Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Wɔde Gyidi Nsɛm no Ayɛn Yɛn’
    Ahenni Som—2005 | January
    • ‘Wɔde Gyidi Nsɛm no Ayɛn Yɛn’

      1 Sɛ́ yɛde onyamesom pa bɛbɔ yɛn bra no gye mmɔdemmɔ paa. (1 Tim. 4: 7-10) Sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ara ahoɔden so bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa saa kwan yi so a, ɛrenkyɛ na yɛayɛ mmerɛw na yɛahwɛ ase. (Yes. 40:29-31) Ɔkwan biako a yɛnam so benya ahoɔden afi Yehowa hɔ ne sɛ ‘wɔde gyidi no nsɛm bɛyɛn yɛn.’—1 Tim. 4:6.

      2 Honhom Mu Aduan a Ahoɔden Wom: Yehowa nam N’asɛm ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma yɛn honhom mu aduan a ahoɔden wom. (Mat. 24:45) Yɛreyɛ yɛn fam de de anya so mfaso? Yɛkenkan Bible no da biara? Yɛwɔ bere a yɛde sua ade, dwennwen nea yesua no ho? (Dw. 1:2, 3) Sɛ yedidi wɔ honhom mu saa a, ɛhyɛ yɛn den na ɛbɔ yɛn ho ban fi Satan wiase yi nkɛntɛnso a ɛma nnipa gogow no ho. (1 Yoh. 5:19) Sɛ yɛdwennwene nneɛma pa nko ara ho na yɛde bɔ yɛn bra a, Yehowa ne yɛn bɛtra.—Filip. 4:8, 9.

      3 Yehowa nam asafo nhyiam ahorow nso so hyɛ yɛn den. (Heb. 10:24, 25) Onyankopɔn som ho nkyerɛkyerɛ ne fekubɔ pa a yenya wɔ nhyiam yi ase no hyɛ yɛn den ma yegyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu. (1 Pet. 5:9, 10) Kristoni ababaa bi kae sɛ: “Mekɔ sukuu da mũ no nyinaa na ɛma me brɛ. Nanso asafo nhyiam no te sɛ sare pradadaa so baabi a nsu ne onwini wɔ. Ɛhɔ na minya ahoɔden foforo a ade kye a mede kɔ sukuu.” Yɛbɔ mmɔden kɔ nhyiam a, yenya nhyira ampa!

      4 Bɔ Nokware no Dawuru: Wɔ Yesu fam no, na asɛm no a ɔka kyerɛ nnipa no te sɛ aduan ma no. Na ɛma no ahoɔden. (Yoh. 4:32-34) Saa ara na yɛn nso, bere a yɛka Onyankopɔn bɔhyɛ nwonwaso no ho asɛm kyerɛ ebinom no, ɛma yɛn ahoɔden foforo. Afei nso bere a yɛreyɛ ɔsom adwuma no kɛse no, ɛma yɛde yɛn akoma ne adwene si Ahenni no ne nhyira a ɛde bɛba nnansa yi ara no so. Ampa ara, ɛno hyɛ yɛn den.—Mat. 11:28-30.

      5 Ɛyɛ nhyira kɛse ma yɛn sɛ yebenya honhom mu aduan a Yehowa de rema ne nkurɔfo nnɛ no so mfaso! Momma yɛnkɔ so mfa ahurusi nyi no ayɛ.—Yes. 65:13, 14.

  • Ɔfã 5—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Ahenni Som—2005 | January
    • Ɔfã 5—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

      Sɛnea Wubehu Nsɛm Dodow a Mubesua

      1 Yesu rekyerɛkyerɛ no, na osusuw n’asuafo no ahoɔden ho ma enti ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn “sɛnea wotumi te ase.” (Marko 4:33; Yoh. 16:12) Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, ehia sɛ nnɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no hu nsɛm dodow a ɛfata sɛ wɔne osuani no sua wɔ bere pɔtee bi mu. Nsɛm dodow a wobetumi asua no begyina Bible kyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa mmɔdemmɔ ne wɔn nsɛm tebea so.

      2 Hyehyɛ Gyidi a Ɛyɛ Den: Nsɛm a asuafo bi besua no pɛnkoro ate ase no, ebinom de saa bere no mmɔho mmienu anaa mmiɛnsa na ɛbɛte ase. Ɛho hia sɛ yɛboa osuani no ma ɔte nsɛm ase yiye sen sɛ yɛde ntɛmpɛ ne no besua nsɛm pii wɔ bere tiaa bi mu. Ehia sɛ osuani biara nya Onyankopɔn Asɛm mu gyidi foforo a egyina ntease pa so.—Mmeb. 4:7; Rom. 12:2.

      3 Dapɛn biara moyɛ adesua no a, nya adagyew boa osuani no ma ɔnte nea ɔresua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase na onye ntom. Sɛ wode ahopere yɛ adesua no a, ɛremma osuani no nnya so mfaso kɛse. Enti to wo bo ase twe adwene si adesua no mu nsɛntitiriw so na nya bere fa susuw kyerɛw nsɛm atitiriw a ɔkyerɛkyerɛ no gyina so no ho.—2 Tim. 3:16, 17.

      4 Ma Adwene Nkɔ Adesua no So: Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yɛde ahopere yɛ adesua no de, nanso yɛmpɛ sɛ biribi foforo biara twe yɛn adwene fi adesua no so. Sɛ osuani no wɔ ne nsɛnhia bi a ɔpɛ sɛ ɔto ne bo kyerɛkyerɛ mu a, ebehia sɛ yesusuw eyi ho bere a yɛawie adesua no.—Ɔsɛnk. 3:1.

      5 Ɔkwan foforo so no, etumi ba sɛ nokware no ho anigye kɛse a yɛwɔ nti yɛtaa kasa pii bere a yɛreyɛ adesua no. (Dw. 145:6, 7) Sɛ ɛwom ara na sɛ wode osuahu anaa asɛm tiawa bi bɛhyɛ mu a, etumi ma adesua no tu mpɔn. Nanso yɛmpɛ sɛ eyinom bɛdɔɔso anaa ɛbɛyɛ tenteenten a ɛremma osuani no nhu mfitiase Bible nkyerɛkyerɛ no mu yiye.

      6 Sɛ yesusuw nsɛm dodow a ɛfata ho wɔ adesua biara mu a, yɛnam so boa Bible asuafo no ma ‘wɔnantew Yehowa hann mu.’—Yes. 2:5.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena