Sua Akenkan ne Akyerɛw
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo adi Onyankopɔn ahyɛde a ɛwɔ Mateo 24:14 ne 28:19, 20 no so?
1 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ wɔn nyinaa so.’ Ɔsan ka too hɔ sɛ “wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa.” (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ de nsi ayɛ adwuma yi denam asɛm no a wɔka ne nhoma a wɔatintim so. Efi 1920 no, Yehowa Adansefo ayɛ Bible, nhoma ahorow, nsɛmma nhoma ne nhomawa ahorow ɔpepepem pii akyekyɛ wɔ kasa horow bɛyɛ 380 mu.
2. (a) Henanom na wɔagye Ahenni nkrasɛm no atom? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu yɛn nuanom mmarima ne mmea a wonnim akenkan ne akyerɛw no?
2 Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa agye asɛm no atom na wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Wɔn mu bi ne mmarima ne mmea a wonnim akenkan ne akyerɛw. Wɔn a wɔte saa no nyɛ Kristofo a wɔba fam—wɔn mu dodow no ara de mfe pii asom Onyankopɔn nokware mu, agyina nyamesom mu ɔtaa ano, na wɔakyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa denam ne mmara a wodi so no so.—1 Yohane 5:3.
3. Ntease atitiriw bɛn nti na wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw no bɔ mmɔden sɛ wobehu akenkan?
3 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Akenkan? Nanso eyinom pii pɛ sɛ wɔn ankasa kenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no. Wɔahu sɛ saa a wɔbɛyɛ no bebue hokwan ama wɔde wɔn ho ahyɛ Onyankopɔn som mu kɛse. Sɛ wɔwɔ adesua ase a, wɔpɛ sɛ wodi Bible no ne Kristofo nhoma a wɔkenkan no akyi, wɔpɛ sɛ wɔkenkan nnwom mu nsɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ne wɔn honhom fam anuanom abom ato dwom no. Sɛ wɔwɔ fie a, wɔpɛ sɛ wɔfa Bible akenkan so hyɛ wɔne wɔn mmusua den. Sɛ wɔwɔ asɛnka mu a, wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm no kyerɛ afoforo bere a wɔnka nkyerɛ obi sɛ ɔkenkan mma wɔn no.
4. (a) Ɔkwan bɛn so na akenkan a yebesua no yiye no benya yɛn honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso? (b) Sɛnea Habakuk 2:2 kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa kenkan ade yiye?
4 Wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase no, wɔtaa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da. Saa a yɛbɛyɛ no ma akomatɔyam. Ɛsan boa yɛn ma yesi gyinae pa, siesie yɛn sintɔ, gyina sɔhwɛ ahorow ano, na sɛ yɛafa ɔkwan bɔne bi so a, ɛma yegyina yɛn nan so bio wɔ honhom mu. (Dw. 19:7, 8) Ɛda adi pefee sɛ yɛn honhom mu nkɔso gyina ade a yetumi kenkan no so kɛse. Enti ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wodi nokware na wɔn nsa ka daa nkwa no su sɛ wobesua akenkan na wɔakan ade yiye nso.—Hab. 2:2; Yoh. 17:3.
5. (a) Hokwan ahorow bɛn na abue ama wɔn a wosua akenkan no? (b) Sɛnea Romafo 12:2 kyerɛ no, dɛn nti na eye sɛ yɛn ankasa behu Bible akenkan?
5 Sɛ wusua akenkan a, ebue hokwan ahorow pii ma wo wɔ Kristofo asafo no mu. Sɛ obi sua akenkan a, obetumi anya mfaso pii afi Teokrase Ɔsom Sukuu no a ɔde ne ho behyem no so. Sɛ obi bɔ mmɔden sua akenkan ne akyerɛw a, obetumi anya hokwan ayɛ akwampaefo adwuma no nso bi. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ yɛn ankasa tumi kenkan Bible no a, yebetumi ‘asɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ n’ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.’ (Rom. 12:2) Eyi bɛhyɛ yɛn gyidi den na yɛabɛn Onyankopɔn kɛse.—Yak. 4:8.
