Yehowa Dɔ Nea Ɔtew N’anim Ma Ade
1. Asuade bɛn na yenya fi “okunafo hiani” no ntoboa a oyii no mu?
1 Yehowa Adansefo kakraa bi na wɔyɛ adefo. Ɛwom sɛ ebia sika a woyi ma wɔde boa Ahenni adwuma no nnɔɔso de, nanso wɔn ntoboa no ho hia. Bere a Yesu huu ɔbea kunafo hiani bi sɛ ɔde sika ketewaa bi reto asɔrefie ntoboa adaka mu no, ɔkae sɛ: “Okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa . . . Oyi de ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.” (Luka 21:1-4) Ɛwom sɛ na n’akyɛde no sua de, nanso na ɔyɛ obi a ɔtew n’anim ma ade, ma enti ɛsɔɔ ani.
2. (a) Nhwɛso pa bɛn na yɛwɔ a ɛfa afeha a edi kan anuanom a na wɔrehyia ɔtaa ne ohia no ho? (b) Sɛnea Mmebusɛm 3:5, 6 kyerɛ no, egye dɛn na yɛatumi ayi ntoboa, titiriw bere a yɛrehyia sikasɛm mu ahokyere no?
2 Bere nyinaa Yehowa asomfo fi wɔn pɛ mu ma ade. Afeha a edi kan Kristofo no hyiaa ɔtaa ne ohia, nanso wɔdaa onuadɔ adi denam ade a wɔmae ma ɛboroo wɔn ahoɔden so no so. Wɔsrɛe mpo sɛ wɔmma wɔn hokwan ma wɔmma ade! (Fa toto 2 Korintofo 8:1-5 ho.) Ntoboa a obi yi de boa Yehowa adwuma, titiriw bere a onni sika pii no hwehwɛ sɛ onya gyidi ne ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ no.—Mmeb. 3:5, 6.
3. (a) Henanom nkyɛn na yenya ntoboa a yɛde yɛ wiase nyinaa adwuma no dodow no ara? (b) Sɛ mpo yenni sika pii a, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ ntoboayi ho sɛnea 2 Korintofo 9:7 kyerɛ no?
3 Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, ɛnyɛ adefo nkutoo ntoboa so na wɔnam boa ma asɛnka adwuma no kɔ so. (Yak. 2:5) Ntoboa a yɛde boa Ahenni asɛnka adwuma no fã kɛse no ara fi Yehowa asomfo a wonni sika pii no hɔ. Nanso ayamye a wɔda no adi no mma wonni hia. Wɔte ase sɛ ɛnyɛ ntoboa dodow a woyi no ne asɛm no, na mmom su a ɛma yefi ayamye mu de yɛn ahonyade yi ntoboa no na ehia. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Kor. 9:7.
4. Dwuma bɛn na wɔde ntoboa a yenya wɔ Ghana ha no di?
4 Nea Wɔde Wo Ntoboa no Yɛ: Yɛde ntoboa a yɛn nsa ka no Ghana ha nyinaa no tuatua ɛka kɛse a yɛbɔ wɔ Ahenni asɛnka adwuma no ho wɔ ɔman yi mu no. Nhoma horow a yɛde brɛ mo akyi no, yɛde mo ntoboa no yɛ adwuma wɔ baa dwumadibea, sisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa horow, de bi hwɛ akwampaefo atitiriw, ahwɛfo akwantufo, ne nnwuma pii a ehia na yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yɛkamfo mo wɔ su pa a moda no adi de boa Ahenni adwuma wɔ ɔman yi mu no ho.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe pa bɛboa yɛn ma yɛn nyinaa atumi ayi ntoboa daa? (b) Dɛn nti na ɔma mu wɔ nhyira sen ogye?
5 Nhyehyɛe Pa Ma Yetumi Tew Yɛn Anim Ma Ade: Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie.” (1 Kor. 16:1, 2) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ woyi ntoboa de boa Ahenni adwuma nnɛ no fi wɔn ankasa pɛ mu de nea wɔayɛ adwuma anya no bi sie, ɛmfa ho sɛ ebia esua, de di saa atirimpɔw no ho dwuma. Adansefo ankorankoro ne mmusua, ne asafo ahorow nam nhyehyɛe a ɛte saa so yi ntoboa de ma nokware som nya nkɔso. Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Aso. 20:35.
6. Ɔkwan bɛn so na asafo mu mpanyimfo betumi ahyɛ ntoboayi ho nkuran wɔ asafo no mu?
6 Mpanyimfo betumi ayɛ pii de aboa asafo no mufo nyinaa ma wɔayi wɔn yam aboa Ahenni adwuma no. Sɛ asafo no anya bosea a wɔde si Ahenni Asa a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ obiara nkuran ma odi ne bɔhyɛ mu nokware. Sɛ adawurubɔfo de nhoma ne nsɛmma nhoma ma wɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ woyi ntoboa de tua nneɛma a ne bo yɛ den yi ho ka, esiane sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ebia yebenya ntoboa afi ofiewura no hɔ nti. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsoa yɛn ankasa adesoa a ɛne sɛ yɛbɛboa Ahenni adwuma no.—Gal. 6:5.
7. (a) Sɛnea Mmebusɛm 3:9 kyerɛ no, dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ? (b) Sɛ́ ankorankoro no, sɛ yefi ayamye mu de yɛn ahonyade yi ntoboa a, dɛn na ɛkyerɛ?
7 Nokwarem no, Yehowa ne yɛn nyinaa adi no yiye. Enti yɛnam yɛn ayamye so kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea ɔde ama yɛn no nyinaa. Momma yɛn nyinaa nkɔ so ‘mfa yɛn ahonyade nhyɛ Yehowa anuonyam.’ (Mmeb. 3:9) Eyi a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya anigye ne abotɔyam efisɛ yenim sɛ nea ɔtew n’anim ma no na Yehowa dɔ no.—Mal. 3:10.