Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/07 kr. 8
  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo Kyerɛ Ankorankoro Ho Anigye
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Afoforo A Yɛbɛboa Wɔn Denam Asafo Nhoma Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Mmoa Wɔ Bere A Ɛsɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 8/07 kr. 8

Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn

1. Ɔkwan bɛn so na yɛn asafo nhyiam ahorow anum no boa yɛn?

1 Yɛwɔ ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn asafo nhyiam ahorow anum no mu biara na ɛsono emu biara atirimpɔw. Nanso ne nyinaa ho hia na aboa yɛn ma ‘yɛasusuw yɛn ho yɛn ho ho, akanyan yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24, 25) Ɛnde, Asafo Nhoma Adesua no afã a ɛda nsow na mfaso wɔ so no bi ne nea ɛwɔ he?

2. Mfaso bɛn na yenya fi nnipa kakraa bi a yɛne wɔn hyiam wɔ nhoma adesua ase no mu?

2 Ɛboa ma Yenya Honhom mu Nkɔso: Nnipa a wɔba nhoma adesua no dodow sua koraa sen wɔn a wɔkɔ asafo nhyiam afoforo no. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho benya adamfofa a ebetumi aboa yɛn wɔ Onyankopɔn som mu. (Mmeb. 18:24) So woabɔ mmɔden sɛ wubehu wo kuw no muni biara, na ebia wo ne wɔn mu biara ayɛ nhyehyɛe sɛ mobɛkɔ asɛnka? Nhoma adesua nhyehyɛe no nso tumi ma nhoma adesua sohwɛfo no hu kuw no muni biara nsɛm tebea na ɔhyɛ no nkuran.—Mmeb. 27:23.

3. Ɔkwan bɛn so na nhoma adesua nhyehyɛe no hyɛ mmuaema ho nkuran na ɛhyɛ Bible asuafo nkuran ma wɔba nhyiam no?

3 So woato nsa afrɛ wo Bible asuafo sɛ wɔne wo nkɔ nhoma adesua? Ebia anigyefo a wɔmpɛ sɛ wɔba yɛn nhyiam akɛse no rensuro pii sɛ wɔbɛba nhyiam ketewa a emu nnipa nnɔɔso, a wɔtaa yɛ no wɔ obi fie no. Sɛnea kuw no mufo tumi ne wɔn ho bɔ kɛse no ma ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ mmofra ne wɔn a wɔyɛ foforo no bɛma mmuae. Na esiane sɛ kuw no yɛ ketewa nti, yenya hokwan pii ma mmuae na yeyi Yehowa ayɛ.—Dw. 111:1.

4. Akwan bɛn so na nhoma adesua nhyehyɛe no betumi ayɛ nea eye ma yɛn?

4 Wɔtaa yɛ nhoma adesua wɔ mmeae a eye ma wɔn a wɔwɔ asasesin no mu nyinaa. Ɛwom sɛ wontumi mma obiara nkɔ nhoma adesua a ɛbɛn no de, nanso ebia yentwa kwantenten nsen nea yetwa kɔ asafo nhyiam afoforo no. Yebetumi ayɛ asɛnka nhyiam wɔ baabi a yɛyɛ nhoma adesua no nso.

5. Ɔkwan bɛn so na yɛn nhoma adesua sohwɛfo betumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu?

5 Ɛboa Asɛnka: Nhoma adesua sohwɛfo no ani gye ho sɛ ɔbɛboa obiara ma ɔde anigye ayɛ asɛnka adwuma no daa ma asow aba. Enti, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne ne kuw no muni biara bɛyɛ adwuma na ama waboa no wɔ asɛnka adwuma afã horow mu. Sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ asɛnka adwuma no fã pɔtẽẽ bi, sɛ ebia sankɔhwɛ a, ka ho asɛm kyerɛ wo nhoma adesua sohwɛfo no. Obetumi ayɛ nhyehyɛe ma wo ne kuw no mu ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw ayɛ adwuma. Sɛ wohwɛ akwan pa a nhoma adesua sohwɛfo no fa so kyerɛkyerɛ bere a ɔreyɛ nhoma adesua no yiye a, ɛbɛma sɛnea wokyerɛkyerɛ wɔ Bible adesuayɛ mu no atu mpɔn.—1 Kor. 4:17.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya nhoma adesua nhyehyɛe no so mfaso kosi ase?

6 Hwɛ nhyira ara a Asafo Nhoma Adesua no ma yenya! Yehowa nhyehyɛe a ɔdɔ wom yi boa yɛn ma yɛkɔ so yɛ den wɔ honhom mu wɔ mmere a emu yɛ den a yɛte mu yi mu.—Dw. 26:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena