Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/09 kr. 2
  • Asafo Nhyiam a Yɛbɛkɔ wɔ Baabi a Yɛte

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asafo Nhyiam a Yɛbɛkɔ wɔ Baabi a Yɛte
  • Yɛn Ahenni Som—2009
Yɛn Ahenni Som—2009
km 7/09 kr. 2

Asafo Nhyiam a Yɛbɛkɔ wɔ Baabi a Yɛte

1 Ɛho hia sɛ yɛyɛ nneɛma wɔ ne kwan so ma ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ hyia. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn. . . . Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.”—1 Kor. 14:33, 40.

2 Ɛwom sɛ ebia nneɛma bi te sɛ kar a ɛho yɛ den, obi adwumam nhyehyɛe, anaa hia a ɛho hia sɛ wonya ahwɛfo ma wɔkɔboa asafo bi no bɛma afata sɛ obi kɔ asafo nhyiam wɔ asafo foforo asasesin mu de, nanso eye paa sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ asasesin a yɛte mu no mu. Eyi bɛma asɛnkakɔ ayɛ mmerɛw, na ɛho renhia sɛ yetwa kwan kɔ akyirikyiri ne kuw foforo kɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi foforo. Ɛboa ma yetumi ne yɛn asafo mufo kɔ asɛnka, na yɛto nsa frɛ asuafo a wɔyɛ foforo no ma wɔba asafo nhyiam a wɔmmrɛ ho. Ɛma yɛbɛn yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔte yɛn mpɔtam a sɛ yɛn ho kyere yɛn a wobetumi aboa yɛn no.

3 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye nhyehyɛe a wɔayɛ no tom a, yɛda no adi sɛ yɛde Ahenni nneɛma redi kan. (Luka 16:10) Sɛ wɔtew asafo foforo anaasɛ wɔhyehyɛ asɛnka kuw ahorow no bio a, ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛne yɛn nnamfo binom kɔ so tena faako. Nanso, sɛ yegye nhyehyɛe foforo no tom a, yebetumi anya nnamfo foforo na yɛatrɛw yɛn Kristofo fekubɔ mu. Bio nso, sɛ adawurubɔfo te asafo a wɔwom no asasesin mu a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma mpanyimfo no sɛ wɔbɛhwɛ nguankuw no so, na ɛboa ma asafo no nya nkɔso wɔ honhom fam.

4 Nanso, sɛnea yɛn nyinaa nim no, ɛsono obiara nsɛm tebea. Nneɛma bi te sɛ obi adwumam nhyehyɛe, obi hokafo a ɔnyɛ gyidini, anaa kar a ɛho yɛ den betumi ama obi asusuw sɛ asafo nhyiam a ɔbɛkɔ wɔ baabi foforo no bɛboa no wɔ honhom fam.

5 Ɛsɛ abusua ti biara di n’ankasa abusua asɛyɛde ho dwuma. Bere a wasusuw tebea no nyinaa ho awie no, ɛsɛ sɛ osi gyinae a ɛbɛboa n’abusua no. Ansa na ɔbɛyɛ saa no, obetumi ne asafo mu mpanyimfo no susuw asɛm no ho, na aboa no ma wasi gyinae pa. Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no boa abusua ti no ma osi gyinae a ɛbɛboa ɔne n’abusua no wɔ honhom fam.

6 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ papa paa sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ asasesin a yɛte mu no mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa ma asafo nhyehyɛe akɔ so, na ‘biribiara bɛkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.’—1 Kor. 14:33, 40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena