Woayɛ Krado sɛ Wobɛto Dwom Ama Yehowa wɔ Yɛn Nhyiam Ase?
1 Ayeyi nnwom a yebesua no nso ka ahosiesie a yɛyɛ ma asafo nhyiam no ho. Susuw nyansahyɛ yi ho hwɛ.
2 Te Emu Nsɛm no Ase: Kyerɛwsɛm a nnwom no gyina so ne kyerɛw nsɛm afoforo a ɛwɔ nnwom no ase no si Bible mu nsɛm a nnwom no mu nsɛm gyina so no so dua.
3 Sua To: Mubetumi de bere a mode yɛ Abusua Som dapɛn biara no bi asua nnwom foforo no to. Momfa nnwom a wɔde sanku abɔ agu apaawa so no nni kan nsua nnwom a wɔbɛto wɔ nhyiam biara ase no. Mubetumi de Sing to Jehovah—Vocal Renditions, Disc 1 no asua nnwom foforo no ne emu nsɛm.
4 Dapɛn a efi ase March 29 na yebefi ase de To Dwom Ma Yehowa nhoma no adi dwuma wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase. So ebedu hɔ no, na woayɛ krado? Sɛ wugye bere sua nnwom no mu nsɛm te ase a, ebedu hɔ no na woasiesie wo ho.