6. Dɛn nti na ɛyɛ den ma wɔn a wɔn ani afi no sɛ wobesua akenkan?
6 Mmɔden a Wobɛbɔ De Asua: Sɛ obi nyin wie ansa na wasua akenkan ne akyerɛw a, ebetumi ayɛ den. Sɛ obi nyin wie a, onya nipasu, suban, ne nneɛma ho anigye a ɛyɛ den sɛ obegyae mu, ma enti sua a obesua ade foforo no tumi yɛ no den kɛse. Bio nso, esiane sɛ mpanyimfo pii yɛ adwuma ansa na wɔn nsa akɔ wɔn ano nti, ebia wɔbɛte nka sɛ wonni adagyew a wɔde bɛkɔ akosua akenkan ne akyerɛw. Egye akokoduru na obi a n’ani afi a onnim akenkan ne akyerɛw agye atom sɛ ohia mmoa. Ne saa nti, mpanyimfo binom de ehu na esua akenkan ne akyerɛw no na wonni wɔn ankasa mu ahotoso. Ebia afoforo nso bɛte nka sɛ wɔanyin dodo sɛ wobesua akenkan ne akyerɛw.
7. Dɛn na mpanyimfo wɔ a etumi boa wɔn ma wosua akenkan ne akyerɛw?
7 Nea ɛne eyi bɔ abira no, mpanyimfo pii wɔ asetram suahu na wɔte nkyerɛkyerɛ ne nokwasɛm ahorow bi ase. Ɛwom sɛ wonnim akenkan ne akyerɛw de, nanso wɔwɔ adom akyɛde ne nyansa soronko a aboa wɔn ama wɔadi yiye wɔ nneɛma afoforo mu wɔ wɔn asetram. Nsakrae a wotumi yɛ, wɔn tirim a wotumi bɔ yɛ ade ne boasetɔ a wɔde ayɛ ade bere tenten no boa wɔn kɛse ma wosua akenkan ne akyerɛw.
8. (a) Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛmfa ho sɛ obi anyin no, obetumi asua akenkan ne akyerɛw? (b) Su pa bɛn na ɛboaa Effor ma otumi suaa akenkan yiye?
8 Esiane eyi nti, mpanyimfo pii asua akenkan ne akyerɛw dedaw. Wɔn mu biako ne onua bi a wɔfrɛ no Effor. Ɔka sɛ: “Ná akenkan ne akyerɛw a minnim no ayɛ me sɛ yare bi. Na mepɛ sɛ mekyerɛkyerɛ Bible no mu kyerɛ me nuanom ne me nnamfonom, nanso esiane sɛ na minnim akenkan ne akyerɛw nti, na mintumi nyɛ no yiye. Nea ɛhyɛɛ me nkuran ma misuaa ade ne ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛka asɛm no na makyerɛkyerɛ afoforo ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Ade biara a menya no, na mekyerɛw so, na mpo na mekyerɛw borɔde ahaban so. Ɔpɛ a na mewɔ sɛ mesua akenkan ne akyerɛw no mu yɛɛ den araa ma, na mede akenkan ne akyerɛw a meresua no kɔ dae mu. Na memfɛre sɛ mɛma afoforo aboa me. . . . Mede afe na esuaa akenkan ne akyerɛw wɔ asafo no mu. . . . Ɛtɔ da na sɛ meda me mpa so anadwo a, meda Yehowa ase sɛ afei de menyɛ obi a minnim akenkan ne akyerɛw wɔ nnɛ wiase yi mu.” Nokwasɛm ne sɛ, su a ɛte saa betumi aboa obiara ama wasua akenkan ne akyerɛw.
9. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛbɔ mmɔden sua akenkan? (b) Dɛn nti na ahobrɛase ne boasetɔ ho hia titiriw na obi atumi asua akenkan?
9 Nnipa afoforo pii abɔ mmɔden saa ara sɛ wobesua akenkan ne akyerɛw. Nea ahyɛ wɔn nkuran ne ɔpɛ kɛse a wɔwɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔwɔ honhom mu sum mu no Bible mu nokwasɛm. Wofi ahobrɛase ne nokwaredi mu kɔ ma wɔkyerɛ wɔn ade. Wɔada boasetɔ adi, ma enti sɛ wɔn abam bu mpo a, wonyae. Sɛ obiara si ne bo denneennen saa, nya adwempa ne Yehowa mmoa a—obetumi asua akenkan ne akyerɛw!—Mat. 17:20.
