Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Boa Wo Mma Ma Wontu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu
    Ahenni Som—2005 | July
    • Boa Wo Mma Ma Wontu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu

      1 Kristofo a wɔyɛ awofo asɛde a anibere wom ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma afi wɔn mmofraase ma wɔayɛ asɛnka adwuma no bi. Wobetumi afa akwan pii so ayɛ eyi. Ansa na mmofra binom behu akenkan mpo no, na wotumi ka Bible mu nsɛm a ɛfata a wɔakyere agu wɔn tirim no kyerɛ. Eyi betumi anya atiefo so nkɛntɛnso pa. Bere a mmofra no renyin no, wotumi tu mpɔn wɔ asɛnka mu. Awofo, mobɛyɛ dɛn aboa mo mma ma wɔatumi adi adanse? Ebia nyansahyɛ a edidi so yi bɛboa.

      2 Bere a moakyia awie no, wubetumi aka sɛ:

      ◼ “Me ba, [ne din] wɔ kyerɛwsɛm bi a ɛtɔ asom a ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ wo.” Wo ba no betumi aka sɛ: “Kyerɛwsɛm a ɛwɔ Dwom nhoma mu yi na ɛma mihuu Onyankopɔn din. [Abofra no kenkan Dwom 83:18 anaa ɔka fi ne tirim.] Nsɛmma nhoma yi ka nea Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ ama yɛn ho asɛm. So minnyaw mma wo?” Wubetumi akyerɛkyerɛ sɛnea woyi ntoboa de boa wiase nyinaa adwuma no mu de asɛm no aba awiei.

      3 Wubetumi asɔ eyi nso ahwɛ:

      ◼ “Mikyia wo. Meretete me ba, [ne din], ma wadwen afofoforo a wɔwɔ mpɔtam ha ho. N’ani begye sɛ ɔne wo besusuw Bible mu asɛm bi ho.” Abofra no betumi aka sɛ: “Ɔkwan biako a mepɛ sɛ mefa so boa afoforo ne sɛ mɛka daakye ho anidaso a Bible de ma no ho asɛm akyerɛ wɔn. [Abofra no kenkan Adiyisɛm 21:4 anaa ɔka fi ne tirim.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nneɛma a Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama yɛn mu. Misusuw sɛ w’ani begye sɛ wobɛkenkan.”

      4 Asɛm a wɔka kyerɛ a wɔatwa no tiawa a yɛkɔ so kyerɛ mmofra no boa wɔn ma wonya ahotoso de ka Ahenni nkrasɛm no. Sɛ yɛne wɔn bobɔ nsɛm a wɔbɛka no so na yɛde adwene si sɛnea wɔbɛma wɔn nne so akasa ma emu ada hɔ so a, ebesiesie wɔn ma wɔakasa wɔ tebea horow mu. Ahosiesie pa a yebedi kan ayɛ ne nkamfo a yɛde bɛma mmofra no bɛboa wɔn ma wɔaka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo.

      5 Nkuranhyɛ a ɛte saa ama mmofra pii afata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebehu yɛn mma sɛ wɔretu mpɔn wɔ Kristofo som adwuma no mu!—Dw. 148:12, 13.

  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—2005 | July
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a ɛfata. September: Yɛde Creation nhoma no (kɛse anaa ketewa) no bɛma. Sɛ ebi nni hɔ a, mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ama. Sɛ afiewuranom annye nhoma no a, mubetumi de Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ama wɔn. October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma wɔn.

      ◼ Efi September no, amansin so ahwɛfo bɛma baguam kasa a asɛmti ne “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Kyerɛ Wo Kwan?”

      ◼ Yɛhyɛ nyansa sɛ, wɔmma Betel adwumayɛbea no nsa nka daa akwampaefo akwammisa nkrataa no anyɛ yiye koraa nnafua 30 ansa na bere a wɔpɛ sɛ wofi ase no adu. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no hwehwɛ ne nyinaa mu hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Sɛ wɔn a wɔrebisa hokwan no ntumi nkae da pɔtee a wɔbɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu da bi na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hyɛ saa da yi nsow na ɔkyerɛw gu Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ (S-21) kratasin no so.

      ◼ Yɛresan akae ahwɛfo aguamtrafo sɛ wɔnyɛ nsakrae a ehia na ama wɔatumi asusuw “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” a ɛwɔ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3 no ho. Ɛsɛ sɛ wosusuw “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Mu Ntimu” no ho wɔ nhyiam no akyi pɛɛ. Yɛsrɛ sɛ munni akwankyerɛ a wɔde mae wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 no akyi.

      ◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hwɛ hu sɛ wɔwɔ daa ɔkwampaefo biara a ɔwɔ asafo no mu no Pioneer Appointment Letter (S-202). Sɛ wonni bi a, yɛsrɛ sɛ monkyerɛw Betel adwumayɛbea no.

      ◼ Yɛrehyɛ mpanyimfo, titiriw ɔsom boayikuw no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ akwampaefo dwumadi mu, a adwene no ne sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ wɔn nhyehyɛe yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu nnɔnhwerew dodow a ɛsɛ sɛ wonya bere a 2005 ɔsom afe reba n’awiei wɔ August mu no ho.

      ◼ Esiane sɛ ɛrenkyɛ koraa na 2005 ɔsom afe no aba n’awiei nti, yɛhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mmra ntɛm. Eyi bɛboa ma asafo mu akyerɛwfo no ayɛ ho adwuma de amena Betel adwumayɛbea no ntɛm. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma ɔsom afe akontaabu no ayɛ pɛpɛɛpɛ.

      ◼ Seesei a yɛawie Betel ntrɛwmu adwuma no na yɛahyira so no, ankorankoro ne mmusua betumi aba abɛhwehwɛ ha. Sɛ ɛyɛ asafo mũ anaa nnipa dodow bi na wɔbɛba a, ɛsɛ sɛ wodi kan kyerɛw krataa de bɛbɔ yɛn amanneɛ ma yehu bere a wɔbɛba na ama yɛayɛ nhyehyɛe pɔtee ama wɔn. Ɛsɛ sɛ obiara a wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛba abɛhwehwɛ Betel no kenkan asɛm a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no, kratafa 138 a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho no. Sɛ yɛne yɛn Bible asuafo na ɛreba nsrahwɛ no a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ wɔn nso ahosiesie fata.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena