Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 20
DAPƐN A EFI ASE JULY 20
Dwom 73
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Leviticus 25-27
No. 1: Leviticus 25:39-54
No. 2: Nea Enti a Ɛyɛ Den sɛ Yɛbɛyɛ Ade Pa (lr-TW ti 26)
No. 3: Sɛ Adam Anyɛ Bɔne a, So Anka Awiei Koraa no Ɔbɛkɔ Soro? (rs-E kr. 162 ¶4-5)
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 46
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Kristo a Yɛbɛto no sɛ Fapem. Ɔkasa a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 278, nkyekyɛm 1-4 so.
10 min: Siesie wo Ho sɛ Wode August 1 Watchtower ne August Awake! Bɛma. Bere a woaka nsɛmma nhoma no ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnkyerɛ emu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔte asasesin no mu no ani begye ho, ne nea enti a wosusuw saa. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ asɛmmisa a wɔbɛpɛ sɛ wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase, ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan ansa na wɔde nsɛmma nhoma no ama. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ fa wie.
10 min: “Asafo Nhyiam a Yɛbɛkɔ wɔ Baabi a Yɛte.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛne asafo a ɛwɔ asasesin a yɛte no mu no bɛbɔ no ho anisɔ.
Dwom 65