10. Nhoma foforo bɛn na wɔayɛ a wɔde besua akenkan ne akyerɛw afei, na emu nsɛm no bi ne dɛn?
10 Nhoma Foforo ma Wɔn a Wɔresua Akenkan ne Akyerɛw: Akenkan ne akyerɛw ho adesua a Yehowa Adansefo ayɛ no aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔasua akenkan ne akyerɛw. Mmere a atwam no, na yɛde nhoma a wɔde sua ade a Bureau of Ghana Languages (Ɔman kasa ho adesua) atintim na na edi adwuma. Nanso w’ani begye sɛ wubehu sɛ Yehowa Adansefo ayɛ nhoma a ɛne “Sua Akenkan ne Akyerɛw,” a seesei ɛwɔ Engiresi, Ewe, Ga, ne Twi kasa mu. Wɔakyerɛw emu nsɛm no wɔ ɔkwan a asete nyɛ den koraa so a wɔde bɛkyerɛ akenkan ne akyerɛw. Emu nsɛm no bi ne dwumadi ahorow a ɛbɛma osuani no asua akyerɛw wɔ fie, sɛnea wosua Ahenni nnwom, sɛnea wosua Bible mu nhoma ahorow no din ne sɛnea wɔhyehyɛ asɛnka kyerɛwtohɔ kratasin.
11. (a) Nhyehyɛe pɔtẽẽ bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ ma wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw a wɔwɔ asafo no mu no? (b) Sɛnea Galatifo 6:7 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw no gye tom? (d) Sɛ asuafo bɔ mmɔden sua akenkan ne akyerɛw a, dɛn na wobetumi ahwɛ kwan?
11 Sɛ mpanyimfo kuw no hu sɛ ebinom wɔ asafo no mu a ehia sɛ wɔkyerɛ wɔn akenkan wɔ wɔn kasa mu a, wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata de dapɛn no mu nna bi akyerɛ wɔn ade. (Ɔsom Sukuu-TW, kr. 285) Akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn betumi ayɛ pii de akanyan adesuafo no denam nkuranhyɛ ne nkamfo a wɔde bɛma wɔn, aboa wɔn ama wɔapere adu botae horow ho bere a woresua akenkan ne akyerɛw no so. Nanso sɛ adesuafo no benya nkɔso a, ɛsɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu gye tom sɛ wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sua ade. (Gal. 6:7) Sɛ osuani no bɔ ne ho mmɔden saa a, ɛnde obetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa de ne honhom bɛboa no ma ɔremmrɛ ngu.—2 Kor. 4:7.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ asafo akenkan ne akyerɛw adesua no? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obiara suro sɛ ɔbɛkɔ bi?
12 Wɔn a wɔbɛkyerɛw wɔn din wɔ asafo akenkan ne akyerɛw adesua mu no behu sɛ wɔde ɔdɔ ne abotare na ɛkyerɛ ade no. Wɔne adesuafo no di no nidi mu na wɔnyɛ biribi mfa nhyɛ wɔn aniwu anaa wommu wɔn animtia. Wɔhyɛ adesuafo no nkuran ma wosua ade sɛnea wɔn ahoɔden bɛma wɔn kwan na wɔkamfo wɔn bere nyinaa wɔ wɔn mmɔdemmɔ no ho. Ɛnde sɛ womfaa wo ho nhyɛɛ asafo akenkan ne akyerɛw adesua no mu a, dɛn nti na wonyɛ saa seesei? Eyi bɛboa wo ama woanya honhom mu nkɔso na aboa wo ama woanya ‘honhom mu nyansa, na ntease ayɛ wo ma.’—Kol. 1:9.
13. Mfaso horow bɛn na wɔn a wɔbɛbɔ mmɔden asua akenkan ne akyerɛw no benya?
13 Yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, fi ayamye mu ama adesamma tumi a wɔde sua akenkan ne akyerɛw. Nanso saa nimdeɛ yi mma ara kwa. Akenkan ne akyerɛw a obi besua no so mfaso dɔɔso. Nanso, ɛso mfaso a ɛsen biara ne sɛ wubetumi afa Onyankopɔn Asɛm na ‘woakenkan no awia ne anadwo.’ Eyi a yɛbɛyɛ no ‘bɛma asi yɛn yiye na yɛayɛ ade nyansam’ bere nyinaa. Dɛn na ɛkyɛn sɛ yebesua akenkan ne akyerɛw?—Yos. 1:8.