horow a wɔanya wɔ mu no ho asɛm nkyerɛ.

25 min: “So Wo Som Adwuma De Ayeyi Brɛ Yehowa?”c Ɔhwɛfo guamtrani na ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ mususuw nkyekyɛm 8 ho wie a, yɛ nea edidi so yi ho ɔyɛkyerɛ: Ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔdawurubɔfo barima bi a mfiase no na ɔmpɛ sɛ ogyae ne suani bi a ɔyɛ ɔbea mu no susuw nsɛm ho. Ɔkyerɛ mu sɛ, ɛba saa a, ɔrenya Bible suani biara. Ɔboa no ma ohu asiane a ɛwom ma no, ne to a ebetumi ato afoforo hintidua no. Wɔde nyansahyɛ ahorow a efi 2 Korintofo 6:3, ne July 1, 1992, Ɔwɛn-Aban, kratafa 31, nkyekyɛm a etwa to no na edii dwuma. Ɔhyɛ no nkuran sɛ onya Yehowa mu ahotoso sɛ obehyira ne mmɔdemmɔ so ma wanya Bible adesua foforo. Hyɛ obiara nkuran ma wonni akwankyerɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔmfa wɔn Bible asuafo a ɛsono wɔn bɔbeasu no mma afoforo a wɔne wɔn wɔ bɔbeasu koro no akyi.

Dwom 80 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 26

Dwom 46

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn April asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ May mu ho asɛm. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ sɛnea wobetumi de April 15 Ɔwɛn-Aban ne May 8 Nyan! no ama ho ɔyɛkyerɛ. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma abien no nyinaa ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara mu no, kyerɛ akwan soronko a wobetumi afa so abua obi a osiw nkɔmmɔbɔ ano bere a ɔka sɛ “Minni adagyew” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa, kratafa 7-16.

10 min: Asafo mu ahiade.

25 min: “So Wode Nhoma Kyekyɛ ho Nhyehyɛe a Wɔama Ayɛ Mmerɛw no Redi Dwuma wɔ Ɔkwampa So?”d Ɔsom adwuma sohwɛfo na ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ mususuw nkyekyɛm 5 ho wie a, ka akwan anum a wɔfa so ka ntoboayi nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ atiefo no sɛ, ofiewura no akyerɛ anigye. Ɔdawurubɔfo no ka nsɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ nsɛmma nhoma no mu kyerɛ no na ɔde ma no. Ɔka ntoboayi ho asɛm bere a ɔfa nsɛm a ɛwɔ nhwɛso a wɔde ama wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 5 de di dwuma pɛpɛɛpɛ no. Ma abofra bi a ɔyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a ɔyɛ nhwɛso pa mfa nhwɛso a etwa to no nyɛ ɔyɛkyerɛ. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nhwɛso a wɔbɛpɛ sɛ wɔde di dwuma. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa nyansahyɛ ahorow yi nhyɛ no ho na wɔnkyere nea ɛyɛ mmerɛw ma wɔn ngu wɔn tirim.

Dwom 38 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 3

Dwom 48

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka dwumadi ahorow a ɛbɛba so no ho asɛm tiawa: ɔmansin nhyiam a yɛbɛkɔ, akwampaefo boafo a yɛbɛyɛ, yɛn afie a yebesiesie, ne ebia ahomegye bi a yebenya. Sɛ asafo no wɔ asasesin bi a wɔntaa nyɛ mu adwuma a, fa nhyehyɛe a moayɛ a mode bɛyɛ mu adwuma fefeefe ho nkaebɔ ma. Egye nhyehyɛe pa na ama yɛatumi ahwɛ ahu sɛ yemmuu yɛn ani nguu abusua adesua, asafo nhyiam, ne asɛnka so bere a akwantu anaa dwumadi bi a yɛnhwɛ kwan abetwa yɛn akwan mu no. (Mmeb. 21:5) Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma, sɛ ebia wɔatu kwan anaa wontuu kwan no.

15 min: “Mmofra—Monkenkan Onyankopɔn Asɛm!”e Di kan yɛ nhyehyeɛ ma ɔbabun biako anaa mmabun baanu nka nhyehyeɛ a wɔayɛ a wɔde kenkan Bible ne sɛnea wɔrenya so mfaso nkyerɛ. Hyɛ mmabun nkuran ma wɔmfa Bible mũ nyinaa a wɔbɛkenkan no nyɛ wɔn botae. Fa Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 10 nkyekyɛm 4 hɔ nsɛm ka ho.

20 min: “Yehowa Dɔ Nea Ɔtew N’anim Ma Ade.”f Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Kenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.

b Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.

c Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.

d Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.

e Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.

f Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne mmuae toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena