Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nya Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Yebesua no Mu Anigye
    Ahenni Som—2006 | February
    • Nya Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Yebesua no Mu Anigye

      1 Ade a na ɛyɛ anigye paa wɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam no ase ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a woyii no adi no. Ɛrenkyɛ yɛde bɛyɛ adwuma pii wɔ yɛn asɛnka mu, titiriw bere a yɛreyɛ ofie Bible adesua no. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yehu nhoma foforo yi mu nsɛm yiye. Eyi betumi ayɛ yiye efisɛ efi April 17, 2006 adapɛn no mu no, yebesua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.

      2 Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no bɛtwe adwene asi nnianim nsɛmmisa a wɔde fi ti biara ase no so. Ɛno akyi no, yɛde nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa no ase no bɛyɛ adesua no. Yɛbɛkenkan Kyerɛwnsɛm atitiriw a ɛwom no, na adaka mu nsɛm “Nea Bible Kyerɛkyerɛ” a ɛwɔ ti biara awiei no bɛboa ma yɛatĩ adesua no mu efisɛ nnianim nsɛmmisa a wɔde fi ti no ase no ho mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so wɔ adaka mu nsɛm no mu. Wubenya hokwan ama mmuae efisɛ nhoma yi mu nsɛm yɛ anigye, emu da hɔ na ɛnyɛ den.

      3 Nsɛmti pii mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ nhoma no nkekaho no mu. Sɛ Bible asuafo hia asɛmti bi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, yebetumi de adi dwuma. Ɛtɔ da na sɛ yɛreyɛ Asafo Nhoma Adesua a, yebesusuw nkekaho no mu nsɛm bi ho. Nhoma adesua kenkanfo no bɛkenkan nkyerɛkyerɛmu a wɔde ama wɔ asɛmti bi ho no nyinaa wɔ nkekaho no mu. Na wobetumi akyekyɛ nsɛmti a ɛware no mu. Nsɛmmisa a wɔde susuw nkyekyem biara ho nni nkekaho no ase. Nanso Nhoma Adesua sohwɛfo no betumi abisa kuw no mufo no nsɛm a ɛtwe adwene si emu nsɛntitiriw so.

      4 Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu adesua bɛkɔ ntɛm wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Nanso sɛ yɛne afoforo de nhoma yi reyɛ Bible adesua a, ɛnsɛ sɛ yɛde adesua no tu mmirika, ne titiriw bere a yɛne wɔn a wonni Bible mu nimdeɛ pii resua ade no. (Aso. 26:28, 29) Sɛ yɛreyɛ ofie Bible adesua a, ɛho behia sɛ yɛkyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm no mu ma emu da hɔ na yesusuw mfatoho ahorow ne nea ɛkeka ho no ho yiye. Enti fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ adesua no dapɛn biara na fa wo ho hyɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no a yebesua no mu yiye.

  • Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
    Ahenni Som—2006 | February
    • Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?

      Adesua nhyehyɛe a wɔayɛ ama April 17, 2006, kosi January 1, 2007 adapɛn no.

      DAPƐN TI NKYEKYƐM NKEKAHO

      Apr. 17 1* 1-13

      Apr. 24 1 14-24 kr. 195-7

      May 1 2 1-17

      May 8 2 18-20 kr. 199-201

      May 15 3 1-12

      May 22 3 13-24

      May 29 4 1-11 kr. 197-9

      June 5 4 12-22 kr. 201-4

      June 12 5 1-13 kr. 204-6

      June 19 5 14-22 kr. 206-8

      June 26 6 1-6 kr. 208-11

      July 3 6 7-20

      July 10 7 1-15

      July 17 7 16-25 kr. 212-15

      July 24 8 1-17

      July 31 8 18-23 kr. 215-18

      Aug. 7 9 1-9 kr. 218-19

      Aug. 14 9 10-18

      Aug. 21 10 1-9

      Aug. 28 10 10-19

      Sept. 4 11 1-11

      Sept. 11 11 12-21

      Sept. 18 12 1-16

      Sept. 25 12 17-22

      Oct. 2 13 1-9

      Oct. 9 13 10-19

      Oct. 16 14 1-13

      Oct. 23 14 14-21

      Oct. 30 15 1-14

      Nov. 6 15 15-20 kr. 219-20

      Nov. 13 16 1-10 kr. 221-2

      Nov. 20 16 11-19 kr. 222-3

      Nov. 27 17 1-11

      Dec. 4 17 12-20

      Dec. 11 18 1-13

      Dec. 18 18 14-25

      Dec. 25 19 1-14

      Jan. 1 19 15-23

      Monkenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no sɛnea bere bɛma kwan na munsusuw ho tiawa. Ɛsɛ sɛ mokenkan nkyekyɛm ahorow no ne nkekaho no nyinaa. Munsusuw adaka mu asɛm “Nea Bible Kyerɛkyerɛ” no ho bere a moakenkan nkyekyɛm a etwa to wɔ ti biara mu awie no.

      * Fa nnianim asɛm a ɛwɔ kratafa 3-7 no ka ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena