Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—2003 | May
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Sɛ mokɔ anigyefo, a ebia wɔn a wɔbaa Nkaedi anaa teokrase nhyiam foforo ka ho, a wonnya mfaa wɔn ho mmɔɔ asafo no yiye nkyɛn kɔyɛ sankɔhwɛ a, momfa mo adwene nsi Som Nyankopɔn nhoma foforo no a mode bɛma so. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mubefi ofie Bible adesua ase, titiriw wɔn a wɔasua Nimdeɛ nhoma no ne Ahwehwɛde nhomawa no awie dedaw no. June: Momfa Nimdeɛ nhoma no anaa Ahwehwɛde nhomawa no mma. Sɛ afiewuranom wɔ saa nhoma yi bi dedaw a, momfa nhomawa foforo a ɛfata a mo asafo no wɔ bi nni dwuma. July ne August: Mubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔde nhomawa a edidi so yi bɛma wɔ wiase no afã bi: Amansan Nhoma, Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War?

      ◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu June 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ moyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama awie no.

  • Asɛnka Akontaabu a Wɔmfa Mma Ntɛm—So Ɛyɛ Asɛnnennen Ma Wo?
    Ahenni Som—2003 | May
    • Asɛnka Akontaabu a Wɔmfa Mma Ntɛm—So Ɛyɛ Asɛnnennen Ma Wo?

      1 Ɛmfa ho nna a edi akyiri yi mu haw ahorow no, wɔahyɛ no nsow sɛ adawurubɔfo dodow no ara de wɔn asɛnka akontaabu ba ntɛm ɔsram awiei biara. Saafo yi fata nkamfo. Nanso, yɛn mu bɛyɛ 4,000 na ɔsram biara wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm. So wohwɛ de w’akontaabu ba ntɛm ɔsram biara?

      2 Asomafo no Nhwɛso: Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no ani gyee ho sɛ wɔde wɔn asɛnka adwuma no nkɔso ho amanneɛbɔ bɛma. (Marko 6:30) Bere a adwuma no nyaa nkɔso no, wobuu ho akontaa yɛɛ osuahu ahorow a ɛda nsow ho kyerɛwtohɔ. (Aso. 1:15; 2:41; 6:7; 4:4) Hwɛ nkuranhyɛ pa ara a ɛbɛyɛ sɛ saa amanneɛbɔ yi de brɛɛ afeha a edi kan Kristofo no!

      3 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode W’akontaabu Ma Ntɛm? Akontaabu a yɛde ba ntɛm no di atirimpɔw titiriw bi ho dwuma. Akontaabu yi boa asafo mu mpanyimfo, baa dwumadibea no, ne ahyehyɛde no nyinaa ma wodi nkɔso a ɛreba adwuma no mu wɔ wiase nyinaa ho dwuma. Ɛkyerɛ baabi a yɛrebɔ mmɔden ne baabi a yebetumi atu mpɔn. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi no, ehia sɛ yɛde yɛn akontaabu ma ntɛm!

      4 Dɛn na Yebetumi Ayɛ? Ɛsɛ sɛ asafo nhoma adesua sohwɛfo no yɛ adwumaden de hwɛ hu sɛ ɔkyerɛwfo no nsa aka akontaabu no nyinaa ɔsram no akyi bere tiaa bi. Obetumi de akontaabu ho nkaebɔ ama wɔ nhoma adesua a etwa to wɔ ɔsram biara mu no ase. Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hyehyɛ akontaabu no ntɛm na ama wɔahu nea ɛmmae biara na wɔahwɛ de aka dodow a wɔde kɔ baa dwumadibea no ho ansa na ɔsram a edi hɔ no da a ɛto so 6 adu. Enti sɛ adawurubɔfo nyinaa de wɔn akontaabu ma ntɛm, na sɛ ɔkyerɛwfo no hyehyɛ no amonom hɔ ara a, yebenya kyerɛwtohɔ a edi mu ɔsram biara.

      5 Su a Ɛsɛ sɛ Yɛda no Adi: Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara hu asɛyɛde a n’ankasa wɔ sɛ ɔde asɛnka akontaabu bɛba ntɛm ɔsram biara no. (Luka 9:10a) Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛde yɛn akontaabu bɛma ntɛm a, yebetumi anya yɛn asɛnka adwuma ho akontaabu a edi mu kɛse. Enti, momma yɛn nyinaa mfa saa kwan yi so nkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa ahyehyɛde no nhyehyɛe.—Mat. 24:45-47.

  • Asɛmmisa Afã
    Ahenni Som—2003 | May
    • Asɛmmisa Afã

      ◼ Sɛ yɛde telefon redi adanse a, so ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ ntoboayi ho nhyehyɛe no mu?

      Sɛ yegyina obi anim redi no adanse a, yebetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ no sɛ ntoboa a afoforo fi wɔn pɛ mu yi nkutoo na yɛde tua Yehowa Adansefo Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛ no wiase nyinaa no ho ka, ma enti yɛde anigye gye ntoboa a ɛte saa. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛka ntoboa anaa ntoboayi nhyehyɛe ho asɛm biara bere a yɛde telefon redi adanse no, efisɛ eyi betumi ama wɔanya adwene a ɛnteɛ sɛ yɛnam telefon so resrɛsrɛ sika. Yehowa Adansefo som adwuma no nyɛ aguadi ɔkwan biara so.—2 Kor. 2:17.

      ◼ Sɛ yɛredi adanse wɔ telefon so na sɛ obi ka sɛ ɔmpɛ sɛ Yehowa Adansefo frɛ no bio a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

      Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma onipa no apɛde. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ da a onipa no kae sɛ ɔmpɛ sɛ yɛfrɛ no no ho kyerɛwtohɔ gu krataa so de ne din ka ho hyɛ kotoku a asasesin kratasin hyɛ mu no mu sɛnea ɛbɛyɛ a adawurubɔfo remfrɛ saa nɔma no akyiri yi. Ɛsɛ sɛ afe biara yɛsan susuw nnipa a yɛakyerɛw wɔn din a wɔkyerɛ sɛ wɔmpɛ sɛ yɛfrɛ wɔn no ho pɛnkoro. Wɔ ɔsom adwuma sohwɛfo no akwankyerɛ ase no, wobetumi ama ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw na ɔyɛ anifere afrɛ eyinom ahwɛ sɛnea wɔte nka afei.—Hwɛ January 1994 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena